Nhyehyɛe Ma Nnawɔtwe a Ɛfiri Aseɛ July 13
NNAWƆTWE A ƐFI ASEƐ JULY 13
Dwom 75 ne Mpaebɔ
Asafo Bible Adesua:
cl ti 27 ¶10-18 (simma 30)
Teokrase Ɔsom Sukuu:
Bible akenkan: 1 Ahemfo 9-11 (simma 8)
No. 1: 1 Ahemfo 9:24–10:3 (simma 3 anaa nea ɛnnu saa)
No. 2: Wodi Onyankopɔn Asɛm So a, Nneɛma Renhyɛ Wo So Mmoro So—igw kr. 24 ¶4–kr. 25 ¶2 (simma 5)
No. 3: Abusua no Tu Kɔ Egypt—my adesua 25 (simma 5)
Ɔsom Nhyiam:
Bosome Yi Asɛmti: ‘Monkɔ Nkɔyɛ Asuafo.’—Mat. 28:19, 20.
10 min: Monkɔ Nkɔyɛ Asuafo. Ɔkasa a ɛgyina bosome yi asɛmti so. Fa asɛm a ɛwɔ “Bra Bedi M’akyi,” nwoma no kratafa 87-89 ka ho. Nsɛntitiriw bɛn na yɛbɛsusu ho wɔ Ɔsom Nhyiam ase bosome yi? Kyerɛ sɛnea ɛfa asɛmti no ho.
10 min: Ná Wɔayɛ Krado sɛ Wɔbɛyɛ Bible Adesua. Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ. Ɛgyina 2015 Yearbook no so. Ɛwɔ kratafa 55, nkyekyɛm 1, kɔsi kratafa 56, nkyekyɛm 1; ne kratafa 69, nkyekyɛm 2-5. Ma atiefo nka nea wɔasua afi mu.
10 min: “Fa W’adwene Si Asuafoyɛ Adwuma no So.” Nsɛmmisa ne mmuaeɛ. Pɛ onua bi anaa anuanom mmienu a wɔn ho akokwa wɔ Bible adesuayɛ mu na bisabisa wɔn nsɛm. Bere a wɔaboa obi ma wabɛhu nokware no, ɛka wɔn sɛn?
Dwom 16 ne Mpaebɔ