Nsɛm a Yɛbɛtumi Aka
The Watchtower July 1
“Wohwɛ asetena ne emu dadwene a, wogye di sɛ yɛbɛtumi de Yesu afotu yi ayɛ adwuma? [Kenkan Mateo 6:25; twɛn ma ɔmmua.] Ampa, sikasɛm, abusua mu haw, ne ehu de adwennwene abɛsoɛ yɛn so. Nanso Ɔwɛn-Aban yi bɛma woahu sɛ Bible afotu boa ma yɛn dadwene so te.”
Awake! July
“Ɛnnɛ, asetena mu haw remene nnipa pii. Anaa wohu no sɛn? [Twɛn ma ɔmmua.] Bible ma yɛhu sɛ, sɛ yɛhyia ɔhaw a nea yɛbɛyɛ wɔ ho na ɛbɛkyerɛ sɛ yɛbɛtumi adi so anaa ɛbɛbunkam yɛn so. [Kenkan Mmebusɛm 24:10.] Nyansahyɛ a ɛwɔ nwoma yi mu bɛtumi aboa ma yɛn haw so ate. Bio nso wobɛhu tebea a nnipa bi wom ne nea wɔreyɛ wɔ ho.”