Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mwb17 March kr. 5
  • Tie Onyankopɔn—Sɛnea Yɛde Yɛ Adwuma

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Tie Onyankopɔn—Sɛnea Yɛde Yɛ Adwuma
  • Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka​—Adesua Nhoma—2017
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Boa Afoforo Ma Wontie Onyankopɔn
    Yɛn Ahenni Som—2012
  • Sɛnea Yɛde Asɛmpa a Efi Onyankopɔn Hɔ! no
    Yɛn Ahenni Som—2013
  • Adwinnade Foforo a Yɛde Bɛboa Nkurɔfo Ma Wɔasua Onyankopɔn Ahwehwɛde Ahorow
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Fa Wubetumi Anya Anigye Daa! Nhoma No Yɛ Adwuma Wɔ Asɛnka Mu
    Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2021
Hwɛ Pii Ka Ho
Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka​—Adesua Nhoma—2017
mwb17 March kr. 5

KRISTOFO ABRABƆ

Tie Onyankopɔn​—Sɛnea Yɛde Yɛ Adwuma

Tie Onyankopɔn

Tie Onyankopɔn nhomawa no, mfonini pii wom. Wɔyɛɛ no sɛ yɛmfa nkyerɛkyerɛ nkurɔfo a wonnim akenkan mma wonhu Bible mu nokware atitiriw no. Adesua biara gye kratafa mmienu, na mfonini a ɛwom no, wɔato wɔn bo ase ayɛ no fɛfɛɛfɛ. Wɔde agyiraehyɛde (arrow) atoto mu, na ɛma wuhu sɛ wufi ha a na worekɔ ha.

Tie Onyankopɔn ne Tie Onyankopɔn na Tena Ase Daa nhomawa no, mfonini a ɛwom no yɛ ade koro. Nanso Tie Onyankopɔn na Tena Ase Daa no deɛ, emu nkyerɛwee dɔɔso. Enti sɛ Bible suani bi nim akenkan kakra a, ebetumi aboa no. Sɛ Bible suani no kura Tie Onyankopɔn nhomawa no a, mpɛn pii no, adawurubɔfo no hwɛ Tie Onyankopɔn na Tena Ase Daa no mu de yɛ adesua no. Nkratafa dodow no ara, wubehu adaka a nsɛm foforo wom. Wubetumi agyina osuani no nimdeɛ so ne no asusuw ho.

Onuawa bi kura Tie Onyankopɔn na Tena Ase Daa nhomawa no, ɛnna ne Bible suani nso kura Tie Onyankopɔn deɛ no

Wubetumi de nhomawa yi biara ama bere biara. Sɛ ɛnyɛ ɛno na yɛde rema nkurɔfo wɔ bosome no mu mpo a, wubetumi de ama. Sɛ woreyɛ Bible adesua a, fa mfonini a ɛwom no kyerɛkyerɛ Bible no mu. Bisa nsɛm ma osuani no nka bi, na hwɛ hu sɛ wate nea moresua no ase. Kyerɛw nsɛm a ɛwɔ kratafa biara ase no, monkenkan na munsusuw ho. Sɛ wo ne obi sua nhomawa no wie a, munsua Dɛn na Yebetumi Asua Afi Bible Mu? nhoma no, na ama wanya nkɔso abɔ asu.

Nea wɔresua no wɔ Tie Onyankopɔn nhomawa no mu. Ɛfa bere a na Adam ne Hawa wɔ Eden turom no ho
    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena