Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 7/12 kr. 2-3
  • Boa Afoforo Ma Wontie Onyankopɔn

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Boa Afoforo Ma Wontie Onyankopɔn
  • Yɛn Ahenni Som—2012
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Tie Onyankopɔn—Sɛnea Yɛde Yɛ Adwuma
    Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka​—Adesua Nhoma—2017
  • Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Nhomawa Ahorow a Yɛde Befi Adesua Ase So
    Yɛn Ahenni Som—1986
  • Sɛnea Yɛde Mankind’s Search for God Bɛkyerɛ
    Yɛn Ahenni Som—1992
  • Sɛnea Yɛde Asɛmpa a Efi Onyankopɔn Hɔ! no
    Yɛn Ahenni Som—2013
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2012
km 7/12 kr. 2-3

Boa Afoforo Ma Wontie Onyankopɔn

1. Nhomawa ahorow bɛn na woyii no adi wɔ “Onyankopɔn Ahenni Mmra!” Ɔmantam Nhyiam no ase, na dɛn na ɛma ɛyɛ nnwinnade a mfaso wɔ so kɛse?

1 Woyii nhomawa foforo abien adi wɔ “Onyankopɔn Ahenni Mmra!” Ɔmantam Nhyiam no ase. Nhomawa no ne Tie Onyankopɔn na Tena Ase Daa ne nea emu nsɛm no yɛ ntiantiaa a wɔato din Tie Onyankopɔn. Esiane sɛ emu nsɛm nnɔɔso nti, wobetumi akyerɛ ase ntɛm a wɔmmrɛ ho. Nokwarem no, bere a na wɔreyi Tie Onyankopɔn na Tena Ase Daa nhomawa no adi no, na wɔama kwan sɛ wɔnkyerɛ ase nkɔ kasa 431 mu.

2. Henanom na wobenya nhomawa ahorow yi so mfaso?

2 Henanom titiriw na wobenya nhomawa ahorow yi so mfaso? Susuw tebea horow a ɛtaa sɔre wɔ wiase afanan nyinaa a edidi so yi ho hwɛ:

• Ɔdawurubɔfo bi ne ofiewura bi rebɔ nkɔmmɔ wɔ ebia bere a edi kan a wakɔ ne nkyɛn anaa bere a ɔreyɛ sankɔhwɛ, na ohu sɛ ofiewura no nnim akenkan anaasɛ ontumi nkenkan ade yiye.

• Ɔdawurubɔfo bi reka asɛm no akyerɛ nkurɔfo bi a wɔka kasa a nhoma a wɔakyerɛ ase kɔ saa kasa no mu no nnɔɔso anaasɛ wɔnkyerɛɛ nhoma biara ase nkɔɔ saa kasa no mu da. Anaasɛ wɔn a wɔte asasesin no mu no ntumi nkenkan kasa a wotumi ka paa no.

• Ɔdawurubɔfo bi de mum kasa na ɛka asɛm no kyerɛ wɔn a wɔyɛ mum a wɔwɔ n’asasesin mu no.

• Ɔwofo bi pɛ sɛ ɔde nokware no kyerɛkyerɛ ne ba kumaa bi a onnya nhuu akenkan.

3. Ɔkwan bɛn na wɔfaa so yɛɛ Tie Onyankopɔn nhomawa no?

3 Sɛnea Wɔyɛɛ Nhomawa Ahorow Yi: Tie Onyankopɔn nhomawa no mu nsɛm nnɔɔso koraa, ɛyɛ nsɛm ntiantiaa bi ne kyerɛw nsɛm a emu asɛm no wɔ kratafa biara ase a ɛtwe adwene si nsɛntitiriw no so. Dɛn nti na ɛte saa? Fa no sɛ obi ama wo nhomawa bi a wɔde kasa a wuntumi nkenkan anaa nkyerɛwde a wunhuu bi da na akyerɛw. Sɛ emu mfonini no yɛ fɛ mpo a, so w’ani begye ho? Ebia w’ani rennye ho. Saa ara nso na ɛyɛ den ma nnipa a wonnim akenkan sɛ wɔn ani begye nhoma a nsɛm nkutoo na ɛwom ho. Enti wɔatɔ wɔn bo ase ayɛ mfonini fɛfɛ wɔ kratafa biara, na wɔde agyiraehyɛde bi twe adwene si mfonini biara so.

4. Ɔkwan bɛn na wɔfaa so yɛɛ Tie Onyankopɔn na Tena Ase Daa nhomawa no?

4 Mfonini ahorow a ɛwɔ Tie Onyankopɔn no mu no ara na ɛwɔ Tie Onyankopɔn na Tena Ase Daa nhomawa no mu. Wɔayɛ no sɛ yɛne wɔn a wontumi nkenkan ade yiye anaasɛ wɔresua akenkan no nsua. Bere a wo ne obi resua Tie Onyankopɔn nhomawa no, wubetumi afa Tie Onyankopɔn na Tena Ase Daa no ahwɛ mu de ayɛ adesua no. Wɔ ne nkratafa abien biara mu no, asɛmmisa bi wɔ kratafa a ɛwɔ benkum so no atifi, na ɛho mmuae wɔ saa nkratafa abien no nyinaa mu. Wɔde nkyerɛkyerɛmu ne kyerɛw nsɛm nso aka mfonini no ho. Sɛ wohwɛ nkratafa pii ase a, wubehu ɔfã bi a nsɛm ne kyerɛw nsɛm afoforo wɔ hɔ a wubetumi agyina osuani no nimdeɛ so ne no asusuw ho.

5. Bere bɛn, na ɔkwan bɛn so na yebetumi de nhomawa ahorow yi ama?

5 Sɛnea Wode Bedi Dwuma: Bere biara a wubehu sɛ ɛfata no, wubetumi de nhomawa yi mu biara ama wɔ afie afie asɛnka, bere mpo a ɛnyɛ ɛno na yɛde rema wɔ saa ɔsram no mu no. (Hwɛ adaka “Ɔkwan a Wubetumi Afa so De Ama.”) Wubetumi de nhomawa no ama bere a woreyɛ sankɔhwɛ, na woaka akyerɛ onigyefo no tiawa sɛ wopɛ sɛ wode biribi kyerɛ no, na afei wode nhomawa no ama no.

6. Yɛbɛyɛ dɛn de nhomawa ahorow yi ayɛ Bible adesua?

6 Esiane sɛ nsɛmmisa nni Tie Onyankopɔn nhomawa no mu nti, adesua no renyɛ nsɛmmisa ne mmuae sɛnea anka wobɛyɛ no bere a wo ne obi resua Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no. Wɔ baabiara no, nkurɔfo ani gye ho sɛ wobetie nsɛm a afoforo ka. Enti, gyina mfonini ahorow no so ka nsɛm a wɔakyerɛw wɔ Bible mu no kyerɛ. Kyerɛkyerɛ mfonini no mu. Fa anigye yɛ saa. Ma osuani no nka nea ohu no ho asɛm. Kenkan kyerɛw nsɛm a ɛwɔ kratafa no ase hɔ no, na munsusuw nea ɛka no ho. Bere a moreyɛ adesua no, bisa osuani no nsɛm ma ɔnkyerɛ n’adwene, na hwɛ hu sɛ ɔte nea moresua no ase. Sɛ moresua Tie Onyankopɔn na Tena Ase Daa nhomawa no a, monkenkan asɛm a ɛwɔ mfonini biara ho ne kyerɛw nsɛm a ɛka ho no.

7. Yɛbɛyɛ dɛn atumi aboa yɛn Bible suani ma wanya nkɔso?

7 Boa Osuani no Ma Onnya Nkɔso: Yɛhwɛ kwan sɛ adesua no bɛma wo suani no anya ɔpɛ sɛ obesua akenkan sɛnea ɛbɛyɛ a n’ankasa benya Yehowa ho nimdeɛ. (Mat. 5:3; Yoh. 17:3) Enti sɛ mode Tie Onyankopɔn nhomawa no na ɛreyɛ adesua no a, ebia wɔ bere bi akyi no, wubetumi aka akyerɛ no sɛ wopɛ sɛ wokyerɛ no akenkan, na afei woadan adesua no akɔ Tie Onyankopɔn na Tena Ase Daa no mu. Ɛmfa ho sɛ nhomawa bɛn na musua no, sɛ musua wie a, osuani no rentumi mmɔ asu. Ɛsɛ sɛ wodan adesua no kɔ Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no mu anaasɛ nhoma foforo biara a ɛfata a ebetumi ama osuani no anya Bible mu nimdeɛ a emu dɔ.

8. Dɛn nti na w’ani gye ho sɛ wode nhomawa afoforo yi bɛyɛ adwuma wɔ asɛnka mu?

8 Sɛ nkurɔfo bɛtena ase daa a, ɛsɛ sɛ wotie amansan Hene no. (Yes. 55:3) Yehowa pɛ sɛ “nnipa ahorow nyinaa” sua sɛ wobetie no, a wɔn a wonnim akenkan nso ka ho. (1 Tim. 2:3, 4) Hwɛ sɛnea yɛn ani agye sɛ yɛanya nhomawa afoforo yi a yebetumi de akyerɛkyerɛ nkurɔfo ma wɔahu sɛnea wobetie Onyankopɔn!

[Kratafa 3 adaka]

Ɔkwan a Wubetumi Afa so De Ama

Fa kratafa 2-3 kyerɛ ofiewura no, na ka sɛ: “So wopɛ sɛ wotena wiase bi a ɛte sɛ eyi mu? [Twɛn ma ommua.] Kyerɛwnsɛm no ahyɛ bɔ [anaasɛ nhoma kronkron yi ahyɛ bɔ] sɛ ɛrenkyɛ Onyankopɔn bɛma asase no ayɛ baabi a ɛyɛ fɛ a asomdwoe wɔ hɔ, na obiara renni hia na ɔrenyare nso. Hwɛ nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ na yɛatena hɔ bi. [Kenkan Yesaia 55:3 a ɛwɔ kratafa 3 atifi hɔ no.] Eyi kyerɛ sɛ Onyankopɔn ka sɛ ‘yɛmmra’ ne nkyɛn na ‘yentie’ no. Nanso, dɛn na yɛyɛ a ɛkyerɛ sɛ yetie Onyankopɔn?” Bue kratafa 4-5 na wo ne no nsusuw mmuae no ho. Sɛ onni adagyew a, gyaw nhomawa no ma no na yɛ nhyehyɛe san kɔsra no na munsusuw mmuae no ho.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena