Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mwb20 December kr. 8
  • Kɔ So Fa Nsɛmma Nhoma Yɛ Adwuma

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Kɔ So Fa Nsɛmma Nhoma Yɛ Adwuma
  • Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2020
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nsɛmma Nhoma Kyerɛ Ɔkwan A Ɛkɔ Nkwa Mu
    Yɛn Ahenni Som—1984
  • Fa Nsɛmma Nhoma Ma Wɔ W’asɛnka Adwuma Mu
    Yɛn Ahenni Som—2005
  • Fa Yɛn Nsɛmma Nhoma no Di Dwuma Wɔ Ɔkwan a Eye Sen Biara So
    Yɛn Ahenni Som—1995
  • Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Asafo Nhoma Horow A Wɔde Di Dwuma So
    Yɛn Ahenni Som—1980
Hwɛ Pii Ka Ho
Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2020
mwb20 December kr. 8
Onuawa bi reka ‘Nyan!’ bi mu asɛm akyerɛ awuraa bi.

KRISTOFO ABRABƆ

Kɔ So Fa Nsɛmma Nhoma Yɛ Adwuma

Efi afe 2018 reba no, nsɛmma nhoma biara a yɛyɛ no ka biribi pɔtee ho asɛm. Nsɛmma nhoma ahorow yi ka Nnwinnade Titiriw a Yɛde Kyerɛkyerɛ no ho. Enti yebetumi de ayɛ adwuma wɔ asɛnka mu. Sɛ yɛretu kwan anaa yɛrekodi gua a, yebetumi de bi ahyɛ yɛn ho. Wɔanyɛ nsɛmma nhoma no sɛ yɛne nkurɔfo nsua, nanso ebetumi ama obi kɔn adɔ sɛ obesua Bible no.

Sɛ wuhyia obi na wokan kyerɛwsɛm bi kyerɛ no wie a, hwɛ nsɛmma nhoma bi a n’ani begye ho, na ka ho asɛm kyerɛ no. Yɛmfa no sɛ ɔwɔ abusua anaa ne dɔfo bi awu ama ɔredi awerɛhow. Sɛ wuhu saa a, wubetumi aka sɛ: “Nnansa yi ara na mekan biribi a ebetumi aboa wo. Metumi de akyerɛ wo?” Sɛ wuhu sɛ n’ani gye ho a, wubetumi ama no nsɛmma nhoma no baako anaa wubetumi de link no afa intanɛt so ama no. Sɛ mpo ɛyɛ nsrahwɛ a edi kan a, wubetumi ayɛ saa. Ɛwom, ɛnyɛ yɛn botae ne sɛ yɛbɛkyekyɛ nsɛmma nhoma kɛkɛ, nanso ɛboa ma yehu wɔn a wɔn ani gye ho sɛ wobesua Bible no na wɔde ayɛ adwuma.—Aso 13:48.

2018

Mfoni: ‘Ɔwɛn-Aban’ ne ‘Nyan!’ ahorow a ɛbaa afe 2018 no, nsɛmti a ɛdeda so. 1. ‘Bible No, Ɛso Da So Ara Wɔ Mfaso Nnɛ?’ 2. ‘Dɛn Na Ebesi Daakye?’ 3. ‘Enti Onyankopɔn Dwen Wo Ho?’ 4. ‘Ɔkwan A Wɔfa So Nya Anigye.’ 5. ‘Nneɛma 12 A Ama Asi Mmusua Bi Yiye.’ 6. ‘Nea Ɛbɛboa Wɔn A Wɔn Biribi Awu.’

2019

 Mfoni: ‘Ɔwɛn-Aban’ ne ‘Nyan!’ ahorow a ɛbaa afe 2019 no, nsɛmti a ɛdeda so. 1. ‘Hena Ne Onyankopɔn?’ 2. ‘Asetena Afono Wo Anaa?’ 3. ‘Enti Sei Ara Na Asetena Bewie Yɛn?’ 4. ‘Bere Bi Bɛba a Yebenya Ahotɔ Ne Ahobammɔ?’ 5. ‘Nneɛma Nsia A Ehia Sɛ Mmofra Sua.’ 6. ‘Bible Betumi Ama Asi Wo Yiye Anaa?’

2020

Mfoni: ‘Ɔwɛn-Aban’ ne ‘Nyan!’ ahorow a ɛbaa afe 2020 no, nsɛmti a ɛdeda so. 1. ‘Wobɛyɛ Dɛn Ahu Nokware No.’ 2. ‘Dɛn Ne Onyankopɔn Ahenni?’ 3. ‘Onyankopɔn Dɔ Wo, Na Ɔpɛ Sɛ Ohyira Wo Afebɔɔ.’ 4. ‘Sɛnea Wubegyina Adwinnwen Ano.’ 5. ‘Nsɛmmisa 5 a Ɛfa Amanehunu Ho Ne Ɛho Mmuae.’ 6. ‘Ɔtanhunu—Ano Aduru Wɔ Hɔ?’

Nsɛm bɛn na nkurɔfo ani gye ho wɔ mo asasesin mu?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena