APRIL 20-26
YESAIA 54-55
Dwom 86 Ne Mpaebɔ | Nnianim Nsɛm (Simma 1)
1. Nneɛma Bɛn Na Wopɛ Sɛ Wode Gu Nkyɛn?
(Simma 10)
Yehowa hyɛɛ bɔ sɛ ɔbɛkyerɛkyerɛ ne mma (Yes 54:13; w09 9/15 21 ¶3)
Ɛsɛ sɛ yegyae nneɛma a ɛho nhia pii akyi di, na yesua Bible (Yes 55:1, 2; w18.11 4 ¶6-7)
Ehia sɛ yɛyere yɛn ho ansa na yɛatumi ayɛ aso atie Yehowa nkyerɛkyerɛ, nanso sɛ yɛyɛ saa a, ebetumi ama yɛanya nkwa (Yes 55:3; be 14 ¶2-4)
BISA WO HO SƐ, ‘Mɛyɛ dɛn ama me kokoam adesua atu mpɔn? Mɛyɛ dɛn na mantoto mu?’
2. Tweetwee Bible Mu
(Simma 10)
Yes 54:17—Nokwasɛm atitiriw mmiɛnsa bɛn na ɛwɔ kyerɛwsɛm yi fã a edi kan no mu? (w19.01 6 ¶14-15)
Bere a wotweetwee nnawɔtwe yi Bible akenkan mu no, dɛn na wuhui a wopɛ sɛ woka ho asɛm?
3. Bible Akenkan
(Simma 4) Yes 54:1-10 (th adesua 11)
4. Hyɛ Nkɔmmɔ Ase
(Simma 2) AFIE AFIE ASƐNKA. Bible mu nsɛm a ɛwɔ Dɔ Nnipa nhomawa no nkekaho A no, wo ne onipa no mmɔ baako ho nkɔmmɔ. (lmd adesua 1 nkyekyɛm 4)
5. Hyɛ Nkɔmmɔ Ase
(Simma 2) BAGUAM ADANSEDI. Bible mu nsɛm a ɛwɔ Dɔ Nnipa nhomawa no nkekaho A no, wo ne onipa no mmɔ baako ho nkɔmmɔ. (lmd adesua 2 nkyekyɛm 3)
6. Yɛ Sankɔhwɛ
(Simma 2) BAGUAM ADANSEDI. Ma onipa no jw.org kaad no bi. (lmd adesua 9 nkyekyɛm 3)
7. Ɔkasa
(Simma 5) be 28 ¶3–31 ¶2—Asɛmti: Ɔkwan a Wɔfa So Sua Ade. (th adesua 14)
Dwom 97
8. Yɛ Kokoam Adesua Daa—Mma Biribiara Nntwitware Mu
(Simma 15) Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ.
Nneɛma pii na ebetumi atwitware yɛn akwan mu a ɛremma yentumi nyɛ kokoam adesua daa. Fa no sɛ, ɛyɛ den ma wo nua Kristoni bi sɛ ɔbɛyɛ kokoam adesua daa na wakenkan Bible, ɛnna wopɛ sɛ wohyɛ no nkuran. Waka nneɛma a ɛretwitware n’akwan mu no akyerɛ wo. Nea ɔka kyerɛɛ wo no, bɔ mmɔden sɛ anyɛ yiye koraa no, emu biara wobɛma no ɛho nyansahyɛ baako, Bible mu nnyinasosɛm bi, asafo nhoma bi mu asɛm bi, anaa video bi a ebetumi aboa no.
“Mintumi nkenkan ade yiye”
“Adesua yɛ me den”
“Ɛyɛ a minhu Bible no fã a memfa mfi me Bible akenkan ase, anaa dodow a ɛsɛ sɛ mekenkan da biara”
“Nneɛma a ɛsɛ sɛ misua no dɔɔso! Minhu nea ɛsɛ sɛ misua nnawɔtwe biara”
“Minni adaagye koraa, enti ɛyɛ den ma me sɛ menya bere de asua ade”
“Sɛ meresua ade a, ɛyɛ den ma me sɛ metumi de m’adwene asi nea meresua no so. Ɛtɔ da a, mekenkan ade no wiei araa pɛ, na me werɛ afi”
Yi VIDEO a yɛato din, Sɛnea Wubetumi Asua Ade Yiye. Afei bisa sɛ:
Nyansahyɛ ahorow a wɔde mae wɔ video no mu a ebetumi ama yɛasua ade yiye no, nea ɛwɔ he na w’ani gyee ho paa?
9. Asafo Bible Adesua
(Simma 30) lfb adesua 78-79