Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mwb26 March kr. 14-15
  • April 27–May 3

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • April 27–May 3
  • Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2026
Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2026
mwb26 March kr. 14-15

APRIL 27–MAY 3

YESAIA 56-57

Dwom 12 Ne Mpaebɔ | Nnianim Nsɛm (Simma 1)

BIBLE MU AKORADE

1. Ɛyɛ Yɛn Anigye Sɛ Yehowa Ne Yɛn Nyankopɔn

(Simma 10)

Abosonsomfo a wɔsu hwehwɛ mmoa fi wɔn abosom hɔ no, abosom no rentumi mmoa wɔn (Yes 57:13; ip-2 269 ¶14-16)

Nnipa a wɔnsom Yehowa no, wɔnni asomdwoe, na baakoyɛ nni wɔn mu (Yes 57:20; w18.06 7 ¶16)

Asomdwoe nni hɔ mma abɔnefo (Yes 57:21; w99 10/1 11 ¶4)

Anuanom mmea mmienu de anigye reyɛ asɛnka adwuma.

BISA WO HO SƐ, Sɛ me ne Yehowa ntam yɛ kama a, sɛn na ɛbɛboa me ama m’asetena akɔ yiye?

2. Tweetwee Bible Mu

(Simma 10)

  • Yes 56:​6, 7—Saa nkɔmhyɛ yi, sɛn na ɛreba mu? (w07 1/15 10 ¶3; w06 11/1 27 ¶1)

  • Bere a wotweetwee nnawɔtwe yi Bible akenkan mu no, dɛn na wuhui a wopɛ sɛ woka ho asɛm?

3. Bible Akenkan

(Simma 4) Yes 56:​4-12 (th adesua 5)

MA W’ANI NKU ASƐNKA HO

4. Hyɛ Nkɔmmɔ Ase

(Simma 3) BERE A WUNNI ASƐNKA MU. Ka biribi a wusuae wɔ adesua ase nnansa yi kyerɛ onipa no. (lmd adesua 2 nkyekyɛm 4)

5. Kyerɛkyerɛ Wo Gyidi Mu

(Simma 5) Ɔkasa. ijwbq asɛm 90—Asɛmti: Ɛho Hia Sɛ Wode Wo Ho Hyɛ Ɔsom Pɔtee Bi Mu Anaa? (th adesua 16)

6. Yɛ Asuafo

(Simma 4) lff adesua 19 nkyekyɛm 4 (lmd adesua 11 nkyekyɛm 3)

KRISTOFO ABRABƆ

Dwom 58

7. Nnyae Yehowa Ho Asɛm Ka Da

(Simma 15) Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ.

Nnipa a wɔnsom Yehowa no, wɔnni biribi pa biara a wɔgyina so sisi gyinae a ɛyɛ papa. Wɔnnim nea enti paa a wɔte wiase. Enti wɔnni anigye papa biara, na saa ara nso na wɔnni daakye ho anidaso papa biara. Wei nyinaa akyi, sɛ yɛka Ahenni no ho asɛm no kyerɛ wɔn a, wɔn mu bebree ntie, efisɛ wɔnnim sɛnea asɛmpa no betumi aboa wɔn. Sɛ nkurɔfo antie asɛmpa no a, nea edidi so yi nti, yɛn abam mmu, na yennyae asɛmpa no ka.—Ɔsɛ 11:6.

  • Nsakrae ba yɛn asaasesin mu bere nyinaa. Nkurɔfo a wɔntie asɛmpa no betumi atu afi asaasesin no mu ama nnipa foforo abɛtena hɔ. Nnipa foforo no de, ebia wɔbetie asɛmpa no

  • Sɛ yɛkɔ fie bi mu a, ebia nea daa yɛkɔto no no, ɛnyɛ ɔno na yɛbɛkɔ akɔto no. Onipa a yɛbɛto no no betumi ayɛ ofiewura no maame anaa ne papa a n’ani afi, ne ba a seesei wanyin, onipa foforo a wabɛtena fie hɔ, anaa ɔhɔho a waba hɔ

  • Nnipa tumi sesa. (1Ti 1:13) Nsɛm a ɛyɛ hu a ɛresisi wɔ wiase no mu no, ebetumi ama obi ayɛ aso atie asɛmpa no. Saa ara nso na sɛ awerɛhosɛm to obi a, ebetumi ama wasesa na watie asɛmpa no

  • Sɛ yɛkɔ so ka asɛmpa no kyerɛ nkurɔfo a, ɛkyerɛ sɛ yɛdɔ Yehowa.—Lu 6:45; 1Yo 5:3

Video a yɛato din, “Yehowa ‘Ne Obiara Ntam Nware’ ” no, emu mfoni na ɛwɔ ha yi. Onuawa bi de kratata rema ɔbea bi wɔ baabi a nkurɔfo nom kɔfe.

Yi VIDEO a yɛato din, Yehowa ‘Ne Obiara Ntam Nware.’ Afei bisa sɛ:

  • Video a yɛhwɛe yi, ama yɛahu sɛ ɛsɛ sɛ yɛkɔ so ka asɛmpa no, ɛmfa ho nsɛnnennen a yebehyia. Ɛdɛn na wuhui a ɛkyerɛ saa?

8. Asafo Bible Adesua

(Simma 30) lfb adesua 80-81

Nsɛm a Yɛde Wie (Simma 3) | Dwom 28 Ne Mpaebɔ

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena