Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • wp22 nɔma 1 kr. 12-13
  • 4 | Ma Onyankopɔn Mmoa Wo Na Di Ɔtan So Nkonim

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • 4 | Ma Onyankopɔn Mmoa Wo Na Di Ɔtan So Nkonim
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2022
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Bible Afotusɛm:
  • Nea Ɛkyerɛ:
  • Nea Wubetumi Ayɛ:
  • Bible Tumi Sesa Nnipa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
  • Sɛnea Yebetumi Adi Ɔtan So Nkonim
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2022
  • Yebetumi Adi Ɔtan So Nkonim!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2022
  • Adɛn Nti Na Ɔtan Abu So Wɔ Wiase Yi Mu Saa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2022
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2022
wp22 nɔma 1 kr. 12-13
Bible kɛse bi da hɔ, na nkurɔfo bi ani kyerɛ baabi a ɛda no. Hann a efi Bible no mu reba no atɔ wɔn so, na wɔn sunsuma ma yehu wɔn kan abrabɔ.

SƐNEA YEBETUMI ADI ƆTAN SO NKONIM

4 | Ma Onyankopɔn Mmoa Wo Na Di Ɔtan So Nkonim

Bible Afotusɛm:

“Honhom no aba ne ɔdɔ, anigye, asomdwoe, abotare, ayamye, papayɛ, gyidi, odwo, ahohyɛso.”—GALATIFO 5:22, 23.

Nea Ɛkyerɛ:

Onyankopɔn betumi aboa yɛn ama yɛadi ɔtan so nkonim. Ne honhom kronkron no betumi aboa yɛn ama yɛanya suban ahorow a ɛkaa yɛn nko ara a, yɛrennya da. Yɛn ankasa de, yɛrentumi nni ɔtan so nkonim, gye sɛ yɛma Onyankopɔn boa yɛn. Sɛ yɛde yɛn ho to ne so sɛnea ɔsomafo Paul yɛe no a, ɔbɛboa yɛn. Paul kaa sɛ: “Nea ɔhyɛ me den no adaworoma, minya ahoɔden wɔ biribiara mu.” (Filipifo 4:13) Sɛ yɛn nso yɛma Onyankopɔn boa yɛn a, yebetumi aka sɛ: ‘Me mmoa fi Yehowa hɔ.’—Dwom 121:2.

Nea Wubetumi Ayɛ:

“Obi a na mepɛ ntɔkwaw no, Yehowa asesa me ama mabɛyɛ asomdwoe nipa.”—WALDO

Bɔ Yehowa mpae na srɛ no sɛ ɔmma wo ne honhom kronkron no. (Luka 11:13) Fa to n’anim sɛ ɔmmoa wo na nya suban pa. Suban ahorow a ebetumi aboa wo ama woadi ɔtan so nkonim no, sua ho ade wɔ Bible mu. Ebi ne ɔdɔ, asomdwoe, abotare, ne ahohyɛso. Bɔ mmɔden sɛ wobɛda saa suban yi adi wɔ w’abrabɔ mu. Afei, wɔn a wɔrebɔ mmɔden sɛ wobenya saa suban yi bi no, wo ne wɔn mmɔ. Wobetumi ‘akanyan wo ama woada ɔdɔ adi, na woayɛ nnwuma pa.’—Hebrifo 10:24.

Asɛm a Esii Ankasa​—WALDO

Odii Ɔtan So Nkonim

Waldo.

Bere a Waldo sua no, nneɛma ankɔ yiye amma no koraa. Ɛno nti na ɔtan ahyɛ ne koma mã. Ɔkaa sɛ: “Ná metaa ne wɔn a wɔtɔn nnubɔne ko ntɔkwaw . . . Ɛda bi de, akobɔfo kuw bi a wɔne m’ani nhyia bɔɔ paa sɛ owudifo bi a ne ho yɛ hu mmekum me. Ɔwɔw me sekan, nanso minyaa me ho tetewee.”

Bere a Waldo yere fii ase sɛ ɔne Yehowa Adansefo resua Bible no, na ne bo nnwo so koraa. Ɔkaa sɛ: “Ná mikyi Adansefo no kɔkɔkɔkɔ, enti na metaa teateam gu wɔn so didi wɔn atɛm pɔtɔɔ. Nanso nea mede yɛɛ wɔn nyinaa mu no, wɔn bo amfuw da.”

Bere rekɔ so no, Waldo nso fii ase suaa Bible no. Ɔse: “Ná ɛnyɛ mmerɛw mma me sɛ mede nea meresua no bɛyɛ adwuma. Adwene a minyae ara ne sɛ, me koko bɔne no de, aka hɔ, meyɛ ho hwee a, ɛrenyɛ yiye.” Nanso ohuu biribi wɔ Bible mu a ɛsesaa n’abrabɔ koraa.

Waldo kaa sɛ: “Ná Alejandro na ɔne me sua ade, na da koro ɔka kyerɛɛ me sɛ menkenkan Galatifo 5:22, 23. . . . Alejandro kyerɛkyerɛɛ mu sɛ, me ara merentumi nnya saa suban no bi, gye sɛ Onyankopɔn honhom kronkron boa me. Nokwasɛm yi a ɔkae no sesaa m’adwene koraa!”

Esiane sɛ Waldo maa Onyankopɔn boaa no nti, seesei watumi adi ɔtan so nkonim korakora. Ɔkaa sɛ: “Nsakrae a mayɛ no yɛ m’abusuafo ne me nnamfo dedaw bi nwonwa paa.” Ɔka kaa ho sɛ: “Obi a na mepɛ ntɔkwaw no, Yehowa asesa me ama mabɛyɛ asomdwoe nipa.”

Sɛ wopɛ sɛ wuhu Waldo ho nsɛm pii a, hwɛ October 1, 2013 Ɔwɛn-Aban no, kratafa 12-13.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena