Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w23 October kr. 6-11
  • ‘W’aso Yɛ Mmerɛw’ Anaa?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • ‘W’aso Yɛ Mmerɛw’ Anaa?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2023
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • TIE W’AWOFO
  • TIE “ATUMFOƆ A WƆKORƆN NO”
  • TIE AKWANKYERƐ A YEHOWA ASAFO NO DE MA YƐN NO
  • “Mma, Muntie Mo Awofo Asɛm”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • Yesu Yɛɛ Osetie Bere Nyinaa
    Momfa Nkyerɛkyerɛ Mo Mma
  • Sɛnea Wubehu Nea Ɛsɛ sɛ Wutie No
    Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No
  • Osetie Bɔ Wo Ho Ban
    Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2023
w23 October kr. 6-11

ADESUA ASƐM 42

‘W’aso Yɛ Mmerɛw’ Anaa?

“Nyansa a efi soro no de, . . . ɛyɛ asoɔmmerɛw.”—YAK. 3:17.

DWOM 101 Yɛde Baakoyɛ Bom Yɛ Adwuma

NEA YƐREBESUAa

1. Adɛn nti na ebetumi ayɛ den ama yɛn sɛ yɛbɛyɛ osetie?

ƐTƆ da a, ɛyɛ den ma wo sɛ wobɛyɛ osetie anaa? Ɔhene Dawid nso, ɛtɔ da a na ɛyɛ den ma no, enti ɔsrɛɛ Onyankopɔn sɛ: “Ma minnya ɔpɛ sɛ metie wo.” (Dw. 51:12) Ná Dawid dɔ Yehowa. Nanso ɛtɔ da a na ɛyɛ den ma no sɛ ɔbɛyɛ osetie, na saa ara na yɛn nyinaa nso yɛte. Adɛn ntia? Nea edi kan, wɔde asoɔden awo yɛn. Nea ɛtɔ so mmienu, sɛnea Satan tew Onyankopɔn so atua no, ɔyɛ nea obetumi biara sɛ ɔbɛma yɛn nso yɛayɛ saa ara. (2 Kor. 11:3) Nea ɛtɔ so mmiɛnsa, wiase a yɛte mu yi, suban bɔne a ɛno ne atuatew atwa yɛn ho ahyia. Saa suban no, ɛno ne “honhom a seesei ɛyɛ adwuma wɔ asoɔden mma mu no.” (Efe. 2:2) Ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho ko tia bɔne a wɔde awo yɛn no. Afei nso, sɛnea Ɔbonsam ne wiase no pɛ sɛ wɔhyɛ yɛn ma yɛyɛ asoɔden no, ɛsɛ sɛ yɛko tia. Yɛyɛ saa a, ɛbɛboa yɛn ama yɛayɛ osetie ama Yehowa ne wɔn a wama wɔn tumi sɛ wɔnni nneɛma anim no.

2. Sɛ yɛka sɛ obi ‘yɛ asoɔmmerɛw’ a, ɛkyerɛ sɛn? (Yakobo 3:17)

2 Kenkan Yakobo 3:17. Bible kyerɛwfo Yakobo kaa sɛ wɔn a wɔnim nyansa no, ‘wɔyɛ asoɔmmerɛw.’ Wohwɛ a, ɛno kyerɛ sɛn? Ɛkyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ yefi yɛn pɛ mu yɛ osetie ma wɔn a Yehowa ama wɔn tumi sɛ wɔnni nneɛma anim no. Nanso, sɛ obi ka kyerɛ yɛn sɛ mma yennni Yehowa ahyɛde so a, Yehowa mpɛ sɛ yetie onii ko no.—Aso. 4:​18-20.

3. Adɛn nti na Yehowa pɛ sɛ yetie wɔn a wɔama wɔn tumi sɛ wɔnni nneɛma anim no?

3 Ebia ɛbɛyɛ mmerɛw ama yɛn sɛ yebetie Yehowa, na ɛnyɛ nnipa. Ade yi, akwankyerɛ a Yehowa de ma yɛn no di mu bere nyinaa. (Dw. 19:7) Nanso nnipa a Yehowa ama wɔn tumi sɛ wɔnni nneɛma anim no, wɔn akwankyerɛ nni mu te sɛ Yehowa de no. Ne nyinaa mu no, yɛn soro Agya no ama awofo, aban mpanyimfo, ne asafo mu mpanyimfo tumi kakra. (Mmeb. 6:20; 1 Tes. 5:12; 1 Pet. 2:​13, 14) Sɛ yetie wɔn a, na yɛretie Yehowa. Wɔn a Yehowa de tumi ama wɔn no, ɛmfa ho mpo sɛ ɛtɔ da a ebetumi ayɛ den sɛ yebetie wɔn akwankyerɛ na yɛde ayɛ adwuma no, momma yɛnhwɛ nea yɛyɛ a ɛkyerɛ sɛ yɛretie wɔn.

TIE W’AWOFO

4. Adɛn nti na mmofra pii ntie wɔn awofo?

4 Mmofra a wɔwɔ hɔ nnɛ no, wɔn mfɛfo a ‘wɔntie wɔn awofo asɛm’ atwa wɔn ho ahyia. (2 Tim. 3:​1, 2) Adɛn nti na wɔn mu bebree ntie wɔn awofo asɛm? Awofo no bi wɔ hɔ a, nea wɔka kyerɛ wɔn mma sɛ wɔnyɛ no, ɛnyɛ ɛno na awofo no yɛ. Enti, mmofra no te nka sɛ wɔn awofo yɛ nyaatwom. Mmofra no bi nso te nka sɛ afotu a wɔn awofo de ma wɔn no, ne bere atwam, mfaso nni so, anaa ɛyɛ den dodo. Sɛ woyɛ abofra a, woate nka saa pɛn? Yehowa ahyɛde a ɛne sɛ: “Muntie mo awofo asɛm sɛnea Awurade pɛ, na eyi na ɛteɛ” no, mmofra pii susuw sɛ ɛyɛ den sɛ wɔbedi so. (Efe. 6:1) Dɛn na ebetumi aboa wo ma woadi saa ahyɛde no so?

5. Sɛnea Luka 2:​46-52 kyerɛ no, adɛn nti na osetie a Yesu yɛ maa n’awofo no da mu fua?

5 Yɛreka obi a ɔyɛ osetie a, Yesu da mu fua, enti wubetumi asuasua no. (1 Pet. 2:​21-24) Ná sintɔ biara nni ne ho, nso n’awofo de, na wɔtɔ sin. Nanso na Yesu di n’awofo ni; sɛ ɛtɔ da na wɔdi mfomso anaa wɔnte no ase mpo a, na otie wɔn. (Ex. 20:12) Yɛnhwɛ nea esii bere a Yesu dii mfe 12 no. (Kenkan Luka 2:​46-52.) Bere a Yesu ne n’awofo kɔɔ Yerusalem kodii afahyɛ no na wɔresan akɔ wɔn kurom no, n’awofo anhu sɛ wɔagyaw no hɔ. Yosef ne Maria na na anka ɛsɛ sɛ wɔhwɛ hu sɛ wɔn mma no nyinaa ka wɔn ho. Akyiri yi, bere a Yosef ne Maria huu Yesu no, Maria kaa n’anim sɛ wama wɔahwehwɛ no abrɛ. Anka Yesu betumi aka sɛ ɔno de, onnii mfomso biara, nanso wanyɛ saa. Mmom ɔne wɔn kasae nidi mu, na ɔmaa wɔn mmuae tiawa. Nanso, Yosef ne Maria ‘ante asɛm a ɔka kyerɛɛ wɔn no ase.’ Ne nyinaa mu no, “ɔkɔɔ so brɛɛ ne ho ase maa wɔn.”

6-7. Dɛn na ɛbɛboa mmofra ma wɔatie wɔn awofo?

6 Mmofra, sɛ mo awofo di mfomso anaa wɔnte mo ase a, ɛyɛ a ɛyɛ den ma mo sɛ mubetie wɔn anaa? Sɛ saa a, dɛn na ebetumi aboa mo? Nea edi kan, munsusuw sɛnea Yehowa te nka no ho. Bible ka sɛ, sɛ mutie mo awofo a, “eyi na ɛsɔ Awurade ani.” (Kol. 3:20) Sɛ mo awofo nte mo ase anaa wɔhyehyɛ mmara bi a ɛyɛ den sɛ mubedi so a, Yehowa nim. Nanso ne nyinaa mu no, sɛ mutie wɔn a, ɛma Yehowa ani gye.

7 Nea ɛtɔ so mmienu, munsusuw sɛnea mo awofo te nka no ho. Sɛ mutie mo awofo a, moma wɔn ani gye, na wɔnya mo mu ahotoso. (Mmeb. 23:​22-25) Afei nso, ɛbɛma moabɛn wɔn paa. Onua bi a ofi Belgium a ne din de Alexandre ka sɛ, “Bere a mifii ase tiee m’awofo asɛm no, yɛn ntam yɛɛ kama, na ɛmaa yɛn ani gyei.”b Nea ɛtɔ so mmiɛnsa, sɛ woyɛ osetie nnɛ a, sɛnea ɛbɛboa wo daakye no, dwinnwen ho. Paulo a ɔte Brazil no ka sɛ, “Esiane sɛ mitie m’awofo nti, ɛboa me ma mitie Yehowa ne wɔn a wama wɔn tumi no.” Onyankopɔn Asɛm ma yehu sɛ, ɛho hia paa sɛ wutie w’awofo. Ɛka sɛ: “Ebesi wo yiye, na woatena ase akyɛ wɔ asaase so.”—Efe. 6:​2, 3.

8. Adɛn nti na mmofra pii tie wɔn awofo?

8 Mmofra pii ahu sɛ, sɛ wɔyɛ osetie a, ɛma nneɛma kɔ yiye. Yɛnhwɛ Luiza a ɔno nso fi Brazil no. Mfiase no, na onhu nea enti a n’awofo mpɛ sɛ onya fon, efisɛ ɔhwɛ n’atipɛnfo a, na wɔn mu dodow no ara wɔ bi. Nanso akyiri yi, ohui sɛ ɔno ara ne yiyedi nti na na n’awofo reyɛ saa. Seesei ɔka sɛ, “M’awofo hyɛ mmara ma me a, minhu no sɛ ɛte sɛ nea meda afiase, na mmom mefa no sɛ ɛte sɛ seat bɛlt a ebetumi agye me nkwa.” Onuawa ababaa bi a ne din de Elizabeth a ɔwɔ United States nso, ɛtɔ da a ɛyɛ den ma no sɛ obetie n’awofo. Ɔkyerɛ mu sɛ, “Sɛ m’awofo hyɛ mmara bi na mente ase a, ɛyɛ a mekaakae sɛnea mmere bi a atwam no, mmara bi a wɔhyɛe a midii so no bɔɔ me ho ban.” Monica a ɔte Armenia no ka sɛ, bere biara a obetie n’awofo no, nneɛma kɔ yiye ma no paa.

TIE “ATUMFOƆ A WƆKORƆN NO”

9. Sɛn na nnipa pii te nka wɔ mmara a aban no hyehyɛ ho?

9 Nnipa bebree gye tom sɛ aban anaa “atumfo a wɔkorɔn no,” yehia wɔn, na anyɛ yiye koraa no, mmara a wɔhyehyɛ no bi wɔ hɔ a, ɛsɛ sɛ yedi so. (Rom. 13:1) Nanso saa nkurɔfo yi ara, sɛ aban no hyɛ mmara bi na wɔmpɛ anaa asɛ ntease nnim a, ɛyɛ a wɔmpɛ sɛ wɔdi so. Yɛmfa towtua nyɛ nhwɛso. Ɔman bi a ɛwɔ Europe no, nnipa a ɛwɔ hɔ no pii susuw sɛ, “sɛ aban no ka sɛ ɔmanfo ntua tow bi, na wohwɛ na ntease nnim a, wubetumi aka sɛ worentua.” Enti saa ɔman no mu no, tow a aban no hwehwɛ sɛ ɔmanfo tua no, wokyɛ mu mmiɛnsa a, emu mmienu na aban no nsa ka.

Maria te afurum so, na Yosef di wɔn anim rekɔ Betlehem. Mfoni: 1. Onua bi reka kar na wadu baabi a wɔakyerɛw mmirika a kar no betumi akɔ asi kwan ho, enti ɔrehwɛ mmirika a ne kar no rekɔ. 2. Onua bi rehyehyɛ towtua ho nkrataa. 3. Onuawa bi ne dɔkta bi rekasa wɔ ayaresabea, na onuawa no hyɛ mask; ɔnte mmɛn dɔkta no pii.

Osetie a Yosef ne Maria yɛe no, dɛn na yesua fi mu? (Hwɛ nkyekyɛm 10-12)c

10. Sɛ atumfoɔ no hyɛ mmara bi na yɛmpɛ mpo a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yedi so?

10 Bible ma yehu sɛ nnipa aban ma yehu amane. Afei nso, ɛka sɛ Satan na ɛkyerɛ nnipa aban no kwan, na ɛrenkyɛ Onyankopɔn bɛsɛe ne nyinaa. (Dw. 110:​5, 6; Ɔsɛnk. 8:9; Luka 4:​5, 6) Bible san ma yehu sɛ, “obiara a ɔsɔre tia atumfo no, ɔsɔre tia Onyankopɔn nhyehyɛe.” Atumfoɔ a wɔkorɔn no, Yehowa na ama wɔn kwan sɛ wɔnni tumi na wɔnhwɛ ntoto nneɛma yiye, enti sɛ wɔhyɛ mmara na entia Yehowa mmara a, ɔhwɛ kwan sɛ yebedi so. Enti ɛsɛ sɛ ‘yɛde nea ɛyɛ obiara de ma no.’ Ebi ne sɛ yebetua tow, yɛde obu bɛma atumfoɔ no, na yɛayɛ osetie ama wɔn. (Rom. 13:​1-7) Ebia mmara bi a wɔahyɛ no, yebehu no sɛ ɛma yɛn ho kyere yɛn, ntease nnim anaa yedi so a ɛbɛma yɛn ho akodi mu paa. Nanso Yehowa se yentie wɔn, enti sɛ wɔhyɛ mmara na entia Onyankopɔn mmara a, ɛsɛ sɛ yedi so.—Aso. 5:29.

11-12. Sɛnea Luka 2:​1-6 kyerɛ no, bere a aban no hyɛɛ mmara bi a na ɛbɛma Yosef ne Maria ho akyere wɔn no, dɛn na wɔyɛe, na dɛn na efii mu bae? (Hwɛ mfoni no nso.)

11 Yebetumi asua biribi afi Yosef ne Maria nhwɛso no mu. Bere a atumfoɔ a wɔkorɔn no hyɛɛ mmara bi a na ɛbɛma wɔn ho akyere wɔn mpo no, na wɔayɛ krado sɛ wɔbedi so. (Kenkan Luka 2:​1-6.) Aka kakra ma Maria awo no, aban no hyɛɛ mmara bi a na ɛyɛ den sɛ ɔne Yosef bedi so. Augusto a na odi Roma Ahemman no so no hyɛe sɛ obiara nkɔkyerɛw ne din wɔ ne kurom. Ná ɛsɛ sɛ Yosef ne Maria twa kwan kilomita 150 anaa akwansin 93 kɔ Betlehem. Ɛno da nkyɛn a, na ɔkwan no nso yɛ mmepɔwmmepɔw. Ná akwantu no bɛyɛ den ama wɔn, ɛnkanka Maria. Sɛnea ɛbɛyɛ a Maria ne abofra a ɔhyɛ yafunu mu no bedu fie dwoodwoo no, ɛbɛyɛ sɛ na ɛho asɛm haw Yosef ne Maria nyinaa. Ebia na wɔrebisa wɔn ho sɛ, ‘Na sɛ awo ka Maria wɔ ɔkwan so a, dɛn na yɛbɛyɛ?’ Ná ɛho asɛm haw wɔn, efisɛ abofra a ɔhyɛ yafunu mu no, na ɔno ne Mesia a wɔrehwɛ no kwan no. Wohwɛ a, wei nti na Yosef ne Maria bɛka sɛ wɔrentie aban no anaa?

12 Yosef ne Maria amma saa ɔhaw yi mu biara ansiw wɔn kwan sɛ wɔbedi saa mmara no so. Osetie a wɔyɛe no nti, Yehowa hyiraa wɔn. Maria tumi koduu Betlehem a bɔne biara ansi, na abofra a ɔwoo no no nso, na ne ho twa kama. Afei nso, osetie a wɔyɛe nti, ɛboa maa Bible nkɔmhyɛ baam.—Mika 5:2.

13. Sɛ yetie atumfoɔ no a, ɛboa yɛn nuanom sɛn?

13 Sɛ yetie atumfoɔ a wɔkorɔn no a, ɛboa yɛn ankasa, na afoforo nso nya so mfaso. Ɔkwan bɛn so? Nea ɛwom ne sɛ, sɛ yedi mmara so a, yɛbɛkwati asotwe a wɔde ma wɔn a wɔnni mmara so no. (Rom. 13:4) Sɛ yetie atumfoɔ no a, ɛbɛma wɔanya Yehowa Adansefo ho adwempa. Nhwɛso bi ni. Mfe pii a atwam no, asogyafo bɔ wuraa Ahenni Asa bi so wɔ Nigeria bere a na anuanom reyɛ adesua. Ná wɔrehwehwɛ ebinom a na wɔreyɛ ɔyɛkyerɛ sɛ wɔrentua tow. Nanso sogyani a ɔda wɔn ano no ka kyerɛɛ asogyafo no sɛ wɔnsan wɔn akyi nkɔ, na ɔka kaa ho sɛ: “Yehowa Adansefo de, wɔtua wɔn tow.” Bere biara a wubedi mmara so no, ebetumi ama din pa a Yehowa nkurɔfo wɔ no ayɛ kɛse, na dabidabi saa din pa no betumi abɔ wo nuanom Kristofo ho ban.—Mat. 5:16.

14. Dɛn na ɛboaa onuawa bi ma ‘ɔyɛɛ asoɔmmerɛw’ maa atumfoɔ a wɔkorɔn no?

14 Wei nyinaa akyi no, ebia ɛnyɛ bere nyinaa na yɛn ani begye ho sɛ yebetie atumfoɔ a wɔkorɔn no. Onuawa bi a ɔte United States a ne din de Joanna ka sɛ, “Ná ɛyɛ den ma me paa sɛ metie atumfoɔ no, efisɛ na wɔama m’abusuafo binom ahu amane paa.” Nanso Joanna bɔɔ ne tirim pɔw sɛ ɔbɛsesa n’adwene. Ade a edi kan a ɔyɛe ne sɛ, nsɛm a nkurɔfo kyerɛw gu sohyia midia so a ɛma onya atumfoɔ no ho adwemmɔne no, ogyaee kan. (Mmeb. 20:3) Nea ɛtɔ so mmienu, sɛ́ anka ɔbɛsrɛ Yehowa sɛ ɔmma wɔnsesa aban no, ɔsrɛɛ Yehowa sɛ ɔmmoa no mma onnya ne mu ahotoso mmom. (Dw. 9:​9, 10) Nea ɛtɔ so mmiɛnsa, amanyɔkuw biara afa a yennyina, a wɔakyerɛkyerɛ mu wɔ yɛn nhoma ahorow mu no, ɔkenkanee. (Yoh. 17:16) Seesei Joanna ka sɛ, atumfoɔ a obu wɔn na otie wɔn no nti, “asomdwoe a wanya no, ɛnyɛ ano bi ni.”

TIE AKWANKYERƐ A YEHOWA ASAFO NO DE MA YƐN NO

15. Akwankyerɛ a Yehowa asafo no de ma yɛn no, adɛn nti na ebetumi ayɛ den sɛ yɛde bɛyɛ adwuma?

15 Yehowa ka kyerɛ yɛn sɛ ‘yɛnyɛ osetie mma wɔn a wodi yɛn anim’ wɔ asafo no mu no. (Heb. 13:17) Yesu a ɔyɛ yɛn Kannifo no, bɔne biara nni ne ho, nanso wɔn a wapaw wɔn sɛ wɔnni yɛn anim wɔ asaase so no de, bɔne wɔ wɔn ho. Enti ebetumi ayɛ den sɛ yebetie wɔn, ɛnkanka bere a wɔaka akyerɛ yɛn sɛ yɛnyɛ biribi a yɛmpɛ no. Bere bi, ɔbɔfo bi ka kyerɛɛ ɔsomafo Petro sɛ ɔnyɛ biribi; mfiase no na ɔmpɛ sɛ ɔyɛ. Mmoa a Mose Mmara no hyɛe sɛ mma wɔnnni no, ɔbɔfo no ka kyerɛɛ no sɛ onni, nanso Petro kaa sɛ ɔrenni. Ɛnyɛ pɛnkoro pɛ na ɔkaa saa, na mmom, mprɛnsa! (Aso. 10:​9-16) Adɛn ntia? Ná ohu akwankyerɛ foforo yi sɛ ntease nnim, efisɛ sɛnea na wɔyɛ nneɛma bere bi a atwam no, ɛno ara na na onim. Ɔbɔfo a na bɔne biara nni ne ho mpo, sɛ na ɛyɛ den ma Petro sɛ ɔde n’akwankyerɛ bɛyɛ adwuma a, wohwɛ a nnipa a bɔne wɔ wɔn ho no, ɛbɛyɛ mmerɛw ama yɛn sɛ yɛde wɔn akwankyerɛ bɛyɛ adwuma anaa?

16. Anka ɔsomafo Paul betumi aka sɛ akwankyerɛ a mpanyimfo no de maa no no, ntease nnim, nanso dɛn na ɔyɛe? (Asomafo Nnwuma 21:​23, 24, 26)

16 Ná ɔsomafo Paul ‘yɛ asoɔmmerɛw,’ enti sɛ ne nsa ka akwankyerɛ bi na ɛyɛ no sɛ ntease nnim mpo a, ɔbɔ mmɔden sɛ obetie. Yudafo a wɔyɛ Kristofo no tee sɛ nkurɔfo rekeka Paul ho nsɛm; ná wɔrekeka sɛ, Paul rekyerɛkyerɛ sɛ “wɔnsɔre ntia Mose Mmara” no. (Aso. 21:21) Enti mpanyimfo a wɔwɔ Yerusalem no ka kyerɛɛ Paul sɛ ɔmfa mmarima nnan nka ne ho nkɔ asɔrefie hɔ, na onkodwira ne ho mfa nkyerɛ sɛ odi Mose Mmara no so. Nanso na Paul nim sɛ Kristofo nhyɛ Mose Mmara no ase. Afei nso, na onnii mfomso biara. Ne nyinaa mu no, Paul yɛɛ nea mpanyimfo no kae no. ‘Ade kyee no, ɔfaa mmarima no, na ɔne wɔn nyinaa kodwiraa wɔn ho.’ (Kenkan Asomafo Nnwuma 21:​23, 24, 26.) Osetie a Paul yɛe no, ɛboa maa baakoyɛ kɔɔ so tenaa anuanom mu.—Rom. 14:​19, 21.

17. Dɛn na wusua fi nea Stephanie yɛe no mu?

17 Yɛnhwɛ onuawa bi a ne din de Stephanie. Bere a Betel a ɛwɔ ne man mu de akwankyerɛ bi mae no, na ɛyɛ den ma no sɛ obegye atom. Ná ɔne ne kunu de anigye resom wɔ kuw bi a ɛka ɔman foforo so kasa mu. Nanso Betel guu saa kuw no, na wɔsan de awarefo no kɔɔ asafo a ɛka kasa a wɔde twaa wɔn funuma mu. Stephanie kaa sɛ, “Anyɛ me dɛ koraa.” Ɔde kaa ho sɛ, “Ná minnye nni sɛ asafo a ɛka yɛn kurom kasa no hia mmoa pii.” Ne nyinaa mu no, ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔde akwankyerɛ foforo no bɛyɛ adwuma. Ɔka sɛ, “Akyiri yi, mibehui sɛ akwankyerɛ a Betel de mae no, na eye paa. Asafo foforo a yɛkɔɔ mu no, anuanom no bi wɔ hɔ a, wɔn abusuafo nni nokware no mu, enti yɛafa wɔn sɛ yɛn mma. Seesei me ne onuawa bi a wasan afi asɛnka ase resua ade. Afei nso, minya bere pii sua ade.” Ɔde ka ho sɛ, “M’ahonim nhaw me, efisɛ minim sɛ mayɛ osetie.”

18. Sɛ yɛyɛ osetie a, ɛboa yɛn sɛn?

18 Yebetumi asua sɛnea yɛyɛ osetie. Ɛnyɛ sɛ na Yesu ho dwo no nti na ɔyɛɛ osetie, na mmom “osuaa osetie fii amanehunu a ɔfaa mu no mu.” (Heb. 5:8) Sɛnea Yesu yɛe no, yɛn nso, mpɛn pii no yɛkɔ ahokyere mu a, ɛma yesua sɛnea yɛbɛyɛ osetie. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, bere a COVID-19 nsanyare no fii ase no, wɔka kyerɛɛ yɛn sɛ mma yɛnnkɔ Ahenni Asa so, na yennyae afie afie asɛnka nso. Ebia na ɛyɛ den ma wo sɛ wobɛyɛ osetie. Nanso osetie a woyɛe no bɔɔ wo ho ban, ɛmaa wo ne anuanom yɛɛ baako, na Yehowa ani gyei. Seesei yɛn nyinaa ayɛ krado sɛ akwankyerɛ biara a yɛn nsa bɛka wɔ ahohiahia kɛse no mu no, yɛde bɛyɛ adwuma. Ebia ɛno na ebegye yɛn nkwa!—Hiob 36:11.

19. Adɛn nti na wopɛ sɛ woyɛ osetie?

19 Yɛabehu sɛ, sɛ yɛyɛ osetie a, yenya nhyira pii. Nanso nea ɛma yɛyɛ osetie paa ne sɛ, yɛdɔ Yehowa na yɛpɛ sɛ yɛma n’ani gye. (1 Yoh. 5:3) Nea Yehowa ayɛ ama yɛn nyinaa, yɛrentumi ntua no ka da. (Dw. 116:12) Nanso osetie de, yebetumi ayɛ ama Yehowa ne wɔn a wama wɔn tumi sɛ wɔnni yɛn anim no. Sɛ yetie wɔn a, ɛkyerɛ sɛ yɛyɛ anyansafo. Obi a ɔyɛ onyansafo nso de, ɔma Yehowa koma tɔ ne yam.—Mmeb. 27:11.

WUBEBUA SƐN?

  • Sɛ yɛyɛ mmofra a, dɛn na ɛbɛma yɛatie yɛn awofo?

  • Dɛn na ɛbɛma yɛatie “atumfo a wɔkorɔn no”?

  • Dɛn na ɛbɛma yɛatie akwankyerɛ a Yehowa asafo no de ma yɛn no?

DWOM 89 Tie Onyankopɔn Asɛm na Nya Nhyira

a Esiane sɛ yɛtɔ sin nti, ɛtɔ da a ɛyɛ den ma yɛn nyinaa sɛ yɛbɛyɛ osetie. Sɛ onii a ɔde akwankyerɛ rema yɛn no wɔ hokwan sɛ ɔyɛ saa mpo a, ɛnyɛ mmerɛw sɛ yɛbɛyɛ osetie. Adesua yi mu no, yebehu sɛ, sɛ yetie yɛn awofo, “atumfo a wɔkorɔn no,” ne anuanom a wɔdi nneɛma anim wɔ Kristofo asafo no mu no a, mfaso wɔ so.

b Sɛ w’awofo ahyehyɛ mmara bi na ɛyɛ den ma wo sɛ wubedi so, na wopɛ sɛ wo ne wɔn ka ho asɛm a, ɛho nyansahyɛ wɔ asɛm a ɛne, “Mmara a M’awofo Ahyehyɛ Ama Me No, Mɛyɛ Dɛn Ne Wɔn Aka Ho Asɛm?” no mu. Ɛwɔ jw.org.

c MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Bere a Kaesare hyɛɛ mmara sɛ obiara nkɔ ne kurom nkɔkyerɛw ne din no, Yosef ne Maria tiei, na wɔkɔɔ Betlehem kɔyɛɛ saa. Ɛnnɛ nso, karka ho mmara, towtua ne apɔwmuden ho akwankyerɛ a “atumfoɔ a wɔkorɔn no” hyehyɛ no, Kristofo di so.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena