ADESUA ASƐM 40
DWOM 111 Nea Ɛma Yɛn Ani Gye
Yehowa Na Ɔma Yɛn ‘Ani Gye Boro So’
“Mɛkɔ me Nyankopɔn a ɔma m’ani gye boro so no nkyɛn.”—DW. 43:4.
NEA ADESUA YI BƐKA HO ASƐM
Ɛbɛboa yɛn ama yɛahu nneɛma a ebetumi asɛe yɛn anigye no bi. Afei nso, sɛ biribi sɛe yɛn anigye a, adesua yi bɛboa yɛn ma yɛahu nea yɛyɛ a ɛbɛma yɛn ani asan agye.
1-2. (a) Ɛnnɛ, tebea bɛn na nnipa bebree wom? (b) Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?
ƐNNƐ, nnipa a ɛwɔ wiase no bebree yɛ nea wɔbetumi biara sɛ wɔn ani begye. Nanso anigye a wɔrehwehwɛ no abɔ wɔn. Awerɛhow ahyɛ nnipa pii so, na wɔn aba mu abu. Yɛn a yɛyɛ Yehowa asomfo nso, biribi a ɛte saa betumi ato yɛn. Esiane sɛ yɛte “awiei mmere no mu” nti, yebetumi ahyia ɔhaw ahorow a ebetumi ama yɛadi amia.—2 Tim. 3:1.
2 Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ nneɛma a ebetumi asɛe yɛn anigye no bi. Afei nso, sɛ biribi sɛe yɛn anigye a, yɛbɛhwɛ nea yɛyɛ a ɛbɛma yɛn ani asan agye. Nanso momma yenni kan nhwɛ onii a obetumi ama yɛanya anigye ankasa.
NEA OBETUMI AMA YƐANYA ANIGYE ANKASA
3. Nneɛma a Yehowa abɔ no, dɛn na ɛma yehu fa ne ho? (Hwɛ mfoni no nso.)
3 Yehowa ani gye bere nyinaa, na ɔpɛ sɛ yɛn nso yɛn ani gye na yenya akomatɔyam. Nneɛma a wabɔ mpo di adanse sɛ ɔpɛ sɛ yɛn ani gye. Sɛ yɛhwɛ asaase fɛfɛɛfɛ yi ne nneɛma ahorow ahorow a ɛwɔ so no a, ɛmma yɛn ani nnye anaa? Sɛ yehu sɛ mmoa rehuruhuruw di agorɔ a, ɛno nso mma yɛn ani nnye anaa? Sɛ yenya aduan a ɛyɛ dɛ na yɛredi a, ɛmma yɛn ani nnye? Wei nyinaa kyerɛ sɛ Onyankopɔn dɔ yɛn na ɔpɛ sɛ yɛn ani gye!
Ɔsono ba: Image © Romi Gamit/Shutterstock; pɛtrɛwa (penguin) mma: Vladimir Seliverstov/500px via Getty Images; mpɔnkye mma: Rita Kochmarjova/stock.adobe.com; abonsu mmienu: georgeclerk/E+ via Getty Images
Sɛnea mmoa huruhuruw di agorɔ no ma yehu sɛ Yehowa yɛ anigye Nyankopɔn (Hwɛ nkyekyɛm 3)
4. (a) Amanehunu a ahyɛ wiase ma nyinaa akyi no, adɛn nti na Yehowa da so ara yɛ “anigye Nyankopɔn”? (b) Dɛn na Yehowa yɛ de boa yɛn ma yegyina amanehunu a yehyia no ano? (Dwom 16:11)
4 Dadwen ne amanehunu ahyɛ wiase ma, na Yehowa ani tua ne nyinaa. Nanso Bible ka sɛ Yehowa da so ara yɛ “anigye Nyankopɔn.” (1 Tim. 1:11) Adɛn ntia? Efisɛ wahyɛ ato hɔ sɛ ɛrenkyɛ obeyi amanehunu nyinaa afi hɔ. Nanso saa bere no nnya mmae yi, Yehowa boa yɛn ma yetumi gyina ɔhaw biara a yehyia no ano. Ɔyɛ no sɛn? Ade baako ne sɛ, ɔboa yɛn ma yɛn ani gye. (Kenkan Dwom 16:11.) Wo de, yɛnhwɛ sɛnea ɔboaa Yesu maa n’ani gyei.
5-6. Adɛn nti na daa Yesu ani gye?
5 Yehowa abɔde nyinaa, Yesu na n’ani gye paa. Adɛn nti na yɛreka saa? Nneɛma mmienu bi ntia. Baako ne sɛ, Bible ka sɛ Yesu “ne Onyankopɔn a wonhu no no suban”; nea ɛkyerɛ ne sɛ ɔte sɛ n’Agya pɛpɛɛpɛ, ɛno nti na n’ani gye no. (Kol. 1:15; 1 Tim. 6:15) Nea ɛtɔ so mmienu, Yehowa a ɔyɛ anigye Farebae no, Yesu ne no abɔ akyɛ sen obiara. Ɛno nso ka ho bi nti na n’ani gye no.
6 Afei nso, Yesu yɛ nea n’Agya pɛ bere nyinaa, enti daa ɔwɔ anigye mu. (Mmeb. 8:30, 31; Yoh. 8:29) Ɛno nti Yehowa pɛ n’asɛm na onsi no fam koraa. Wei nso ma Yesu ani gye.—Mat. 3:17.
7. Dɛn na ebetumi ama yɛanya anigye ankasa?
7 Yɛn nso, sɛ yɛbɛn Yehowa a ɔyɛ anigye Farebae no a, ɛbɛma yɛn ani agye paa. Yɛbɛyɛ no sɛn? Sɛ yɛyere yɛn ho sua ne ho ade na yesuasua no a, yɛn ani begye paa. Afei nso, sɛ yɛyɛ Onyankopɔn apɛde na yehu sɛ nea yɛreyɛ no sɔ n’ani a, ɛbɛma yɛn ani agye.a (Dw. 33:12) Nanso sɛ ɛtɔ da na yɛte nka sɛ yenni anigye anaa mpo daa na yɛn werɛ ahow a, ɛno kyerɛ sɛ Onyankopɔn ayi yɛn baako ahyɛ yɛn nsa anaa? Daabi. Esiane sɛ yɛtɔ sin nti, Yehowa nim sɛ ɛtɔ da a yɛn werɛ bɛhow anaa yɛn abam betumi abu. (Dw. 103:14) Ɛnde, momma yɛnhwɛ nneɛma a ebetumi asɛe yɛn anigye ne nea yɛyɛ a ebetumi ama yɛn ani asan agye bio.
MMA BIRIBIARA NSƐE W’ANIGYE
8. Sɛ yehyia ɔhaw wɔ asetenam a, sɛn na ebetumi ama yɛate nka?
8 Ɔhaw a yehyia wɔ asetenam: Ɔhaw bɛn na worehyia? Nkurɔfo na ɛretan w’ani, anaa atoyerɛnkyɛm na asɛe wo nneɛma? Wo deɛ yɛ ohia, yare, anaa mpanyinyɛ? Ɔhaw yi mu biara betumi asɛe yɛn anigye, ɛnkanka nea ɛboro yɛn so anaa nea yɛyɛ ho hwee a ɛnyɛ yiye no. Bible mpo ka sɛ, “koma mu yaw de, ɛma honhom botow.” (Mmeb. 15:13) Yɛnhwɛ asafo mu panyin bi a ne din de Babis. Mfe nnan ntam no, ne nuabarima ne n’awofo wui. Babis kaa sɛ ansa na wɔrewu no, ɔtee nka sɛ wayɛ ankonam na onni ɔboafo biara. Ɛtɔ da nso a, na awerɛhow tumi bubu no efisɛ nnwuma a na egu ne so nti, wanhyɛ da anya bere amma n’awofo ne ne nuabarima no. Yɛn nso, asetena mu haw betumi atwe yɛn mu nsu paa.
9. Dɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛn ani asan agye bio? (Yeremia 29:4-7, 10)
9 Dɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛn ani asan agye bio? Ɛsɛ sɛ yegye tom sɛ nneɛma bi wɔ hɔ a yɛrentumi nyɛ ho hwee, enti ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani sɔ nea yɛwɔ. Yɛyɛ saa a, yɛn ani betumi asan gye bio. Wiase no de, wɔn adwene yɛ wɔn sɛ gye sɛ biribiara kɔ yiye ma obi ansa na n’ani atumi agye, nanso ɛnyɛ saa na ɛte. Asɛm a Yehowa ka kyerɛɛ Yudafo a wɔtuu wɔn ase kɔɔ Babilon no foa nea yɛreka yi so. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, ɔman foforo a wɔakɔ so no, sɛ nneɛma mu yɛ den sɛ dɛn mpo a, wɔnyɛ nea wɔbetumi biara sɛ wɔbɛma wɔn ani agye wɔ hɔ. (Kenkan Yeremia 29:4-7, 10.) Enti wo nso, baabi a ɔbra no bekyim wo akosi biara, ma w’ani nsɔ nneɛma pa a ɛwɔ w’asetenam no, na kae sɛ Yehowa bɛboa wo; ɔrennyaw wo da. (Dw. 63:7; 146:5) Onuawa bi a ne din de Effie asɛm no si saa nokwasɛm yi so dua. Onyaa akwanhyia bi ma obubu guu hɔ. Sɛnea Yehowa boaa no no, ɔkaa sɛ n’ani sɔe paa. Nea ɔkae ni: “Yehowa, m’abusua ne anuanom a ɛwɔ asafo no mu boaa me paa. Mepɛ sɛ mema wɔhu sɛ nea wɔayɛ ama me ne nea wɔgu so reyɛ no, m’ani sɔ. Enti meyɛ nea metumi biara sɛ mɛma m’ani agye.”
10. Sɛ yɛrefa ɔhaw mu mpo a, adɛn nti na yɛn ani betumi agye?
10 Sɛ nneɛma nkɔ yiye anaa asɛmmɔne bi to yɛn anaa yɛn abusuafo mpo a, yɛn ani betumi akɔ so agye.b (Dw. 126:5) Adɛn ntia? Efisɛ ɛnyɛ nea yɛrefa mu wɔ asetenam na ɛbɛkyerɛ sɛ yɛn ani begye anaa yɛn ani rennye. Ɔkwampaefo bi a ne din de Maria asɛm no ma yehu saa. Ɔkaa sɛ: “Sɛ yehyia ɔhaw a, esiane sɛ yɛkae ɛbɔ a Yehowa ahyɛ yɛn nti, ɛmma yɛn anigye nsɛe. Nanso wei nkyerɛ sɛ yɛrentumi nsu, anaa sɛnea yɛte nka no ɛsɛ sɛ yɛka hyɛ. Yenim sɛ ɛmfa ho ɔhaw biara a yɛrehyia no, yɛn Agya Yehowa betumi aboa yɛn ama yɛn ani akɔ so agye.” Momma yɛnkae sɛ, sɛ ɔhaw no mu yɛ den sɛ dɛn mpo a, ɛrentena hɔ afebɔɔ. Ɛrenkyɛ koraa, Yehowa beyi yɛn haw nyinaa afi hɔ.
11. Dɛn na wusua fi ɔsomafo Paul asɛm no mu?
11 Ɛtɔ da a, ɔhaw a yɛrefa mu nti, ebia yebenya adwene sɛ Yehowa ani nsɔ nea yɛreyɛ no bio. Sɛ yɛte nka saa a, Yehowa asomfo a wɔhyiaa ɔhaw a emu yɛ den wɔ wɔn asetenam no, yebetumi adwinnwen wɔn ho. Momma yɛmfa ɔsomafo Paul nyɛ nhwɛso. Onyaa hokwan kɛse paa, efisɛ Yesu ankasa paw no sɛ ɔmfa asɛmpa no nkɔ “amanaman ne ahemfo ne Israel mma nkyɛn.” (Aso. 9:15) Nanso Paul amfa no ahogono saa. (2 Kor. 11:23-27) Ɔhaw bebrebe a Paul faa mu no kyerɛ sɛ na Yehowa ani nsɔ nea ɔreyɛ wɔ ne som mu no anaa? Ɛnte saa koraa! Mmom sɛnea Paul tumi miaa n’ani gyinaa ɔhaw a ohyiae no ano no, ɛkyerɛ sɛ na Yehowa ka ne ho. (Rom. 5:3-5) Wo nso, yenim sɛ worehyia ɔhaw ahorow pii, nanso wode animia regyina emu biara ano. Enti nya awerɛhyem sɛ Yehowa ka wo ho, na onyii wo baako nhyɛɛ wo nsa.
12. Sɛ yɛde botae bi si yɛn ani so na yɛantumi annu ho a, yebetumi ate nka sɛn?
12 Nea yɛpɛ sɛ yɛyɛ wɔ Yehowa som mu a yentumi nyɛ: (Mmeb. 13:12) Yɛdɔ Yehowa na yɛn ani sɔ nea ɔyɛ ma yɛn no. Ɔdɔ ne anisɔ a ɛte saa kanyan yɛn ma yɛde botae sisi yɛn ani so wɔ ne som mu. Nanso, sɛ yɛde botae a yentumi nnu ho sisi yɛn ani so a, ebetumi ama yɛn abam abu. (Mmeb. 17:22) Onuawa bi a ne din de Holly ka sɛ: “Ná mede botae pii asisi m’ani so; ebi ne sɛ na mepɛ sɛ mekɔ Ahenni Asɛmpakafo Sukuu, anaa mekɔsom wɔ amannɔne, anaa mekɔboa Ramapo adansi adwuma no. Nanso biribi bɛboom, enti mantumi annu botae no mu biara ho, na ɛmaa m’abam bui. Sɛ wopɛ sɛ wudu botae bi ho na woantumi a, ɛhaw adwene paa.” Anuanom bebree nso ne yɛn nuabea yi yɛ adwene.
13. Sɛ biribi nti, yentumi nyɛ nea esi yɛn ani so no a, botae a yebetumi adu ho bɛn na yebetumi de asisi yɛn ani so?
13 Dɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛn ani asan agye bio? Kae sɛ Yehowa nyɛ katee, enti ɔnka sɛ kyenkyen ara a, yɛnyɛ nea ɛboro yɛn ahoɔden so. Nea afoforo tumi yɛ no, sɛ yentumi nyɛ bi mpo a, yɛda so ara som bo ma no. Adwuma biara a Yehowa de bɛma yɛn no, ɔpɛ sɛ yefi yɛn komam yɛ, nanso ɔpɛ sɛ yegye tom nso sɛ ɛnyɛ biribiara na yebetumi ayɛ. (Mika 6:8; 1 Kor. 4:2) Nea yɛpɛ sɛ yɛyɛ wɔ ne som mu no, sɛ yentumi nyɛ a, adwempa ne ahokeka a yɛwɔ no ara mpo sɔ n’ani paa. Sɛ Yehowa mpo nhwehwɛ nea ɛboro so mfi yɛn hɔ a, yɛn nso, wohwɛ a ɛnyɛ saa ara na ɛsɛ sɛ yɛyɛ anaa?c Enti sɛ biribi nti, wuntumi nyɛ nea esi w’ani so wɔ Yehowa som mu a, fa w’adwene si nea wubetumi ayɛ so. Wubetumi atete mmerante anaa mmabaa, anaa woahyɛ wɔn a wɔn ani afi nkuran. Wubetumi nso akɔsra obi, anaa woafrɛ no wɔ fon so, anaa woasɛnde no tɛs mɛsegye de ahyɛ no nkuran. Botae a ɛtete sei a ɛmmoro w’ahoɔden so no, sɛ wode sisi w’ani so a, Yehowa behyira wo ama w’ani agye. Afei nso, kae sɛ hokwan bebree a yebenya de asom Yehowa wɔ wiase foforo no mu no, yɛrentumi mfa yɛn adwene mmu mpo! Holly a yɛadi kan aka ne ho asɛm no de n’asɛm no baa awiei sɛ, “Sɛ m’abam reyɛ abu a, mekae me ho sɛ mewɔ anidaso sɛ mɛtena ase daa. Sɛ mɛtena ase daa de a, Yehowa mmoa so nti, metumi ayɛ nea esi m’ani so no bi wɔ wiase foforo no mu.”
14. Dɛn bio na ebetumi asɛe yɛn anigye?
14 Nneɛma a yɛte nka sɛ ɛbɛma yɛn ani agye a yɛbɛma agye yɛn adwene: Nneɛma a nkurɔfo yɛ wɔ sohyia midia so ne nea wɔde gu hɔ no, ɛma nkurɔfo nya adwene sɛ, sɛ yɛn ara yɛyɛ nea yɛpɛ a, ɛno na ɛbɛma yɛn ani agye paa. Ɛno nti, ebinom wɔ hɔ a, nneɛma a wɔbɛtotɔ ne akwan a wɔbetutu akɔhwehwɛ mmeaemmeae no, ɛno ara na agye wɔn adwene. Ɛnyɛ bɔne sɛ yɛbɛyɛ nneɛma a ɛbɛma yɛn ani agye, efisɛ sɛnea Yehowa bɔɔ yɛn nti, yetumi kamfo nneɛma a ɛyɛ fɛ. Nanso nnipa bebree ahu sɛ, nneɛma a ɛyɛ wɔn sɛ ɛbɛma wɔn ani agye no, ɛno mmom na ɛsɛe wɔn anigye. Ɔkwampaefo bi a ne din de Eva ka sɛ, “Sɛ nea ɛbɛma w’ani agye nko ara na agye w’adwene a, nea wowɔ biara nsɔ w’ani; daa na worepɛ bi aka ho.” Nokwasɛm ne sɛ, sɛ nea ɛbɛma yɛn ani agye nko ara na daa yɛyɛ a, ebedu baabi no, yɛbɛte nka sɛ yɛayɛ hahaaha.
15. Dɛn na yebetumi asua afi Ɔhene Solomon hɔ?
15 Sɛ obi de si n’ani so sɛ nea ɛbɛma n’ani agye nko ara na ɔbɛyɛ a, ebetumi ama ne nsa asi fam. Wo de, yɛnhwɛ Ɔhene Solomon. Ná ɔpɛ sɛ n’ani gye paa, enti odii nnuan pa ahorow ahorow nyinaa bi, tiee nnwom pa, na ɔtotɔɔ nneɛma a ɛyɛ fɛ a ne bo yɛ den. Nanso emu biara amma wannya anigye a na ɔrehwehwɛ no. Ewiee ase no, ɔno ara kaa sɛ: “Ani hwɛ ade a, ɛmmee, na aso nso tie asɛm a, ɛnyɛ ma.” (Ɔsɛnk. 1:8; 2:1-11) Wiase no wɔ adwene sɛ, sɛ obi wɔ sika na otumi yɛ nea ɔpɛ biara a, ɛno na ɛbɛma n’ani agye. Wowɔ akyiri a, ɛbɛyɛ wo sɛ saa na ɛte, nanso ɛnyɛ nokware da! Wobɛn ho a na wubehu sɛ, sɛɛ ɛnyɛ hyɛhyɛn nyinaa na ɛyɛ sika.
16. Sɛ yɛboa afoforo a, sɛn na ɛboa yɛn? (Hwɛ mfoni no nso.)
16 Dɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛn ani asan agye bio? Yesu akyerɛ yɛn sɛ, “ɔma mu wɔ anigye pii sen ogye.” (Aso. 20:35) Asafo mu panyin bi a ne din de Alekos abɔ mmɔden de saa asɛm yi ayɛ adwuma. Ɔka sɛ: “Meyɛ nneɛma nketenkete ma afoforo. Sɛ meboa afoforo a, ɛmma memfa m’adwene nsi nea mepɛ so, na ɛno ma m’ani gye.” Dɛn na wubetumi ayɛ de aboa afoforo? Sɛ wuhu sɛ obi abam abu a, hyɛ no nkuran. Ne haw no de, ebia worentumi ntu ase, nanso wubetumi ayɛ aso atie no, akyekye ne werɛ na woaka akyerɛ no sɛ ɔntow ne dadwen nyinaa ngu Yehowa so. (Dw. 55:22; 68:19) Afei nso, wubetumi ama wahu sɛ Yehowa ntow no nkyenee. (Dw. 37:28; Yes. 59:1) Wubetumi nso anoa aduan akɔma no, anaa wo ne no apue akɔnantenantew. Afei nso, sɛ wo ne no kɔ asɛnka a, ɛno nso betumi ahyɛ no nkuran. Ma Yehowa mfa wo so mmoa afoforo. Sɛ yeyi yɛn adwene fi nea yɛpɛ so na yeyi yɛn yam boa afoforo a, ɛno paa na ɛbɛma yɛn ani agye.—Mmeb. 11:25.
Mma nea wo nko ara wopɛ nnye w’adwene, mmom boa afoforo ma wɔn nsa nka nea wɔhia (Hwɛ nkyekyɛm 16)d
17. Sɛ yɛpɛ sɛ yɛn ani gye paa a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ? (Dwom 43:4)
17 Sɛ yɛkɔ so bɛn yɛn soro Agya Yehowa a, ɛbɛma yɛn ani agye paa. Bible ma yɛn awerɛhyem sɛ Yehowa na ɔma yɛn ‘ani gye boro so.’ (Kenkan Dwom 43:4.) Enti ɛmfa ho ɔhaw biara a yɛrehyia wɔ asetenam no, ɛnsɛ sɛ yɛbɔ hu koraa. Momma yɛnkɔ so mfa yɛn ho nto Yehowa so. Ɔyɛ yɛn adamfo, enti ɔbɛma yɛn ani agye daa!—Dw. 144:15.
DWOM 155 Anigye Fi Wo Hɔ
a Hwɛ adaka a yɛato din, “Wopɛ Sɛ W’ani Gye a, Ma Yehowa Mmoa Wo” no.
b Ɛho nhwɛso ne Dennis ne Irina Christensen suahu no. Ɛwɔ Afe 2023 Amanneɛbɔ a Efi Akwankyerɛ Kuw No Hɔ #5 no mu. Wubetumi ahwɛ wɔ jw.org so.
c Wopɛ wei ho nsɛm pii a, hwɛ asɛm a yɛato din “Yɛ Nea W’ahoɔden Betumi, na Nya Anigye.” Ɛwɔ July 15, 2008 Ɔwɛn-Aban no mu.
d MFONI HO NKYERƐKYERƐMU : Onuawa ababaa bi akɔ sotɔɔ akɔtotɔ ne ho nneɛma, nanso odwen ho hui sɛ onuawa bi a ne mfe akɔ anim hia nkuranhyɛ. Enti watɔ nhwiren akɔma no, na ɛno ama onuawa ababaa no ani agye paa.