ADESUA ASƐM 48
DWOM 129 Yebegyina Mu Pintinn
Sɛ Worehu Amane a, Hiob Nhoma No Betumi Aboa Wo
“Ampa, Onyankopɔn nyɛ bɔne.”—HIOB 34:12.
NEA ADESUA YI BƐKA HO ASƐM
Nea enti a Onyankopɔn ama kwan ma yehu amane no, yɛbɛhwɛ nea Hiob nhoma no ka fa ho. Afei nso, yɛbɛhwɛ sɛnea yebemia yɛn ani agyina amanehunu ano.
1-2. Nea enti a ɛho hia sɛ yɛkan Hiob nhoma no, ebi ne sɛn?
WOANYA hokwan akan Hiob nhoma no nnansa yi? Ɛwom sɛ wɔkyerɛwee bɛyɛ mfe 3,500 ni, nanso nkurɔfo da so ara ka sɛ nhoma a wɔakyerɛw no yiye paa no, Hiob nhoma no ka ho. Wɔkyerɛ sɛ nsɛm a wɔde kyerɛwee no da fam, emu yɛ dɛ, na obi kan a ɛnyɛ den koraa sɛ ɔbɛte ase. Mose na ɔkyerɛw saa nhoma yi, nanso emu nsɛm no fi Yehowa hɔ.—2 Tim. 3:16.
2 Sɛ worekan Bible no a, wubehu sɛ Hiob nhoma no da mu fua. Adɛn ntia? Ade baako ne sɛ, ɛboa yɛn ma yehu gyinae bi a ɛsɛ sɛ nnipa ne abɔfo nyinaa si: Ɛne sɛ, wɔbefi wɔn komam asom Yehowa na wɔatew ne din ho, anaa wɔbɛyɛ nea wɔn ara pɛ? Afei nso, ɛma yehu Yehowa suban ahorow a ɛyɛ fɛ te sɛ ɔdɔ, nyansa, atɛntrenee ne tumi. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, Yehowa abodin a ɛne “ade nyinaa so Tumfo” no, epue wɔ Hiob nhoma no mu mpɛn 31. Mpɛn dodow a epue wɔ Bible nhoma a aka no mu no, yɛka ne nyinaa bom a ennu nea ɛwɔ Hiob nhoma no mu no. Ɛno da nkyɛn a, nsɛm a ɛkyere nkurɔfo adwene paa no, emu bebree ho mmuae wɔ Hiob nhoma no mu; baako ne sɛ, adɛn nti na Onyankopɔn ma amanehunu ho kwan?
3. Sɛ yesua Hiob nhoma no a, mfaso bɛn na yebetumi anya?
3 Sɛ obi gyina bepɔw so a, otumi hu nea atwa ne ho ahyia yiye. Hiob nhoma no nso, sɛ yɛkan a, ɛte sɛ nea yɛakɔka Yehowa ho wɔ soro na yɛrehwɛ ɔhaw ne amane a yɛrefa mu no; ɛma yehu no yiye paa. Adesua yi mu no, sɛ yɛrehu amane a, yɛbɛhwɛ sɛnea Hiob nhoma no betumi aboa yɛn. Afei nso, yɛbɛhwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ Hiob asɛm no boaa Israelfo no, ne sɛnea ebetumi aboa yɛn nnɛ. Bio nso, yɛbɛhwɛ sɛnea yebetumi de Hiob nhoma no mu nsɛm aboa afoforo.
ONYANKOPƆN MAA KWAN MAA HIOB HUU AMANE
4. Nsonsonoe kɛse bɛn na ɛda Hiob ne Israelfo a na wɔwɔ Egypt no ntam?
4 Bere a na Israelfo no yɛ nkoa wɔ Egypt a wɔrehu amane no, na ɔbarima bi a ne din de Hiob nso te Us asaase so. Ɛbɛyɛ sɛ na ɛhɔ bɛn Arabia. Ná Israelfo no bi afi ase resom abosom wɔ Egypt, nanso Hiob de, na ɔde nokwaredi resom Yehowa. (Yos. 24:14; Hes. 20:8) Yehowa kaa ne ho asɛm sɛ: “Obiara nte sɛ ɔno wɔ asaase so.”a (Hiob 1:8) Ná Hiob wɔ sika paa, na baabi a na ɔte no, na nkurɔfo bu no sen obiara. (Hiob 1:3) Bere a Satan hui sɛ Hiob di yiye, nkurɔfo bu no, na bere koro no ara ɔde nokwaredi resom Yehowa no, ɛbɛyɛ sɛ ne bo fuwii paa!
5. Adɛn nti na Yehowa maa kwan maa Hiob huu amane? (Hiob 1:20-22; 2:9, 10)
5 Satan kaa sɛ, sɛ asetena mu yɛ den ma Hiob a, obegyae Yehowa som. (Hiob 1:7-11; 2:2-5) Ɛwom, na Yehowa dɔ Hiob paa, nanso ɔmaa kwan maa Satan sɔɔ no hwɛe sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛda adi sɛ nea Satan reka no yɛ nokware anaa ɛnyɛ nokware. (Hiob 1:12-19; 2:6-8) Enti Satan maa Hiob hweree ne nyɛmmoa nyinaa, na okunkum ne mma du nso. Afei nso, ɔmaa mpɔmpɔ yayaayaw bi bobɔɔ Hiob fii n’apampam kosii ne nan ase. Satan maa ebi kɔɔ Hiob ani paa, nanso ne nyinaa ankosi aga; Hiob annyae Yehowa som. (Kenkan Hiob 1:20-22; 2:9, 10.) Akyiri yi, Yehowa saa Hiob yare, ɔma ɔsan nyaa sika pii, na ɔsan woo mma du. Bio nso, ɔtoo Hiob nkwa nna mu ma odii mfe 140 kaa ho. Wei nti Hiob huu ne mma ne ne mmanana kosii awo ntoatoaso a ɛtɔ so nnan so. (Hiob 42:10-13, 16) Ɛnde yemmisa sɛ, Onyankopɔn asomfo a wɔtenaa ase tete no, sɛn na ɛbɛyɛ sɛ Hiob asɛm no boaa wɔn, na yɛn nso ɛ, ebetumi aboa yɛn sɛn?
6. Hiob asɛm no, ɔkwan bɛn so na ɛbɛyɛ sɛ ɛboaa Israelfo no? (Hwɛ mfoni no nso.)
6 Ɔkwan bɛn so na ɛbɛyɛ sɛ Hiob asɛm no boaa Israelfo no? Israelfo no amfa no ahogono koraa wɔ Egypt. Yosua ne Kaleb sei, wɔwoo wɔn wɔ Egypt sɛ nkoa. Wɔfi Egypt rekɔ Bɔhyɛ Asaase no so no, wɔn mfɛfo Israelfo no kɔka bɛkaa wɔn, enti wɔn nso kyinkyinii sare no so mfe 40. Sɔhwɛ a Hiob hyiae ne sɛnea ewiee ase no Yehowa hyiraa no no, sɛ na Israelfo no nim a, ɛnde ɛda adi sɛ ɛboaa wɔne wɔn nkyirimma ma wɔhuu nea ɔde amanehunu ba. Afei nso, na ebetumi aboa wɔn ma wɔahu nea enti a Onyankopɔn ma kwan ma yehu amane. Bio nso, na ebetumi aboa wɔn ma wɔahu sɛ, sɛ obi rehyia sɔhwɛ na odi Yehowa nokware a, onsi no fam koraa.
Israelfo a wɔkɔyɛɛ nkoa wɔ Egypt mfe bebree no, ɛbɛyɛ sɛ akyiri yi wɔtee Hiob ho asɛm, na na ne nhwɛso no betumi aboa wɔn (Hwɛ nkyekyɛm 6)
7-8. Yɛn a yɛrehu amane no, sɛn na Hiob nhoma no betumi aboa yɛn? Fa osuahu bi kyerɛkyerɛ mu.
7 Sɛn na ebetumi aboa yɛn? Awerɛhosɛm ne sɛ, ɛnnɛ nnipa pii nnye Onyankopɔn nni efisɛ wɔnhu nea enti a apapafo hu amane. Wo de, yɛmfa Hazelb a ofi Rwanda asɛm no nyɛ nhwɛso. Ɔyɛ abaayewa no, na ogye Onyankopɔn di. Nanso eduu baabi no, n’awofo gyaa aware, na ne maame de no kɔwaree ɔbarima foforo; saa ɔbarima no nso dii n’ani paa. Ɔyɛ abaayewa no, obi too no mmonnaa. Ɔkɔɔ n’asɔre sɛ ɔrekɔpɛ awerɛkyekye nso a, wannya bi. Akyiri yi ɔkyerɛw krataa sɛ ɔde rekɔma Onyankopɔn. Krataa no mu no, ɔbɔɔ Onyankopɔn sobo sɛ: “Mebɔɔ wo mpae, na mebɔɔ mmɔden sɛ mɛyɛ nipa pa, nanso hwɛ amane a merehu; wode bɔne atua me papa so ka. Me ne wo awie, efi nnɛ rekɔ mɛyɛ nea me ho bɛtɔ me.” Nkurɔfo bebree te sɛ Hazel; asɔfo adaadaa wɔn sɛ Onyankopɔn na ama wɔrehu amane. Saafo no asɛm yɛ yɛn mmɔbɔ paa!
8 Yɛn de, Hiob nhoma no ama yɛahu sɛ, ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔma yehu amane, ɛyɛ Satan! Afei nso, yɛabehu sɛ, sɛ obi rehu amane a, ɛnkyerɛ sɛ wayɛ bɔne bi na ɔretwa so aba. Bible ka sɛ ‘asiane to yɛn nyinaa bere a yɛnhwɛ kwan.’ (Ɔsɛnk. 9:11; Hiob 4:1, 8) Bio, yɛabehu sɛ, sɛ yemia yɛn ani gyina sɔhwɛ mu a, ɛma Yehowa nya asɛm de bua Satan a ɔresɛe ne din no. (Hiob 2:3; Mmeb. 27:11) Nokwasɛm a yɛahu yi, yɛntoto no ase koraa, efisɛ ɛboa yɛn ma yehu nea enti a yɛne yɛn adɔfo hu amane. Akyiri yi, Hazel ne Yehowa Adansefo suaa ade, na obehui sɛ, sɛɛ ɛnyɛ Onyankopɔn na wama ɔrehu amane. Ɔka sɛ: “Mesan fi me komam bɔɔ Onyankopɔn mpae bio, na meka kyerɛɛ no sɛ, ‘Bere a mekaa sɛ me ne wo awie no, na meboa. Ná minnim wo. Afei na mahu sɛ wodɔ me. Wei nti m’ani agye, na me koma atɔ me yam.’” Ɛyɛ yɛn dɛ paa sɛ yɛahu nea enti a Onyankopɔn ma kwan ma yehu amane! Saa bere yi, momma yensusuw wei ho: Sɛ yɛrehu amane a, sɛn na Hiob asɛm no betumi aboa yɛn?
SƐNEA HIOB ASƐM NO BOA YƐN MA YEGYINA ƆHAW ANO
9. Yare bɛn na ɛbɔɔ Hiob, na dɛn na ɔyɛe? (Yakobo 5:11)
9 Wo de, hwɛ sɛ Hiob te nsõ mu a mpɔmpɔ abobɔ ne ho nyinaa, na ɔte yaw a enyae da. Yare no ama ne were ayɛ tumm, na wafɔn aka ketekete. N’ahoɔden nyinaa asa, enti ɔte hɔ na ɔde kuku sin bi redwiw ne ho na ɔrebɔ abubuw. Ɔhaw yi nyinaa akyi no, Hiob kɔɔ so dii Yehowa nokware, na ɔde ne ho too no so. (Kenkan Yakobo 5:11.) Dɛn na ɛboaa no ma otumi yɛɛ saa?
10. Ná Hiob ne Yehowa ayɔnkofa te sɛn? Kyerɛkyerɛ mu.
10 Ná Hiob ne Yehowa ayɔnkofa mu yɛ den paa, ɛno nti otumi kaa sɛnea ɔte nka nyinaa kyerɛɛ Yehowa. (Hiob 10:1, 2; 16:20) Yɛbɛyɛ nhwɛso a, Hiob ti 3 no mu no, Hiob kaa ɔhaw a na atoto no no ho asɛm yayaayaw, na onyaa adwene sɛ ne haw no fi Yehowa, nanso na ɛnte saa. Ne nnamfo mmiɛnsa no kaa no mpɛn pii sɛ Onyankopɔn na ɔretwe n’aso. Hiob nso kaa no denneennen sɛ ne ho nni asɛm efisɛ odi nokware ma Onyankopɔn. Eduu baabi no, nsɛm a ɔkekae no ma yehu sɛ na obu ne ho sɛ ɔtene sen Onyankopɔn. (Hiob 10:1-3; 32:1, 2; 35:1, 2) Nanso Hiob gye toom sɛ, esiane sɛ ɔpɛ sɛ obu ne ho bem nti, ɛtɔ da a, na ne ‘kasa yɛ hatuhatu.’ (Hiob 6:3, 26) Hiob ti 31 no mu no, Hiob kaa sɛ Onyankopɔn mmu no bem. (Hiob 31:35) Nanso na onni hokwan sɛ ɔhyɛ Onyankopɔn sɛ ɔnkyerɛ no nea enti a ɔrehu amane.
11. Bere a Hiob kaa sɛ odi bem na asɛm nni ne ho no, dɛn na Yehowa yɛe?
11 Sɛ yɛhwɛ sɛnea Hiob tumi kasaa hatuhatu kyerɛɛ Yehowa no a, ɛma yehu sɛ na ɔne Yehowa ayɔnkofa mu yɛ den paa, na na ogye Yehowa di paa sɛ obebu atɛntrenee ama no. Bere a Yehowa ne Hiob kasae wɔ ahum mu no, wankyerɛkyerɛ nea enti a na Hiob rehu amane no mu ankyerɛ no. Afei nso, ka a ɔkaa sɛ odi bem na ne ho nni asɛm no, Yehowa antwiw n’anim wɔ ho. Mmom sɛnea agya pa biara tene ne ba adwene no, Yehowa nso tenee Hiob adwene. Ná ɛno ne ɔkwan pa a ɔbɛfa so aboa Hiob. Wei maa ogye toom sɛ onnim hwee, na onuu ne ho sɛ wankasa yiye. (Hiob 31:6; 40:4, 5; 42:1-6) Yehowa asomfo a wɔtenaa ase tete no, ɛbɛyɛ sɛ ɔkwan bɛn so na Hiob asɛm no boaa wɔn, na yɛn nso sɛn na ebetumi aboa yɛn?
12. Hiob asɛm no, sɛn na na ebetumi aboa Israelfo no?
12 Ɔkwan bɛn so na ɛbɛyɛ sɛ Hiob asɛm no boaa Israelfo no? Nea ɛtoo Hiob no, ɛbɛyɛ sɛ na Israelfo no betumi asua biribi afi mu. Mose sei, bere a na odi Israelfo no anim rekɔ Bɔhyɛ Asaase no so no, wamfa no fow koraa; Israelfo no dii no huammɔ na wɔyɛɛ Yehowa so asoɔden mpɛn pii. Ná Israelfo no taa kasa tia Yehowa, nanso Mose de, na ɔde n’ahiasɛm to Yehowa anim bere nyinaa. (Ex. 16:6-8; Num. 11:10-14; 14:1-4, 11; 16:41, 49; 17:5) Bere a Yehowa tenee Mose so no, na Hiob nhwɛso no betumi aboa no. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, bere a Israelfo no kɔsoɛɛ Kades na aka kakra ma wɔadu Bɔhyɛ Asaase no so no, Mose ‘kasae basabasa,’ na wanhyɛ Yehowa anuonyam. (Dw. 106:32, 33) Ɛno nti, Yehowa amma Mose ankɔ Bɔhyɛ Asaase no so bi. (Deut. 32:50-52) Ɛbɛyɛ sɛ saa asotwe no kɔɔ Mose ho paa, nanso ɔbrɛɛ ne ho ase gye toom. Israelfo a wɔtenaa ase wɔ Mose wu akyi no, sɛ wɔhyia sɔhwɛ a, na Hiob asɛm no betumi aboa wɔn. Ná ebetumi aboa wɔn ma wɔahu sɛnea wɔde wɔn ahiasɛm bɛto Yehowa anim. Afei nso, na ebetumi aboa wɔn na wɔammu wɔn ho bem. Bio nso, na Hiob asɛm no betumi aboa wɔn ma wɔabrɛ wɔn ho ase agye Yehowa nteɛso atom.
13. Ɔkwan bɛn so na Hiob asɛm no betumi aboa yɛn ma yɛamia yɛn ani agyina ɔhaw ano? (Hebrifo 10:36)
13 Sɛn na ebetumi aboa yɛn? Yɛn nso, ehia sɛ yemia yɛn ani gyina ɔhaw ano. (Kenkan Hebrifo 10:36.) Ɛnnɛ, yɛn mu bi wɔ hɔ a, yare, abusua mu nsɛmnsɛm, adɔfo wu, ne ɔhaw afoforo reteetee yɛn. Afei nso, ɛtɔ da a nsɛm a nkurɔfo keka kyerɛ yɛn anaa nea wɔyɛ no, ɛno koraa sɛe asɛm no. (Mmeb. 12:18) Nanso, Hiob nhoma no ma yehu sɛ, sɛnea yɛte nka no, yebetumi afi yɛn komam aka akyerɛ Yehowa, na yɛanya ahotoso sɛ obetie yɛn. (1 Yoh. 5:14) Sɛ ɛwom ara na yɛn komam nsɛm a yɛreka no, ɛkɔyɛ “hatuhatu” a, ne bo remfuw yɛn, sɛnea ne bo amfuw Hiob no. Mmom ɔbɛma yɛn ahoɔden ne nyansa a yehia na ama yɛatumi agyina sɔhwɛ no ano. (2 Be. 16:9; Yak. 1:5) Afei nso, sɛnea ɔyɛɛ Hiob no, yɛn nso ebia ɔbɛtene yɛn so sɛnea ɛsɛ. Bio, sɛ Yehowa nam n’Asɛm, n’asafo no, anaa yɛn nnamfo a wɔn ho akokwaw so de afotu ma yɛn a, Hiob nhoma no ma yehu sɛ ɛsɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase gye tom. (Heb. 12:5-7) Bere a Hiob brɛɛ ne ho ase gyee nteɛso toom no, ɛboaa no paa. Yɛn nso, sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase gye nteɛso tom a, ɛbɛboa yɛn. (2 Kor. 13:11) Momma yɛnka na asuade wɔ Hiob nhoma no mu! Afei momma yɛnhwɛ sɛnea yebetumi de Hiob nhoma no mu nsɛm aboa afoforo.
FA HIOB NHOMA NO MU NSƐM BOA AFOFORO
14. Dɛn ne ɔkwan baako a yebetumi afa so akyerɛkyerɛ afoforo ma wɔahu nea enti a nnipa hu amane?
14 Obi abisa wo wɔ asɛnka mu pɛn sɛ, adɛn nti na nnipa hu amane? Mmuae bɛn na wode maa no? Nea esii wɔ Eden turom a Bible ka ho asɛm no, ebia woka kyerɛɛ no. Ebia wudii kan kaa sɛ ɔbɔfo bɔne bi a ne din de Satan kɔdaadaa Adam ne Hawa ma wɔyɛɛ Onyankopɔn so asoɔden. (Gen. 3:1-6) Ɛno akyi no, ebia wokyerɛɛ mu kyerɛɛ no sɛ, Adam ne Hawa asoɔden no kɔfaa amanehunu ne owu bɛsoɛɛ nnipa. (Rom. 5:12) Afei, ebia woma ohui sɛ Onyankopɔn ama bere abegu mu sɛnea ɛbɛyɛ a obiara behu sɛ nsɛm a Satan kekae no nyɛ nokware, na bere koro no ara wama nnipa ahu sɛ daakye obeyi bɔne ne sintɔ afi hɔ ama nnipa asom adwo wɔn. (Adi. 21:3, 4) Wei yɛ ɔkwan pa a wubetumi afa so abua saa asɛm no, na ebi mpo a wode aboa nnipa pii ma wɔate ase.
15. Ɔkwan bɛn na yebetumi afa so de Hiob asɛm no aboa obi a ɔpɛ sɛ ohu nea enti a nnipa hu amane? (Hwɛ mfoni no nso.)
15 Sɛ obi bisa yɛn nea enti a nnipa hu amane a, ɔkwan foforo a yebetumi afa so ama wate ase ne sɛ yɛde Hiob asɛm no bɛkyerɛkyerɛ mu akyerɛ no. Wufi ase a, wubetumi aka akyerɛ onii no sɛ wayɛ ade sɛ wabisa asɛm a ɛtɔ asom saa. Afei wubetumi ama wahu sɛ, ɔbarima bi a na ɔsom Onyankopɔn a ne din de Hiob nso bisaa saa asɛm koro no ara bi, efisɛ na ɔno nso rehu amane paa. Ná n’adwene mpo yɛ no sɛ Onyankopɔn na ama ɔrehu amane. (Hiob 7:17-21) Woka saa a, ɛbɛma onii no ahu sɛ, sɛɛ efi tete nyinaa nkurɔfo pɛ sɛ wɔhu nea enti a nnipa hu amane. Ɛno akyi no, wubetumi akyerɛ mu akyerɛ no sɛ ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔmaa Hiob huu amane, mmom ɛyɛ Ɔbonsam. Ná Ɔbonsam aka sɛ, nneɛma a Onyankopɔn de ma nnipa nti na wɔsom no, enti sɛ wɔhu amane a, wɔbɛdan wɔn akyi akyerɛ no. Ebia wubetumi de aka ho sɛ, ma a Onyankopɔn maa kwan maa Hiob huu amane no kyerɛ sɛ, ogye di sɛ, sɛ yɛrefa ɔhaw mu mpo a, yɛbɛkɔ so adi no nokware de akyerɛ sɛ nea Satan kae no yɛ atoro. Afei, wubetumi akyerɛ mu akyerɛ no sɛ, ewiee ase no, Hiob nokwaredi nti, Yehowa hyiraa no. Enti yebetumi akyekye afoforo werɛ na yɛama wɔanya awerɛhyem sɛ ɛnyɛ Yehowa na ɔma yehu amane.
Ɔkwan bɛn na wubetumi afa so de Hiob nhoma no aboa nkurɔfo ma wɔanya awerɛhyem sɛ “Onyankopɔn nyɛ bɔne”? (Hwɛ nkyekyɛm 15)
16. Ka osuahu bi a ɛma yehu sɛ Hiob nhoma no betumi aboa obi a ɔrehu amane.
16 Yɛnhwɛ sɛnea Hiob nhoma no boaa ɔbarima bi a ne din de Mario. Afe 2021 mu no, da bi na onuawa bi reyɛ tɛlefon so adansedi, na onii a odii kan frɛɛ no ne Mario. Onuawa no kan Bible mu asɛm bi kyerɛɛ no, na ɔkyerɛɛ mu kyerɛɛ no sɛ, Onyankopɔn ahyɛ yɛn bɔ sɛ ɔbɛma yɛn daakye ne anidaso, nanso ɛnnɛ mpo, otie yɛn mpaebɔ. Ɛno akyi no, onuawa no bisaa Mario adwene wɔ kyerɛwsɛm no ho, na Mario ka kyerɛɛ no sɛ, ɔfrɛe no, na ɔrekyerɛw lɛtɛ ato hɔ ama n’abusua, na owie a wakum ne ho. Mario kaa sɛ, “Migye Onyankopɔn di, nanso anɔpa yi, na ɛyɛ me sɛ Onyankopɔn nnwen me ho.” Bere foforo a onuawa no frɛɛ Mario no, ɔne no bɔɔ Hiob amanehunu no ho nkɔmmɔ, na Mario yɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛkan Hiob nhoma no nyinaa. Enti onuawa no de Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase no ho link a ɛwɔ jw.org no sɛndee no. Ekosii sɛn? Mario gye toom sɛ obesua Bible no, na Onyankopɔn a ɔdɔ no a odi boaa no no, na ɛyɛ no dɛ sɛ ɔresua ne ho ade pii.
17. Adɛn nti na ɛyɛ wo dɛ sɛ Yehowa ma wɔde Hiob nhoma no kaa Bible no ho? (Hiob 34:12)
17 Yehu pefee sɛ Onyankopɔn Asɛm no wɔ tumi a etumi sesa nkurɔfo abrabɔ, na mpo etumi kyekye wɔn a wɔrehu amane no werɛ. (Heb. 4:12) Ɛyɛ yɛn dɛ paa sɛ Yehowa ma wɔde Hiob nhoma no kaa Bible no ho. (Hiob 19:23, 24) Nea enti a ɛte saa ne sɛ, Hiob nhoma no ma yɛn awerɛhyem sɛ “ampa, Onyankopɔn nyɛ bɔne.” (Kenkan Hiob 34:12.) Ɛsan nso kyerɛ yɛn nea enti a Onyankopɔn ma kwan ma yehu amane, ɛne ɔkwan a yɛbɛfa so agyina ano. Afei nso, ɛboa yɛn ma yɛkyekye wɔn a wɔhu amane no werɛ. Adesua a edi hɔ no, yɛbɛhwɛ sɛnea Hiob nhoma no betumi aboa yɛn ma yɛatu nkurɔfo fo ma akɔ yiye.
DWOM 156 Mewɔ Gyidi
a Ɛda adi sɛ Yosef wu akyi kosi bere a Yehowa somaa Mose sɛ onkogye Israelfo mfi Egypt no, saa bere no mu hɔ na Hiob tenaa ase; ná ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ afe 1657 kosi afe 1514 ansa na Yesu reba. Enti nkɔmmɔ a ɛkɔɔ so wɔ Yehowa ne Satan ntam, ne sɔhwɛ a Hiob hyiae no, ɛbɛyɛ sɛ saa mfe no mu hɔ na esisii.
b Wɔasesa edin no bi.