ADESUA ASƐM 49
DWOM 44 Mmɔborɔni Mpaebɔ
Hiob Nhoma No Betumi Aboa Wo Ma W’afotu Akɔ Yiye
“Afei Hiob, mepa wo kyɛw, tie me nsɛm.”—HIOB 33:1.
NEA ADESUA YI BƐKA HO ASƐM
Sɛnea Hiob nhoma no boa yɛn ma yehu sɛnea yebetu afoforo fo ma akɔ yiye.
1-2. Dɛn na na ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ den ma Hiob nnamfo mmiɛnsa no ne Elihu sɛ wɔbɛyɛ?
NÁ OBIARA nim sɛ Hiob wɔ sika paa, enti bere a ɔhweree ne nneɛma nyinaa no, asɛm no trɛwee ntɛmntɛm wɔ Apuei fam hɔ. Bere a Hiob nnamfo mmiɛnsa Elifas, Bildad ne Sofar tee nea ato Hiob no, wɔsii kwan so sɛ wɔrekɔ Us akɔkyekye ne werɛ. Nanso wɔkodui no, nea wɔhui no maa wɔn ho dwiriw wɔn paa.
2 Wo de, twa ho mfoni hwɛ sɛ nguan, anantwi, yoma ne mfurum bebrebe a na Hiob wɔ no, ne nyinaa afi ne nsa; kyerɛ sɛ wahwere biribiara. Ne mma nso, ɔdan abu agu wɔn so akunkum wɔn nyinaa, na n’asomfo nso, nkurɔfo abekunkum wɔn mu dodow no ara. Ɔhaw no nyinaa ni mpo a, anka Hiob bɛfa no saa ara. Ɔno ankasa nso, mpɔmpɔ bɔne abobɔ no fi ne tirim kosi ne nan ase. Afei hwɛ sɛ Elifas, Bildad ne Sofa abedu hɔ; wɔtow wɔn ani a Hiob na ɔte nsõ mu a wayɛ mmɔbɔmmɔbɔ yi. Dɛn na wɔyɛe? Ɛmfa ho sɛ wɔhui sɛ Hiob refa yaw mu no, wɔtenaa ne nkyɛn nnanson a wɔanka hwee ankyerɛ no. (Hiob 2:12, 13) Akyiri yi, aberante bi a ne din de Elihu nso baa hɔ na ɔbɛtenaa wɔn nkyɛn. Afei Hiob buee n’ano domee da a wɔde woo no, na ɔkaa sɛ onyae mpo a anka wawu. (Hiob 3:1-3, 11) Wutumi hu sɛ na Hiob hia mmoa paa, nanso ebia na mmarima yi redwen ho sɛ nsɛm bɛn na wɔbetumi aka de akyekye ne werɛ, na ɔkwan bɛn na wɔbɛfa so aka no? Nsɛm a ebepue afi wɔn anom no, ɛno na na ɛbɛkyerɛ sɛ wɔyɛ Hiob nnamfo a wɔdwen ne ho.
3. Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?
3 Nea Hiob nnamfo mmiɛnsa no ne Elihu kae ne nea wɔyɛe no, Yehowa maa Mose kyerɛw too hɔ. Wobɛkae a, nsɛm a Elifas kekae no bi wɔ hɔ a, ɛbɛyɛ sɛ honhommɔne bi na ɛkeka kyerɛɛ no. Nanso nsɛm a Elihu kae no de, na efi Yehowa hɔ. (Hiob 4:12-16; 33:24, 25) Enti worepɛ afotu papa paa a, wubenya bi wɔ Hiob nhoma no mu; afotu a ɛwom no bi nso nnye koraa. Sɛ yɛpɛ sɛ yetu obi fo a, Hiob nhoma no mu nsɛm no betumi aboa yɛn paa. Enti adesua yi mu no, yebedi kan ahwɛ afotu a Hiob nnamfo mmiɛnsa no de mae no. Ɛno akyi no, yɛbɛhwɛ afotu a Elihu nso de mae no. Emu biara no, sɛnea ɛbɛyɛ sɛ ɛboaa Israelfo no, yebesusuw ho, na yɛahwɛ sɛnea ebetumi aboa yɛn nso nnɛ.
ƆKWAN A HIOB NNAMFO MMIƐNSA NO FAA SO TUU NO FO
4. Adɛn nti na Hiob nnamfo mmiɛnsa no antumi ankyekye ne werɛ? (Hwɛ mfoni no nso.)
4 Bere a Hiob nnamfo mmiɛnsa no tee nea na ato no no, Bible ka sɛ wɔkɔɔ ne nkyɛn sɛ ‘wɔrekɔma no hyɛden, na wɔakyekye ne werɛ.’ (Hiob 2:11) Nanso wɔkɔe no, wɔantumi ankyekye ne werɛ. Adɛn ntia? Anyɛ yiye koraa no nneɛma mmiɛnsa bi ntia. Nea edi kan, wɔanto wɔn bo ase antie Hiob ante no ase, ɛnna wɔperee wɔn ho buu no atɛn. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, wɔnyaa adwene sɛ Hiob ayɛ bɔne bi na Onyankopɔn retwe n’aso, nanso na ɛnte saa.a (Hiob 4:7; 11:14) Nea ɛtɔ so mmienu, wutie nsɛm a wɔkekae no a, na asɛ nyansa wom, nanso emu biara nni hɔ a ɛboaa Hiob. (Hiob 13:12) Afei nso, wɔkekaa nsɛm a ɛyɛ yaw kyerɛɛ Hiob na ɛmaa ne werɛ howee. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, Bildad kaa no mprenu kyerɛɛ Hiob sɛ ɔkasa dodo. (Hiob 8:2; 18:2, ase hɔ asɛm) Ɛtɔ da a, na nsɛm a wɔka no bi koraa twa Hiob nsono mu. Sofar sei, ɔka kyerɛɛ Hiob sɛ ne “ti awu.” (Hiob 11:12) Nea ɛtɔ so mmiɛnsa, ebia ɛbɛyɛ sɛ Hiob nnamfo mmiɛnsa no anteateam angu no so, nanso sɛnea wɔkasae no maa Hiob tee nka sɛ wɔammu no anaa wɔde n’anim atwitwiw fam. (Hiob 15:7-11) Nea na esi mmarima yi ani so ara ne sɛ, wɔbɛma Hiob ate nka sɛ wayɛ bɔne na ɛnyɛ sɛ wɔbɛkyekye ne werɛ.
Sɛ woretu obi fo a, mma ɔnnte nka sɛ worebu no animtiaa. Wo de, wo botae ara ne sɛ wobɛboa no (Hwɛ nkyekyɛm 4)
5. Nsɛm a Hiob nnamfo mmiɛnsa no kekae no, ɛma ɔtee nka sɛn?
5 Ɛnyɛ nwanwa sɛ Hiob nnamfo mmiɛnsa no antumi ankyekye ne werɛ, efisɛ wɔn nsɛm no bubuu no. (Hiob 19:2) Wei maa Hiob nso bɔɔ mmɔden sɛ, ɔbɛma ne nnamfo no ahu sɛ nea wɔreka no nnim. Ɛno na ɛma ɔkekaa nsɛm bi a ɛmfa kwan mu no. (Hiob 6:3, 26) Nsɛm a Hiob nnamfo mmiɛnsa no kekae no, na ɛne Yehowa adwene nhyia, na wɔannya tema nso amma Hiob. Ɛno nti Satan nam wɔn so buu Hiob aba mu. (Hiob 2:4, 6) Wɔn a wɔtenaa ase tete no, ɔkwan bɛn so na ɛbɛyɛ sɛ Hiob asɛm yi boaa wɔn, na sɛn na ebetumi aboa yɛn nnɛ?
6. Asuade bɛn na ɛbɛyɛ sɛ Israel mpanyimfo no nya fii Hiob nnamfo mmiɛnsa no asɛm no mu?
6 Ɔkwan bɛn so na ɛbɛyɛ sɛ Hiob asɛm no boaa Israelfo no? Bere a Yehowa de ne mmara maa Israelfo no akyi no, ɔpaw mmarima anokwafo no bi sɛ mpanyimfo a wɔbebu ɔman no atɛn na wɔahwɛ ama wɔadi ne mmara so. (Deut. 1:15-18; 27:1) Sɛ asɛm bi bɛtɔ wɔn anim a, na ɛsɛ sɛ wɔtie mu yiye paa ansa na wɔde ho afotu ama anaa wɔabu atɛn. (2 Be. 19:6) Afei nso, na ɛnsɛ sɛ wɔnya adwene sɛ wɔnim asɛm no nyinaa ani so, mmom na ɛsɛ sɛ wɔbisabisa nsɛm na ama wɔahu nokware a ɛwom. (Deut. 19:18) Sɛ obi ba saa mpanyimfo yi nkyɛn sɛ ɔrebɛhwehwɛ mmoa a, na ɛnsɛ sɛ wɔkeka nsɛm a ɛyɛ yaw kyerɛ no. Adɛn ntia? Efisɛ sɛ wɔteatea onii no a, ɛbɛyɛ den sɛ ɔbɛka ne koma mu asɛm. (Ex. 22:22-24) Ná Israel mpanyimfo no betumi anya asuade yi nyinaa afi Hiob asɛm no mu.
7. Israel mpanyimfo no akyi no, henanom nso na na wɔbetumi atu afoforo fo, na sɛn na na Hiob asɛm no betumi aboa wɔn? (Mmebusɛm 27:9)
7 Ná ɛnyɛ Israel mpanyimfo no nko ara na wɔtumi de afotu ma wɔ Israel. Ná Israelni biara, sɛ́ ɔyɛ ɔbarima, ɔbea, panyin anaa abofra no, na obetumi aboa ne nua ma ɔne Yehowa ntam akɔ so ayɛ kama. Afei nso, sɛ ohu sɛ ne nua reyɛ biribi a ɛnteɛ a, na obetumi atu no fo. (Dw. 141:5) Sɛ obi tumi de afotu a ɛte saa ma ne nua a, akyinnye biara nni ho sɛ na ɔyɛ adamfo pa. (Kenkan Mmebusɛm 27:9.) Sɛnea Hiob nnamfo mmiɛnsa no tuu no fo no, sɛ Israelfo no dwinnwen ho a, na ɛbɛboa wɔn ma wɔahu nea ɛnsɛ sɛ wɔka ne nea ɛnsɛ sɛ wɔyɛ bere a wɔretu obi fo no.
8. Sɛ yɛretu afoforo fo a, dɛn na ɛnsɛ sɛ yɛyɛ? (Hwɛ mfoni no nso.)
8 Sɛn na ebetumi aboa yɛn? Kristofo de, sɛ yɛn nuanom rehyia sɔhwɛ a, yɛpɛ sɛ yɛboa wɔn ma wɔgyina ano. Nanso sɛ yebetumi akyekye wɔn werɛ a, sɛnea Hiob nnamfo mmiɛnsa no kasae no, ɛnsɛ sɛ yesuasua. Nea edi kan, yɛpɛ sɛ yetu obi fo a, ɛnsɛ sɛ yɛpere yɛn ho bu no atɛn, mmom ɛsɛ sɛ yehu asɛm no nyinaa ani so yiye ansa. Nea ɛtɔ so mmienu, ɛnsɛ sɛ yɛde yɛn suahu anaa yɛn nimdeɛ tu afoforo fo sɛnea na Elifas taa yɛ no, mmom ɛsɛ sɛ yɛde gyina Onyankopɔn Asɛm so. (Hiob 4:8; 5:3, 27) Nea ɛtɔ so mmiɛnsa, ɛnsɛ sɛ yɛka nsɛm a ɛyɛ yaw anaa ɛwowɔ bere a yɛretu obi fo no. Kae sɛ, nsɛm a Elifas ne ne nnamfo no kekae no, na ebi yɛ nokware; akyiri yi ɔsomafo Paul mpo faa Elifas asɛm no bi kae. (Fa Hiob 5:13 toto 1 Korintofo 3:19 ho.) Nanso, nsɛm a wɔkeka faa Onyankopɔn ho no, na emu fã kɛse no ara nyɛ nokware; Hiob nso, nea wɔkeka kyerɛɛ no no yɛɛ no yaw paa. Enti, Yehowa ka kyerɛ wɔn sɛ nea wɔaka no yɛ atosɛm. (Hiob 42:7, 8) Afotu pa de, ɛnsɛ sɛ ɛma obi nya adwene da sɛ Yehowa nte n’asomfo ase anaa ɔnnɔ wɔn. Afei, momma yɛnhwɛ nea yebetumi asua afi Elihu afotu no mu.
Sɛ woretu obi fo a, (1) Hu asɛm no ani so yiye, (2) fa Onyankopɔn Asɛm no di dwuma, na (3) kasa wɔ obu so (Hwɛ nkyekyɛm 8)
ƆKWAN A ELIHU FAA SO TUU HIOB FO
9. Bere a Hiob nnamfo no kasa wiei no, adɛn nti na na Hiob da so ara hia mmoa, na dɛn na Yehowa yɛe de boaa no?
9 Hiob ne ne nnamfo mmiɛnsa no dii anobaabae kyɛe paa. Nsɛm a wɔkae no dɔɔso ara ma yɛka bom a, agye Hiob nhoma no ti mmaako mmaako 28. Nsɛm a wɔkekae no, emu dodow no ara, wɔde abufuw ne ahometew na ɛkae. Ɛnyɛ nwanwa sɛ na Hiob da so ara redi yaw. Enti na ɔda so ara hia awerɛkyekye, na na ehia sɛ Yehowa tenetene n’adwene nso. Ɛnde, dɛn na Yehowa yɛe de boaa no? Yehowa faa Elihu so tuu no fo. Adɛn nti na Elihu twɛn maa Hiob ne ne nnamfo no nyinaa kasa wiei ansa ɔrekasa? Ɔno ara kyerɛɛ mu sɛ, “Minnyinii, na mo de, moyɛ mpanyimfo. Obu a mewɔ ma mo nti, mankasa.” (Hiob 32:6, 7) Ná Elihu a ɔyɛ aberante no nim sɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim no atena ase akyɛ, na wɔasua nneɛma pii, enti wɔwɔ nyansa ne suahu pii sen mmerante ne mmabaa. Nanso bere a ɔtoo ne bo ase tiee Hiob ne ne nnamfo mmiɛnsa no, ɔno ara hui sɛ nea ɛrekɔ yi de, ɛsɛ sɛ ɔkasa. Enti ɔkaa sɛ: “Ɛnyɛ mfe nko ara na ɛma nyansa, na ɛnyɛ wɔn a wɔanyin nko ara na wonim nea eye.” (Hiob 32:9) Ɛno akyi no, dɛn na Elihu kae, na ɔkwan bɛn na ɔfaa so kaa no?
10. Dɛn na Elihu yɛe ansa na ɔretu Hiob fo? (Hiob 33:6, 7)
10 Bible ma yehu sɛ nsɛm a Hiob ne ne nnamfo no kekae no maa Elihu bo fuwii. Enti Elihu maa ne bo dwoe ansa na ɔretu Hiob fo. (Hiob 32:2-5) Wei nti, nsɛm a Elihu ka kyerɛ Hiob no, emu biara nni hɔ a ɔkaa no abufuw so. Mmom ɔkaa nsɛm a ɛmaa ne koma tɔɔ ne yam. Emu baako a ɔka kyerɛɛ Hiob ne sɛ: “Hwɛ! Sɛnea wote wɔ nokware Nyankopɔn no ani so no, saa ara na me nso mete.” (Kenkan Hiob 33:6, 7.) Afei nsɛm a Hiob kekae no, Elihu tii nsɛntitiriw a ɛwom no mu, na ɔmaa Hiob hui sɛ bere a ɔrekasa nyinaa na wayɛ aso retie. (Hiob 32:11; 33:8-11) Bere a Elihu san tuu Hiob fo no, ɔsan yɛɛ biribi a ɛte saa.—Hiob 34:5, 6, 9; 35:1-4.
11. Ɔkwan bɛn na Elihu faa so tuu Hiob fo? (Hiob 33:1)
11 Bere a Elihu retu Hiob fo no, wammu no animtiaa, mmom odii no ni. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, Elihu de Hiob din frɛɛ no, nanso mmarima mmiɛnsa no de, ɛda adi sɛ wɔanyɛ saa. (Kenkan Hiob 33:1.) Bere a Hiob ne ne nnamfo no rekasa no, ɛbɛyɛ sɛ Elihu nyae a anka ɔbɛkasa paa, enti bere a ɔretu Hiob fo no, ohui sɛ ebia Hiob nso bɛpɛ sɛ ɔkasa, enti ɔmaa no kwan sɛ ɔnkasa. (Hiob 32:4; 33:32) Afei nso, Elihu maa Hiob hui pefee sɛ nsɛm a ɔkekae no bi mfa kwan mu, na ɔtoo ne bo ase twee n’adwene sii Yehowa nyansa, tumi, n’atɛntrenee, ne ne dɔ a enni huammɔ so. (Hiob 36:18, 21-26; 37:23, 24) Ɛda adi sɛ, afotu pa a Elihu de maa Hiob no boaa no tenee n’adwene, na afei na wayɛ krado sɛ afotu foforo biara a Yehowa de bɛma no no, obetie agu aso pa mu. (Hiob 38:1-3) Wɔn a wɔtenaa ase tete no, ɔkwan bɛn so na ɛbɛyɛ sɛ Elihu nhwɛso yi boaa wɔn, na sɛn na ebetumi aboa yɛn nnɛ?
12. Sɛn na Yehowa faa adiyifo so boaa Israelfo no, na ɔkwan bɛn so na ɛbɛyɛ sɛ Elihu nhwɛso pa no boaa wɔn?
12 Ɔkwan bɛn so na ɛbɛyɛ sɛ Elihu asɛm no boaa Israelfo no? Israelfo no bere so no, Yehowa paw adiyifo sɛ wɔnkyerɛkyerɛ wɔn na wɔntenetene wɔn. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, atemmufo no bere so no, Yehowa nam Debora so de akwankyerɛ maa Israel man no. Samuel nso, ɛwom sɛ na osua de, nanso Yehowa nam no so kyerɛkyerɛɛ Israelfo no. (Atem. 4:4-7; 5:7; 1 Sam. 3:19, 20) Ahemfo no bere so nso, Yehowa kɔɔ so maa adiyifo boaa ne nkurɔfo ma wɔtumi som no yiye. Afei nso, sɛ wɔn mu bi man fi nokwaresom ho a, na ɔnam adiyifo no so tu wɔn fo. (2 Sam. 12:1-4; Aso. 3:24) Ná biribi wɔ hɔ a ebetumi aboa saa anokwafo yi ma wɔayɛ wɔn adwuma no yiye anaa? Elihu nhwɛso pa a ɛwɔ Hiob nhoma no mu no, ɛbɛyɛ sɛ na ebetumi aboa saa anokwafo yi. Sɛ wɔretu afoforo fo a, na ebetumi ama wɔahu nsɛm a ɛsɛ sɛ wɔka ne ɔkwan a wɔbɛfa so aka no.
13. Dɛn na yebetumi ayɛ de ahyɛ yɛn nuanom Kristofo nkuran?
13 Sɛn na ebetumi aboa yɛn? Kristofo a yɛwɔ hɔ nnɛ nso, yɛde Bible boa nkurɔfo ma wɔhu nea Onyankopɔn pɛ sɛ yɛyɛ. Afei nso, ɛsɛ sɛ yɛka nsɛm a ebetumi akyekye yɛn nuanom Kristofo werɛ, na ama wɔn ani agye. (1 Kor. 14:3) Ɛsɛ sɛ asafo mu mpanyimfo hwɛ sɛ anuanom a ‘wɔabotow no, wɔbɛkyekye wɔn werɛ.’ Wɔn a wɔn adwene atu afra anaa wɔn ‘kasa yɛ hatuhatu’ no mpo, ɛsɛ sɛ wɔka kasadɛ kyerɛ wɔn.—1 Tes. 5:14; Hiob 6:3.
14-15. Sɛ ɔpanyin bi retu obi fo a, dɛn na ɔyɛ a ɛbɛkyerɛ sɛ ɔresuasua Elihu?
14 Yɛmfa no sɛ ɔpanyin bi ahu sɛ onuawa bi a ɔwɔ n’asafo mu abotow anaa n’abam abu. Ɔkaa ho asɛm kyerɛɛ asafo mu panyin foforo, enti wɔyɛɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛkɔ akɔsra no ahyɛ no nkuran. Bere a wɔkɔsraa onuawa no, ɔkaa sɛ ɔkɔ adesua ne asɛnka daa, nanso n’ani nnye. Dɛn na asafo mu panyin no bɛyɛ?
15 Nea edi kan, ɔbɛbɔ mmɔden ahu nea enti a onuawa no te nka saa. Sɛ obetumi ahu a, ɛsɛ sɛ obisabisa no nsɛm, na ɔto ne bo ase tie no. Ebia ɔte nka sɛ Onyankopɔn nnɔ no anaa mfaso nni no so. Ebi nso a “asetena mu dadwen” na ahyɛ no so. (Luka 21:34) Nea ɛtɔ so mmienu, ɔpanyin no bɛhwɛ nea onuawa no bɔ mu mmɔden na wakamfo no. Ade yi, ɛmfa ho sɛ n’abam abu no, ɔda so ara kɔ adesua ne asɛnka. Nea ɛtɔ so mmiɛnsa, sɛ ɔpanyin no hu nea onuawa no refa mu no ani so, na ohu nea enti a n’abam abu a, obetumi de Bible no ahyɛ no nkuran ama wahu sɛ Onyankopɔn dɔ no.—Gal. 2:20.
KƆ SO SUA NNEƐMA PII FI HIOB NHOMA NO MU
16. Asuade a ɛwɔ Hiob nhoma no mu no, yɛbɛyɛ dɛn akɔ so anya so mfaso?
16 Ɛda adi pefee sɛ Hiob nhoma no, asuade pii wom. Sɛnea yehui wɔ adesua a edi wei anim mu no, Hiob nhoma no ma yehu nea enti a Onyankopɔn ama amanehunu ho kwan ne sɛnea yebetumi agyina ano. Adesua yi mu nso, yɛahu sɛ yɛn nyinaa betumi atu afoforo fo, nanso sɛ ɛbɛkɔ yiye a, ɛnsɛ sɛ yesuasua Hiob nnamfo mmiɛnsa no nhwɛso bɔne no, na mmom ɛsɛ sɛ yesuasua Elihu nhwɛso pa no. Daakye sɛ ɛho behia sɛ wutu obi fo a, asuade a ɛwɔ Hiob nhoma no mu no, wubetumi asan asusuw ho ansa na wayɛ saa. Afei nso, sɛ wokenkanee Hiob nhoma no akyɛ a, fa si w’ani so sɛ wobɛsan akenkan bio na akaakae wo asuade a ɛwom no. Woyɛ saa a, wubehu sɛ wɔkyerɛwee akyɛ de, nanso asuade a ɛwom no ntwaam koraa.
DWOM 125 “Anigye Ne Mmɔborɔhunufo”!
a Ɛbɛyɛ sɛ honhommɔne bi na opiapiaa Elifas ma ɔkaa sɛ onipa biara ntene wɔ Yehowa ani so no. Enti nea na ɔrepɛ akyerɛ ne sɛ, ɔdasani biara rentumi nyɛ ade a ɛsɔ Onyankopɔn ani da. Saa adwene fĩ yi na na ɛwɔ Elifas tirim. Bere biara a na ɔne Hiob bɛkasa no, na otĩ saa atosɛm no mu.—Hiob 4:17; 15:15, 16; 22:2.