ADESUA ASƐM 50
DWOM 48 Yɛne Yehowa Bɛnantew Daa
Suasua Yehowa Ahobrɛase
“Munsuasua Onyankopɔn, efisɛ moyɛ ne mma a ɔdɔ mo.”—EFE. 5:1.
NEA ADESUA YI BƐKA HO ASƐM
Yɛbɛhwɛ nneɛma nnan bi a yebetumi ayɛ de asuasua Yehowa ahobrɛase.
1. Adɛn nti na Yehowa ahobrɛase da mu fua?
YEMMISA oo, ɛnnɛ, sɛ wohwɛ sɛnea atumfoɔ anaa amanyɔfo yɛ wɔn ade a, wobɛka sɛ wɔbrɛ wɔn ho ase anaa? Ebia wobɛka sɛ daabi. Nanso Bible ma yehu sɛ, Yehowa a ɔyɛ ade nyinaa so Tumfoɔ no brɛ ne ho ase. (Dw. 113:5-8) Yehowa ahobrɛase da mu fua; obiara nni hɔ a ɔbrɛ ne ho ase sen no, efisɛ ahomaso ketekete sei mpo nni ne mu. Yehowa wɔ su ahorow a ɛyɛ fɛ bebree. Adesua yi mu no, yebesusuw emu nnan ho. Emu biara bɛma yɛahu sɛ ɔbrɛ ne ho ase. Afei, sɛnea Yesu suasuaa Yehowa ahobrɛase no, yebesusuw ɛno nso ho. Yɛyɛ saa a, ɛbɛboa yɛn ma yɛabɛn Yehowa kɛse na yɛasuasua n’ahobrɛase no.
YEHOWA ANIM KƆ NYƐ DEN
2. Dɛn na Dwom 62:8 ma yehu fa Yehowa ho? (Hwɛ mfoni no nso.)
2 Wɔn a wɔyɛ ahantan no, mpɛn pii no, nkurɔfo ntumi mmɛn wɔn. Ahantanfo te nka sɛ wɔkorɔn sen afoforo, enti ɛyɛ a wɔtetew wɔn ho gu nkurɔfo so, kasa kyerɛ wɔn basabasa. Wei ma ɛyɛ den sɛ afoforo bɛbɛn wɔn; ebinom mpo de, wɔmpɛ ahantanfo a ɛte saa anim ahwɛ koraa. Nanso Yehowa nte saa koraa! Esiane sɛ yɛn soro Agya no brɛ ne ho ase nti, ɔka kyerɛ yɛn sɛ yebetumi aba n’anim bere biara a yɛpɛ, na yɛaka sɛnea yɛte nka, ɔhaw a yɛrefa mu ne biribiara a ɛreteetee yɛn ho asɛm akyerɛ no. (Kenkan Dwom 62:8.) Agya a ne mma da ne koma so no, sɛ ne mma reka wɔn haw akyerɛ no a, ɔyɛ aso tie. Saa ara na Yehowa nso yɛ aso tie n’asomfo mpaebɔ. Nokwasɛm ne sɛ, Yehowa hwɛ ma wɔkyerɛw mpaebɔ a ɛtete saa pii wɔ Bible no mu. Wei kyerɛ sɛ ɔyɛ obi a n’anim kɔ nyɛ den koraa. (Yos. 10:12-14; 1 Sam. 1:10-18) Nanso, sɛ ɛtɔ da na biribi nti yɛte nka sɛ yɛmfata sɛ yɛbɔ Yehowa mpae nso ɛ, dɛn na yebetumi ayɛ?
Abofra bi redi agorɔ wɔ dan mu, na wabɔ ahina bi a nhwiren wom; ne papa pɛ sɛ osuasua Yehowa ahobrɛase, enti wayɛ aso retie nea ne ba no reka (Hwɛ nkyekyɛm 2)
3. Adɛn nti na wubetumi agye adi paa sɛ Yehowa pɛ sɛ wobɔ no mpae daa?
3 Sɛ yɛte nka mpo sɛ Yehowa nnɔ yɛn a, yebetumi abɔ no mpae. Adɛn nti na yebetumi aka saa? Yesu maa mfatoho bi a ɛfa ɔba desɛefo bi ho. Saa aberante no kɔbɔɔ ahohwibra, na eduu baabi a ɛkaa n’ani no, ɔyɛe sɛ ɔbɛsan aba fie. Nanso ɔtee nka sɛ ɔmfata sɛ ne papa bɛsan de no ayɛ ne ba. Bere a papa no hui sɛ ne ba no resan aba fie no, dɛn na ɔyɛe? Yesu kaa sɛ, bere a papa no huu ne ba no wɔ akyirikyiri sɛ ɔreba no, ɛhɔ ara na “otuu mmirika kɔyɛɛ no atuu, na ofew n’ano.” (Luka 15:17-20) Yehowa te sɛ saa agya mmɔborɔhunufo no. Sɛ bɔne bi a yɛayɛ ama yɛabubu anaa dadwen bi reteetee yɛn na yɛbɔ no mpae a, ɔyɛ ntɛm tie. Adɛn nti na ɔyɛ saa? Efisɛ ɔbrɛ ne ho ase. (Kwa. 3:19, 20) Sɛ yɛrehu amane a, Yehowa ayamhyehye nti, otutu mmirika bɛkyekye yɛn werɛ, na ɔma yenya awerɛhyem sɛ ɔdɔ yɛn. (Yes. 57:15) Ɛnnɛ, sɛn na Yehowa “tutu mmirika” bɛboa yɛn? Mpɛn pii no, Yehowa nam asafo mu mpanyimfo, yɛn abusuafo a wɔyɛ Adansefo, ne anuanom afoforo so na ɛboa yɛn. (Yak. 5:14, 15) Nea enti a Yehowa yɛ wei nyinaa ne sɛ, ɔpɛ sɛ yɛbɛn no.
4. Dɛn na Yesu yɛe a ɛkyerɛ sɛ na ɛnyɛ den sɛ nkurɔfo bɛbɛn no?
4 Yesu suasua n’Agya. Yesu brɛ ne ho ase te sɛ n’Agya. Enti bere a ɔwɔ asaase so no, na ɛnyɛ den sɛ nkurɔfo bɛbɛn no. Ná wɔtumi bisa no asɛm a wɔnsuro. (Mar. 4:10, 11) Ɛno nti, sɛ obisa wɔn adwene wɔ asɛm bi ho a, na wɔtumi ka nea ɛwɔ wɔn komam kyerɛ no. (Mat. 16:13-16) Afei nso, sɛ wɔdi mfomso a, na ehu nkyekyere wɔn, efisɛ na wɔnim sɛ Yesu yam ye, ɔwɔ mmɔborɔhunu, na ɔwɔ abotare nso. (Mat. 17:24-27) Esiane sɛ Yesu suasuaa n’Agya yiye nti, ɛmaa n’akyidifo no behuu Yehowa yiye. (Yoh. 14:9) Wɔbehui sɛ Yehowa nte sɛ nyamesom akannifo a wɔyɛ nkurɔfo kai-kai, wɔnnwen nnipa ho, na wɔyɛ ahomaso no. Mmom, wɔbehui sɛ Yehowa brɛ ne ho ase na ɛnyɛ den sɛ wɔbɛbɛn no.
5. Ɔkwan bɛn so na ahobrɛase betumi ama afoforo abɛn yɛn?
5 Yɛbɛyɛ dɛn asuasua Yehowa? Sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase a, ɛbɛma nkurɔfo atumi abɛn yɛn. Yenni ahobrɛase a, yɛn ani betumi abere afoforo, yebetumi ate nka sɛ yɛkyɛn wɔn, na sɛ wɔyɛ yɛn bɔne a ɛbɛyɛ den sɛ yɛde bɛkyɛ wɔn. Yɛyɛ saa a, ɛremma nkurɔfo kɔn nnɔ sɛ wɔbɛbɛn yɛn. Nanso sɛ yɛwɔ ahobrɛase a, ɛbɛboa yɛn ma yɛada ayamye adi, anya afoforo ho abotare, na yɛayi yɛn yam de wɔn bɔne akyɛ wɔn. Wei bɛma nkurɔfo atumi abɛn yɛn. (Kol. 3:12-14) Asafo mu mpanyimfo, mommɔ mmɔden mma afoforo ntumi mmɛn mo. Nea ɛwom ne sɛ, sɛ asafo no mufo betumi abɛn mo a, ɛsɛ sɛ mutumi ne wɔn bɔ. Wei kyerɛ sɛ, sɛ ɛnyɛ biribi a moyɛ ho hwee a ɛnyɛ yiye a, sɛ anka mobɛkɔ adesua wɔ videoconference so no, ɛsɛ sɛ mokɔ Ahenni Asa so ma anuanom hu mo anim ne anim. Afei nso, monyɛ nea mubetumi biara ne anuanom mmom nyɛ afie afie asɛnka adwuma no bi. Moyɛ saa a, nkakrankakra, anuanom behu mo yiye. Afei sɛ ɛba sɛ wɔrehyia ɔhaw bi a, ɛbɛyɛ mmerɛw ama wɔn sɛ wɔbɛba mo nkyɛn abɛhwehwɛ mmoa.
YEHOWA NYƐ KYENKYENENN
6-7. Ma nhwɛso ahorow a ɛkyerɛ sɛ, sɛ Yehowa asomfo de wɔn abisade to n’anim a ɔyɛ aso tie?
6 Ahantanfo taa te nka sɛ wɔnim nyansa sen obiara, enti sɛ wɔka asɛm bi a, woyɛ wɔn dɛn wɔrensesa no; nea wɔaka ara na wɔaka. Ɛwom sɛ Yehowa korɔn na onim nyansa sen obiara, nanso esiane sɛ ɔbrɛ ne ho ase nti, ɔnyɛ kyenkyenenn. Wo de yɛnhwɛ Mose nuabea Miriam asɛm no. Miriam ne Aaron kasa tiaa Mose a na ɔyɛ Yehowa kasamafo no. Enti yɛbɛka a, Yehowa na na Miriam rebu no animtiaa no. Wei maa Yehowa bo fuw Miriam denneennen na ɔmaa kwata yɛɛ no. Nanso bere a Aaron paa kyɛw maa no, na Mose nso paa Yehowa kyɛw sɛ ɔnsa no yare no, dɛn na Yehowa yɛe? Sɛ Yehowa yɛ ahantan a, anka ɔbɛka sɛ nea waka ara na waka. Nanso esiane sɛ ɔbrɛ ne ho ase nti, ɔsesaa n’adwene na ɔsaa Miriam yare.—Num. 12:1-15.
7 Sɛnea Yehowa tiee Ɔhene Hesekia nso adesrɛ no, ɛma yehu sɛ Yehowa brɛ ne ho ase. Yehowa maa ne diyifo kɔka kyerɛɛ ɔhene no sɛ obewu. Bere a ɔde asɛm no kɔtoo Hesekia anim no, Hesekia su guu Yehowa so sɛ ɔnsa no yare. Yehowa mmɔborɔhunu nti, ɔde mfe 15 kaa ne nkwa nna ho maa no. (2 Ahe. 20:1, 5, 6) Ampa, Yehowa wɔ ayamhyehye ma n’asomfo, na n’ahobrɛase nti, ɔyɛ aso tie wɔn adesrɛ.
8. Nhwɛso ahorow bɛn na ɛkyerɛ sɛ Yesu nyɛ kyenkyenenn? (Marko 3:1-6)
8 Yesu suasua n’Agya. Yesu wɔ asaase so no, bere biara a na ɛho behia sɛ ɔyɛ obi papa no, na ɔmfa nkame no. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, Yesu saa nkurɔfo yare Homeda. Ná nyamesom akannifo atirimɔdenfo no te nka sɛ, ɛnsɛ sɛ obi yɛ biribi a ɛte saa Homeda. (Kenkan Marko 3:1-6.) Ɛnnɛ ne nnɛ nyinaa, sɛnea Yesu kyerɛ asafo no kwan no ma yehu sɛ ɔte nnipa ase, na ɔnyɛ kyenkyenenn. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, sɛ asafo no muni bi yɛ bɔne kɛse a, onya ne ho abotare, na ɔma no bere a ɛfata a obetumi de asesa n’akwan.—Adi. 2:2-5.
9. Yɛbɛyɛ dɛn ama afoforo ahu sɛ yɛnyɛ kyenkyenenn? (Hwɛ mfoni no nso.)
9 Yɛbɛyɛ dɛn asuasua Yehowa? Sɛnea Yehowa nyɛ kyenkyenenn no, ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho paa suasua no. (Yak. 3:17) Awofo a wɔsuasua Yehowa no, ɛwom, wɔremma wɔn mma nyɛ akwadworɔ, nanso bere koro no ara, wɔremma wɔnyɛ nea ɛboro wɔn ahoɔden so. Yɛhwɛ Genesis 33:12-14 a, yebehu sɛ Yakob ayɛ wei ho nhwɛso fɛfɛɛfɛ wɔ hɔ. Afei nso, awofo a wɔnyɛ kyenkyenenn na wɔbrɛ wɔn ho ase no, wɔnim sɛ ɛsono sɛnea abofra biara te, enti wɔremfa wɔn ba bi mmɔdenbɔ ntoto ɔfoforo de ho. Asafo mu mpanyimfo nso, ɛnsɛ sɛ wɔyɛ kyenkyenenn. Ɔkwan baako a wɔbetumi afa so ayɛ saa ne sɛ, sɛ wɔresusuw asɛm bi ho na dodow no ara adwene kɔ bɛnkoro mu, na gyinaesi no ntia Bible mmara biara a, wɔbɛbrɛ wɔn ho ase agye atom. (1 Tim. 3:2, 3) Yɛn nyinaa nso, sɛ yɛne afoforo adwene nhyia wɔ asɛm bi ho mpo a, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden te wɔn ase. Enti ɛsɛ sɛ obiara a ɔwɔ asafo no mu yere ne ho sɛ ɔbɛma ‘nnipa nyinaa ahu sɛ ɔte asɛm ase.’—Filip. 4:5.
Papa bi wɔ mma mmienu, esiane sɛ ɔnyɛ kyenkyenenn nti, ogye tom sɛ ɛsono nea ne mma no mu biara betumi ayɛ wɔ asɛnka mu (Hwɛ nkyekyɛm 9)
YEHOWA WƆ ABOTARE
10. Dɛn na Yehowa ayɛ a ɛkyerɛ sɛ ɔwɔ abotare?
10 Ahantanfo nni abotare sei. Woahyɛ no nsow a, obi a ɔyɛ ahantan no, sɛ ɛsɛ sɛ ɔtwɛn obi a, ɛyɛ a ɔmpɛ koraa. Nanso Yehowa nte saa koraa; Yehowa abotare de, adutwam! Yɛbɛyɛ nhwɛso a, Noa bere so no, Yehowa kaa sɛ ɔbɛtwɛn mfe 120 ansa na wasɛe abɔnefo a na wɔwɔ hɔ no. (Gen. 6:3) Wei maa Noa nyaa bere de tetee na mma no, na ɔne n’abusua no nyinaa boom yɛɛ adaka no. Akyiri yi, bere a Yehowa yɛe sɛ ɔbɛsɛe Sodom ne Gomora no, Abraham bisabisaa no ɛho nsɛm pii, na Yehowa nso too ne bo ase tiee no. Sɛ Yehowa yɛ ahantan a, anka ɔbɛka akyerɛ Abraham sɛ, ‘Wo sɛɛ ne hena a wubisabisa me nsɛm saa!’ Nanso esiane sɛ Yehowa brɛ ne ho ase nti, ɔtoo ne bo ase tiee no.—Gen. 18:20-33.
11. Sɛ yɛhwɛ 2 Petro 3:9 a, adɛn nti na Yehowa anya nnipa ho abotare?
11 Ɛnnɛ nso, Yehowa anya nnipa ho abotare. Wahyɛ bere a ɔde bɛsɛe wiase yi, na ɔretwɛn sɛ ɛbɛso na wakeka ne ho. Yemmisa sɛ, adɛn nti na ɔretwɛn? “Efisɛ ɔmpɛ sɛ obiara bɛsɛe; nea ɔpɛ ne sɛ obiara bɛsakra n’adwene.” (Kenkan 2 Petro 3:9.) Dɛn na afi Yehowa abotare no mu aba? N’abotare no ama nnipa komapafo ɔpepem pii abɛyɛ ne nnamfo, na yɛwɔ anidaso sɛ ɔpepem pii nso betumi atu saa anammɔn no. Nanso ɛno nkyerɛ sɛ Yehowa benya abɔnefo ho abotare afebɔɔ. Yehowa dɔ nnipa, nanso ɔnyɛ nhwɛhaa. Enti bere a wahyɛ no so a, obeyi abɔnefo nyinaa afi hɔ.—Hab. 2:3.
12. Ɔkwan bɛn so na Yesu suasua Yehowa abotare?
12 Yesu suasua n’Agya. Yesu asuasua Yehowa abotare no mfe mpempem pii. Efi bere a Satan twaa atoro too Yehowa ne nnipa so besi nnɛ nyinaa, Yesu ani tua. (Gen. 3:4, 5; Hiob 1:11; Adi. 12:10) Bio nso, amanehunu a ani yɛ nyan a ɛkɔɔ twi kɔɔ brɛman nyinaa, Yesu de n’ani ahu bi. Ɛbɛyɛ sɛ Yesu yam a anka bere aso ama ‘wasɛe Ɔbonsam nnwuma’! (1 Yoh. 3:8) Ɛnde, dɛn na aboa Yesu ma watwɛn abedu saa bere yi? Ade baako ne sɛ, Yesu brɛ ne ho ase; onim sɛ Yehowa na ɔbɛkyerɛ bere a ɛsɛ sɛ wiase yi ba n’awiei.—Aso. 1:7.
13. Dɛn na Yesu yɛe a ɛkyerɛ sɛ na ɔwɔ n’asomafo no ho abotare, na adɛn nti onyaa wɔn ho abotare?
13 Yesu wɔ asaase so no, onyaa n’asomafo no nso ho abotare. Asomafo no, ɛreyɛ ara ni na wɔregye nea ɔyɛ wɔn mu kɛse ho akyinnye. Ne nyinaa mu no, Yesu anka da sɛ wabrɛ wɔn. Mmom, ɔkɔɔ so nyaa wɔn ho abotare. (Luka 9:46; 22:24-27) Ná ogye di sɛ nkakrankakra wɔbɛsesa. Wo nso ɛ, wotaa di mfomso koro no ara anaa? Sɛ saa a, ɛnde yegye di sɛ ɛyɛ wo dɛ paa sɛ Yesu a ɔbrɛ ne ho ase na ɔwɔ abotare no yɛ wo Hene.
14. Yɛbɛyɛ dɛn anya abotare?
14 Yɛbɛyɛ dɛn asuasua Yehowa? Sɛ yɛyere yɛn ho nya “Kristo adwene” a, ɛbɛboa yɛn ma yɛadwen na yɛayɛ yɛn ade te sɛ Yehowa. (1 Kor. 2:16) Yɛbɛyɛ dɛn ahu sɛnea Kristo dwen? Ade titiriw baako a yebetumi ayɛ ne sɛ yɛbɛkenkan Nsɛmpa no. Afei nso, nea Yesu yɛe ne nea enti a ɔyɛɛ saa no, ehia sɛ yɛto yɛn bo ase dwinnwen ho. Ade foforo nso a yɛrentumi nyi mfi mu ne sɛ, yɛbɛbɔ Yehowa mpae na yɛasrɛ no sɛ ɔmmoa yɛn mma yɛmmrɛ yɛn ho ase, na yennya abotare sɛ Yesu. Sɛ yɛkɔ so nya Kristo adwene a, nkakrankakra yɛbɛyɛ yɛn ade sɛ Yehowa. Ɛba saa a, yebenya abotare ama yɛn ho ne yɛn nuanom Kristofo.—Mat. 18:26-30, 35.
YEHOWA DI MPAPAHWEKWA NI
15. Dɛn na Yehowa ayɛ a ɛma yehu sɛ asɛm a ɛwɔ Dwom 138:6 no yɛ nokware?
15 Kenkan Dwom 138:6. Ɛyɛ akwannya kɛse paa sɛ Yehowa a ɔyɛ amansan Hene no bɛyɛ biribi de akyerɛ sɛ odi nnipa mpapahwekwa ni! Nnipa bi tenaa ase tete a na wɔyɛ mpapahwekwa, nanso Yehowa dii wɔn ni. Wɔn mu bi wɔ hɔ a, ebia yɛn adwene renhyɛ da nkɔ wɔn so, nanso Yehowa hwɛ ma wɔkyerɛw wɔn ho asɛm wɔ Bible mu. Wɔn mu baako ne Debora; ɔde nokwaredi som Isak ne Yakob mmusua no mfe pɔrepɔre 125. Ɛwom sɛ yennim ne ho nsɛm pii de, nanso ne ho nsɛm kakra a ɛwɔ Bible mu no ma yehu sɛ na Yehowa ne saa mmusua no mufo dɔ no paa. (Gen. 24:59; 35:8, ase hɔ asɛm) Ɛno akyi mfe ɔhaha pii no, Yehowa maa Dawid a na ɔyɛ oguanhwɛfo no bɛyɛɛ Israel man no so Hene. (2 Sam. 22:1, 36) Bio nso, wɔwoo Yesu bere tiaa bi akyi no, Yehowa maa abɔfo kɔbɔɔ nguanhwɛfo bi amanneɛ sɛ wɔawo Mesia no wɔ Betlehem. Wɔn na Yehowa ma wɔdii kan tee Yesu awo no ho asɛm. (Luka 2:8-11) Afei nso, bere a Yosef ne Maria de Yesu kɔɔ asɔrefie hɔ no, Yehowa maa Simeon ne Hana a na wɔn ani afi no nyaa hokwan hui sɛ Yesu ne Agyenkwa no. (Luka 2:25-30, 36-38) Ampa, “ɛwom sɛ Yehowa korɔn de, nanso n’ani wɔ ahobrɛasefo so”!
16. Sɛnea Yehowa di nkurɔfo ni no, dɛn na Yesu yɛe a ɛkyerɛ sɛ osuasua no?
16 Yesu suasua n’Agya. Dɛn na Yesu nso yɛe a na ɛkyerɛ sɛ odi mpapahwekwa ni? “Nnipa a wonsuaa nhoma, na wɔnyɛ nnipa titiriw biara” no, ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn Onyankopɔn Ahenni no ho nokwasɛm. (Aso. 4:13; Mat. 11:25) Afei nso, ɔsaa ayarefo yare; ɛnyɛ sɛ ɔsaa wɔn yare kɛkɛ oo, mmom ɔma wɔtee nka nso sɛ wɔn nso yɛ nnipa. (Luka 5:13) Bio nso, anadwo a ade rebɛkye ama wɔakum Yesu no, Yesu fa too ne ho so hohoroo n’asomafo no nyinaa nan ho. Saa adwuma no, akoa na anka ɛsɛ sɛ ɔyɛ. (Yoh. 13:5) Ɛno da nkyɛn a, ansa na ɔrekɔ soro no, ɔde adwuma bi a ɛho hia sen adwuma biara hyɛɛ n’akyidifo nsa; yɛn a yɛwɔ hɔ nnɛ mpo ka ho. Ɛyɛ adwuma bɛn? Ɛne sɛ, yɛnkɔkyerɛkyerɛ nkurɔfo sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbetumi anya daa nkwa. Wei kyerɛ sɛ odi yɛn ni paa!—Mat. 28:19, 20.
17. Dɛn na yɛyɛ a ɛkyerɛ sɛ yedi afoforo ni? (Hwɛ mfoni no nso.)
17 Yɛbɛyɛ dɛn asuasua Yehowa? Yɛn nso, sɛ obi fi he oo, sɛ kasa bɛn na ɔka oo, sɛ wakɔ sukuu oo, sɛ ɔnkɔɔ sukuu oo, sɛ ɔyɛ bibini oo, sɛ ɔyɛ buroni oo, sɛ obetie nko ara de a, ɛsɛ sɛ yɛka asɛmpa no bi kyerɛ no. Yɛyɛ saa a, ɛkyerɛ sɛ yedi no ni. Afei nso, ɛmfa ho ne hokwan biara a yɛwɔ no, sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase na yegye tom sɛ yɛn nuanom korɔn sen yɛn a, ɛkyerɛ sɛ yedi wɔn ni. (Filip. 2:3) Sɛ ‘yedi kan’ tu anammɔn yɛ nneɛma a yɛaka ho asɛm yi ne pii a ɛkeka ho a, ɛbɛkyerɛ sɛ yedi nkurɔfo ni. Yɛyɛ saa a, ɛbɛma Yehowa ani agye paa.—Rom. 12:10; Sef. 3:12.
Sɛ yɛanyɛ nyiyim na yɛka asɛmpa no bi kyerɛ obiara a, ɛkyerɛ sɛ yɛresuasua Yehowa ahobrɛase (Hwɛ nkyekyɛm 17)a
18. Adɛn nti na wopɛ sɛ wusuasua Yehowa ahobrɛase?
18 Yɛn soro Agya no brɛ ne ho ase, ɔdɔ nnipa, na odi afoforo ni. Enti sɛ yɛyere yɛn ho suasua no a, nkakrankakra ɛbɛyɛ mmerɛw ama nkurɔfo sɛ wɔbɛbɛn yɛn. Afei nso, ɛremma yɛnyɛ kyenkyenenn na yɛbɛyɛ nnipa a yɛwɔ abotare. Wei bɛma yɛn nso yɛadi afoforo ni. Momma yɛnkae sɛ, sɛ yɛyɛ nea yebetumi biara sɛ yebesuasua yɛn Nyankopɔn Yehowa a ɔbrɛ ne ho ase no a, yɛn nso, ɔrensi yɛn fam!—Yes. 43:4.
DWOM 159 Monhyɛ Yehowa Anuonyam
a MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Anuanom mmea bi reka asɛmpa no bi akyerɛ nneduafo bi de akyerɛ sɛ wɔresuasua Yehowa ahobrɛase.