Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w26 January kr. 14-19
  • Nea Enti a Yehia Agyede No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nea Enti a Yehia Agyede No
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2026
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • AGYEDE NO MA YENYA BƆNEFAKYƐ
  • AGYEDE NO MA YENYA ANIDASO SƐ YEBETUMI AKƆ PƐYƐ MU
  • AGYEDE NO NTI YEBETUMI NE ONYANKOPƆN AFA ADAMFO
  • AGYEDE NO MA YEHU SƐ YEHOWA WƆ MMƆBORƆHUNU
  • Dɛn Na Yesua Fi Agyede No Mu?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2025
  • Dɛn Na Wobɛyɛ De Akyerɛ Sɛ W’ani Sɔ Agyede No?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2026
  • Nhyira a Yehowa Dɔ Ma Yenya
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2025
  • Nea Enti a Yɛn Ani Sɔ Yehowa Bɔnefakyɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2025
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2026
w26 January kr. 14-19

MARCH 16-22, 2026

DWOM 20 Wode Wo Dɔba no Maa Yɛn

Nea Enti a Yehia Agyede No

“Nipadua a ɛde me rekɔ saa owu yi mu no, hena na obegye me afi ne nsam?”—ROM. 7:24.

NEA ADESUA YI BƐKA HO ASƐM

Sɛnea agyede no betumi ama yɛanya bɔnefakyɛ, sɛnea ebetumi ama yɛanya anidaso sɛ yɛbɛkɔ pɛyɛ mu, ɛne sɛnea ebetumi aboa yɛn ma yɛne Yehowa afa adamfo.

1-2. Adɛn nti na yehia ogyefo? (Romafo 7:​22-24) (Hwɛ mfoni no nso.)

YƐMFA no sɛ ɔdan bi adwiriw agu, na obi hyɛ mu a onwui, nanso ontumi mpue. Wohwɛ a, dɛn na obetumi ayɛ? Nea obetumi ayɛ ara ne sɛ ɔbɛteɛteɛm sɛ obi mmeyi no.

2 Yɛn nso, tebea a yɛn mu biara wom no, ɛte sɛ nea ɔdan adwiriw agu yɛn so. Adɛn nti na yɛreka saa? Efisɛ bere a Adam yɛɛ Yehowa so asoɔden no, ɔbɛyɛɛ ɔbɔnefo. Akyiri yi, ɔde ne bɔne no woo ne mma nyinaa. Enti bɔne a ayɛ sɛ dan no adwiriw agu adasamma nyinaa so, na yɛhyɛ ase a yentumi mpue. Ɔsomafo Paul krataa a ɔkyerɛw kɔmaa Romafo no mu no, ɔkaa sɛ bɔne de yɛn nyinaa ayɛ ‘nkoa.’ (Kenkan Romafo 7:​22-24.) Bɔne a Paul nya fii Adam hɔ no, na ɔkwan biara so ɛde no bɛkɔ owu mu. (Rom. 6:23) Enti obisae sɛ, “Nipadua a ɛde me rekɔ saa owu yi mu no, hena na obegye me afi ne nsam?” Yɛn nso, tebea koro no ara mu na yɛwɔ, enti yehia ogyefo.

Ɔdan bi adwiriw agu ɔbarima bi so ama wapira; ontumi mpue na watene ne nsa repɛ mmoa.

Sɛnea ɔdan yi adwiriw agu ɔbarima yi so a ontumi mpue no, yɛn nso, ɛte sɛ nea yɛhyɛ bɔne ne sintɔ ase a yentumi mpue, enti yehia ogyefo (Hwɛ nkyekyɛm 1-2)


3. Agyede no nti, dɛn na yebetumi anya?

3 Bisa a Paul bisae sɛ: “Nipadua a ɛde me rekɔ saa owu yi mu no, hena na obegye me afi ne nsam?” no, ɛkyerɛ sɛ na n’anidaso asa anaa? Daabi. Efisɛ bere a obisaa saa asɛm no wiei no, ɔde ahotoso kaa sɛ: “Aseda mfa yɛn Awurade Yesu Kristo so nka Onyankopɔn!” (Rom. 7:25) Nea na Paul pɛ sɛ ɔkyerɛ ne sɛ, Yehowa afa Yesu agyede afɔre no so agye yɛn.a Esiane agyede afɔre no nti, (1) yebetumi anya bɔnefakyɛ, (2) yebetumi anya anidaso sɛ yɛbɛkɔ pɛyɛ mu, na (3) yebetumi nso ne Yehowa afa adamfo. Yebesusuw saa nsɛm no ho wɔ adesua yi mu, na ɛbɛma ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa no ayɛ kɛse, efisɛ ɔno ne “Onyankopɔn a ɔma anidaso.” (Rom. 15:13) Afei nso, Yesu a “yɛnam no so anya ogye” no, anisɔ a yɛwɔ ma no no, ɛbɛma emu ayɛ den.—Kol. 1:14.

AGYEDE NO MA YENYA BƆNEFAKYƐ

4-5. Adɛn nti na yɛn mu biara hia agyede no? (Ɔsɛnkafo 7:20)

4 Yehia agyede no sɛnea ɛbɛyɛ a Yehowa betumi de yɛn bɔne akyɛ yɛn. Yɛn nyinaa yɛ bɔne wɔ yɛn kasa ne yɛn nneyɛe mu. (Kenkan Ɔsɛnkafo 7:20.) Bɔne a yɛyɛ no bi soso. Mose Mmara no mu sei, sɛ obi sɛe aware anaa okum obi a, na ɛsɛ sɛ wɔkum no. (Lev. 20:10; Num. 35:​30, 31) Nanso bɔne no bi wɔ hɔ a, ɛnyɛ hu saa. Ne nyinaa mu no, bɔne biara yɛ bɔne. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, odwontofo Dawid kaa sɛ: “Mɛhwɛ m’anammɔn yiye na mamfa me tɛkrɛma anyɛ bɔne.” (Dw. 39:1) Wei kyerɛ sɛ, nea yɛka mpo betumi ayɛ bɔne.—Yak. 3:2.

5 Yemmisa oo, woaka asɛm bi anaa woayɛ biribi anu wo ho pɛn? Yegye di sɛ yɛn mu biara ayɛ biribi a ɛte saa da. Bible kae a ɛmmoa sɛ: “Sɛ yɛka sɛ, ‘Bɔne nni yɛn ho’ a, na yɛredaadaa yɛn ho, na nokware no nni yɛn mu.”—1 Yoh. 1:8.

6-7. Dɛn na Yehowa gyina so de yɛn bɔne kyɛ yɛn? (Hwɛ mfoni no nso.)

6 Esiane Yehowa atɛntrenee nti, na ɛsɛ sɛ ɔyɛ biribi na wanya nea obegyina so de yɛn bɔne akyɛ yɛn. Enti, agyede no na Yehowa gyina so de yɛn bɔne kyɛ yɛn. (Efe. 1:7) Nanso ɛno nkyerɛ sɛ, sɛ yɛyɛ bɔne a ɛnhaw no. Yehowa ani nnye ho sɛ yɛbɛyɛ bɔne.—Yes. 59:2.

7 Mose Mmara no mu no, sɛ Israelfo no yɛ bɔne a, na ɛsɛ sɛ wɔde mmoa bɔ afɔre de pata wɔn bɔne. (Lev. 4:​27-31; 17:11) Afɔrebɔ a ɛtete saa no, na ɛyɛ afɔre kɛse a Yesu bɛbɔ daakye no ho mpopoe; Yesu afɔrebɔ no na na ɛde nhyira pii bɛbrɛ adasamma. Ɛno na na Yehowa begyina so de yɛn bɔne akyɛ yɛn. Ná Paul nim mfaso a ɛwɔ Yesu afɔrebɔ wu no so, efisɛ ne krataa a ɔkyerɛw kɔmaa Kristofo a na wɔwɔ Korinto no mu no, ɔkaa ho asɛm. Bere a ɔkaa bɔne a na kan no wɔyɛ ho asɛm wiei no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Nanso wɔaguare mo kama; wɔatew mo ho; wɔabu mo atreneefo yɛn Awurade Yesu Kristo din mu, ne yɛn Nyankopɔn honhom mu.”—1 Kor. 6:​9-11.

Israelni bi ne n’abusua de oguan rema ɔsɔfo bi wɔ asɔrefie, na wuhu sɛ wɔn ani agye.

Mmoa a na wɔde bɔ afɔre no, na ɛyɛ afɔre a Yesu bɛbɔ daakye ne nhyira a ɛde bɛbrɛ adasamma no ho mpopoe (Hwɛ nkyekyɛm 6-7)


8. Ansa na wobɛkɔ afe yi Nkaedi no, dɛn na wubetumi ayɛ?

8 Ansa na wobɛkɔ afe yi Nkaedi no, sɛnea Yehowa bɔnefakyɛ aboa wo no, wubetumi agye bere asusuw ho. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, agyede no nti, bɔne a woayɛ atwam anu wo ho wɔ ho no, ɛnsɛ sɛ woma ɛkɔ so teetee wo. Nanso ebia ɛyɛ den ma wo sɛ wubegye atom sɛ Yehowa de wo bɔne akyɛ wo. Yɛrekasa yi, ebia woreka kyerɛ wo ho mpo sɛ, ‘Migye di sɛ Yehowa betumi de me bɔne akyɛ me, nanso me ara de, ɛyɛ den ma me sɛ mehu me ho saa.’ Sɛ saa na wo te nka a, yɛsrɛ wo, kae nokwasɛm yi: Yehowa na ɔde bɔne kyɛ, na Yesu na wama no tumi sɛ ommu atɛn. Enti sɛ Yehowa de obi bɔne bɛkyɛ no oo, sɛ ɔremfa nkyɛ no oo, ɛnyɛ wo anaa obi na ɛbɛkyerɛ. Bible ka sɛ: “Sɛ yɛnam hann no mu sɛnea [Yehowa] ankasa wɔ hann no mu no a, . . . ne Ba Yesu mogya hohoro yɛn ho fi bɔne nyinaa ho.” (1 Yoh. 1:​6, 7) Sɛnea yegye Bible nkyerɛkyerɛ afoforo di no, saa pɛpɛɛpɛ na ɛsɛ sɛ yegye wei nso di. Agyede no nti, Yehowa betumi de yɛn bɔne akyɛ yɛn. Bible nso ka sɛ Yehowa ‘ayɛ krado sɛ ɔde bɔne bɛkyɛ.’—Dw. 86:5.

AGYEDE NO MA YENYA ANIDASO SƐ YEBETUMI AKƆ PƐYƐ MU

9. Bible ka bɔne a, dɛn bio na etumi kyerɛ? (Dwom 51:5 ne ase hɔ asɛm)

9 Sɛ Bible ka “bɔne” a, ɛnkyerɛ nneyɛe bɔne nko ara, na mmom etumi nso kyerɛ sintɔ a wɔde woo yɛn no. (Kenkan Dwom 51:5 ne ase hɔ asɛm.) Sintɔ a ɛwɔ yɛn ho no, ɛnyɛ nneyɛe bɔne nko ara na epiapia yɛn ma yɛyɛ, na mmom ɛno ara nso na ɛma yɛyare, yenyinyin na yewuwu no. Wei nti, nkokoaa a wɔnyɛɛ bɔne biara da mpo, wɔn nso tumi yare na wɔwu. Sintɔ koro yi ara nti, sɛ yɛyɛ apapafo oo, abɔnefo oo, yɛn nyinaa hu amane na yewu. Nokwasɛm ne sɛ, esiane sintɔ a yenya fii Adam hɔ nti, yɛn nyinaa yɛ abɔnefo.

10. Adam ne Hawa yɛɛ bɔne no, dɛn na ɛtoo wɔn?

10 Adam ne Hawa yɛɛ bɔne no, nea ɛtoo wɔn no, wo de, susuw ho hwɛ. Bere a wɔbuu Onyankopɔn mmara a ‘wɔakyerɛw wɔ wɔn komam’ no so no, wɔn ahonim fii ase teetee wɔn paa. (Rom. 2:15) Wɔhui sɛ biribi asesa wɔ wɔn mu. Ɛno nti wɔtee nka sɛ, ɛsɛ sɛ wɔkata wɔn adagyaw so na wɔkɔpɛ baabi hintaw sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn Bɔfo no renhu wɔn. (Gen. 3:​7, 8) Wɔn ahonim haw wɔn, wɔn adwene tu frae, wɔtee nka sɛ wɔnni ahobammɔ, na wɔn ani wui sei pɔtɔɔ. Wɔn asetena nyinaa mu no, na biribi a ɛte saa ntoo wɔn da. Tebea a wɔkɔɔ mu no, sɛ wɔpɛ oo, wɔmpɛ oo, na ɛbɛteetee wɔn akosi owu mu.—Gen. 3:​16-19.

11. Dɛn na bɔne a ɛwɔ yɛn ho no akɔfa abrɛ yɛn?

11 Bɔne a Adam ne Hawa yɛe no, sɛnea ɛteetee wɔn no, saa ara na ɛnnɛ nso, bɔne a ɛwɔ yɛn ho no teetee yɛn. Abɛbrɛsɛ a yɛrefa mu ne abene a yɛredi no, ne nyinaa fi sintɔ a ɛwɔ yɛn ho. Ebia yɛbɛbɔ mmɔden sɛ yebenya yɛn ho atetew, nanso ɛmfa ho nea yɛbɛyɛ biara no, ɛrenkosi hwee. Adɛn ntia? Efisɛ Bible ka sɛ wɔde yɛn “ahyɛ adehunu ase.” (Rom. 8:20) Saa asɛm yi fa ankorankoro ne nnipa a ɛwɔ wiase nyinaa ho. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, ɛnnɛ, nnipa reyɛ nea wɔbetumi biara sɛ wɔbɛbɔ asaase no ho ban, wɔbɛko atia nsɛmmɔnedi, atu ohia ase, na wɔama akodi agyae. Wɔn mmɔdenbɔ no nyinaa te sɛ nea wɔde kɛntɛn rekɔ nsu. Nanso, agyede no nti, anidaso wɔ hɔ.

12. Anidaso bɛn na agyede no ma yenya?

12 Agyede no ma yenya anidaso sɛ, “abɔde no ankasa . . . benya ahofadi afi ɔporɔw a ɛde no ayɛ akoa no mu.” (Rom. 8:21) Wei kyerɛ sɛ, sɛ yɛkɔ pɛyɛ mu wɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu a, yare, kɔdaanna ne adwinnwen renteetee yɛn bio. Afei nso, yɛn ahonim renhaw yɛn, na yebenya ahobammɔ. Bio, mmɔden a yɛrebɔ sɛ yɛbɛhwɛ asaase no so, na yɛatena so asomdwoe mu no bewie nkonimdi. Adɛn ntia? Efisɛ Yesu Kristo a ɔyɛ “Asomdwoe Hene,” na ɔde ne nkwa yɛɛ agyede maa yɛn no, ɔno na obedi yɛn so.—Yes. 9:​6, 7.

13. Ansa na wobɛkɔ afe yi Nkaedi no, dɛn na wubetumi asusuw ho?

13 Sɛ bɔne ne sintɔ nni hɔ bio a, sɛnea asetena bɛyɛ no, wo de susuw ho hwɛ. Wobɛsɔre anɔpa biara no, na wo ho asisi wo ho so; nea wo ne w’adɔfo bedi nyɛ mo dadwen, na munsuro sɛ mobɛyare anaa mubewu. ‘Saa anidaso a ɛte sɛ sɛkyɛ ma ɔkra, a etim hɔ na enhinhim no, sɛ yɛso mu pintinn a,’ ɛnnɛ mpo, ebetumi ama yɛanya asomdwoe. (Heb. 6:​18, 19) Sɛnea sɛkyɛ tumi ma ɛpo so hyɛn gyina faako no, anidaso a wowɔ no betumi ama wo gyidi ayɛ den, na sɔhwɛ biara a wubehyia no, ebetumi aboa wo ma woagyina ano. Nokwasɛm ne sɛ, wubetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa behyira wo, efisɛ “ɔyɛ wɔn a wɔn ani abere rehwehwɛ no no katuafo.” (Heb. 11:6) Daakye ho anidaso a wowɔ ne awerɛkyekye a ɛma wunya no, agyede no nti na atumi ayɛ yiye.

AGYEDE NO NTI YEBETUMI NE ONYANKOPƆN AFA ADAMFO

14. Bɔne a Adam ne Hawa yɛe no, sɛn na aka yɛne Onyankopɔn ayɔnkofa, na adɛn ntia?

14 Efi bere a Adam ne Hawa yɛɛ bɔne no, nnipa ne Onyankopɔn ntam atetew. Bible ka mpo sɛ adasamma nyinaa ne wɔn Bɔfo no ntam asɛe. (Rom. 8:​7, 8; Kol. 1:21) Adɛn ntia? Efisɛ Yehowa ho tew, na n’akwan nyinaa tene, enti ɔrentumi nsosɔ bɔne so. Bible ka Yehowa ho asɛm sɛ: “W’aniwa yɛ kronkron dodo sɛ ɛbɛhwɛ adebɔne, na wuntumi nhwɛ mma amumɔyɛ nkɔ so.” (Hab. 1:13) Enti, bɔne abɛyɛ sɛ obon kɛse bi a ɛda yɛne Onyankopɔn ntam. Yɛn mu biara rentumi ne Onyankopɔn nnya ayɔnkofa gye sɛ breegye abɛda obon no so, na yɛatumi afa so akɔ Onyankopɔn nkyɛn. Agyede no na abɛyɛ sɛ saa breegye no.

15. Yesu afɔrebɔ no, mfaso bɛn na ama yɛanya?

15 Bible ka sɛ Yesu yɛ “mpata afɔre ma yɛn bɔne.” (1 Yoh. 2:2) Greek asɛmfua a wɔkyerɛ ase “mpata afɔre” no, ebetumi akyerɛ nea wɔyɛ na ama obi ne obi ntam asan ayɛ kama. Ɔkwan bɛn so na Yesu afɔre no maa nnipa ne Yehowa ntam san yɛɛ kama? Ɛnsɛ sɛ yenya adwene sɛ Yesu wu no yɛɛ Onyankopɔn dɛ. Mmom, na ehia, sɛnea ɛbɛyɛ a Onyankopɔn remmu ɔno ankasa atɛntrenee ho mmara so. Yesu wu no maa Onyankopɔn nyaa nea obegyina so ama asomdwoe aba yɛne ne ntam. (Rom. 3:​23-26) Ɛno nti, nnipa a wɔde nokwaredi som Yehowa ansa Kristo rebewu no mpo, na Yehowa betumi ‘abu’ wɔn atreneefo. (Gen. 15:​1, 6) Ɔkwan bɛn so? Efisɛ na Yehowa nim sɛ nea ebesi biara, Yesu betua agyede no. (Yes. 46:10) Agyede no nti, yebetumi ne Onyankopɔn anya ayɔnkofa bio.

16. Ansa na wobɛkɔ afe yi Nkaedi no, dɛn bio na wubetumi adwinnwen ho? (Hwɛ mfoni no nso.)

16 Esiane sɛ wo ne Onyankopɔn ntam yɛ kama nti, hwɛ anigye a wowɔ. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, ebia wutumi frɛ Yehowa “w’Agya” sɛnea Yesu kyerɛɛ yɛn no. (Mat. 6:9) Ebi mpo a, wutumi frɛ no “w’Adamfo.” Sɛ yɛyɛ sɛ yɛbɛfrɛ Yehowa yɛn “Agya” anaa yɛn “Adamfo” a, ɛsɛ sɛ yɛda obu adi na yɛbrɛ yɛn ho ase. Adɛn ntia? Efisɛ yɛyɛ abɔnefo, na ayɔnkofa biara a yɛne Yehowa wɔ no, ɛnyɛ yɛn mmɔdenbɔ, na mmom ɛyɛ n’adom ara kwa; agyede no na ama atumi ayɛ yiye. Yehowa nam Yesu ‘mogya a ohwie guu asɛndua no so no aka nneɛma nyinaa abom, na ama asomdwoe aba Onyankopɔn ne yɛn ntam.’ (Kol. 1:​19, 20) Ɛno nti, ɛwom sɛ bɔne da so ara wɔ yɛn ho, nanso yebetumi ne Yehowa afa adamfo.

Roma asraafo rekɔbɔ Yesu asɛndua mu. Asraafo mmienu de no rekɔ asɛndua no ho, ɛnna baako kura hamma ne dadewa.

Yesu afɔrebɔ no nko ara na Yehowa betumi agyina so de yɛn bɔne akyɛ yɛn, na ama yɛne ne ntam ayɛ kama (Hwɛ nkyekyɛm 16)


AGYEDE NO MA YEHU SƐ YEHOWA WƆ MMƆBORƆHUNU

17. Ɔkwan bɛn so na agyede no ma yehu sɛ Yehowa wɔ mmɔborɔhunu? (Efesofo 2:​4, 5)

17 Agyede no ma yehu paa sɛ Yehowa “mmɔborɔhunu dɔɔso.” ‘Bere mpo a na yɛawu wɔ mfomso mu no, ɔmaa yenyaa nkwa.’ (Kenkan Efesofo 2:​4, 5.) Wɔn a “wɔwɔ koma pa a ebetumi ama wɔanya daa nkwa no,” wɔte sɛ ɔbarima a ɔdan dwiriw guu no so no. Wɔhu sɛ bɔne ne sintɔ remia wɔn denneennen, enti wɔresu hwehwɛ mmoa. (Aso. 13:48) Yehowa nso nam Ahenni ho asɛmpa no so tie saafo no sufrɛ, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbenya ɔne ne Ba Yesu ho nimdeɛ. (Yoh. 17:3) Sɛ na ɛyɛ Satan sɛ ɔbɛma Adam ne Hawa ayɛ bɔne na ama Yehowa atirimpɔw asɛe a, ɛnde, wadi nkogu pɔtɔɔ.

18. Sɛ yɛredwinnwen agyede no ho a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛma ɛtena yɛn tirim?

18 Sɛ yɛredwinnwen agyede no ho a, nea enti paa a Yehowa de mae no, ɛsɛ sɛ yɛma ɛtena yɛn tirim. Ɛwom, agyede no boa yɛn wɔ akwan pii so, nanso ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ ɛnyɛ yɛn nkwagye ne ade titiriw nti a Yehowa de agyede no mae. Nea enti paa a Yehowa de agyede no mae ne sɛ, atosɛm a Satan keka faa ne ho wɔ Eden turom hɔ no, ɔnam so bedi ho dwuma. (Gen. 3:​1-5, 15) Yehowa nam agyede no so bɛtew ne din ho, kyerɛ sɛ, efi ne nkekaawa biara a ɛwɔ ho no, obeyi afi hɔ. Afei nso, ɔnam agyede no so begye yɛn afi bɔne ne owu mu de akyerɛ sɛ, ɔyɛ Onyankopɔn a ɔwɔ ɔdɔ. Ɛno da nkyɛn a, ɛmfa ho sɛ yɛyɛ abɔnefo no, Yehowa adom yɛn ama yɛanya hokwan a yɛn nso yebetumi de akyerɛ sɛ, nsɛm a Satan keka faa ne ho no nyɛ nokware. (Mmeb. 27:11) Ɛnde, wobɛyɛ dɛn akyerɛ agyede no ho anisɔ? Yebenya saa asɛmmisa no ho mmuae wɔ adesua a edi hɔ no mu.

ƆKWAN BƐN SO NA AGYEDE NO MA YENYA . . .

  • bɔnefakyɛ?

  • anidaso sɛ yebetumi akɔ pɛyɛ mu?

  • awerɛhyem sɛ yebetumi ne Yehowa afa adamfo?

DWOM 19 Awurade Anwummeduan

a ASƐM BI MU NKYERƐKYERƐMU: Agyede yɛ biribi a wɔtua de gye obi a ne ho aka mu. Yesu afɔrebɔ wu no nso yɛ agyede, efisɛ, egye nnipa a wɔyɛ osetie fi bɔne ne owu mu.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena