MMABUN BISA SƐ
Ɔbea Ne Barima Nantew—Ɔfã 3: Yɛde Bɛso Ha Anaa Yɛbɛtoa So?
Moanantew akyɛ kakra, nanso wo tirim ntene wo wɔ nneɛma bi ho. Mobɛtoa so anaa mode bɛso hɔ ara? Kenkan asɛm yi na ɛbɛboa wo ama woahu nea ɛsɛ sɛ moyɛ.
Nea yɛrebɛka ho asɛm
Sɛ wo tirim ntene wo a, dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ?
Sɛ aberante ne ababaa nantew kyɛ kakra a, sɛnea wɔn adwene yɛɛ wɔn sɛ wɔfata wɔn ho no, ebia wɔbehu sɛ ɛnte saa. Ebetumi aba sɛ:
Baako pɛ sɛ ɔtaa kɔtenatena mpoano; baako nso pɛ sɛ ɔtaa kɔnantenantew.
Baako pɛ kasa; baako nso mpɛ kasa.
Baako ntaa nka nokware; baako nso de, ɔka nokware wɔ biribiara mu.
Saa nneɛma mmiɛnsa yi, kae sɛ ɛsono sɛnea ebiara te. Nea edi kan no, sɛ nnipa mmienu a wɔrenantew hu sɛ ɛfa wɔn ho a, nea ɛkyerɛ ne sɛ ɛsono nea wɔn mu biara ani gye ho; nea ɛtɔ so mmienu no kyerɛ sɛ ɛsono sɛnea wɔn mu biara te; nea ɛtɔ so mmiɛnsa no nso kyerɛ sɛ, ɛsono ade a obiara fa no asɛnhia wɔ abrabɔ mu.
Susuw wei ho hwɛ: Nneɛma mmiɛnsa a yɛaka ho asɛm yi, sɛ moware a, emu nea ɛwɔ he paa na anka ɛbɛyɛ den ama wo sɛ wobɛtena ho? Emu nea ɛwɔ he na mo mu biara betumi ayɛ ho biribi?
Awarefo bebree wɔ hɔ a, ɛsono nea obiara ani gye ho, ɛnna ɛsono sɛnea obiara te, nanso anigye wɔ wɔn aware no mu. Sɛnea yɛn nyinaa yenim no, sɛ yɛka sɛ awarefo fata wɔn ho a, ɛnkyerɛ sɛ nea ɔbarima no bɛyɛ no, ɛno ara bi pɛpɛɛpɛ na ɔbea no nso bɛyɛ. Awarefo bi wɔ hɔ a, nea baako pɛ no, baako nso tumi ma n’ani gye ho bi, na sɛnea baako te no, etumi boa baako no nso.a
Nanso nea ehia wo paa wɔ abrabɔ mu no, onipa a wobɛware no no, ɛsɛ sɛ ɔno nso, ɛho hia no saa ara. Ɛba Onyankopɔn som a, ɛsɛ sɛ mo gyidi yɛ baako. Nneɛma a wuhu no sɛ ɛyɛ papa ne nea wuhu no sɛ ɛyɛ bɔne no, ɛsɛ sɛ ɔno nso hu no saa ara. Sɛ wuhu sɛ saa nneɛma yi, mo adwene nhyia wɔ ho a, mmu w’ani ngu so; ebia ebehia sɛ mode so hɔ ara.
Fa no sɛ awarefo bi wɔ hɔ; ɛba nyamesom a, ɛsono obiara gyidi, anaa ɛsono ɔsom a obiara wom. Nhoma bi kaa sɛ: “Nhwehwɛmu kyerɛ sɛ awarefo a ɛsono obiara gyidi no, wɔn aware taa gu.”—Fighting for Your Marriage.
Bible mu afotusɛm: “Mo ne wɔn a wonnye nni nntwe kɔndua koro, efisɛ ɛrenyɛ yiye.”—2 Korintofo 6:14, Good News Translation.
Mode bɛso hɔ anaa mobɛtoa so?
Bible ka sɛ wɔn a wɔware no “bedi yaw ne awerɛhow.” (1 Korintofo 7:28, The New English Bible) Enti seesei a wo ne obi nam yi, sɛ yaw ne awerɛhow no bi to wo a, mma ɛnnyɛ wo nwanwa.
Sɛ nneɛma nketenkete bi sɔre mo ntam a, ɛnyɛ daa na ɛkyerɛ sɛ ɛno nti morentumi nware. Asɛm no ne sɛ, sɛ akasakasa no ba a, mubetumi aka ho asɛm asomdwoe mu? Sɛ moware a, ebehia sɛ mo mmienu nyinaa, mutumi siesie mo ntam asomdwoe mu.
Bible mu afotusɛm: “Obiara nna ayamye adi nkyerɛ ne yɔnko, nnya ayamhyehye mma ne yɔnko, na munyi mo yam mfa mo yɔnko bɔne nkyɛ no.”—Efesofo 4:32.
Nanso sɛ akasakasa taa ba mo ntam anaa nea ɛkɔfa akasakasa ba no yɛ biribi a ɛhaw adwene paa a, ɛnde ebia na momfata mo ho, enti morentumi nware. Sɛ wuhu saa a, di ho dwuma ntɛm ara na woanka sɛ mihui a anka!
Sɛ motaa gye akyinnye denneennen anaa biribi ketewaa bi a na adan asɛm a, ɛnde ebia na mo mmienu no, momfata mo ho
Nea yɛreka akosi: Nea wo ne no nam no, sɛ wuhu sɛ ɔreyɛ nneɛma bi a ɛmfa kwan mu ma enti wo tirim ntene wo wɔ ne ho, anaa wuhu sɛ mo ani mmeree sɛ mobɛware a, yɛ ho biribi; mmu w’ani ngu so!
Bible mu afotusɛm: “Onyansafo hu asiane, na ɔde ne ho sie, Na ogyimifo de, ɛno ara ne sɛ ɔrekɔ, na otwa so aba.”—Mmebusɛm 22:3.
Sɛ moyɛ mo adwene sɛ mode bɛso hɔ a, mobɛyɛ no sɛn?
Sɛ ɔbea ne barima nam, na wɔde wɔn nantew no kɔso kwan mu a, ebetumi ayɛ yaw. Nanso sɛ mo mmienu anaa baako hu nneɛma bi a ɛhaw adwene paa wɔ mo nantew no ho a, ɛnde ɛbɛyɛ a, momfa nso hɔ ara.
Moyɛ mo adwene sɛ mode mo nantew no bɛso kwan mu a, mobɛyɛ no sɛn? Ɛnsɛ sɛ moka ho asɛm wɔ email so anaa mosɛnde tɛs mɛsegye, gye sɛ biribi nti ehia sɛ moyɛ no saa. Mmom, mompɛ bere na monhwehwɛ baabi ntena na mo mmienu nyinaa monka ho asɛm, efisɛ ɛyɛ asɛnhia.
Bible mu afotusɛm: “Obiara nka nokware nkyerɛ ne yɔnko.”—Sakaria 8:16.
Sɛ mode mo nantew no kɔso kwan mu a, ɛkyerɛ sɛ moadi nkogu anaa? Daabi. Ɛnkyerɛ saa koraa. Kae sɛ saa nantew no, na ɛreboa wo ama woasi gyinae bi; ɛne sɛ wobɛware onipa no anaa worenware no. Sɛ mutwa mo nantew no so mpo a, wubetumi asua biribi papa bi afi nea ekowiei no mu.
Bisa wo ho sɛ: ‘Me suban bɛn na ɛdaa adi wɔ yɛn nantew no mu? Suban bɛn na ɛwɔ me ho a ɛsɛ sɛ mesesa? Sɛ meresan ne obi anantew bio a, nneɛma bɛn na mɛhwɛ no yiye?’
a Sɛ ɛsono sɛnea obiara te ne nea obiara ani gye ho a, ebetumi de nsɛmnsɛm aba aware no mu. Sɛ wopɛ sɛ wote wei ase yiye a, kenkan nsɛm a edidi so yi, “Mmoa a Wɔde Ma Abusua No—Bere a Mo Adwene Nhyia” ne “Mmoa a Wɔde Ma Abusua No—Suban Bi a Ɛwɔ Wo Kunu Anaa Wo Yere Ho a Ɛyɛ Wo Ahometew No, Nya Ho Adwempa.”