Imagination World/stock.adobe.com
Onyankopɔn Asɛm Ka Sɛ Anidaso Wɔ Hɔ Ma Nnipa a Wɔaguan Akɔ Obi Man So!
Afe biara, nnipa ɔpepem pii na wɔhu sɛ, sɛ wɔanguan amfi wɔn fie anaa wɔn man mu a, wɔn nkwa betumi afi wɔn nsa. Asɛm a ɛyɛ yaw sei ato wo anaa? Sɛ ebi ato wo a, nya awerɛhyem sɛ obi wɔ hɔ a obetumi aboa wo. Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ, ɔbɛma woanya asetena papa bi daakye. Saa asetena papa no, wubetumi ahu ɛho nsɛm wɔ Kyerɛw Kronkron no mu.
“Nnipa a wɔaguan akɔ obi man so ne wɔn a wɔaguan afi wɔn afie mua no hia mmoa anim-anim yi ara, na wɔsan hia . . . daakye ho anidaso nso.” European Union soafo Christos Stylianidesb na ɔkaa saa asɛm yi. Sɛ nnipa wɔ anidaso a, wɔtumi nya awerɛhyem sɛ, daakye nneɛma bɛyɛ yiye. Enti eye sɛ nnipa a wɔaguan akɔ obi man so no benya anidaso. Nanso wɔhia awerɛkyekye nso, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbetumi ayi wɔn adwene afi ɛyaw ne ateetee a wɔafa mu no so.
“Bere a ɛbaa sɛ ɛsɛ sɛ migyaw m’abusua hɔ na miguan fi me man mu no, na mayɛ basaa, na na migye me ho a, ennye. Ná ehu akyekyere me, na awerɛhow ahyɛ me mã, na na m’adwene atu afra.”—Emmanuel, ofi Haiti.
Nea Emmanuel faa mu no, worefa bi mu anaa? Sɛ woaguan afi wo fie, anaa woaguan akɔ obi man so a, ebehia sɛ wunya obi a ɔbɛkyekye wo werɛ na wama woanya anidaso. Sɛn na Onyankopɔn Asɛm Bible betumi aboa wo?
Onyankopɔn Asɛm Betumi Akyekye Wo Werɛ
Bible ka sɛ: ‘Yehowac dɔ ahɔho.’—Deuteronomium 10:17, 18.
Wei kyerɛ sɛ, wonyɛ ankonam. Yehowa Nyankopɔn, nea ɔma wɔkyerɛw Bible no, onim nea worefa mu, ɔdɔ wo, na ɔpɛ sɛ esi wo yiye paa.
Bible ka sɛ: “Yehowa bɛn wɔn a wɔfrɛ no nyinaa.”—Dwom 145:18.
Wei kyerɛ sɛ, sɛ wobɔ mpae a, Yehowa tie. Obetumi ama w’asom adwo wo. Wokenkan n’Asɛm Bible no a, afotusɛm a ɛwom no betumi aboa wo, na nea worefa mu no ammu amfa wo so.
Bible ka sɛ: “Ɛrentumi mma da sɛ nokware Nyankopɔn no bɛyɛ bɔne! . . . Ade nyinaa so Tumfo no mmu atɛnkyea.”—Hiob 34:10, 12.
Wei kyerɛ sɛ, amanehunu a worefa mu no, ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔde aba wo so. Asetena a ayɛ den ama wo no, ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔretwe w’aso, na ɛnyɛ ɔno na ɔresɔ wo ahwɛ.
Onyankopɔn Asɛm Betumi Ama Woanya Anidaso
Bible ma yehu nea Onyankopɔn bɛyɛ ama yɛn daakye. Ma yɛnhwɛ sɛnea saa anidaso yi reboa nkurɔfo a wɔaguan afi wɔn afie anaa wɔaguan akɔtena obi man so.
Bible ka sɛ: “[Onyankopɔn bɛpopa] wɔn aniwa mu nisu nyinaa, na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne yaw nso nni hɔ bio.”—Adiyisɛm 21:4.
Wei kyerɛ sɛ, daakye, yɛrenhu amane bio. Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ, ɔhaw ahorow a ɛmma yɛn ani nnye wɔ asetena mu nnɛ no, obeyi ne nyinaa afi hɔ.
“Asisisɛm ne abɔnefosɛm a atwa yɛn ho ahyia no, Onyankopɔn bɛma ɛto atwa nnansa yi ara. Saa anidaso no ma mede m’adwene si ɛda a amanehunu a ɛte saa no nyinaa to betwa no so.”—Karla, ofi El Salvador.
Bible ka sɛ: “Wɔrenkae kan nneɛma no bio, na ɛremma komam bio.”—Yesaia 65:17.
Wei kyerɛ sɛ, ateetee a yɛafa mu no, yɛrenkae nni ho yaw bio. Nneɛma bɔne a woafa mu no, Onyankopɔn bɛhwɛ sɛ ɛrenteetee wo afebɔɔ.
“Bible ahyɛ bɔ sɛ, ɛyaw ne amanehunu a yɛafa mu no, yɛrenkae bio. Saa anidaso no boa me ma mitumi gyina asetena a emu yɛ den a me ne m’abusua wom yi ano, efisɛ minim sɛ ɔhaw ne abɛbrɛsɛ a yɛrefa mu no to betwa nnansa yi ara.”—Natalia, ofi Ukraine.
Bible ka sɛ: “Ɔsoro Nyankopɔn no de ahenni bi bɛba. . . . Ebebubu ahenni ahorow yi nyinaa asɛe no.”—Daniel 2:44.
Wei kyerɛ sɛ, aban bi a edi mũ a ɛwɔ soro na ebedi asaase nyinaa so tumi. Ɛrenkyɛ, Onyankopɔn beyi nnipa aban nyinaa afi hɔ, na ɔde ɔno ankasa aban a ɛwɔ soro abesi nnipa de no ananmu. Onyankopɔn aban no de asomdwoe ne ahotɔ bɛba. Ebebu atɛntrenee ama obi biara, na obiara bedi yiye wɔ n’asetena mu.—Mika 4:3, 4.
“Minim sɛ ɔhaw ahorow te sɛ nhyɛso, nnipa mu nyiyim, bɔne a wɔde susuw obi, ne wei-fi-ha-wei-fi-ha no, ebefi hɔ nnansa yi ara, na ɛno hyɛ me nkuran paa. Saa ɔhaw yi nyinaa, Yehowa Ahenni no bɛma ɛto atwa nnansa yi ara.”—Mustafa, ofi Middle East.
Ma anidaso nsɛm a ɛwɔ Bible mu no nkyekye wo werɛ.
Afotusɛm a Efi Onyankopɔn Asɛm Mu
Afotusɛm a ɛwɔ Bible mu no betumi aboa wo ama nkakrankakra woasan agyina wo nan so. Yenim sɛ nneɛma asesa wɔ w’abrabɔ mu. Ebi mpo a woahwere wo ho nneɛma, nanso Bible betumi aboa wo na woannwinnwen bebree. Hwɛ Bible mu nsɛm a edidi so yi. Nnipa a wɔaguan afi wɔn fie anaa wɔn man mu no, aboa wɔn paa:
Bible ka sɛ: “Sɛ onipa nya agyapade ma ebu so mpo a, ɛnyɛ nneɛma a ɔwɔ no na ɛbɛma wanya nkwa.”—Luka 12:15.
Sɛnea afotusɛm yi betumi aboa wo: Ebia nea ato wo no, ama w’ani so atan wo; wokaakae nneɛma a woagyaw wɔ akyi no a, na ato wo ne nisu. Nanso kae sɛ, wowɔ nkwa a, wowɔ ade. Woda so te nkwa mu yi, ɛno nko ara dɔɔso.
“Agyapade biara nni hɔ a ɛsom bo sen nnipa nkwa. Asɛm bi wɔ hɔ a sɛ ɛto wo a, wowɔ sika sɛ dɛn koraa a, ɛrentumi mmoa wo.”—Natalia, ofi Ukraine.
Bible ka sɛ: “Nka sɛ, ‘Adɛn nti na kan nna no ye sen nnɛ?’”—Ɔsɛnkafo 7:10.
Sɛnea afotusɛm yi betumi aboa wo: Ebia nea worefa mu seesei no nyɛ agorɔ. Nanso sɛ da biara woma w’ani yɛ wo w’akyi w’akyi a, anhwɛ a w’ani rennye da.
“Mehwɛ nea ato me seesei no a, mabehu sɛ merentumi nyɛ ho hwee, enti ɛsɛ sɛ mete ase sɛ anya aba. Wei aboa me ama minnwinnwen bebree nhaw me ho.”—Eli, ofi Rwanda.
Bible ka sɛ: “Sɛ yɛwɔ nea yebedi ne nea yɛbɛhyɛ a, yɛbɛma ɛno ara asɔ yɛn ani.”—1 Timoteo 6:8.
Sɛnea afotusɛm yi betumi aboa wo: Sɛ wowɔ nea wubedi ne nea wobɛhyɛ a, ma ɛno ara nnɔɔso mma wo. Sɛ woma w’ani sɔ nea wowɔ a, woremfa nneɛma nhaw wo ho, na ɛbɛma w’asom adwo wo.
“Nneɛma de, me ne me yere ahwere bi paa. Nanso Bible aboa me ama mayi m’adwene afi nneɛma a yɛahwere no so. Seesei yɛte nkwa mu; yɛabenya baabi nso abɔ yɛn ho aguaa. Ɛno nko ara yɛ ade kɛse ma yɛn.”—Ivan, ofi Ukraine.
Bible ka sɛ: “Enti biribiara a mopɛ sɛ nnipa yɛ ma mo no, mo nso monyɛ mma wɔn saa ara.”—Mateo 7:12.
Sɛnea afotusɛm yi betumi aboa wo: Bɔ mmɔden sɛ wubenya nneɛma ho abotare. Wuhu sɛ obi hia mmoa nso a, boa no. Wei bɛboa ama wo ne obiara atena kama. Woyɛ saa a, sɛ nnipa a ɛwɔ baabi a woakɔtena no mpɛ ahɔho asɛm mpo a, ebia wo de, wɔbegye wo ama w’ani aka.
“Onipa biara pɛ sɛ wubu no, wokyerɛ no ɔdɔ, na wufi wo komam boa no. Woyɛ saa a, baabi a woatu akɔtena no, ɛhɔfo rensi wo fam koraa.”—Angelo, ofi Sri Lanka.
Bible ka sɛ: ‘Momfa mo adesrɛ nto Onyankopɔn anim. Na Onyankopɔn asomdwoe bɛbɔ mo koma ne mo adwene ho ban.’—Filipifo 4:6, 7.
Sɛnea afotusɛm yi betumi aboa wo: Ka wo komam nsɛm nyinaa kyerɛ Onyankopɔn. Nea wuhia, nea ɛbɔ wo hu, nea agyaw wo adwinnwen, ne sɛnea wote nka nyinaa, fa to n’anim. Mpae a ɛte saa no, ɛtew adwinnwen so. Wo haw no, sɛ ɛso sɛ dɛn koraa a, ɛremmubu wo.
“Mpaebɔ de, ɛno ara ne me haw ano aduru. Mihyia ɔhaw pɛ, mede to Onyankopɔn anim, na ɔno nso tie me. Nneɛma a masua afi Bible mu nso ama manya asomdwoe; meda a na mada.”—Yol, ofi South Sudan.
“Asɛm a ato me no ani soso, nanso Bible mu afotusɛm ama manya asomdwoe wɔ me koma mu. Wuhu me a, anhwɛ a wobɛka sɛ minni haw.”—Valentina, ofi Ukraine.
“Yehowa Nyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ daakye ɔbɛma yɛn ho atɔ yɛn. Sɛ midwinnwen wei ho a, ɛhyɛ me den paa.”—Emmanuel, ofi Haiti
Bible ahyɛ bɔ sɛ Onyankopɔn bɛkyekye yɛn werɛ na wama yɛn anidaso. Wopɛ sɛ wuhu saa bɔhyɛ no ho nsɛm pii ne nea enti a wubetumi agye adi anaa? Ɛnde ma nea ɔde saa kratawa yi maa wo, anaa Yehowa Danseni biara mmɛsra wo. Wɔne wo besua Bible a worentua hwee. Wɔn ani begye paa sɛ wɔbɛba abɛboa wo.
a Amanaman Nkabom no wɔ nkorabata bi a ɛboa wɔn a wɔaguan afi wɔn fie. Wɔkyerɛ sɛ, sɛ yɛka sɛ obi aguan afi ne fie a, ɛnyɛ wɔn a wɔakɔtena ɔman foforo so nko ara. Mmom wɔn a wɔaguan afi wɔn fie akɔtena baabi foforo wɔ wɔn ankasa wɔn man mu no ka ho bi.
b Ɔyɛ European Union soafo a ɔhwɛ boa wɔn a ade ahia wɔn anaa asɛm ato wɔn.
c Yehowa yɛ Onyankopɔn din. (Dwom 83:18) Hwɛ asɛm a yɛato din “Hena Ne Yehowa?”