Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • ijwbq asɛm 51
  • Bible Betumi Aboa Ama M’abusua Anya Anigye Anaa?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bible Betumi Aboa Ama M’abusua Anya Anigye Anaa?
  • Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Bible ka
  • Wubetumi Abɔ W’aware Ho Ban!
    Nyan!—2001
  • “Momma Aware Ho Mmra Nyam”
    “Momfa Mo Ho Nsie Onyankopɔn Dɔ Mu”
  • Nya Ahofama wɔ W’aware Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
  • Sɛnea Wobɛma W’aware Ayɛ Anigye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
Hwɛ Pii Ka Ho
Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
ijwbq asɛm 51

Bible Betumi Aboa Ama M’abusua Anya Anigye Anaa?

Nea Bible ka

Aane. Bible mu afotu aboa nnipa ɔpepem pii ama wɔn abusua ani agye. Ebi ni:

  1. Fa w’aware hyɛ mmara ase. Sɛ awarefo de wɔn aware hyɛ mmara ase a, ɛma wɔn ani gye.​—Mateo 19:4-6.

  2. Dɔ wo hokafo na bu no. Nea wopɛ sɛ wo kunu anaa wo yere yɛ ma wo no, wo nso yɛ saa ara ma no.​—Mateo 7:12; Efesofo 5:25, 33.

  3. Nkasa ntia wo hokafo. Sɛ wo kunu anaa wo yere ka biribi na anyɛ wo dɛ anaasɛ ɔyɛ biribi ma ɛhaw wo mpo a, nkasa ntia no. (Efesofo 4:31, 32) Bible ka wɔ Mmebusɛm 15:1 sɛ: “Mmuae bɔkɔɔ ma abufuw twa, na asɛm a ɛyɛ yaw hyɛ abufuw.”

  4. Di nokware ma wo hokafo. Ɛnsɛ sɛ wunya obi foforo biara ho akɔnnɔ anaa wo ne no da, gye wo hokafo nko ara. (Mateo 5:28) Bible ka sɛ: “Mo nyinaa, momma aware ho mmra nyam, na munngu aware mpa ho fĩ.”​—Hebrifo 13:4.

  5. Tete wo mma wɔ ɔdɔ mu. Ɛnsɛ sɛ wohyɛ wo ba abahyɛbɔne. Saa ara nso na ɛnsɛ sɛ wopoopoo no.​—Mmebusɛm 29:15; Kolosefo 3:21.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena