Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • ijwbq asɛm 52
  • Adɛn Nti na Yɛwɔ Wiase?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Adɛn Nti na Yɛwɔ Wiase?
  • Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Bible ka
  • Adɛn Nti Na Onyankopɔn Bɔɔ Yɛn Baa Wiase?
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
  • Asɛmmisa 1: Dɛn Nti na Mebaa Wiase?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • Dɛn Na Ɛma Asetra Di Mũ?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
  • Wubetumi Ne Yehowa Afa Adamfo
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
Hwɛ Pii Ka Ho
Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
ijwbq asɛm 52

Adɛn Nti na Yɛwɔ Wiase?

Nea Bible ka

Nkurɔfo a wɔpɛ sɛ wɔhu nea enti a yɛwɔ wiase no taa bisa sɛ, Dɛn koraa na yɛregye wɔ asase so? Ebinom nso tumi bisa sɛ, Dɛn nti koraa na mete ase? Bible ma yɛhu sɛ, nea enti a nnipa te nkwa mu ne sɛ yɛne Onyankopɔn bɛfa adamfo. Wo de, hwɛ Bible mu nokwasɛm a edidi so yi.

  • Onyankopɔn ne yɛn Bɔfo. Bible ka sɛ: “[Onyankopɔn] na ɔyɛɛ yɛn, na ɛnyɛ yɛn ankasa.”​—Dwom 100:3; Adiyisɛm 4:11.

  • Nea Onyankopɔn abɔ biara, wammɔ no kwa. Enti nnipa nso, atirimpɔw bi nti na ɔbɔɔ yɛn.​—Yesaia 45:18.

  • Sɛnea Onyankopɔn bɔɔ yɛn nti, yɛwɔ “honhom mu ahiade.” Esiane saa honhom mu ahiade no nti, nnipa pɛ sɛ wɔhu nea enti a yɛwɔ wiase. (Mateo 5:3) Onyankopɔn pɛ sɛ yɛn nsa ka saa ahiade no.​—Dwom 145:16.

  • Sɛ yɛne Onyankopɔn fa adamfo a, ɛbɛma yɛanya yɛn honhom fam ahiade. Ebinom wɔ hɔ a, sɛ woka sɛ wɔbɛtumi ayɛ Onyankopɔn nnamfo a, wɔnnye nni. Nanso, Bible hyɛ yɛn nkuran sɛ: “Mommɛn Onyankopɔn na ɔbɛbɛn mo.”​—Yakobo 4:8; 2:23.

  • Nea enti a Onyankopɔn bɔɔ yɛn no, ɛsɛ sɛ yɛbɔ yɛn bra ma ɛne no hyia. Ɛno ansa na yɛbɛtumi abɛyɛ Onyankopɔn adamfo. Bible ka nea enti a Onyankopɔn bɔɔ yɛn kyerɛ yɛn wɔ Ɔsɛnkafo 12:13: “Nya obu ma Onyankopɔn, na di n’ahyɛde so, efisɛ ɛno nti na ɔbɔɔ yɛn.”​—Good News Translation.

  • Daakye, Onyankopɔn bɛyi amanehunu afi hɔ, na wɔn a wɔsom no na wɔyɛ ne nnamfo no, ɔbɛma wɔn daa nkwa. Saa bere no, nea enti a Onyankopɔn bɔɔ nnipa no bɛyɛ hɔ.​—Dwom 37:10, 11.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena