Ɛsɛ Sɛ Kristofo Di Homeda Anaa?
Nea Bible ka
Onyankopɔn nka nkyerɛɛ Kristofo sɛ wɔnni homeda nnawɔtwe biara. Kristofo hyɛ “Kristo mmara no ase.” Kristo mmara no nso de, biribiara nnim a ɛkyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ Kristofo di Homeda. (Galatifo 6:2; Kolosefo 2:16, 17) Ɛdɛn na yegyina so reka saa? Nea edi kan, ma yɛnhwɛ nea ɛyɛe a Homeda no bae.
Ɛdɛn ne Homeda no?
Asɛmfua “homeda” no, efi Hebri kasa mu. Ɛkyerɛ sɛ obi “bɛhome afi biribi ho,” anaa “obegyae biribi yɛ.” Bere a edi kan a Bible kaa Homeda ho asɛm no, na ɛyɛ bere a Yehowa de ahyɛde rema tete Israel man no. (Exodus 16:23) Ɛho nhwɛso ni. Mmara Nsɛm Du no, nea ɛtɔ so nnan no ka sɛ: “Kae Homeda no na yɛ no kronkron. Adwuma biara a wowɔ yɛ no, fa nnansia yɛ, nanso da a ɛto so ason no de, ɛyɛ Homeda ma Yehowa wo Nyankopɔn. Nyɛ adwuma biara.” (Exodus 20:8-10) Homeda no, na ɛhyɛ ase Fida anwummere bere a owia akɔtɔ kosi Memeneda anwummere bere a owia akɔtɔ. Edu saa bere no a, na ɛnsɛ sɛ Israelni biara fi baabi a ɔwɔ na ɔkɔ baabiara. Afei nso, na ɛnsɛ sɛ ɔsɔ gya, ɔkɔpɛ anyina, anaa ɔsoa nneɛma biara. (Exodus 16:29; 35:3; Numeri 15:32-36; Yeremia 17:21) Sɛ obi bu Homeda mmara no so a, na wɔkum no.—Exodus 31:15.
Yudafo kalenda so no, na nna foforo wɔ so a, ɛno nso yɛ home nna. Afei nso, na afe a ɛtɔ so 7 biara yɛ home afe, ɛnna afe a ɛtɔ so 50 biara nso yɛ home afe. Edu ɔhome mfe no a, na Israelfo no nnɔw afuw, na sɛ Israelni bi de ne yɔnko Israelni ka a, na ɔnnan no ka.—Leviticus 16:29-31; 23:6, 7, 32; 25:4, 11-14; Deuteronomium 15:1-3.
Afɔre a Yesu bɔe no maa Homeda ho mmara no twaam
Adɛn nti na ɛnsɛ sɛ Kristofo di Homeda ho mmara no so?
Homeda ho mmara no, na ɛka Mose Mmara no ho. Enti wɔn a Onyankopɔn de Mose Mmara no maa wɔn no, wɔn na na Onyankopɔn hwɛ kwan sɛ wɔbedi saa mmara no so. (Deuteronomium 5:2, 3; Hesekiel 20:10-12) Onyankopɔn anka da sɛ wɔn a wɔnyɛ Israelfo nyi bere bi nsi hɔ a wɔde bɛhome. Afei nso, afɔre a Yesu Kristo bɔe no nti, Yudafo no mpo, ‘wɔasan wɔn afi Mmara no ho.’ Mmara Nsɛm Du no nso, na ɛka Mose Mmara no ho. (Romafo 7:6, 7; 10:4; Galatifo 3:24, 25; Efesofo 2:15) Kristofo nni Mose Mmara no so, mmom wɔdi mmara a ɛkorɔn a ɛne ɔdɔ mmara no so.—Romafo 13:9, 10; Hebrifo 8:13.
Nsɛm a ɛnyɛ nokware a nkurɔfo ka fa Homeda ho
Asɛm a ɛnyɛ nokware: Bere a Onyankopɔn bɔɔ ade wiei a ɔhomee da a ɛtɔ so nson no, saa bere no na ɔde Homeda no bae.
Asɛm a ɛyɛ nokware: Bible ka sɛ: “Onyankopɔn hyiraa da a ɛto so ason no, na ɔtew ho, efisɛ ɛno mu na Onyankopɔn home fii n’adwuma a ɔbɔe na ɔyɛe nyinaa ho.” (Genesis 2:3, Akuapem Twi Bible a The Bible Society of Ghana Yɛe) Nea Onyankopɔn yɛe wɔ adebɔ da a ɛtɔ so nson no na kyerɛwsɛm yi ka ho asɛm, na ɛnyɛ mmara bi na na ɔde rema nnipa sɛ yenni so. Ansa na Mose Mmara no reba no, na Bible nkaa wɔ baabiara sɛ onipa bi ahome afi n’adwuma ho.
Asɛm a ɛnyɛ nokware: Ná Israelfo no hyɛ Homeda ho mmara no ase dedaw ansa na Yehowa de Mose Mmara no rema wɔn.
Asɛm a ɛyɛ nokware: Mose ka kyerɛɛ Israelfo no sɛ: “Yehowa yɛn Nyankopɔn ne yɛn yɛɛ apam wɔ Horeb,” wɔ Sinai Bepɔw no ho. Saa apam no, na Homeda ho mmara no ka ho. (Deuteronomium 5:2, 12) Nea Israelfo no yɛe wɔ Homeda no ho no ma yehu sɛ na ɛyɛ ade foforo ma wɔn. Onyankopɔn ka kyerɛɛ Israelfo no sɛ, ɔde Homeda ho mmara no rema wɔn na akae wɔn sɛnea ogyee wɔn fii Egypt no. Sɛ na Israelfo no hyɛ Homeda ho mmara bi ase dedaw bere a na wɔwɔ Egypt no a, na ɛbɛyɛ dɛn na sɛ wɔdi Homeda no a, akae wɔn biribi a na wɔyɛ dedaw? (Deuteronomium 5:15) Adɛn nti na na ɛsɛ sɛ Yehowa san ka kyerɛ wɔn sɛ, ɛnsɛ sɛ wɔsesaw mana wɔ ɛda a ɛtɔ so nson no? (Exodus 16:25-30) Afei, sɛ na wɔadi Homeda no fi bere tenten a, adɛn nti na bere a edi kan a obi buu Homeda ho mmara no so no, na wɔnhu nea wɔnyɛ?—Numeri 15:32-36.
Asɛm a ɛnyɛ nokware: Homeda ho apam no, ɛyɛ apam a ɛbɛtena hɔ afebɔɔ, enti ɛnnɛ nyinaa, ɛsɛ sɛ yedi so.
Asɛm a ɛyɛ nokware: Bible ahorow bi ka Homeda ho asɛm sɛ ɛyɛ “apam afebɔɔ.” (Exodus 31:16, Akuapem Twi Nkwa Asɛm) Nanso, Hebri asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “afebɔɔ” no, ɛnyɛ bere nyinaa na ɛkyerɛ sɛ ɛbɛtena hɔ daa. Etumi nso kyerɛ, “ɛbɛtena hɔ akyɛ.” Ɛho nhwɛso ni. Hebri asɛmfua koro no ara na Bible de kaa Israelfo asɔfodi ho asɛm. Nanso, Onyankopɔn maa saa asɔfodi no baa awiei bɛyɛ mfe 2,000 a atwam ni.—Exodus 40:15; Hebrifo 7:11, 12.
Asɛm a ɛnyɛ nokware: Yesu dii Homeda, enti ɛsɛ sɛ Kristofo nso di Homeda.
Asɛm a ɛyɛ nokware: Nea enti a Yesu dii Homeda ne sɛ, wɔwoo no sɛ Yudani, enti na ɛsɛ sɛ odi Mose Mmara no so fi bere a wɔwoo no no. (Galatifo 4:4) Yesu wu akyi no, Onyankopɔn yii Mmara apam no fii hɔ, na na Homeda no ka ho.—Kolosefo 2:13, 14.
Asɛm a ɛnyɛ nokware: Bere a ɔsomafo Paul bɛyɛɛ Kristoni no, na ɔda so di Homeda.
Asɛm a ɛyɛ nokware: Ɛwom sɛ Paul kɔɔ Yudafo hyia adan mu Homeda de, nanso na ɔnkɔ hɔ sɛ ɔne Yudafo no rekɔsom. (Asomafo Nnwuma 13:14; 17:1-3; 18:4) Mmom, saa bere no, na Yudafo no tumi to nsa frɛ obi ma ɔbɛkasa kyerɛ wɔn a na wɔahyiam wɔ hyiadan mu resom no. Ɛno nti na Paul kɔkaa asɛmpa no kyerɛɛ wɔn wɔ hɔ no. (Asomafo Nnwuma 13:15, 32) Ɛnyɛ Homeda nko ara na na Paul ka asɛmpa no, mmom, na ɔka asɛmpa no “da biara.”—Asomafo Nnwuma 17:17.
Asɛm a ɛnyɛ nokware: Kristofo nso wɔ Homeda. Ɛyɛ Kwasida.
Asɛm a ɛyɛ nokware: Ahyɛde biara nni Bible mu a ɛka kyerɛ Kristofo sɛ, nnawɔtwe no da a edi kan a ɛyɛ Kwasida no, wɔmfa nnye wɔn ahome, na wɔmfa nsom Onyankopɔn. Tete Kristofo no de, na wɔbu Kwasida sɛ ɛda foforo biara, enti na wɔyɛ adwuma Kwasida. Nhoma bi a ɛka Bible ho asɛm ka sɛ: “[Roma ɔhempɔn bosonsonni] Constantine hyɛɛ mmara sɛ, ɛnsɛ sɛ ɔmanfo no yɛ nnwuma pɔtee bi Kwasida. Efi hɔ no na nkurɔfo fii ase nyaa adwene sɛ Kwasida yɛ homeda. Saa bere no, na ɛyɛ Yesu wu akyi bɛyɛ mfe 300.”—The International Standard Bible Encyclopedia.a
Bible mu nsɛm bi a ɛma ɛyɛ sɛ gyama Kwasida yɛ da titiriw bi no nso ɛ? Bible ka sɛ, ɔsomafo Paul ne ne nuanom Kristofo didii wɔ “da a edi kan wɔ nnawɔtwe no mu” a ɛyɛ Kwasida. Nea enti a Paul yɛɛ saa ne sɛ, na ade kye a obefi wɔn nkyɛn akɔ, enti, na ɔne wɔn redi nkra. Ná ɛnyɛ sɛ Kwasida yɛ da titiriw nti na ɔyɛɛ saa. (Asomafo Nnwuma 20:7) Bere bi nso, ɔsomafo no ka kyerɛɛ nsafo ahorow bi sɛ, “nnawɔtwe biara mu da a edi kan” a ɛyɛ Kwasida no, obiara nyi sika bi nsie na wɔmfa nkɔboa anuanom. Nanso wei de, na ɛyɛ nyansahyɛ a ɔsomafo no de rema ankoroankoro. Saa sika no, na wɔmfa nkɔ baabi a wɔhyiam no, mmom, na wɔde sie wɔ wɔn fie.—1 Korintofo 16:1, 2.
Asɛm a ɛnyɛ nokware: Ɛyɛ bɔne sɛ nnawɔtwe biara obi beyi da koro asi hɔ sɛ ɔde regye n’ahome na ɔde asom Onyankopɔn.
Asɛm a ɛyɛ nokware: Ɛno de, Bible gyaw ma Kristoni biara sɛ ɔno ara nsi ho gyinae.—Romafo 14:5.
a Hwɛ New Catholic Encyclopedia, Second Edition, Volume 13, kratafa 608 nso.