Ɔbarima Ne Ɔbea Nantew—Yehowa Adansefo Ahyehyɛ Ho Mmara Anaa?
Yehowa Adansefo gye di sɛ ahyɛde a ɛwɔ Bible mu ne afotusɛm a ɛnsesa da a ɛwom no, ebetumi aboa yɛn ama yɛasisi gyinae a ɛsɔ Onyankopɔn ani, na ɛso aba yɛn mfaso. (Yesaia 48:17, 18) Saa ahyɛde ne afotu no, ɛnyɛ yɛn Yehowa Adansefo na yɛhyehyɛe, nanso yɛde bɔ yɛn bra. Ma yɛnhwɛ sɛnea saa ahyɛde ne afotu no bi fa ɔbarima ne ɔbea nantew ho.a
Aware, yɛnkɔ nsan. (Mateo 19:6) Yehowa Adansefo de, yebu ɔbarima ne ɔbea nantew sɛ biribi a ebetumi akowie aware mu. Enti yɛfa no aniberesɛm.
Ɔbarima ne ɔbea nantew, ɛnyɛ mmofra asɛm. Ɛwɔ hɔ ma nnipa a wɔanyinyin. Nnipa a wɔte saa no ‘nyɛ mmofra bio,’ kyerɛ sɛ, saa nkurɔfo no atwam wɔ bere a nnipa nya nna ho akɔnnɔ a emu yɛ den paa no.—1 Korintofo 7:36.
Ɔbarima ne ɔbea a wɔpɛ sɛ wɔnantew no, ɛsɛ sɛ wɔyɛ nkurɔfo a biribiara nsiw wɔn kwan sɛ wɔbɛware. Onyankopɔn ani so no, ade baako pɛ na obi betumi agyina so agyae aware na wasan aware bio. Ɛno ne aguamammɔ. Enti nnipa bi wɔ hɔ a, wɔagyae aware wɔ mmara mu, nanso Onyankopɔn ani so de, wɔnni kwan sɛ wɔsan ware.—Mateo 19:9.
Bible ka sɛ, sɛ Kristoni bi pɛ sɛ ɔware a, obi a ɔne no wɔ gyidi baako nko ara na ɛsɛ sɛ ɔware no. (1 Korintofo 7:39) Saa ahyɛde yi, Yehowa Adansefo te ase sɛ, ɛsɛ sɛ wɔware obi a ɔyɛ Yehowa Danseni a wabɔ asu, na ɔde nea Yehowa Adansefo gye di rebɔ ne bra, ɛnyɛ obi a ɔkyerɛ sɛ ɔte nea Yehowa Adansefo gye di ase kɛkɛ. (2 Korintofo 6:14) Efi tete besi nnɛ, Onyankopɔn aka akyerɛ ne nkurɔfo sɛ wɔnware wɔn a wɔne wɔn wɔ gyidi baako. (Genesis 24:3; Malaki 2:11) Saa ahyɛde yi, mfaso wɔ so paa, na nkurɔfo a wɔyɛ nhwehwɛmu nnɛ ahu sɛ ɛyɛ nokwasɛm.b
Ɛsɛ sɛ mmofra tie wɔn awofo asɛm. (Mmebusɛm 1:8; Kolosefo 3:20) Nea wei kyerɛ ne sɛ, mmerante ne mmabaa a wɔda so ne wɔn awofo te no, nea wɔn awofo bɛka afa ɔbarima ne ɔbea nantew ho no, ɛsɛ sɛ wɔtie. Enti awofo no betumi akyerɛ mfe a wɔn ba aberante anaa ababaa bedi ansa na wɔapene so ama ɔne obi anantew. Saa ara nso na wɔbetumi akyerɛ nneɛma a wɔbɛma kwan ama wɔn ba aberante anaa ababaa a ɔne obi renantew no ayɛ.
Sɛ Yehowa Danseni bi pɛ sɛ ɔne obi nantew a, ɔno ankasa na osi ho gyinae. Ɔno ankasa nso na ɔkyerɛ onipa a ɔpɛ sɛ ɔne no nantew. Ne nyinaa mu no, ɔma Kyerɛwnsɛm no kyerɛ no nea ɛfata sɛ ɔyɛ. Wei ne nokwasɛm bi a ɛnsesa da hyia. Ɛne sɛ: “Obiara bɛsoa n’ankasa adesoa.” (Galatifo 6:5, ase hɔ asɛm) Ne nyinaa akyi no, Yehowa Adansefo bebree no ara, sɛ wɔpɛ sɛ wɔne ɔbarima anaa ɔbea bi nantew a, wɔde wɔn ani to fam kɔ Yehowa Adansefo a wɔn ho akokwaw na wɔnim sɛ wɔpɛ sɛ esi wɔn yiye no nkyɛn kogye afotu.—Mmebusɛm 1:5.
Nneyɛe pii taa kɔ so wɔ ɔbarima ne ɔbea nantew mu a, nokwasɛm ne sɛ, ɛyɛ bɔne a emu yɛ duru. Ɛho nhwɛso bi ni. Bible ka sɛ, ɛnsɛ sɛ yɛbɔ aguaman. Yɛka aguamammɔ a, ebi ne sɛ, ɔbarima ne ɔbea a wɔnwaree bɛda. Afei nso, sɛ ɔbarima bi nwaree ɔbea bi, na ɔde ne nsa hyehyɛ ɔbea no ase anaa ɔtafere n’ase, anaa ɔne no da wɔ ne to a, ɛyɛ aguamammɔ. Saa ara na sɛ ɔbea no nso tafere ɔbarima no dua ho a, ɛyɛ aguamammɔ. (1 Korintofo 6:9-11) Sɛ ɔbarima ne ɔbea bi nwaree, na wɔyɛ nneɛma bi a ebetumi akanyan nna ho akɔnnɔ wɔ wɔn mu a, ɛwom sɛ wɔmmɔɔ aguaman de, nanso nneyɛe a ɛte saa no yɛ “ɔbra fĩ” wɔ Onyankopɔn ani so. (Galatifo 5:19-21) Bible kasa tia nkɔmmɔ a “kasafĩ” wom nso.—Kolosefo 3:8.
Bible ka sɛ, onipa koma, anaa sɛnea onipa te wɔ ne mu no, ebetumi adaadaa no. (Yeremia 17:9) Obi koma betumi adaadaa no ama wayɛ nneɛma bi a ɔno ara nim sɛ ɛyɛ bɔne. Nea ɛbɛyɛ na ɔbarima ne ɔbea bi a wɔrenantew koma nnaadaa wɔn no, ɛnsɛ sɛ wɔma ɛka wɔn mmienu nko ara wɔ baabi, na anyɛ sɔhwɛ amma wɔn. Ɔbarima ne ɔbea a wɔpɛ sɛ wɔnantew no betumi ne nnipakuw bi a wɔn suban yɛ papa abom ayɛ nneɛma, anaasɛ wɔbetumi apɛ obi a ne suban yɛ papa aka wɔn ho wɔ baabiara a wɔbɛkɔ. Wɔyɛ saa a, ɛbɛbɔ wɔn ho ban. (Mmebusɛm 28:26) Kristofo a wɔnwaree a wɔrepɛ obi aware no nim sɛ, ɛyɛ hu sɛ wɔbɛkɔ Intanɛt so akɔhwehwɛ obi a wɔbɛware no. Wɔnim sɛ, nea ɛyɛ hu koraa ne sɛ wɔne obi a ɔte saa a wɔnnim no yiye bɛyɛ aware nhyehyɛe.—Dwom 26:4.
a Nnipakuw bi wɔ hɔ a, wɔn amammerɛ ne sɛ, ansa na ɔbarima ne ɔbea bi bɛware no, ɛsɛ sɛ wɔdi kan nantew; ebinom nso wɔ hɔ a, wɔnyɛ saa. Bible nka sɛ ehia sɛ ɔbarima ne ɔbea di kan nantew ansa na wɔaware. Saa ara nso na Bible nka sɛ nantew a ɔbarima ne ɔbea di kan nantew no, ɛno nko ara na ɛbɛma wɔatumi aware.
b Nhwɛso bi ni. Asɛm bi a epuei wɔ nhoma bi mu fa nhwehwɛmu mmiɛnsa bi a ɛkɔ akyiri a wɔyɛe wɔ aware a ɛtena hɔ kyɛ ho (kyerɛ sɛ, aware a adi fi mfe 25-50, ne akyi). Wɔbehui sɛ, sɛ awarefo bi wɔ ɔsom baako mu na wɔkura gyidi baako a, ɛboa paa ma wɔn aware no tena hɔ kyɛ.”—Marriage & Family Review, Volume 38, issue 1, page 88 (2005).