Kyakyatow—Ɛyɛ Bɔne Anaa?
Nea Bible ka
Bible nka kyakyatow ho asɛm nkɔ akyiri, nanso Bible nnyinasosɛm ma yehu sɛ, Onyankopɔn ani so no, ɛyɛ bɔne.—Efesofo 5:17.a
Adifudepɛ na ɛma nkurɔfo tow kyakya. Adifudepɛ nso de, Onyankopɔn kyi. (1 Korintofo 6:9, 10; Efesofo 5:3, 5) Nea esi nkurɔfo a wɔtow kyakya ani so ara ne sɛ, ebinom bɛbɔ ka, na wɔn de, wɔn bɔtɔ mu ayɛ dɛ. Nanso, Bible kasa tia nkurɔfo a wɔn ani bere afoforo ade.—Exodus 20:17; Romafo 7:7; 13:9, 10.
Sɛ obi tow kyakya, na sika a ɛda so no, ɛyɛ sika ketewaa bi mpo a, ebetumi ama saa nipa no ayɛ sikanibere. Na sikanibere nso de, ɛda owu afã.—1 Timoteo 6:9, 10.
Nkurɔfo a wɔtow kyakya no, mpɛn pii no, wɔde wɔn ho to gyidihunu so, anaa wɔbɔ mpae sɛ wɔn ti nyɛ yiye. Nanso, Onyankopɔn ani so no, gyidihunu a ɛte saa yɛ abosonsom, na abosonsom nso de, Onyankopɔn ani nnye ho koraa.—Yesaia 65:11.
Nnipa binom pɛ sɛ wɔnya wɔn ho bere a wɔmmrɛ, nanso suban a ɛte saa de, Bible nhyɛ ho nkuran. Mmom, ɛhyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnyɛ adwumaden. (Ɔsɛnkafo 2:24; Efesofo 4:28) Nkurɔfo a wɔde Bible afotu yi yɛ adwuma no, wɔbetumi ‘adi aduan a wɔn ankasa abrɛ anya.’—2 Tesalonikafo 3:10, 12.
Kyakyatow betumi ama obi de anibere asi akan. Nanso, Bible kasa tia subammɔne a ɛte saa.—Galatifo 5:26.
a Bible ka Roma asogyafo bi ho asɛm sɛ, wɔde adifudepɛ ‘bɔɔ Yesu ataade so ntonto’ (anaa wɔtow so “kyakya”). Ɛno nko ara ne baabi a Bible ka biribi fa kyakyatow ho.—Mateo 27:35; Yohane 19:23, 24; Contemporary English Version; Good News Translation.