Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • ijwfq asɛm 48
  • Sɛ Obi Yɛ Yehowa Danseni a, Obetumi Agyae Anaa?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sɛ Obi Yɛ Yehowa Danseni a, Obetumi Agyae Anaa?
  • Nsɛm a Nkurɔfo Taa Bisa Fa Yehowa Adansefo Ho
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Na sɛ obi gyae asafo nhyiam anaa asɛnkakɔ nso ɛ? Mubu saa nipa no sɛ wagyae mo som no anaa?
  • Ɔsom Biako na Ɛbɛka
    Nyan!—1996
  • Sɛnea Wɔahyehyɛ Nneɛma Wɔ Kristofo Asafo No Mu
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
  • Muntie Mo Mpanyimfo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
  • Yɛn Ho A Yɛde Bɛhyɛ Ɔsom Kronn Mu Ama Nkwagye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
Hwɛ Pii Ka Ho
Nsɛm a Nkurɔfo Taa Bisa Fa Yehowa Adansefo Ho
ijwfq asɛm 48
Ɔbarima bi repue afi Ahenni Asa so

Sɛ Obi Yɛ Yehowa Danseni a, Obetumi Agyae Anaa?

Aane. Obi betumi afa akwan mmienu yi so afi yɛn som no mu:

  • Obetumi de n’ano aka anaa wakyerɛw. Sɛ obi si gyinae sɛ ɔmpɛ sɛ ɔyɛ Yehowa Danseni bio a, obetumi de n’ano aka ho asɛm anaa wɔakyerɛw krataa abrɛ yɛn.

  • Obetumi de ne nneyɛe akyerɛ. Obi betumi ayɛ biribi de akyerɛ sɛ ɔmpɛ sɛ ɔyɛ Yehowa Danseni bio. (1 Petro 5:9) Sɛ nhwɛso no, obetumi akɔ asɔre foforo, na wakyerɛ sɛ ɔbɛkɔ so ne wɔn asom.​—1 Yohane 2:19.

Na sɛ obi gyae asafo nhyiam anaa asɛnkakɔ nso ɛ? Mubu saa nipa no sɛ wagyae mo som no anaa?

Dabi, yemmu no saa. Ɛsono sɛ obi bɛka sɛ watwe ne ho anaa ɔmpɛ sɛ ɔyɛ Yehowa Danseni bio, ɛnna ɛsono sɛ ne gyidi ayɛ mmerɛw. Ebinom wɔ hɔ a ahokeka a wɔde som Onyankopɔn no ano abrɛ ase. Ebi nso tumi gyae Onyankopɔn som. Nanso, mpɛn pii no, wobɛhwɛ na wɔn abam na abu, ɛnyɛ sɛ wɔmpɛ sɛ wɔyɛ Yehowa Adansefo bio. Enti sɛ anka yebeyi saafo no baako ahyɛ wɔn nsa no, yɛbɔ mmɔden kyekye wɔn werɛ, na yɛboa wɔn. (1 Tesalonikafo 5:14; Yuda 22) Sɛ onii no hia mmoa a, asafo mu mpanyimfo bedi anim aboa no ma wasan agyina ne nan so.​—Galatifo 6:1; 1 Petro 5:1-3.

Nanso, mpanyimfo no nni hokwan sɛ wɔhyɛ obi sɛ ɔnkɔ so ara nyɛ Yehowa Danseni. Sɛ obi ne yɛn bɛsom oo, sɛ ɔne yɛn rensom oo, ɛyɛ ɔno ara asɛm. (Yosua 24:15) Yɛn de, yegye di sɛ, ɛnsɛ sɛ wɔhyɛ obiara ma ɔsom Onyankopɔn, mmom ɛsɛ sɛ obiara fi ne koma mu yɛ saa.​—Dwom 110:3; Mateo 22:37.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena