Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • ijwbq asɛm 115
  • Dɛn Ne Ahohiahia Kɛse No?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn Ne Ahohiahia Kɛse No?
  • Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Bible ka
  • “Mo Gyeɛ Rebɛn”!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • Kɔ so di nokware wɔ “ahohiahia kɛse” no mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2019
  • Asomdwoe, Ahotɔ, ne ‘Aboa no Honi No’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
  • Ɔhene no Ko Wɔ Harmagedon
    “W’Ahenni Mmra”
Hwɛ Pii Ka Ho
Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
ijwbq asɛm 115
Nnipa a wɔanya wɔn ti adidi mu wɔ ahohiahia kɛse no mu; wɔaka abom na obiara kura ne yɔnko mu denneennen

Dɛn Ne Ahohiahia Kɛse No?

Nea Bible ka

Sɛ ahohiahia kɛse no ba a, ɔhaw a ɛso bi mmaa da bɛba adasamma so. Bible nkɔmhyɛ ma yehu sɛ “awiei mmere,” anaa “awiei bere” mu na ɛbɛba. (2 Timoteo 3:1; Daniel 12:4) Ɛka sɛ, ɛbɛyɛ “ahohiahia bere. Efi Onyankopɔn adebɔ mfiase de besi saa bere no, ebi mmae da, na ebi nso remma bio.”—Marko 13:19; Daniel 12:1; Mateo 24:21, 22.

Nea ɛbɛkɔ so wɔ ahohiahia kɛse no mu

  • Wɔbɛsɛe atorosom. Ɔsɛe bɛba atorosom so prɛko pɛ. (Adiyisɛm 17:1, 5; 18:9, 10, 21) Amanaman Nkabom no begyina wiase atumfoɔ no ananmu asɛe atorosom ama Onyankopɔn apɛde aba mu.—Adiyisɛm 17:3, 15-18.a

  • Wɔbɛtow ahyɛ nokwaresom so. Hesekiel anisoadehu no ka sɛ, “Gog a ofi Magog asaase so” a ogyina hɔ ma amanaman bi a wɔbɛka wɔn ho abom no betu wɔn ani asi nokwaresom so, na wɔbɛbɔ mmɔden sɛ wɔbɛtɔre nokware asomfo ase. Nanso wɔrentumi, efisɛ Onyankopɔn bɛbɔ n’asomfo ho ban.—Hesekiel 38:1, 2, 9-12, 18-23.

  • Wɔbebu asaase sofo atɛn. Yesu bebu nnipa nyinaa atɛn, na “ɔbɛpaapae nnipa no mu mmaako mmaako, sɛnea oguanhwɛfo paapae nguan ne mpɔnkye mu no.” (Mateo 25:31-33) Sɛ atemmu no bɛkɔ yiye ama obi a, gye sɛ ɔboa Yesu “nuanom” a wɔne Yesu rekodi ade wɔ soro no.—Mateo 25:34-46.

  • Wɔn a wɔbedi hene wɔ Ahenni no mu no, wɔbɛboaboa wɔn ano. Anokwafo a wɔne Kristo bedi hene wɔ soro no, wɔde wɔn som adwuma bɛba awiei wɔ asaase so, na wɔanyan wɔn akɔ soro.—Mateo 24:31; 1 Korintofo 15:50-53; 1 Tesalonikafo 4:15-17.

  • Armagedon. “Ade nyinaa so Tumfo Nyankopɔn da kɛse no mu ko” yi, Bible san frɛ no “Yehowa da no.” (Adiyisɛm 16:14, 16; Yesaia 13:9; 2 Petro 3:12) Wɔn a Kristo bebu wɔn fɔ no, ɔbɛsɛe wɔn. (Sefania 1:18; 2 Tesalonikafo 1:6-10) Wɔn a ɔbɛsɛe wɔn no bi ne akekaboa a Bible ka ne ho asɛm sɛ ɔwɔ ti nson no; egyina hɔ ma wiase amammu nhyehyɛe nyinaa.—Adiyisɛm 19:19-21.

Nea ɛbɛkɔ so wɔ ahohiahia kɛse no akyi

  • Wɔbɛkyere Satan ne ahonhommɔne no agu mu. Ɔbɔfo bi a ne ho yɛ den paa bɛtow Satan ne ahonhommɔne no agu “amoa donkudonku no” mu. Ɛno kyerɛ sɛ saa bere no, wɔrentumi nyɛ hwee; ɛbɛyɛ te sɛ nea wɔawuwu no. (Adiyisɛm 20:1-3) Nea ɛbɛto Satan saa bere no bɛyɛ sɛ nea wɔde no ato afiase a nea ɛrekɔ so wɔ baabiara no, ɔrentumi nyɛ ho hwee.—Adiyisɛm 20:7.

  • Mfe apem Ahenni no befi ase. Onyankopɔn mfe 1,000 Ahenni no befi ase, na ɛde nhyira pii abrɛ nnipa. (Adiyisɛm 5:9, 10; 20:4, 6) “Nnipakuw kɛse bi” a yennim wɔn dodow benya wɔn ti adidi mu wɔ “ahohiahia kɛse no mu,” na sɛ Onyankopɔn mfe 1,000 Ahenni no fi ase sɛ ɛredi nnipa so a, wɔde wɔn ani behu.—Adiyisɛm 7:9, 14; Dwom 37:9-11.

a Sɛ yɛhwɛ Adiyisɛm nhoma no mu a, wɔde Babilon Kɛse anaa “tuutuuni kɛse” no gyina hɔ ma atorosom. (Adiyisɛm 17:1, 5) Aboa kɔkɔɔ a ɔbɛsɛe Babilon Kɛse no, ogyina hɔ ma ahyehyɛde bi. Saa ahyehyɛde no, ne botae ne sɛ ɛbɛka aman a ɛwɔ wiase no abom na ayɛ kasamafo ama wɔn. Kan no, na wɔfrɛ no Amanaman Apam, na seesei de wɔfrɛ no Amanaman Nkabom.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena