Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • ijwex asɛm 1
  • “Meyɛ Nea Metumi”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Meyɛ Nea Metumi”
  • Yehowa Adansefo Binom Asetenam Nsɛm
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Adwuma a Yɛyɛ De Boa Wɔn a Wɔakɔ Ahokyere Mu No, Sɛnea Aboa Yɛn Nuanom Kristofo a Wɔwɔ Caribbean
    Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2019
  • Ka Kyerɛ Wɔn Sɛ Wodɔ Wɔn
    Yehowa Adansefo Binom Asetenam Nsɛm
  • “Obiara Nnaa Ɔdɔ a Ɛte Saa Adi Nkyerɛɛ Me Da”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
Yehowa Adansefo Binom Asetenam Nsɛm
ijwex asɛm 1
Irma rekyerɛw krataa

“Meyɛ Nea Metumi”

Irma te Germany, na aka kakra ma wadi mfe 90. Ɔtew hwee mprenu ma opirae pa ara. Wɔayɛ no oprehyɛn mpɛn pii. Wei nti, seesei ontumi nkɔ afie afie asɛnka sɛnea na anka ɔyɛ no kan no. Ɔkwan a seesei Irma fa so ka ne gyidi ho asɛm ne sɛ, ɔkyerɛw nkrataa kɔma n’abusuafo ne nnipa a onim wɔn wɔ ne mpɔtam. Nkuranhyɛsɛm ne awerɛkyekyesɛm a Irma kyerɛw kɔma wɔn a wɔahwere wɔn adɔfo no, wɔn mu pii ani gye ho pa ara. Enti wɔtaa frɛ no bisa no sɛ bere bɛn na ɔbɛsan akyerɛw wɔn. Wɔn mu pii nso kyerɛw nkrataa bɛda no ase na wɔka sɛ ɔnsan nkyerɛw wɔn. Irma ka sɛ, “Weinom nyinaa ma m’ani gye na ɛma meyɛ den wɔ Onyankopɔn som mu.”

Irma

Afei nso, ɛyɛ a Irma kyerɛw nkrataa kɔma nkwakoraa ne mmerewa. Ɔka sɛ: “Aberewa bi frɛɛ me wɔ telefon so ka kyerɛɛ me sɛ, bere a ne kunu wui no, krataa a mekyerɛw kɔmaa no no akyekye ne werɛ pa ara. Ɔde krataa no ahyɛ ne Bible mu na ɔtaa kenkan no anwummere. Ɔbea foforo a ɔno nso hweree ne kunu nnansa yi ara kaa sɛ, krataa a mekyerɛw kɔmaa no no aboa no sen nsɛm a sɛ ɔkɔ asɔre a ne sɔfo ka no koraa. Ná ɔwɔ nsɛm pii bisa, na ɔka kyerɛɛ me sɛ ɔpɛ sɛ ɔbɛsra me.”

Ɔbea bi a ɔnyɛ Ɔdansefo a na ɔne Irma te mpɔtam tu kɔtenaa baabi foforo koraa, enti ɔka kyerɛɛ Irma sɛ ɔnkyerɛw no. Irma ka sɛ, “Nkrataa a mekyerɛw nyinaa, ɔbea no de siei. Ɔbea no wu akyi no, ne babea frɛɛ me wɔ telefon so. Ɔka kyerɛɛ me sɛ wakenkan nkrataa a mekyerɛw kɔmaa ne maame no nyinaa, na ɔsrɛɛ me sɛ, ɛbɛyɛ yiye a, anka menkyerɛw nkrataa a egyina Bible mu nsɛm so mmrɛ ɔno nso.”

Irma ani gye asɛnka adwuma a ɔreyɛ no ho pa ara. Ɔka sɛ: “Mesrɛ Yehowa sɛ ɔnkɔ so mma me ahoɔden na memfa nsom no. Ɛwom, mintumi nkɔ afie afie asɛnka, nanso meyɛ nea metumi.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena