Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • ijwex asɛm 2
  • Ka Kyerɛ Wɔn Sɛ Wodɔ Wɔn

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ka Kyerɛ Wɔn Sɛ Wodɔ Wɔn
  • Yehowa Adansefo Binom Asetenam Nsɛm
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Onyankopɔn Nhwɛ Onipa Anim”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Nea Ɛde Akasakasa Ba a Wɔhwehwɛ Mu
    Nyan!—1994
Yehowa Adansefo Binom Asetenam Nsɛm
ijwex asɛm 2
Zlatka prays as her husband walks in the door

Ka Kyerɛ Wɔn Sɛ Wodɔ Wɔn

Ong-li yɛ Yehowa Dansefo bi a ɔte Bulgaria. Ná ɔne maame bi a ne din de Zlatka sua Bible, nanso na Zlatka kunu ntena adesua no mu bi. Ong-li kaa sɛ: “Bere bi, na me ne Zlatka resua biribi afa abusua asetena ho. Mema ohui sɛ, ɛsɛ sɛ yɛka kyerɛ yɛn kununom ne yɛn mma sɛ yɛdɔ wɔn. Zlatka hwɛɛ m’anim dinn, na wayɛ bosaa. Ɔka kyerɛɛ me sɛ, efi bere a ɔware woe no, ɔnka nkyerɛɛ ne kunu ne ne babea a wadi mfe nkron no da sɛ ɔdɔ wɔn!”

Zlatka kaa sɛ, “Metumi ayɛ biribiara ama wɔn, nanso saa asɛm no de, merentumi nka nkyerɛ wɔn. Me maame anka ankyerɛ me da sɛ ɔdɔ me. Me nanabea nso anka ankyerɛ me maame da sɛ ɔdɔ no.” Ong-li maa Zlatka hui sɛ, Yehowa ka kyerɛɛ Yesu sɛ ɔdɔ no. (Mateo 3:17) Ɔhyɛɛ Zlatka nkuran sɛ, ɔnka ho asɛm nkyerɛ Yehowa, na ɔmfa nsi n’ani so sɛ, ɔbɛka akyerɛ ne kunu ne ne babea no sɛ ɔdɔ wɔn.

Ong-li kaa sɛ: “Nnanu akyi no, Zlatka de anigye ka kyerɛɛ me sɛ ɔbɔɔ Yehowa mpae sɛ ɔmmoa no. Bere a ne kunu baa fie no, ɔka kyerɛɛ no sɛ, Bible a ɔresua no aboa no ama wabehu sɛ, ɛsɛ sɛ ɔyere dɔ ne kunu na obu no. Afei ɔhwɛɛ ne kunu anim, na ɔka kyerɛɛ no sɛ ɔdɔ no paa! Ne babea no baa fie no, Zlatka bam no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ ɔdɔ no! Zlatka ka kyerɛɛ me sɛ: ‘Afei de, me koma atɔ me yam. Ná maka sɛnea mete nka ahyɛ mfe pii, nanso Yehowa aboa me ma seesei matumi aka akyerɛ m’abusua sɛ medɔ wɔn.’

Ong-li ne maame bi reyɛ nhyehyɛe asua Bible

Ong-li ne wɔn a wɔtete ne mpɔtam hɔ no da so ara sua Bible

Ong-li san kaa sɛ, “Nnawɔtwe akyi no, mihyiaa Zlatka kunu. Ɔka kyerɛɛ me sɛ: ‘Nkurɔfo pii ka kyerɛɛ me sɛ, memma Zlatka nnyae adesua a ɔne wo yɛ no, nanso mabehu sɛ Bible a ɔresua no aboa abusua no paa. Seesei, yɛn ani gye na yɛn aware asɔ paa.’”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena