Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • ijwyp asɛm 86
  • Metumi De Ahonhonsɛmdi Agyigye M’ani Kɛkɛ Anaa?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Metumi De Ahonhonsɛmdi Agyigye M’ani Kɛkɛ Anaa?
  • Mmabun Bisa Sɛ
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Dɛn na ebetumi ama w’ani agye ahonhonsɛmdi ho?
  • Adɛn nti na ɛsɛ sɛ wohwɛ yiye?
  • Nea wubetumi ayɛ
  • Ma Yehowa Mmoa Wo Na Ko Tia Ahonhommɔne
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2019
  • Dɛn na Bible Ka Fa Ahonhonsɛmdi Ho?
    Nyan!—2017
  • Dɛn Nti na Ahonhonsɛmdi Abu So Saa?
    Nyan!—2000
  • Mfomso Bɛn na Ɛwɔ Ahonhonsɛm Mu?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
Hwɛ Pii Ka Ho
Mmabun Bisa Sɛ
ijwyp asɛm 86
Mmabaa mmienu bi rehwɛ nhoma dedaw bi a ahonhonsɛmdi wom mu

MMABUN BISA SƐ

Metumi De Ahonhonsɛmdi Agyigye M’ani Kɛkɛ Anaa?

Wudwen ho sɛn?

  • Sɛ obi hwɛ nsoromma mu, ɔkɔ abisa, anaa ɔde ahonhonsɛmdi nneɛma di dwuma a, asɛm wɔ ho anaa?

  • Nsɛm a wɔka fa ahonhonsɛmdi ho no yɛ anansesɛm ara kwa, anaa ɛyɛ biribi a ɛwɔ hɔ a ebetumi apira yɛn?

Asɛm yi bɛma woahu nea enti a w’ani betumi agye ahonhonsɛmdi ho ne nea enti a ɛsɛ sɛ wohwɛ yiye.

  • Dɛn na ebetumi ama w’ani agye ahonhonsɛmdi ho?

  • Adɛn nti na ɛsɛ sɛ wohwɛ yiye?

  • Nea wubetumi ayɛ

  • Nea w’atipɛnfo ka

Dɛn na ebetumi ama w’ani agye ahonhonsɛmdi ho?

Nnwumakuw a wɔyɛ nneɛma de gyigye nkurɔfo ani ama ahonhonsɛm abɛyɛ ade titiriw. Wohwɛ sini, TV so dwumadi ahorow, kɔmputa so agodi, ne nhoma ahorow a wɔayɛ mu a, ahonhonsɛmdi di mu akoten pa ara. Wei ama mmabun pii ani abegye nsoromma mu hwɛ, adaemonesɛm, ne abayisɛm ho. Dɛn ntia? Nea ɛma ɛba saa no bi na edidi so yi:

  • Wɔrepɛ biribi ahu: Wɔpɛ sɛ wohu sɛ ahonhom anaa adaemone wɔ hɔ anaa

  • Wodwen wɔn daakye ho: Wɔpɛ sɛ wohu nea ebesi daakye

  • Nkitahodi: Wɔpɛ sɛ wɔhwɛ sɛ wobetumi ne wɔn adɔfo a wɔawuwu adi nkitaho anaa

Ebia adwene a wɔde yɛ saa no nhyɛ da nyɛ bɔne. Sɛ nhwɛso no, ɛnyɛ nwonwa sɛ yebedwen yɛn daakye ho anaa yɛbɛfe yɛn dɔfo bi a wawu. Nanso ɛsɛ sɛ wuhu asiane ahorow a ɛwom no.

Adɛn nti na ɛsɛ sɛ wohwɛ yiye?

Biribiara a ɛfa ahonhonsɛmdi ho no, Bible abɔ yɛn kɔkɔ wɔ ho. Sɛ nhwɛso no, ɛka sɛ:

“Ɛnsɛ sɛ obi a ɔyɛ abusude yi bi tena mo mu: . . . nea ɔhyɛ abosonkɔm anaa oyi nkonyaa, nea ɔhwehwɛ hyɛbea ho sɛnkyerɛnne anaa odi asumansɛm, nea ɔkyekyere afoforo anaa ɔkɔ abisa, ɔkɔmfo anaa samanfrɛfo. Yehowa kyi obi a ɔyɛ eyinom.”—Deuteronomium 18:10-12.

Adɛn nti na Bible kasa tia ahonhonsɛmdi denneennen saa?

  • Sɛ obi de ne ho hyɛ ahonhonsɛmdi mu a, ɛkyerɛ sɛ ɔtaa adaemone akyi. Bible ma yehu sɛ abɔfo bi sɔre tiaa Onyankopɔn na wɔbɛyɛɛ n’atamfo. (Genesis 6:2; Yuda 6) Saa abɔfo bɔne a wɔfrɛ wɔn adaemone yi nam asumanfo, adebisafo, nkonyaayifo, ne wɔn a wɔhwɛ nsoromma mu so daadaa nkurɔfo. Sɛ obi de ne ho hyɛ nneɛma a ɛtete sei mu a, ɛbɛkyerɛ sɛ ɔde ne ho akɔbɔ Onyankopɔn atamfo.

  • Ahonhonsɛmdi ma afoforo nya adwene sɛ nnipa bi betumi akyerɛ nea ebesi daakye. Nanso ɛyɛ atoro efisɛ Onyankopɔn nko ara na obetumi aka sɛ: “Me na mifi mfiase ka awiei asɛm, na mifi tete ka nea ensii.”—Yesaia 46:10; Yakobo 4:13, 14.

  • Ahonhonsɛmdi ma nkurɔfo nya adwene sɛ awufo ne ateasefo betumi adi nkitaho. Nanso ɛyɛ atoro efisɛ Bible ka sɛ: “Awufo de, wonnim biribiara, . . . Adwuma ne adwene ne nimdeɛ ne nyansa biara nni Adamoa mu.”—Ɔsɛnkafo 9:5, 10.

Nea Bible aka yi nti, Yehowa Adansefo twe wɔn ho fi nneyɛe biara a ɛne ahonhonsɛmdi wɔ abusuabɔ ho. Afei nso, wɔtwe wɔn ho fi anigyede biara a abayisɛm wom ho. Ebi ne nnipa a wɔnom mogya, nnipa a wɔayɛ wɔn ho sɛ wɔawu nanso wɔda so te ase. Ababaa bi a ne din de Maria ka sɛ, “Sɛ abayisɛm wom a, ɛnde ɛnsɛ sɛ mehwɛ.”a

Aberantewa bi susuw sɛ nipa papa bi afrɛ no wɔ fon so, nanso nea wafrɛ no no yɛ nipabɔnefo

Sɛnea nipabɔnefo bi betumi adaadaa wo ama woate nka sɛ ɔyɛ nipa papa no, saa ara nso na ahonhommɔne betumi adaadaa wo ama woate nka sɛ wɔyɛ wo dɔfo bi a wawu

Nea wubetumi ayɛ

  • Si wo bo sɛ ‘worenyɛ bɔne biara’ ntia Yehowa anaa wobɛtwe wo ho afi nneyɛe anaa anigyede biara a ahonhonsɛmdi wom ho.—Asomafo Nnwuma 24:16.

  • Biribiara a wowɔ a ɛne ahonhonsɛmdi wɔ abusuabɔ no, sɛe no. Kenkan Asomafo Nnwuma 19:19, 20, na susuw nhwɛso pa a tete Kristofo no yɛe wɔ biribi a ɛte saa ho.

Kae: Sɛ wotwe wo ho fi nneyɛe ne anigyede biara a ahonhonsɛmdi wom ho a, ɛkyerɛ sɛ wugyina Yehowa afã. Na wei ma ne koma tɔ ne yam!—Mmebusɛm 27:11.

Nea w’atipɛnfo ka

Brandon

“Nneɛma a mmofra de gyigye wɔn ani mpo, bebree wɔ hɔ a, nkonyaayi, duabɔ, aduto ne nea ɛtete saa ahyɛ mu ma. Nanso Deuteronomium 18:10 ka sɛ, ɛnsɛ wohu nnipa a wɔyɛ saa nneɛma no bi wɔn yɛn mu. Wei kyerɛ sɛ nneɛma a yɛde gyigye yɛn ani nso, ɛnsɛ sɛ yehu bi wom.”—Brandon.

Rose

“Sɛ worehwɛ TV anaa sini bi na ahonhonsɛmdi pue mu a, nya akokoduru na gyae hwɛ. Sɛ ebehia sɛ woka kyerɛ wo nnamfo sɛ w’ani nnye ho mpo a, yɛ saa. Ahonim pa a wubenya no ho hia koraa sen anigye a wubenya wɔ TV anaa sini biara a wobɛhwɛ mu.”—Rose.

a Wei nkyerɛ sɛ anansesɛm biara yɛ ahonhonsɛmdi. Nanso ne nyinaa mu no, Kristofo de wɔn ahonim a wɔde Bible atete no no di dwuma de twe wɔn ho fi nneyɛe anaa anigyede biara a ahonhonsɛmdi wom ho.—2 Korintofo 6:17; Hebrifo 5:14.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena