SƐNEA YƐDE NTOBOA A WUYI NO DI DWUMA
Baabi a Intanɛt Ntumi Nnu No, JW Satellite TV Atumi Adu Hɔ
APRIL 1, 2021
Bosome biara, yɛhwɛ kwan denneennen sɛ yɛbɛhwɛ JW Broadcasting dwumadi ne video ahorow a ɛhyɛ yɛn gyidi den no. Nanso yɛn nuanom bebree a wɔwɔ Afrika no ntumi nhwɛ saa dwumadi no wɔ Intanɛt so. Adɛn ntia?
Mmeae bebree wɔ Afrika a, ɛyɛ den sɛ wubenya Intanɛt. Baabi a wonya Intanɛt no mpo, mpɛn pii no, ne bo yɛ den dodo, anaa ɛnkɔ yiye papa. Bere bi sei, ɔmansin sohwɛfo bi a ɔwɔ Madagascar kɔɔ Intanɛt kafee kɔtwee JW Broadcasting dwumadi a ɛba bosome biara no baako pɛ. Otuaa dɔla 16. Nnipa bebree nnawɔtwe akatua mpo nnu saa.a
Ɔhaw yi nyinaa akyi, nnipa ɔpepem pii tumi hwɛ JW Broadcasting dwumadi ahorow no wɔ Afrika a wonhia Intanɛt. Wɔyɛ dɛn hwɛ?
Efi afe 2017 no, nnipa a wɔwɔ Sahara anweatam no anaafo fam wɔ Afrika no tumi hwɛ JW Broadcasting dwumadi ahorow no wɔ satellite TV so. Saa TV steehyin yi, da biara esi so nnɔnhwerew 24, na woyi wɔ kasa 16 mu a wonnye sika.
Anuanom a wɔwɔ Mozambique a wɔreyɛ JW satellite ho adwuma wɔ wɔn Ahenni Asa so wɔ afe 2018 mu
Nea ama wei atumi ayɛ yiye ne sɛ, Yehowa Adansefo ne satellite TV adwumakuw bi ayɛ nhyehyɛe sɛ wonyi JW Broadcasting dwumadi no mma wɔn. Satellite a woyi wɔ so no, ɛma dwumadi no tumi du aman 35 so wɔ Sahara anweatam no anaafo fam wɔ Afrika. Bosome biara, yetua boro dɔla 12,000. Ɛwom ara a, yetumi yɛ dwumadi bi a yɛpɛ sɛ nnipa pii hwɛ no bere koro mu. Ɛba saa a, yetua sika no bi ka ho ma woyi dwumadi no wɔ steehyin foforo wɔ satellite no so. Ɛno ma nnipa mpempem hwɛ amantam nhyiam anaa dwumadi titiriw a wɔyɛ bere a akwankyerɛ kuw no atu obi sɛ ɔnkɔsra ɔman bi no.
Malawi Ahenni Adansifo Kuw bi a wɔrehwɛ JW satellite TV wɔ afe 2018 mu
Nnipa bebree hwɛ JW satellite TV wɔ wɔn fie, na wɔn mu bi mpo nyɛ Yehowa Adansefo. Nanso ɛnyɛ yɛn nuanom nyinaa na wotumi tɔ nea ɛbɛma wɔanya JW satellite TV no wɔ wɔn fie. Sɛnea ɛbɛyɛ a anuanom mmarima ne mmea a wɔrentumi ntɔ bi no betumi ahwɛ JW Broadcasting dwumadi ahorow no, Yehowa Adansefo ayɛ nhyehyɛe de satellite no bi akɔ Ahenni Asa bɛboro 3,670 so. Sɛ TV anaa nea wɔde yi sini a wɔfrɛ no projector no bi wɔ Ahenni Asa no so dedaw a, satellite no ne ɛho ka nyinaa si bɛyɛ dɔla 70. Anyɛ saa de a, satellite no ne ɛho biribiara bo bɛyɛ dɔla 530.
Yɛn nuanom mmarima ne mmea ani sɔ saa satellite TV yi paa. Asafo mu panyin bi a ɔwɔ Cameroon kaa sɛ: “Ɛte sɛ mana a atɔ afi soro ama yɛn abusua no wɔ sare so.” Onua bi a ɔwɔ Nigeria a ne din de Odebode nso kaa sɛ: “Me ne m’abusua ayi nna mmiɛnsa asi hɔ a yɛde hwɛ dwumadi ahorow no nnawɔtwe biara. Ɛyɛ a me mma no ho pere wɔn sɛ bere no bɛso ama yɛahwɛ. Mmere foforo mpo, sɛ yɛrehwɛ steehyin foforo a, wotumi ka sɛ yɛmfa nto JW Broadcasting.” Rose nso wɔ Nigeria. Ɔkaa sɛ: “Kan no, mesɔ TV pɛ, na mede ato baabi a wɔrema kaseɛbɔ, nanso ɛyɛ me dɛ sɛ seesei JW Broadcasting abɛhyɛ anan. Nneɛma a wɔka ho asɛm wɔ kaseɛbɔ mu no, sɛ mehwɛ a, na ɛma me bo fuw, na na ɛma me prɛhya kɔ soro. Nanso JW Broadcasting dwumadi ahorow a mehwɛ no de, ɛhyɛ me nkuran paa, na ɛma me koma tɔ me yam. JW satellite TV no ne steehyin a mepɛ paa. Ɛyɛ nhyira kɛse a efi Yehowa hɔ.”
Abusua bi a wɔwɔ Malawi rehwɛ mmofra video wɔ yɛn satellite TV no so
Ɔmansin sohwɛfo bi a ɔwɔ Mozambique bɔɔ amanneɛ sɛ, ɔmansin a ɔwɔ mu no, wɔde JW satellite no bi akokɔ Ahenni Asa ahorow so. Enti nea anuanom a wɔwɔ mmeae a ɛte saa no ayɛ ne sɛ, wodi kan kɔ Ahenni Asa so bɛyɛ dɔnhwerew baako anaa nea ɛboro saa kɔhwɛ JW Broadcasting dwumadi no bi wɔ JW satellite no so ansa na wɔahyɛ adesua ase.
Asafo bi a ɛwɔ Ethiopia ahwɛ JW Broadcasting dwumadi a ɛba bosome biara no bi awie wɔ afe 2018 mu, nanso na wonhia Intanɛt
Afe 2019 amanaman ntam nhyiam a wɔyɛɛ wɔ Johannesburg, South Africa no sei, woyii ɔkasa ahorow bi te sɛ nea Akwankyerɛ Kuw muni mae no wɔ JW satellite so maa anuanom hwɛe wɔ mmeae foforo nkron. Onua bi a ɔde Sphumelele yɛ adwuma wɔ Broadcasting Dwumadibea a ɛwɔ South Africa Betel no. Ɔkaa sɛ: “Kan no, sɛ yebeyi ɔkasa bi a, gye sɛ yɛde fa Intanɛt so, na na ehia sɛ yenya Intanɛt a ɛyɛ adwuma yiye, nanso na ɛnyɛ sika ketewa. JW satellite no de, ɛho ka wɔ fam, na ɛyɛ adwuma yiye.”
Ntoboa a mufi ɔpɛ pa mu yi de boa adwuma a yɛyɛ wɔ wiase nyinaa no nti, yɛn nuanom Kristofo a wɔwɔ Afrika tumi hwɛ JW Broadcasting dwumadi no bi wɔ satellite so. Yɛn ani sɔ paa sɛ mofa akwan horow so yi ntoboa wɔ donate.jw.org so.
a Dɔla a yɛreka ho asɛm wɔ ha yi yɛ Amerika dɔla.