SƐNEA YƐDE NTOBOA A WUYI NO DI DWUMA
Ɔsom Mu Fahodi a Kuromafo Wɔ a Yɛrebɔ Ho Ban
MAY 1, 2021
Nnipa ɔpepem pii a wɔte Latin America no, wɔn mu mpempem pii yɛ kuromafo a wɔn ase fi ɔman a wɔwom no, na wɔwɔ wɔn ankasa kasa ne wɔn amammerɛ. Kuromafo no pii yɛ yɛn nuanom Yehowa Adansefo, na wɔntoto wɔn amammerɛ ase. Esiane sɛ Yehowa Adansefo pɛ sɛ yɛboa nkurɔfo ma wosua Onyankopɔn ho ade nti, yɛkyerɛ yɛn nhoma ase kɔ wɔn a wɔn ase fi Latin America ankasa no kasa bɛboro 130 mu.a Nanso Yehowa Adansefo a wɔn ase fi hɔ no, nkurɔfo tan wɔn mu bi ani, efisɛ wɔde asi wɔn ani so sɛ wɔbɛsom Yehowa, na wɔn kurom amammerɛ a ɛne Bible nhyia nso, wɔmfa wɔn ho nhyɛ mu. Sɛn na yɛde ntoboa a wuyi no aboa wɔn?
Wɔboaa Wɔn Maa Wɔsan Kɔɔ Wɔn Kurom
Yɛn nuanom Kristofo binom a wɔyɛ Huicholfo te Jalisco State mmepɔw mu wɔ Mexico.b Wɔn ahonim nti, wɔtwee wɔn ho fii wɔn kurom amanneɛ bi ho, nanso wɔyɛɛ no asomdwoe so. Nea wɔyɛe no hyɛɛ kurom hɔfo no bi abufuw. December 4, 2017 no, aturutrafo bi kaa wɔn ho boom kɔtow hyɛɛ Adansefo bi ne nnipa pii a na wɔka wɔn ho so. Aturutrafo no pam wɔn fii kurow no mu, wɔsɛee wɔn agyapade, na wohunahunaa wɔn sɛ, sɛ wonnim na wotu wɔn nan si hɔ bio a, wobekum wɔn.
Yehowa Adansefo a wɔwɔ nkurow a ɛbemmɛn hɔ no gyee yɛn nuanom Kristofo yi, na wɔhwɛɛ wɔn. Afei na aka sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛsan akɔ wɔn nkyi. Onua bi a wɔfrɛ no Agustín kaa sɛ, “Ná yenni sika a yɛde bɛkɔ akɔfa lɔya, na na yenhu baabi a yɛnkɔ mma wɔnkyerɛ yɛn mmara kwan a yebetumi afa so.”
Fahodi a yɛn nuanom de som a na nkurɔfo pɛ sɛ wotiatia so nti, Central America Betel no tuu anammɔn ntɛm ara. Wodii kan de kɔtoo aban mpanyimfo a wɔwɔ kurow no mu anim sɛ wɔnhwehwɛ asɛm no mu. Afei wɔbɔɔ Nsɛm Ho Dwumadi Boayikuw a Ɛhyɛ Yehowa Adansefo Akwankyerɛ Kuw No Ase no amanneɛ, na wɔpenee so sɛ Central America Betel no ne Mmara Dwumadibea a ɛwɔ Yehowa Adansefo adwumayɛbea ti no nyɛ adwuma na wɔmfa asɛm a ato yɛn nuanom Huicholfo no nkɔ kɔɔto. Asɛm no kɔe ara koduu asɛnnibea kunini a ɛwɔ Mexico no.
Alɔyafo a wofi aman horow so kaa wɔn ti boom, na wɔde wɔn asɛm no mu nkyerɛkyerɛmu a ɛtɔ asom kɔtoo kɔɔto no anim. Wɔkyerɛɛ mu sɛ, sɛnea ehia sɛ nkurɔfo nya obu ma wɔn a wɔn ase fi ɔman no nkurow mu no amammerɛ no, saa ara na ɛsɛ sɛ nkurow no nso nya obu ma kuromafo a wɔn ase fi hɔ no nyinaa, na ɛhwɛ sɛ obiara wɔ ne fahodi. Fahodi de, baabi a obi te biara, ɛsɛ sɛ onya.
July 8, 2020 no, asɛnnibea kunini no mufo ano kɔɔ bɛnkoro mu di maa Yehowa Adansefo. Wɔkaa sɛ wɔn a wɔapam wɔn afi wɔn kurom nyinaa, ɛsɛ sɛ wɔma wɔn kwan ma wɔsan kɔ wɔn nkyi. Onua Agustín a yɛaka n’asɛm dedaw no kaa nsɛm a ɛkyerɛ sɛ ɔne anuanom afoforo ani sɔɔ sɛnea nneɛma kɔe no. Ɔkaa sɛ: “Nea anuanom ayɛ ama yɛn no, yɛn ani sɔ paa, na ama yɛn ani agye. Sɛ wɔammɛtaa yɛn akyi a, anka yɛrentumi nyɛ hwee.”
‘Nnipa Kakraa Bi Nyaa Ade Kɛse’
Sɛ wokɔ Ecuador man no mu a, akuraa bi wɔ Otavalo Bon no mu a wɔfrɛ hɔ San Juan de Ilumán, na kuromafo pii te hɔ. Yɛn nuanom a wɔwɔ hɔ nso, nkurɔfo tan wɔn ani sɛnea wɔyɛɛ Huicholfo no. Afe 2014 no, wɔhyɛɛ ase sii Ahenni Asa bi wɔ hɔ. Ná anuanom kura ɛho nkrataa nyinaa. Nanso, ɔsɔfo bi de nnipa bɛboro 100 kɔɔ hɔ kɔhyɛɛ anuanom no ma wogyaee adwuma no yɛ. Afei wɔhyɛɛ mmara wɔ kurow no mu sɛ, mma Yehowa Adansefo nhyiam nsom bio.
Wei nti, mmara dwumadibea a ɛwɔ Ecuador Betel ne mmara dwumadibea a ɛwɔ Yehowa Adansefo adwumayɛbea ti no boom yɛɛ adwuma sɛnea ɛbɛyɛ a wobetwitwa agye asafo a wɔatiatia wɔn fahodi a wɔde som so no. Yɛn nuanom no de asɛm no kɔɔ kɔɔto. Ɛbaa saa no, kurow no mpanyimfo no gyaee tan a wɔretan anuanom ani no, na wɔmaa wɔn kwan sɛ wobetumi ahyiam, na Ahenni Asa a wɔresi no nso, wɔntoa so. Nanso sɛnea ɛbɛyɛ a obiara rentiatia anuanom fahodi so bio no, yɛn alɔyafo no pagyaw asɛm no de kɔɔ kɔɔto akɛse anim. Asɛm a ɛho hia a wɔde too wɔn anim ni: Nnipa fahodi ho mmara a ɛyɛ adwuma wɔ wiase baabiara no, kuromafo a wɔn ase fi ɔman no mu no, wɔn de ɛnkyekyere wɔn anaa?
Wɔfrɛɛ asɛm no wɔ Ecuador asɛnnibea kunini a ɛhwɛ amammu mmara so wɔ July 16, 2020. Anuanom bi a wɔyɛ alɔyafo wɔ Ecuador no gyinaa mu maa asafo no. Afei nso, anuanom alɔyafo nnan a wɔn ho akokwaw fi aman horow so bɛkasa maa anuanom wɔ kɔɔto hɔ, nanso korona yare no nti, wɔn ankasa amma kɔɔto hɔ. Wɔne kɔɔto no dii nkitaho wɔ video so. Wei ne bere a edi kan wɔ wiase a kɔɔto bi ama alɔyafo a wogyina Yehowa Adansefo ananmu afa video so de wɔn asɛm ato gua wɔ kɔɔto.c Alɔyafo no de nsɛm bi a kɔɔto ahorow a agye din wɔ wiase adi foaa wɔn asɛm so de kyerɛɛ sɛ, sɛ obi yɛ kuromanni a n’ase fi kurow a ɔte mu no mu a, ɛno nkyerɛ sɛ fahodi a ɛsɛ sɛ onipa biara nya no, onni bi.
Anuanom alɔyafo a wofi aman horow so nam video so kasa maa yɛn nuanom a na wɔretiatia wɔn fahodi so no
Yɛn nuanom a wɔwɔ Otavalo Bon mu no retwɛn denneennen sɛ Ecuador asɛnnibea kunini a ɛhwɛ amammu mmara so no bebua asɛm no. Ne nyinaa mu no, mmoa a anuanom no nsa aka no, wɔn ani sɔ paa. César a ɔsom sɛ asafo mu panyin wɔ Ilumán Quichua Asafo mu no kaa sɛ: “Yehowa nko ara na ɔnam n’ahyehyɛde so bɛyɛ ade kɛse sei ama nnipa kakraa bi.”
Alɔyafo a wogyina anuanom ananmu no, wɔn nyinaa yɛ Yehowa Adansefo. Woyi wɔn yam de wɔn nimdeɛ boa, na wonnye sika biara. Nanso nsɛm a ɛte saa no, ɛho ntotoe nyinaa kosi sɛ wobedi asɛm no awie no, egye bere ne sika pii. Asɛm a wodii wɔ Mexico no sei, yɛn alɔyafo ne anuanom afoforo de nnɔnhwerew 380 ne akyi na esiesiee nsɛm a wɔbɛka wɔ kɔɔto no, na wɔde nnɔnhwerew bɛboro 240 na ɛkyerɛɛ ɛho nkrataa ase kɔɔ kasa a wohia mu. Ecuador asɛm no nso, alɔyafo a wogyinaa anuanom akyi no, na wɔrekɔ 40, na nnɔnhwerew a wodii wɔ asɛm no ho nyɛ agorɔ. Ɛhe na yenya sika de boa yɛn nuanom wɔ kɔɔto nsɛmnsɛm mu? Ntoboa a wofa akwan a yɛakyerɛ wɔ donate.jw.org so yi de boa wiase nyinaa adwuma no, ɛno bi na yɛde tua ho ka. Yɛda mo ase sɛ mufi wo komam yi ntoboa.
a Yehowa Adansefo kyerɛ nhoma ase kɔ kasa afoforo pii a wɔka wɔ Latin America mu, na wɔkyerɛ ebi ase nso kɔ mum kasa pii a wɔka wɔ hɔ no mu.
b Huicholfo no, wɔsan frɛ wɔn Wixáritarifo, na wɔn kasa no nso, wɔtaa frɛ no Wixárika.
c Ɛwom sɛ na asɛm no mfa Yehowa Adansefo a wɔwɔ wiase nyinaa ho, nanso atemmufo no maa yɛn nuanom yi kwan ma wɔkaa bi.