Dɛn Na Wubetumi Ayɛ Wɔ Nneɛma Bo A Ayɛ Den No Ho?
WURENTUMI nyɛ biribi na wode asiw nneɛma a ne bo kɔ so yɛ den wiase nyinaa no ano. Wurentumi nni sika a nniso horow sɛe no, afoforo ka a wabɔ a ɛkɔ anim anaasɛ amanaman no sikasɛm ho nhyehyɛe ahorow no so. Nanso nneɛma bi wɔ hɔ a wubetumi ayɛ na wode agyina sikasɛm mu ahokyere no ano.
Ade biako ne sɛ, sɛ wote ɔman a anya nkoso yiye mu a, ɛno bɛkyerɛ sɛ wobɛbrɛ w’asetra ase. Ɛno kyerɛ sɛ, wubegyaa nneɛma a wubu w’ani gu so a nnipa a wɔte aman a wonnyaa nkɔso no mu no nnyaa bi mpo da no mu agu hɔ. Bere a ebia worempɛ eyi no, ɛho hia sɛ wuhyia eyi na wode asiw abasamtu a ɛkɔ so ba no ano.
Afei nso bere a sika ma ahokyere no mu yɛ den no, ɛsɛ sɛ awarefo hyiam na wɔde odwo susuw ɔkwan a wɔbɛfa so de sika a wɔn nsa ka no adi dwuma no ho. Sɛ ɔyere no nso yɛ adwuma a, ɛnde na nkɔmmɔ a wɔbɛbɔ afa ɔkwan a wɔbɛfa so de sika a abusua no nsa ka no adi dwuma no bɛyɛ kɛse. Sɛ okunu no anaasɛ ɔyere no sɛe sika a ɔmmɔ ne hokafo no amanneɛ a ɛde ɔhaw bɛba.
Sɛ wɔamma mmofra kwan amma wɔankɔtɔ nnuan amma a wobetumi atwa sika a abusua no sɛe no wɔ aduan mu no so bɛyɛ ɔha mu nkyem 20
Aduan bo rekɔ anim bere nyinaa. Ɔkwan bɛn so na mmusua horow bi afa de akora sika so wɔ ha a ɛda adi sɛ ɛnka nnuan a ne bo yɛ den a wobetwa so no? Nyan! kyerɛwfo bi a ɔwɔ Japan kae sɛ:
“Aduan titiriw na Japan mmusua horow sɛe sika wɔ ho. Enti atesɛm nkrataa mu nkratafa a wɔbɔ nneɛma horow a wɔtew so tɔn no ho dawuru no yɛ nea wɔhwɛ hɔ yiye sɛnea ɛbɛyɛ na wɔde bedi dwuma.
“Afei nso aguadidan akɛse taa tew nneɛma ahorow so sɛnea ɛbɛyɛ na wɔatɔn no ntɛm ansa na ade asa, anaasɛ wɔtew saa nneɛma yi so tɔn n’adekyee anɔpahema na ansɛe. Ɔyerenom betumi atɔ ade wɔ aguadidan mu wɔ saa mmere horow yi mu na ama wɔde sika a ɛfata ayɛn abusua no.”
Joseph Coyle a ɔyɛ aduan ho ɔkyerɛwfo wɔ U.S. Amerika no kae sɛ nnipa betumi akora sika a wɔsɛe de tɔ ade no mu efi ɔha mu nkyem 20 kosi 40 so wɔ bere a wɔahwɛ atesɛm nkrataa mu ahu mmeae ahorow a wɔatew nneɛma anaa aduan so wɔ hɔ no. Mmeae ahorow bi wɔ hɔ a aguadidan ahorow a wonsiesiee mu pii biara no tew nneɛma so tɔn no aboɔmmerɛw. Na nea ehia nso ne nneɛma a ehia wo a wobɛtɔ no saa.
Newsweek nsɛmma nhoma no kae sɛ: “Wobetumi atwa ɛka a abusua no bɔ aduan ho no so . . . bɛyɛ ɔha mu nkyem 20, sɛ wɔamma kwan amma mmofra antɔ nnuaba ne mfum aduan—na wɔamma kwan nso amma wɔannye sika foforo amfi wɔn awofonom hɔ ankɔtɔ ade a.” Afei nso nneɛma a wɔpɛ sɛ wɔtɔ a ehia wɔn a wɔbɛhyehyɛ (ɛnyɛ nea wɔpɛ) no ho hia na ama wɔakwati ‘ade a wogyina nkate so tɔ’ wɔ aguadidan mu no. Afei nso sɛ woretɔ nneɛma a hwɛ na tɔ nneɛma a ebia ɛho nkrataa atetew nanso ɛyɛ nnuan pa na ne bo nyɛ den no.
Brazilni bi a ɔyɛ okunu a nneɛma a ne bo ayɛ den redi n’abusua no awu no kae sɛ: “Ɛho behiae sɛ yetwa afɛfɛde ahorow a yɛtɔ no so, na me yere nso ne me yɛɛ biako wɔ nneɛma nyinaa mu. Ɔntow biribiara a yɛadi ama aka no nkyene.” Afoforo nso kora wɔn sika so denam ma a wɔma okunu no de n’aduan a obedi no awia ne kɔ adwuma mu kyɛn sɛ obefi adi akodidi.
Sɛ ahokyere ba a, ɛyɛ a na eye na nyansa wom sɛ wubetwa nneɛma a ɛho nhia no so. Eyinom mu biako ne tawanom su no. Ɛnyɛ sɛ ɛma wɔsɛe sika nko na mmom edi awu, efisɛ ohurututu mu yare ne nyarewa ahorow no mu ɔha mu nkyem 90 fi tawanom, na nokwarem no ɛyɛ ‘su a egu ɔhonam no ho fi.’ (2 Kor. 7:1) Wɔn a wɔagyaa saa su yi mu denam ahosodi a wɔde dii dwuma so no ahu sɛ ama wɔakora dɔla anaa cedi ɔhaha pii so wɔ afe no mu.
Ɛyɛ nea nyansa wom sɛ wobetwa nneɛma a ɛho nhia no mu afi hɔ
Saa ara nso na nsa a ano yɛ den bo yɛ den, na nom a wobɛnom no pii no di akwahosan awu na ɛsɛe abusua asetra. Bere a nsa a ano yɛ den a wɔde anidahɔ nom no nyɛ nea wɔkasa tia wɔ Bible mu no, nom a wɔbɛnom ma atra so no yɛ nea Bible no kasa tia. (Mmeb. 23:29-35; 1 Kor. 6:9, 10) Wobetumi akora dɔla anaa cedi ɔhaha pii so afe biara wɔ ha nso.
Nea wɔfa so kyɛe sika so nso fa wɔn ani a wogye ho. Ɛho nhia sɛ wobɛsɛe dɔla anaa cedi mpem ɔhaha pii na wode anya nsakrae wɔ w’adwuma mu no mu anigye. Aguadifo a wɔbɔ eyi hɔ dawuru no ma wote nka sɛ ɔkwan a wubetu akɔ akyirikyiri asase bi so na woakɔtra ahɔhodan bi a emu yɛ fɛ a ɛhɔ yɛ anigye mu no yɛ ade a ɛsɛ sɛ wɔyɛ. Nanso ɛnyɛ saa na asɛm no te. Ɔkwan a wubetu akɔ beae a ɛhɔ yɛ anigye a ɛbɛn wo fie, abusua no a wone wɔn befi adi, nnamfonom a wɔbɛkɔ akɔsra wɔn ne nnɛma ahorow a wɔde gye ani a wonsɛe sika pii wɔ ho no yɛ anigye. Wubetumi de television so nhyehyɛe a ɛboa nso ahyɛ adi a wubefi akɔhwɛ sini ne agorudi ahorow a ne bo yɛ den ananmu.
Wɔ tete mmere no mu no na mmusua horow nni radio, afiri a wɔde bɔ nnwom, television anaasɛ nnɛ bere mu nneɛma a wɔde gye ani no bi. Na saa mmusua horow no mfi adi nkodidi wɔ adidibea ahorow bi mu. Nso wɔwɔ nea wɔde gye wɔn ani ne asetra mu anigye—ebia na ɛkyɛn sɛnea yɛyɛ nnɛ wɔ wiase a wɔde nneɛma horow ahyehyɛ mu yi mu no. Ɛyɛ nokware sɛ mmere asakra, nanso nnipa nsakrae pii biara. Wobetumi anya nneɛma a ɛyɛ mmerɛw na ne bo nyɛ den mu anigye.
Ɛnnɛ mmea pii na wɔkyɛe wɔn sika so denam wɔn ankasa ntade a wɔpam so. Mmɔdenbɔ ne ade a wosua yɛ ho ba mfaso wɔ ha. Sɛ́ nhwɛso no, ɔbea a ɔyɛ ɔwarefo bi huu atade bi a ɛyɛ fɛ a n’ani gyee ho wɔ aguadidan bi mu, nanso na ne bo no boro dɔla 50 anasɛ ¢137.50. Sɛ́ ɔbɛtɔ atade a wɔapam dedaw no, ɔkɔtɔɔ ntama a wɔde pam saa atade yi bi no na n’ankasa pam n’atade a na ennu dɔla 5 anaasɛ ¢13.
Aguadidan ahorow bi tɔn ntade a wɔahyɛ dedaw anaasɛ “oburoni wawu” a eye. Enti wobetumi akyɛe sika so wɔ ha nso. Ebinom twa sika a wɔsɛe no no so denam wɔn ankasa ntade a wɔhoro so kyɛn sɛ wɔde mfiri bɛhoro. Wɔde nsu a ɛyɛ boturobodwo horo wɔn ntade a wɔhyɛ wɔ awɔw bere mu no kyɛn sɛ wɔde bɛkɔ adehorobea akɛse a wogye sika horo nneɛma no, gye sɛ ɛyɛ nneɛma a wɔn ankasa ntumi nhoro.
Honam fam adedodow ho akɔnnɔ bebrebe asɛe mmusua horow pii
Ade biako a ehia a etumi kyɛe obi sika so wɔ ntade a wɔtɔ ho ne sɛ obi nhaw ne ho dodo wɔ ntade foforo a aba ho. Nnipa pii na wɔtow ntade gu esiane sɛ foforo bi aba so nti. Nanso ɔbarima bi a ohui sɛ afei de wɔsakra mmarima ntade mpɛn bebree mprempren no paee mu kae sɛ: “Ɛnyɛ saa bere yi! Merennan akoa mma ntade foforo a aba so a wɔbɔ mmɔden fa so gye me sika fi me nsam no. Mɛhyɛ nea mewɔ no mpɛn dodow a ani tew, na wɔda so kyerɛ obu ma atade no, na nea wɔn a ntade foforo a aba so a wɔhyɛ agye wɔn adwene bɛka mfa me ho.”
Beae foforo a ɛno nso ɛma wɔkora sika so ne sɛnea wosua ɔkwan a wɔfa so siesie nneɛma a asɛe wɔ ofie no mu no. Ɛnyɛ sɛ eyi kora sika so nko na mmom ɛma obi tumi de ne nneɛma ahorow ne ebia nkongua di dwuma bere tenten mu.
Okunu bi kae sɛ sika a wɔde asie wɔ afe wɔ ne ti nhwi a oyi ho yɛ dɔla 200 anaasɛ ¢550. Ne yere penee so sɛ obesua sɛnea obetwitwa ne ti nhwi, na ne ho rekokwa afei. Esiane sɛ akwan a wɔfa so yi ti nhwi nansa yi no sonosonoe pii nti, ɛho nhia sɛ obi ti a woyi no yɛ nea eye sen biara wɔ ɔkwan biara so.
Wobetumi atwa ɛka a wɔbɔ wɔ nnuru ho no nso so denam sika a nnuruyɛfo gye a wɔde bɛtoto ho ahwɛ no so. Television ho adwumayɛfo bi a wɔkɔsraa aguadidan ahorow a wɔtɔn nnuru wɔ mu a ɛbemmɛn ho no hui sɛ nnuru horow no bo sonosonoe wɔ ebiara ɛmu, na ebinom bo yɛ den kyɛn afoforo bɛyɛ sɛ efi mpɛn abien kosi anum.
Nneɛma a obi betumi ayɛ de akyɛe sika so a wɔbɛhyehyɛ no dɔɔso. Nanso saa nhwɛso yi kyerɛ sɛ nneɛma ho a wobesusuw kakra no betumi aboa wɔ saa bere yi a wɔwɔ sika nhyɛso ase no mu.
Nea ɛde ɔhaw ba nnansa yi mu biako ne nnipa a wɔn ani bere honam fam nneɛma pii dodo no. Asɛe mmusua ne afie horow pii.
Ebinom hwehwɛ honam fam nneɛma pii na wɔne afoforo ayɛ pɛ. Nanso saa atoro ahoma so yi betumi ama obi abɔ ka. Ntease ada no adi wɔ ɔkwan a emu da hɔ pefee so sɛ nyansa nnim sɛ ‘wobɛsɛe sika a wunni, wobɛtɔ nneɛma a eho nhia wo, na wode ama obi a wompɛ n’asɛm mpo akamfo wo.’
Wɔ nea ɛfa honam fam nneɛma ho akɔnnɔ a ɛho hia sɛ wɔhyɛ so no fam no, abusua bi kyerɛw nea edidi so yi maa U.S. News and World Report:
“Yɛn abusua no ani gye efisɛ sika a yɛde hwɛ yɛn ho no te sɛ nea awarefo baanu a wɔyɛ adwuma de tua nnipa a wɔhwɛ wɔn mma so no nsa kã no. Yɛko tia nneɛma bo a ayɛ den no denam hwɛ a yɛhwɛ yɛn ho so yiye wɔ honam fam nneɛma a wɔn bo boro efi dɔla anaa cedi du rekɔ no ho.
“Yɛn asom dwo yɛn wɔ yɛn mma a yɛn ankasa yɛn wɔn no mu, na yɛwɔ dwoodwoo asetra esiane ‘tete abusua’ no a yekura mu no nti. Ofiehwɛ a wɔde bere nyinaa yɛ no renyɛ nea ne bere betwam da efisɛ ɛyɛ Onyankopɔn kwan ma ɔbea sɛ onni ho dwuma. ‘Nea ɔhwɛ ɔkwan fa sɛnea ɛsɛ sɛ aware yɛ’ ho no mfa sika a obi nsa ka no ho hwee. Nnipa na ɛyɛ aware, na ɛnyɛ sika a wɔaka abom. Nnipa na wɔyɛ abusua, na ɛnyɛ honam fam nneɛma.”
Honam fam nneɛma ho akɔnnɔ a wɔbɛbrɛ no ase no boa kɛse yiye ma wɔkwati ade titiriw a ɛmma wonnya anigye no: ɛka a adan adesoa. Sɛ́ wobɛbɔ bosea bebree na afei wode abasamtu atra ase sɛ obi a ɔrebɔ mmɔden atua eyinom no yɛ ɔkwan a enye a ɛde wo bɛkɔ ɔhaw mu. Enti Bible no kae wɔ ɔkwan a ɛteɛ so sɛ: “Bɔ bosea, na wobɛdan nea ɔbɔɔ wo bosea no akoa.”—Mmeb. 22:7, Good News Bible.
Mpɛɛpɛɛmu a wɔne mmusua horow a wɔabɔ ka no yɛe no daa no adi sɛ nneɛma pii wɔ hɔ a wɔtɔe a na ɛho nhia wɔn. Awarefo baanu bi a wɔn aware no adi mfirihyia abien bi de wɔn ho akɔhyɛ ɛka kɛse mu. Sɛ wobedi kan atua ɛno kan no, wɔkɔ so bɔ bosea de tɔ nneɛma. Ankyɛ na ahosodi a wonni wɔ honam fam nneɛma mu no ma wɔbɔɔ ka kɛse a ɛsɛ sɛ wɔtɔn wɔ ahonyade no nyinaa. Nanso wɔka kyerɛɛ obi a otu boseabɔ ho fo no sɛ wɔde sika no dii “nneɛma a ehia” wɔn nkutoo ho dwuma. Bere a wɔkɔɔ so bisaa wɔn asɛm no, wohui sɛ nea ɛkaa saa “nneɛma a ehia” no ho ne ɔkwan a wotu kɔ akyirikyiri kɔsɛe sika kɛse wɔ hɔ ne ntade a ne bo yɛ den a wɔ nokwarem no ɛho nhia wɔn koraa a wɔtɔ.
Bible no ka sɛ: “Na bɔne nyinaa ntini ne sikapɛ” na ɛde kaa ho sɛ ebinom “dii akyiri yeraa gyidi kwan na wɔde yaw pii wowɔɔ wɔ ho.” (1 Tim. 6:10) Saa nokwasɛm no reda adi pefee wɔ da biara da.
Dɛn na ɛba nnipa a wɔde honam fam nneɛma ho a wosusuw ayɛ ade titiriw wɔ wɔn asetra mu no so? Yɛn kyerɛwfo a ɔwɔ Japan no kae sɛ:
“Sɛ wɔkyekyem a, nea mmusua horow a ɛwɔ Japan no yɛ ne sɛ wɔde wɔn ho hyɛ nnwuma horow pii mu. Okunu ne ɔyere no de wɔn bere nyinaa yɛ adwuma, na wɔtoa so yɛ adwuma bere a wɔapɔn. Ɛwom sɛ wɔbɛte nka sɛ wɔreko atia nneɛma a wɔn bo ayɛ den no de, nanso ɛyɛ abusua no na ehu amane efisɛ biakoyɛ ne ayɔnkobɔ ankasa nni hɔ.
“Saa mmɔdenbɔ no nyinaa yɛ nea ɛnkɔ akyiri. Nea esi so dua ara ne MPREMPREN, ƐNNƐ. Wɔmfa daakye mma asɛm no mu, na anidaso nyɛ wɔn da biara da asetra no fa.”
Nanso sɛ ayɔnkobɔ a etumi ma obi nya nkɔso nni hɔ, na sɛ daakye ho anidaso a ɛyɛ nokware nni hɔ a, ɛnde sɛ ɔyere no hwere n’adwuma anaasɛ ɛba saa wɔ wɔn baanu nyinaa so a dɛn na ɛba? Sɛ wɔsɛe wiase yi sikasɛm ho nhyehyɛe no a, dɛn na ɛbɛto nnipa a wɔboaboa honam fam nneɛma ano sɛ wɔn ade titiriw wɔ asetra mu no?
So eyi bɛba ampa? Yiw, akyinnye biara nni ho! Na eyi na ɛma adwene a wukura wɔ nneɛma a wɔn bo ayɛ den ho, sika ho ne afei honam fam nneɛma ho no nyɛ mmɔden a worebɔ na wode agyina ahokyere a ɛba wɔ bere tiaa bi mu no ano no. Nea ehia a ɛsɛ sɛ wusiesie wo ho ma ne nnɛ bere mu sikasɛm ho nhyehyɛe no nyinaa a wɔbɛsɛe no a ɛreba no.
[Kratafa 14 mfoni]
Honam fam adedodow pii akyi a wodi a wobetwa so no betumi aboa asiw ɔhaw horow a emu yɛ den no ano