Asanom Bebrebe Ho Asɛnnennen A Ɛrekɔ Anim
NSA A ANO YƐ DEN betumi de biribi aka anigye a obi nya wɔ adidi mu no ho, na ama ne koma ani agye. Nanso, asanom bebrebe renya nkɛntɛnso a ɛsono no koraa wɔ nnipa pii so wɔ wiase nyinaa. Ɛrendan wɔn asabofo. Asɛm no mu yɛ den kosi he?
Aban adwumayɛbea a ɛwɔ Italia a wɔhwɛ akwahosan so no bɔɔ amanneɛ sɛ asanom bebrebe adan nea “wontumi nni so.” Amanneɛbɔ bi a wɔdaa no adi kae sɛ, wɔ France no, bɛyɛ sɛ efi anadwo 11 p.m. kosi anɔpa 6 a.m. no, anyɛ yiye koraa no, afirikafo a wɔtete kar ahorow du a wotwam bere biara no mu biako yɛ obi a wabow nsa! Na ɛkameayɛ sɛ ayarefo a wɔdeda ayaresabea wɔ France nyinaa no mu fã yɛ wɔn a wɔyɛ asabofo. Wɔfrɛ no “France ɔman yare.”
Wɔbɔɔ amanneɛ wɔ Soviet Union, Rusia, sɛ, nsɛmmɔne ahorow a wodi a emu nyɛ den pii no mu ɔha mu nkyem 90 ne awudi a ɛkɔ so no nyinaa mu ɔha mu nkyem 60 fi asanom bebrebe.
Wɔ U.S. Amerika no, wɔkyerɛ sɛ wɔn a wɔnom nsa pii no dodow boro 10,000,000. Na eyinom mu pii yɛ asraafo a wɔagyaa wɔn afi sraadi mu.
Wɔ aman horow pii mu no, mmofra a wɔhwe wɔn pirapira wɔn no nyinaa mu ɔha mu nkyem 20, ne awudi a ɛyɛ aniberesɛm no nyinaa mu ɔha mu nkyem 75, ne wɔn a nsu fa wɔn no nyinaa mu ɔha mu nkyem 20, adwumayɛ mu asiane horow nyinaa mu ɔha mu nkyem 50, wɔn a wokunkum wɔn ho nyinaa mu ɔha mu nkyem 30, awaregyae anaa aware mu ntetewmu nyinaa mu ɔha mu nkyem 40 ne adwenemyare nyinaa mu ɔha mu nkyem 20 fi asanom bebrebe. Akyinnye biara nni ho sɛ asanom bebrebe de nnipa ɔpepem pii nkwa ato asiane mu—ɛnyɛ asabofo no nkutoo, na mmom wɔn a wɔte bɛn wɔn nso.
Dodow a Wɔnom a Akɔ Anim
Nsa a ano yɛ den no dodow a onipa biako nom no akɔ anim wɔ ɔkwan a ɛyɛ hu so. World Health Organization bɔɔ amanneɛ sɛ aman pii wɔ hɔ a nnipa a wohu amane wɔ asanom bebrebe mu no dɔɔso koraa kyɛn wɔn a wohu amane wɔ nnuru horow nyinaa a wɔyɛ a nnipa de wɔn ho to so no mu.
Sɛ wɔkyekyem a, Italiani biara nom nsa a ano yɛ den mmɔho abien nnɛ kyɛn sɛnea ɔyɛe mfirihyia 20 a atwam no, na Australiani biara nom ɔha mu nkyem 277 (anaa nea ɛreyɛ adu mmɔho abiɛsa) kyɛn sɛnea ɔyɛe mfirihyia 30 a atwam no. Bere a ɔreka nea asanom bebrebe ayɛ wɔ adwumayɛ mu no ho asɛm no, Australia Adwumayɛfo Kuw no mu titrani no kae sɛ osukɔm kɛse a ɛde Australia no redan Australia nyinaa ɔhaw.
Mmeae ahorow bi wɔ hɔ a nkɔanim a wɔanya wɔ eyi mu no mu yɛ den yiye wɔ mmea mu. Sɛ nhwɛso no, wɔ Germane Atɔe Fam no, sɛ wɔde mmea asabofo to mmarima asabofo ho mfirihyia du a atwam no mu a, na ɛyɛ ɔbea 1 wɔ mmarima 10 mu, ɛnnɛ de, ɛyɛ ɔbea 1 wɔ mmarima 3 mu, na saa ara na ɛte wɔ Engiresi Aburokyiri. Wɔ bere a wonim sɛ Franseni bea yɛ obi a wobu no sɛ nsu nkutoo na ɔnom no, sɛ wɔkyekyem a, wɔn a wɔnom nsa a ano yɛ den no nom nea sɛ wɔkyekyem a ɛyɛ ɔha mu nkyem 19 da biara da.
Mmofra de wɔn ho ahyɛ eyi mu akodu he? Nsɛm a wobisaa mmofra 1,400 wɔ Atɔe man bi mu no daa no adi sɛ wɔn mu ɔha mu nkyem 19 ayi wɔn kotoku mu sika de atɔ nsa a ano yɛ den. Kuw foforo a wɔboaboaa wɔn ano a wɔyɛ mmofra a wɔanyinyin kakra 2,741 a wofi sukuu ahorow 30 mu ma wohui sɛ mmofra no mu wɔn a wɔadi efi mfirihyia 12 kosi 17 no nyinaa mu ɔha mu nkyem 9 kae sɛ “wɔanom nsa abow nea ɛboro pɛnkoro ɔsram biara na “ade tɔ” wɔn mu ɔha mu nkyem 2 “so” bere biara.
Sɛnea Ɔhaw no Bae
Mfiase no obi betumi ate nka sɛ, sɛnea Bible no ka no, nsa ma koma ani gye. (Dw. 104:15) Afei, bere a mfe no retwam no na ɛte sɛ nea nipadua no nso pene nsa a ano yɛ den so no, obehu ne ho sɛ afei de ɔnom nea ɛdɔɔso ne nea ano yɛ den nso. Mfiase no nea ɛtaa ba ara ne sɛ otumi “di nsa a ano yɛ den no so” yiye. Esiane sɛ ɔhyɛ ne ho so bere a wanom nsa a ano yɛ den nti, eyi mpo bɛma no awerɛhyem bi.
Akyiri no, ohu sɛ ɔde ne ho to eyi so mpɛn pii. Ɔde ne ho to so na “ama n’ani agye.” Ɔnom eyi sɛnea ɛbɛyɛ na ɔde beguan afi asetra a ɛfono obi no mu, na eyi ma awerɛhow so kata. Anaasɛ, ebia obi de nkakrankakra bɛma dodow a ɔnom no akɔ anim sɛnea ɛbɛyɛ na atumi apusu no anaa wanya nkate a ɔhwehwɛ no.
Wɔn a wosua eyi ho ade no ka sɛ afei de onipa a ɔte sɛɛ adu beae a ɔbɛka sɛ otumi di ne ho so. Ebia obetumi ayi n’ano wɔ tebea a wabam no ho wɔ bere a wɔreka nsa a ano yɛ den ho asɛm no, nanso, wɔ akwan nyinaa mu no, onsiesiee ne ho sɛ ɔbɛpene so sɛ ɔredan ɔsabofo. Ebia ɔrennom nsa mmow ankasa de, nanso, ɔwɔ asanom bebrebe ho ɔhaw no mu.
Sɛ otumi gyina tebea a wabam yi ano bere a nsɛm refi ase yi a, ɛrenyɛ den sɛ obedi saa ɔhaw no so nkonim. Nanso sɛ wanyɛ saa a, ɔbɛkɔ n’anim de akodu faako a ebinom frɛ no nipadua nyinaa a wode hyɛ mu, nkate bi a ɛhyɛ no sɛ ɔnnom nsa bere biara na ɔde akwati gyae a obegyae ho ɔhaw a ɛbɛba no so no.
Sɛ yɛbɛka no pefee a, sɛ obi kɔn dɔ sɛ ɔbɛnom na ɔnom tra so anaasɛ ɔkɔ so de ne ho to so a, na onipa yi abɛdan ɔsabofo.
Mmom, ɛnyɛ obiara a ɔnom nsa na ɔyɛ ɔsabofo. Nanso eye sɛ yehu nea ɛkɔ so wɔ obi a ɔde ne ho ahyɛ nsa a ano yɛ den nom mu no nipadua mu. Woakyerɛkyerɛ eyi mu wɔ asɛm a edi eyi akyi no mu. Nimdeɛ a ɛte sɛɛ betumi abɔ wo ho ban. Na sɛ eyi adan ɔhaw ama wo a, ebetumi aboa wo na woate tebea no ne nea wubetumi ayɛ wɔ ho no ase.
[Kratafa 16 adaka/mfoni]
MMUAE BƐN NA WODE MA?
Sɛ wɔde nsa a ano yɛ den ne nea ano nyɛ den sisi w’anim sɛ paw mu biako a, so ɛnyɛ den mma afoforo sɛ wobehu nea wobɛpaw?
So wonom nsa a ano yɛ den sɛ biribi a wode resakra sɛnea wote ade nka fa? Sɛ wonom nsa a, so wonom pii ansa na woagyae?
So woasua “asanom yiye” ma enti wonte nka sɛ ennya nkɛntɛnso wɔ wo so bio sɛnea ɛyɛ afoforo no?
WO MMUAE NO BETUMI ADA NSƐM PII ADI AKYƐN SƐNEA WUSUSUW