Ɛhefa Na Efi Bae?
Wofi teteete akyerɛ nkyerɛkyerɛ a ɛfa Triniti anaa Baasakoro no ho no wɔ Katolek ne Protestant asɔre horow mu sɛ Kristoman mu asɔre horow no nkyerɛkyerɛ titiriw.
So efi Bible no mu anaa? “Encyclopedia Britannica” no kyerɛkyerɛ mu sɛ “asɛmfua ‘Triniti’ anaa baasakoro anaasɛ nkyerɛkyerɛ a wɔkyerɛkyerɛ mu pefee saa no mpuee wɔ Bible no fa bi mu da.” (1971 de, Po 22, krat. 241) Wɔ nkyerɛkyerɛ a ɛfa “Nnipa Baasa a Wɔyɛ Onyankopɔn Biako” no ho no, “Catholic Encyclopedia” no penee so sɛ: “Ɛnyɛ . . . Onyankopɔn asɛm ankasa.” (1967 de, Po 14, krat. 304)
Ɛnde na ɛhefa na saa adwene no fi bae? Anyame baasa a wɔka bom yɛ biako nyɛ na wɔ tete Misraim ne Babilon anansesɛm mu, ne afei nso wɔ Hindu ne Budhafo anyamesom mu. Nea wuhu wɔ nifa so yi yɛ tete Misraim anyame baasa: Isis, Osiris ne Horus.
Roma hempɔn Konstantino nso dii dwuma titiriw bi. Esiane sɛ ohui sɛ anyamesom mu mpaapaemu betumi asɛe n’ahemman no nti, ɔhyehyɛɛ bagua bi wɔ Nikea, afe 325 Y.B. mu too nsa frɛɛ asɔfo mpanyin no. Bere a wɔagye akyinnye ara asram abien no, ɔhempɔn a wɔmmɔɔ no asu no kogyinaa wɔn a wɔkasa ma Triniti anaa baasakoro no afa. “Encyclopedia Britannica” Po 6, krat. 386 no bɔɔ amanneɛ sɛ: “Esiane sɛ ɔhempɔn no nyaa wɔn so nkɛntɛnso nti, asɔfo mpanyin no de wɔn nsa hyɛɛ [Nikea] gyidi no ase, gye baanu pɛ, na wɔn mu pii yɛɛ saa a ɛnyɛ sɛ efi wɔn pɛ mu nti.” Wotwaa wɔn a wɔmpene so no asu.
Nanso eyi akyi ankyɛ na wɔn a wɔsɔretia no bɛkaa Konstantino ho bio, na wotwaa obi titiriw bi a ogyina Triniti anaa baasakoro no akyi kan bi no nso asu. Akyiri no baasakorofo no san nyaa Ɔhempɔn Theodosius anim dom bio, na ɔno nso tuu wɔn a wɔmpene so no fii afie a wɔtete mu no mu.
Enti abosonsom nkyerɛkyerɛ ne amammui mu sodifo mmara horow boa maa Triniti anaa baasakoro nkyerɛkyerɛ no timii ma egyee din sɛnea ɛte mprempren no.