Yafunu A Woyi Gu! Ntua A Edi Awu
Obiara rente anan nketewaa yi kasa a wɔnte ase no nka bio—wɔ tu a wotuu no gui adapɛn 10 mu nti
Suction Aspiration. Wɔde (dade bi a ɛte sɛ ɔdorobɛn a ano yɛ nam) hyɛ awotwaa no mu, saa dade yi de ahoɔden twitwa akokoaa no mu asinasin nketenkete na ɛtwe asinasin no fi awotwaa no mu gu ade mu. Wɔfa ɔkwan a ɛte sɛɛ so yi nyinsɛn pii a adi bɛyɛ sɛ adapɛn 12 gu. Saa bere no mu no na abofra no akwaa nyinaa aba na otumi te yaw nka.
Dilation and Curettage (D & C) Eyi nso te sɛ afiri a wɔde yi nyinsɛn gu gye sɛ ɛno de ɛte sɛ sekan bi a akonton a etwitwa akokoaa no mu asinasin twerɛw asinasin no fi mu fa ɔbea no anan mu.
Saline Solution. Wɔtwe nyinsɛn no ho nsu a abofra no da mu no na wɔde aduru bi a wɔde nkyene afra mu hyɛ ananmu. Akokoaa no home na ɔmene saa aduru no, ɔpere, mogya tu no, ade tɔ no so, na owu nnɔnhwerew kakraa bi akyi. Ɛno akyi no ɛnã no kõ awo denneennen ma ɔwo akokoaa a wawu anaasɛ ɔrewu. Wɔde ɔkwan yi di dwuma wɔ nyinsɛn a akɔ anim fi asram anan kosi asia no mu.
Prostaglandin Abortion. Wɔde nnuru bi a ɛte sɛ nkyenenkyene gu akokoaa no ho wɔ awotwaa no mu ma wɔko awo ntɛm wo abofra no bere a onnyinii. Wɔtaa de nkyene bɔ akokoaa no pene kan na wɔde asiw akokoaa a onwui a wɔbɛwo no no kwan.
Hysterotomy. Wɔpae yafunu no mu yi abofra no fi mu. Mpɛn pii no woyi mmofra no fi mu a wɔda so wɔ nkwa mu, wɔpere kakra, su na wɔawu. Wɔde eyi di dwuma wɔ nyinsɛn a ɛreyɛ adu awo bere mu no mu.
Amanaman Nkabom no adesua bi kyerɛe sɛ mmea a wɔwɔ wiase nyinaa no mu nkyem abiɛsa mu abien nam mmara kwan so betumi ayi nyinsɛn agu wɔ mfe kakraa a atwam no mu. Nea enti a woyi nyinsɛn gu no ne: ɔbea a ɛfa no ho no nipadua, adwene, asetra ne sikasɛm mu yiyedi.
United States Amerika Asennii Kɛse no mu nnipa 7 penee eyi so a abien sɔre tiae wɔ mmara bi a wɔhyɛe wɔ 1973 mu sɛ “mmara bu akokoaa a afei na wɔanyinsɛn no no sɛ ɔnte ase” na mmara mmɔ ne nkwa ho ban no mu. Nanso ansa na afe 1973 reba no na mmara bɔ akokoaa a wɔnwoo no no nkwa, hokwan a ɔwɔ sɛ ɔbɔ obi ka, onya agyapade, sika mu mfaso a obenya ho ban a mfe a wadi mfa ho. Ɛnã no nkwa da asiane mu, ɔyare aba awotwaa no bo, nyinsɛn no fi mmonaato anaasɛ obusuani. Atirimpɔw ahorow yi mu kakraa bi pɛ na wɔde di dwuma. Nyinsɛn a woyi gu ɔha mu nkyem 95 fi nneɛma horow.
Wɔ “Akwahosan Nti.” Ebia ɛnã no bɛhaw wɔ adwenem sɛ nyinsɛn no bɛsɛe sukuu a ɔrekɔ, adwuma anaasɛ n’adeyɛ, anaasɛ akwamma bi—biribiara a “ɛbɛhaw” no. Ɔbɛsrɛ aka sɛ ɛbɛhaw no wɔ sika fam, na wɔapene so wɔ mmara kwan so na wɔayi nyinsɛn no agu. Anaasɛ ‘ɛbɛhaw’ abusua no.
Sɛ Wɔde Besiw Awo Ano. Wɔtaa yi nyinsɛn gu sɛ nea wɔde siw awo anaasɛ mma a wɔnhwɛhwɛ awo ano. Awarefo no mu binom wɔ hɔ a wɔmpɛ sɛ wɔde nnuru horow a wɔde siw awo ano no di dwuma. Wɔhwɛ kwan sɛ nnuru a wɔnom no besiw nyinsɛn a woyi gu no ano nanso amma saa. Ebinom akɔ so ayi nyinsɛn agu.
Wotumi de Kyerɛ sɛ Wɔpɛ Ɔbarima anaasɛ Ɔbea: Ayaresafo tumi yi nsu fi awotwaa no mu sɔhwɛ de hu sɛ dɛm bi wɔ akokoaa no ho anaa ɛnte saa. Wotumi nso hu sɛ akokoaa no yɛ ɔbea anaa ɔbarima. Nea ebinom yɛ ni na wogyina eyi so si gyinae sɛ wobeyi nyinsɛn no agu anaasɛ wɔrenyɛ saa. Sɛ ɔyɛ abeawa na sɛ abarimaa na wɔhwehwɛ a, anaasɛ sɛ abarimaa na sɛ abeawa na wɔhwehwɛ a, nyinsɛn a woyi gu no ye na akokoaa a wɔnhwehwɛ no no afi hɔ.
Wɔyɛ wɔ Sika Nti. Ɔyaresafo a oyi nyinsɛn gu no taa nya ne ho ntɛm. Nyinsɛn a woyi gu a ɔhaw biara nni ho no di bɛyɛ sɛ simma 15 pɛ, na 1974 mu amanneɛbɔ bi kae sɛ oduruyɛfo bi yii nyinsɛn efi 40 kosi 50 gui da biara de gyee Amerika sika dollar 55 wo ebiara a obeyi agu no mu. Wɔde no hyɛɛ ntanka ase ma ɔkae sɛ onyaa sika bɛboro $250,000 wɔ afe 1971 mu asram asia a edi kan no pɛ mu.
Afei nso, ayaresafo bi de wɔtɔn yafunu a wɔatu no foforo no, wɔtɔn ma adwumayɛbea ahorow a wɔyɛ nnuru, ayaresabea ahorow ne aban adwumayɛbea ahorow. Nyinsɛn no akyɛ a, ɛma awotwaa no som bo yiye. Eyi ho asɛm bɛdaa adi pefee wɔ Washington, D.C. Wototoo ayaresafo no bi ano sɛ wɔhyɛɛ da hyɛɛ nkuran ma woyiyii nyinsɛn a aboro bɛyɛ sɛ asram abiɛsa a ɛho nhia sɛ woyi gu no gui.
Wɔyɛ wɔ wiase mmaa nyinaa, sɛ́ mmara ma kwan anaasɛ ɛmma kwan. Sɛnea Population Council a Amanaman Nkabom no ma wɔn sika no kyerɛ no, bɛyɛ sɛ afe 1975 mu tɔnn anaasɛ nea ɛkɔ akyiri kyɛn saa no ná Soviet Russia yi nyinsɛn ɔpepem bebree gu afe biara. Afei nea ɛkɔ so afe biara ni: Nea ɛboro 2,000,000 wo Japan, 2,000,000 wɔ Brazil, nea ɛboro 1,000 000 wɔ Italy ne United States, Amerika. Mfirihyia dunnum ni a aban adesua bi daa no adi sɛ woyi nyinsɛn ɔpepem 3.8 gu afe biara wɔ India.
Population Tribune ne United Nations World Population Conference no ka boom yɛɛ nhyiam bi wɔ 1974 mu, na amanneɛbɔ no kyerɛe sɛ aman pii wɔ hɔ a wɔn a wonyinsɛn no mu fã yi gu, na wɔkae sɛ mmea 55,000,000 yii nyinsɛn gui wo 1971 mu wo wiase nyinaa!
Hena na onim sɛnea akontaabu no te wɔ wiase nyinaa mprempren—gye Yehowa Nyankopɔn, a ɔhyɛ akasanoma a ɛhwɛ fam no nsow no.
[Nkratafa 10, 11 mfoni]
(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ no nyinaa a, hwɛ nhoma no mu)
SƐNEA WƆYƐ NO
SALINE
MMARA MA NE YƐ HO KWAN
NEA ENTI A WƆYƐ SAA
WƆYƐ WƆ MMEAE AHOROW PII
1971
55 MILLION
1980
?