Nea Wontumi Nsusuw Ho No—So Ebetumi Aba?
ESIANE nea ɛyɛ hu a ebetumi de aba nti, na wɔte nka sɛ ɛbɛyɛ nea nyansa nni mu sɛ ɔman bi befi nuklea akodi ase. Nanso, nnansa yi akode a wɔayeyɛ no kyerɛ sɛ “ehu a ɛkari pɛ” anaasɛ “akwanside” no nyɛ nea wobetumi agyina so anya ahotoso ankasa.
Sɛnea wɔadi kan abɔ din no, amanaman ntam asraman a wɔtow no kɔ a ɛkɔ pɛpɛɛpɛ no akɔ anim wɔ mfe kakra a atwam yi mu. Nsɛmma nhoma Nation no ka nea enti a eyi de nneɛma pii a ɛyɛ hu aba:
“Afei nso, akode a Amerika reyɛ mprempren no kyerɛ biribi a ɛkyɛn ‘akwanside’ ara kwa. Sɛ wɔtow nea wɔfrɛ no cruise missiles no a ebetumi akɔ akwansin 2,000, na ɛremfi faako a wɔhwehwɛ sɛ ɛkɔtɔ no ho efi basafa 15 kosi 30 mpo. . . . Asɛm no ne sɛ ɛho nhia sɛ wɔtow akode ahorow a ɛkɔ tee saa no ‘mprenu’ na wɔde ako atia aman ne nnipa horow. Ɔtopae a ebetumi abɛn beae a wɔpɛ sɛ ɛkɔ no bɛyɛ akwansin fã anaasɛ nea ɛte saa no nyɛ ‘akwanside’ ara kwa. Sɛ́ ɛbɛkɔ akɔtɔ faako a wɔpɛ sɛ wɔsɛe hɔ no tee no ho hia bere a ɔman bi yɛ nhyehyɛe sɛ ebedi kan atow na ɔtamfo no annya kwan antow bi. Bere a etumi kɔ faako a wɔpɛ sɛ ɛkɔ pɛpɛɛpɛ no, atopae pii ho nhia na wɔde asɛe atamfo atrae a wɔnam nnade ne afasu a ɛyɛ den kɛse so abɔ ho ban.”—May 27, 1978.
Afei nso, aman pii reyɛ nuklea akode. Wɔkaa ehu a eyi yɛ no ho asɛm wo The Bulletin of the Atomic Scientists no mu: “Wogye di wɔ baabiara sɛ dodow a aman pii nya nuklea akode no, dodow ara na nuklea akodi betumi afi ase. Aman pii nim sɛnea wɔyɛ nuklea akode nnɛ ma nea ɛhaw adwene mprempren ne sɛ ebia akuw ahorow a wodi nsɛmmɔne befi ase ayɛ nuklea ɔtopae ahorow, na ɛnyɛ nniso horow nkutoo”—September 1979.
Sɛ wuhu sɛ aman a wɔwɔ akode ahorow yi de wɔn ho ahyɛ ntawtawdi bi mu a, so ehu nka wo sɛ ebia sɛ wɔn mu biako de nuklea akode bedi dwuma, a nea ebefi mu aba no mfa wɔn ho? Ɛnyɛ wo nko na wobɛte nka saa.
Akomatu Nhyiam Horow
May 1978 mu no, nyansahufo, asraafo ne aban afotufo 30 a wofi aman 10 so de nna pii hyiae wɔ Toronto, Canada, susuw asɛmti bi a ɛyɛ aniberesɛm ho, “Nea Nuklea Akodi Betumi De Aba wɔ Afe 2,000 Mu” no ho. Oguamtrani John Polanyi kae sɛ “Ade titiriw a ɛdaa adi pefee sen biara wɔ saa nhyiam yi ase ne pene a obiara penee so sɛ nuklea akode ho asiane no rekɔ anim.” Efi saa bere no reba yi, wɔn a wɔwɔ eyi ho nimdeɛ no ayɛ nhyiam horow a ɛtete saa, a “nuklea akodi ho nhyiam a edi kan” a wɔyɛe wɔ United States, Amerika, a nnipa bɛboro 300 baa ase ka ho, na wɔn nyinaa ate nka saa ara.
Obi a ɔne Soviet Ɔmampanyin Brezhnev “di kokoam nsɛm” no mpo daa nea ɛbɛba daakye ho suro adi denam amanneɛbɔ yi so: “Adwene a wokura wɔ Soviet Union ne sɛ ɛho hia sɛ woyɛ ho biribi anyɛ saa a ɔko betumi aba.” (Yɛn na yɛde nkyerɛwee afoforo akyerɛw ɔfã a edi akyiri no)
Anyamesomfo pii nso gye di sɛ nuklea akodi bi abɛn. Na wɔka sɛ nea wɔka no gyina Bible so. Sɛ nhwɛso no, nyamesom mu ɔbenfo bi a ɔreka Bible mu nkyekyem bi a ɛka sɛ ‘wɔde ogya bɛsɛe asase’ no ho asɛm no kae sɛ: “Mprempren atomik akode ahorow boaboa ano agu hɔ no ma ɛda adi sɛ ɛyɛ nokware.”—2 Pet. 3:7.