Ase A Wɔbom Tra Kwa A Wɔnware
ABEAWA bi a wadi mfirihyia 21 a ɔkɔ kollege kae sɛ, “ade a eye sen biara wɔ ase a wɔbom tra kwa a wɔnware ho ne sɛ mo baanu nyinaa nim sɛ mowɔ ɔkwan tenten kɔ ansa na mode ahu mo ankasa mo ho, na munim sɛ sɛ mosakra mpɛn pii, sɛ ebia asram kakraa anaasɛ mfe kakraa bi mu na muhu sɛ momfata mo ho mo ho a, nea eyi kyerɛ ne sɛ munsii gyinae a ɛkyekyere mo.”
Nnipa pii a wɔredɔɔso na wɔne no yɛ adwene. So abeawa yi asɛm no teɛ? So ɛyɛ ɔkwan pa kyɛn aware? Dɛn koraa nti na nnipa pii de wɔn ho ahyɛ eyi mu?
Dodow a Akɔ Anim Kɛse
Nnipa a wɔbom tra ase kwa a wɔnware no dodow adɔɔso pii, a ɛkyerɛ sɛ, wɔnkyekyere wɔn ho wɔ adansefo anim na wɔmmfa eyi nhyɛ mmara ase sɛnea ɛfata. Eyi abu abɔ ho wɔ U.S. Amerika. Wɔ Japan no, ɛnanom a wɔmfaa wɔn aware nhyɛɛ mmara ase no dodow bu bɔɔ ho wɔ mfirihyia anum mu.
Wɔ Sweden no nnipa a wɔnwaree anaa wonhyiaa ayeforo a wonyaa ɔbarima ne ɔbea nna mu kyɛfa no dodow kɔɔ anim ɔha mu nkyem 35 efi 1950 mfe no kosi 1970 mfe no mu. Wɔ Brazil no, wɔn a wɔtraa ase saa no dodow kɔɔ anim fi ɔpepem abien wɔ 1970 mu kosi nea ɛreyɛ adu ɔpepem anan mprempren.
Ɛda adi pefee sɛ nsakrae akɛse aba wɔ su a wokura wɔ aware mu no mu. Dɛn ntia?
Dɛn Nti Na Agye Din Saa?
Atirimpɔw ahorow pii wɔ hɔ. Biako ne sɛ aware horow pii ayɛ osuahu a ɛyɛ yaw, sɛnea awaregyae bebrebe no kyerɛ no. Ebinom a wɔafi aware bɔne mu afi na abɔn wɔn hwene mu no mpɛ sɛ wɔsan ware bio.
Nyinsɛn a mmara ma ho kwan ma woyi gu ne akwan a eye a wɔfa so siw awo ano no ama asetra a ɛte sɛɛ ayɛ mmerɛw wɔ mmeae ahorow pii. Afei nso, ani a wobu gu adeyɛ a ɛte sɛɛ so no ma ɛyɛ mmerɛw ma nnipa pii sɛ wɔde wɔn ho bɛhyɛ asetra a ɛte sɛɛ mu. Na ɛtɔ bere bi nso a na sika fam mfaso wom, te sɛ ebia tow a wotua a eye ma asigyafo.
Tumi horow a ɛwɔ onipa mu no nso redi dwuma. Mmea pii wɔ hɔ a wosuro wɔn so a mmarima bedi. Wosuro sɛ ebia wɔbɛhyɛ wɔn ama wɔayera nnipa ko a wɔyɛ. Afei nso mmea pii wɔ hɔ a nnɛ wɔne mmarima yɛ pɛ wɔ nneɛma horow bi mu na pii ani gye sɛ wɔbɛkɔ wɔn anim wɔ wɔn adwuma mu kyɛn sɛ wobenya abusua no ho. Na afei wosusuw sɛ wɔn hokafo no betumi asakra asɛe koraa.
Ebinom tew atua tia wɔn awofo, anaasɛ wɔsɔre tia abrabɔ pa ho mmara. Ebinom de wɔn ho hyɛ ɔbea ne ɔbarima nna mu wɔ akwan horow so na wɔmmfa ɛho asɛyɛde nyɛ hwee. Ebinom bu eyi sɛ nea wɔde si ankonamyɛ ananmu. Ebinom te nka wɔ wɔn adwenem sɛ wɔnte nka pii sɛ wɔadi huammɔ bere a ahokafo “paapae mu kɔ” kyɛn sɛ aware ankasa bɛsɛe. Afei nso ebinom wɔ hɔ a wɔte nka yiye sɛ wosusuw wɔn ho wɔn ho yiye pii bere a mmara kyekyere wɔn sɛ wɔnyɛ saa.
Nanso, so ase a wɔbom tra kwa a wonware no de asɛyɛde ne anigye a wɔhwɛ kwan no ba? Wɔ ne nyinaa mu no so saa asetra yi ye kyɛn sɛnea aware te? Bɔ mmɔden susuw ɔbea bi a ne suahu nyɛ soronko wɔ wɔn a wɔpaw asetra a ɛte sɛɛ no mu no ho hwɛ.
[Kratafa 12 adaka]
U.S.A. Wɔn a wɔnwaree a wonya ɔbarima ne ɔbea nna mu kyɛfa kɔɔ anim mmɔho abien anaa 100% wɔ mfirihyia 7 mu
BRAZIL Wɔn a wɔnwaree a wonya ɔbarima ne ɔbea nna mu kyɛfa bɔɔ ho abien mfirihyia 10 mu
SWEDEN Wɔn a wɔnwaree a wonya ɔbarima ne ɔbea nna mu kyɛfa bɔɔ ho ɔha mu nkyem 35 wɔ mfirihyia 20 mu
JAPAN Ɛnanom a wɔnwaree kɔɔ anim bu bɔɔ ho abien anaa 100% wɔ mfirihyia 5 mu