“Ɛnyɛ Akansi A Ɛfata”
Rhoda H. Karpatkin, a ɔyɛ Aguadifo Kuw panyin ka nneɛma a wɔtɔn a wɔbɔ ho dawuru wɔ TV so a wɔde twetwe mmofra adwene titiriw ho asɛm sɛ: “Wɔn a wɔtɔn nneɛma yi fa anifere kwan ahorow so yɛ saa de kyere mmofra adwene, wɔde kanyan wɔn nsusuwii, na wɔde nya wɔn ho mfaso esiane nim a wonnim ho hwee nti. . . . Ebia mpanyimfo betumi agyina nneyɛe a ɛtete saa ano, nanso sɛ ɛfa mmofra nkumaa ho a, ɛnde ɛnyɛ akansi a ɛfata!” (“Consumer Reports,” August 1978) Ehia sɛ awofo boa wɔn mma. Sɛ woma wo mma kwan ma wɔhwɛ saa nneɛma no a, so wugye bere nso kyerɛkyerɛ wɔn ɔkwan a wɔfa so yɛ nyiyim wɔ nneɛma a wɔtɔ mu sɛnea ɛbɛyɛ a wobehu nokwasɛm ahorow a ɛwɔ nsɛm a wɔka fa nneɛma a wɔtɔn ho no mu?