Aguade Ho Dawurubɔ a Ɛrebunkam Nnipa So
“PAPA, dɛn na ɛsɛ sɛ ɔsram bɔ ho dawuru?” Asɛm a ɛyɛ nwonwa yi a abofra bi bisae no wɔ anwensɛm bi a Carl Sandburg kyerɛw no bɛyɛ mfe 50 a atwam ni no mu. Asɛmmisa a ɛte saa renyɛ nwonwa daakye. Sɛnea New Scientist nsɛmma nhoma kyerɛ no, aguade ho dawurubɔ nnwumakuw abien mu mpanyimfo a wɔwɔ London reyɛ nhyehyɛe bi a wɔnam owia hann so bɛbɔ aguade ho dawuru wɔ ɔsram so.
Susuw ɔsram a wɔde yɛ dawurubɔ pon ho hwɛ! Susuw aguade bi a wɔbɔ ho dawuru kyerɛ nnipa a wɔwɔ wiase nyinaa, asɛm a wɔn a wɔhwɛ ntumi nyi mfi hɔ, wontumi ntwa so, wontumi ntow nkyene nwura ade mu, anaasɛ wontumi mfa afiri nnwom no. Ebia w’ani rennye nsusuwii a ɛte saa ho, nanso wɔ afoforo fam de, ɛyɛ botae a wobedu ho.
Bere a wonnya mmɔɔ aguade ho dawuru wɔ ɔsram so no, abunkam asase so. Amerika nsɛmma nhoma ne atesɛm nkrataa dodow no ara de ne nkratafa mu ɔha biara mu 60 bɔ aguade ho dawuru. The New York Times Kwasida de no nkutoo betumi de emu nkratafa 350 abɔ aguade ho dawuru. Radio adwumayɛbea bi de simma 40 bɔ aguade ho dawuru dɔnhwerew biara.
Television nso wɔ hɔ. Sɛnea akontaabu bi kyerɛ no, Amerika mmofra hwɛ aguade ho dawurubɔ nnɔnhwerew abiɛsa wɔ television so dapɛn biara. Ansa na wonwie ntoaso sukuu no, na wɔahwɛ TV so aguade ho dawurubɔ 360,000. Television ahorow bɔ aguade ho dawuru wɔ wimhyɛn gyinabea, ayaresabea adan, ne sukuu ahorow mu.
Seesei agumadi atitiriw abɛyɛ akwan a wɔfa so bɔ aguade ho dawuru titiriw. Kar ahorow a wɔde si agumadi akan abɛyɛ dawurubɔ apon. Aguade ho adawurubɔfo nkyɛn na mmirikatufo bi nya wɔn sika dodow no ara fi. Baskɛtbɔɔl gumadifo bi a wagye din nam bɔɔlbɔ so nyaa dɔla ɔpepem 3.9. Aguade ho adawurubɔfo tua no ka mmɔho akron de bɔ wɔn nneɛma ho dawuru.
Obiara ntumi nkwati. Wɔbɔ aguade ho dawuru wɔ afasu, bɔs, ne lɔre ahorow ho. Ɛfomfam tasii ne asase ase keteke akwan ho—ne kurom tiafidan apon ho mpo. Wɔde akasam bɔ ho dawuru wɔ gua so, sotɔɔ mu, mfiri a wɔde fa nnipa foro abansoro mu—ne bere a yɛrekasa wɔ telefon so. Wɔ aman bi mu no, wɔde aguade ho dawurubɔ mena nkurɔfo ma wɔn mu pii tow nkrataa a mfaso nni so yi gu nwura nkɛntɛn mu bere a wɔn nsa ka ara pɛ no.
Sɛnea Insider’s Report a McCann-Erickson, adwumakuw a ɛbɔ aguade ho dawuru wɔ wiase nyinaa kyerɛ no, sika a wɔsɛee no de bɔɔ aguade ho dawuru wɔ 1990 mu wɔ wiase nyinaa no yɛ dɔla ɔpepepem 275.5. Efi saa bere no, sika no dodow akɔ anim akodu dɔla ɔpepepem 411.6 wɔ 1997 mu, na sika a wɔatwa ama 1998 yɛ dɔla ɔpepepem 434.4. Ɛyɛ sika kɛse!
Dɛn na afi eyi nyinaa mu aba? Nhwehwɛmufo bi kaa ho asɛm saa kwan yi so: “Aguade ho dawurubɔ yɛ asetra mu nneɛma a ɛwɔ tumi sen biara no mu biako. . . . Ɛnyɛ nneɛma nko na aguade ho dawurubɔ tɔn. Ɛtɔn din, gyinapɛn, botae, nsusuwii a ɛsɛ sɛ yenya ne nnipa kõ a ɛsɛ sɛ yɛyɛ . . . Ɛma yenya su ahorow, na su ahorow kyerɛ ɔbra a yɛbɔ.”
Esiane sɛ wuntumi nguan aguade ho dawurubɔ nti, dɛn nti na wonhwehwɛ ne dwumadi, ne sɛnea ebetumi anya wo so nkɛntɛnso mu?