Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g98 9/8 kr. 16-17
  • Tumi a Aguade Ho Dawurubɔ Wɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Tumi a Aguade Ho Dawurubɔ Wɔ
  • Nyan!—1998
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Adetɔfo Su
  • Sɛnea Enya Wo So Tumi
  • Aguade Ho Dawurubɔ a Ɛrebunkam Nnipa So
    Nyan!—1998
  • Sɛnea Wɔma Nkurɔfo Gye Biribi Di
    Nyan!—1998
  • Tawa Ne Nhwehwɛmu
    Nyan!—1991
  • Wugye Nsɛm Ho Amanneɛbɔfo Di?
    Nyan!—2013
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1998
g98 9/8 kr. 16-17

Tumi a Aguade Ho Dawurubɔ Wɔ

TETE no, ansa na wɔbɛbɔ aguade ho dawuru wɔ television so no, na nsɛm a wɔka ne, “Afei, momma yentie nsɛm kakra a wɔn a wɔbɔ yɛn dwumadi yi ho ka no wɔ ka kyerɛ yɛn.” Wɔn a wɔbɔ dwumadi bi ho ka no ne nnwumakuw a wotua sika ma wɔbɔ wɔn aguade ho dawuru no. Bere a “nsɛm kakra a wɔn a wɔbɔ yɛn dwumadi yi ho ka wɔ ka kyerɛ yɛn” no abɛyɛ pii no, wɔn na wɔda so ara boa nsɛm amanneɛbɔ ne anigyede nnwumakuw no wɔ sika fam—television, nsɛmma nhoma, atesɛm nkrataa, ne radio. Ne saa nti, wɔn a wɔbɔ nsɛm amanneɛbɔ adwuma ho ka no bɔ mmɔden sɛ wobenya tumi wɔ nea ɛsɛ sɛ nsɛm amanneɛbɔfo no ka ho asɛm ne nea ɛnsɛ sɛ wɔka ho asɛm so.

Sɛ yɛbɛkyerɛkyerɛ mu a: Wɔ 1993 mu no, adwumakuw a ɛyɛ Germanfo kar bi a ne bo yɛ den no kyerɛw kɔmaa nnwuma a wotintim nsɛmma nhoma 30 hyɛɛ wɔn sɛ ɛsɛ sɛ wɔde wɔn kar no ho dawurubɔ ba “baabi a wɔn samufo nsɛm wɔ nkutoo.” Krataa no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ ɛnsɛ sɛ wɔde asɛm bi a ɛka wɔn kar, nneɛma a wɔyɛ wɔ Germany, anaa Germany ankasa ho nsɛm a ɛnyɛ papa ba wɔn nsɛmma nhoma ahorow a wɔbɔ wɔn aguade ho dawuru wom no mu. Nanso, ɛnyɛ nwonwa sɛ adwuma yi a ɛsɛe sika dɔla ɔpepem 15 wɔ nsɛmma nhoma mu aguade ho dawurubɔ ho no bɛhwɛ kwan sɛ wɔde wɔn aguade ho dawurubɔ “bɛba baabi a wɔn samufo nsɛm wɔ no.”

Ɛnyɛ nwonwa nso sɛ sɛ nsɛmma nhoma ahorow rebɔ ayeforo ntade foforo ho dawuru a, ɛmpene so sɛ wɔbɛbɔ ayeforo ntade dedaw ho dawuru, anaa atesɛm nkrataa a ɛbobɔ nkurɔfo a wɔyɛ nsase ne adantɔ ho nhyehyɛe din no nka nea ɛbɛyɛ a wubetumi atɔ ofie bere a wonkohu wɔn mu bi ho asɛm nkyerɛ wo. Saa ara na ɛnsɛ sɛ ɛyɛ yɛn nwonwa sɛ sɛ nsɛm ho amanneɛbɔfo rebɔ sigaret anaa loto ho dawuru a wɔnkasa ntia sigaretnom anaa kyakyatow.

Adetɔfo Su

Enti, tumi a aguade ho dawurubɔ wɔ no kɔ akyiri sen adetɔn kɛkɛ. Ɛma adetɔfo nya asetra kwan bi, su a ɛwɔ wiase nyinaa a egyina honam fam nneɛma so.

So mfomso bi wɔ ɛno ho? Egyina onipa a wubebisa no no so. Aguade ho adawurubɔfo susuw sɛ nkurɔfo ani gye adetɔ ne nneɛma a wobenya ho; aguade ho dawurubɔ ma wonya nea wɔpɛ. Afei nso, wɔka sɛ, aguade ho dawurubɔ ma nkurɔfo nya adwuma yɛ, etua agumadi ne mfoniniyɛfo ne nnwontofo dwumadi ho ka, ɛboa ma yenya nsɛm amanneɛbɔ a ɛka nni ho pii, ɛma obiara yere ne ho, ɛma wɔyɛ aguade ahorow yiye, ɛma nneɛma bo yɛ mmerɛw, na ɛma nkurɔfo tumi tɔ nneɛma a wɔwɔ ho nimdeɛ.

Afoforo kyerɛ sɛ aguade ho dawurubɔ mma nkurɔfo nnya abotɔyam, wɔmpene nea wɔwɔ so, na ɛma wɔn ani bere nneɛma pii. Nhwehwɛmufo Alan During kyerɛwee sɛ: “Aguade ho dawurubɔ ahorow te sɛ yɛn nkwa nna, etwam ntɛmntɛm, ɛhyɛ ahopɛ ho nkuran, mfonini ne nsusuwii ahyɛ mu ma, na ɛma nkurɔfo di nneɛma a aba so foforo akyi; ɛhyɛ ankorankoro anuonyam, ɛma adetɔ bɛyɛ sɛ nea wɔnam so nya nea wɔpɛ, na esi nkɔanim a aba wɔ mfiridwuma mu so dua sɛ ɛne ade a ɛma obi di yiye wɔ asetra mu.”

Sɛnea Enya Wo So Tumi

So aguade ho dawurubɔ tumi sesa yɛn nipasu ne nea yɛpɛ? Ebetumi aba saa. Nanso, sɛ́ ebia nkɛntɛnso a ɛte saa yɛ kɛse anaa ketewa no gyina nkɛntɛnso foforo so.

Sɛ Bible nnyinasosɛm ne gyinapɛn ahorow na ɛkyerɛ yɛn kwan a, yebehu sɛ mfomso biara nnim sɛ yebenya honam fam nneɛma. Anyɛ yiye koraa no, Onyankopɔn hyiraa Abraham, Hiob, Salomo, ne afoforo ma wonyaa ahode pii.

Ɔkwan foforo so no, sɛ yɛde Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm di dwuma a, ɛbɛma yɛakwati adifudepɛ kwan a nkurɔfo nam so hwehwɛ abotɔyam ne anigye wɔ honam fam nneɛma mu a wɔmmee da no. Bible nka sɛ “Totɔ nneɛma araa kosi sɛ wobɛbrɛ.” Mmom no, ɛka kyerɛ yɛn sɛ:

Fa wo ho to Onyankopɔn so. “Ahonyafo a wɔwɔ wi yi ase, kasa kyerɛ wɔn sɛ wonnnwen akokurokosɛm, nso wɔmmfa wɔn ani nnto ahonyade a enni hɔ daa so, na wɔmfa wɔn ani nto Nyankopɔn a ɔma yɛn ade nyinaa ma ɛdɔɔso sɛ yenni no so.”—1 Timoteo 6:17.

Pene nea wowɔ so. “Yɛamfa hwee amma wiase, nanso yentumi mfa hwee mfi mu nkɔ. Na sɛ yɛwɔ nnuan ne nea yɛde kata yɛn ho a, momma ɛno ara nnɔɔ yɛn so.”—1 Timoteo 6:7, 8.

Brɛ wo ho ase. “Saa ara nso na mmea nhyɛ ntade a ɛsɛ, mfa ani a ewu ade ne adwenemtew nkeka wɔn ho, ɛnyɛ mmɛsawɔw anaa sika anaa nhene pa anaa ntade a ɛwɔ bo mu, na mmom nnwuma pa a ɛsɛ mmea a woyi onyamesom kyerɛ mu.”—1 Timoteo 2:9, 10.

Hu sɛ Onyankopɔn nyansa korɔn sen ahonyade. “Nhyira ne onipa a ohu nyansa, ne onipa a onya ntease. Na emu adenya ye sen dwetɛ de, na ne mfaso sen sika amapa. Ne bo yɛ den sen mmota, na afɛfɛde nyinaa, wɔmfa nto ho. Onyinkyɛ wɔ ne nifa mu, ne benkum kura ade ne anuonyam. N’akwan yɛ akwan a ɛyɛ fɛ, na n’asa nyinaa yɛ asomdwoe. Ɛyɛ nkwa dua ma wɔn a woso no mu, na nhyira ne nea okura mu.”—Mmebusɛm 3:13-18.

Kyɛ ade. “Ɔma mu wɔ nhyira mmom sen ogye.”—Asomafo no Nnwuma 20:35.

Obi betumi aka sɛ nsɛm a yɛaka yi ankasa yɛ aguade ho dawurubɔ, nea “ɛtɔn” nsusuwii a ɛne sɛ ɛnsɛ sɛ yɛde honam fam nneɛma pia honhom fam nneɛma gu nkyɛn no. Akyinnye biara nni ho sɛ wugye saa asɛm yi tom.

[Kratafa 17 adaka]

Onyankopɔn Ahenni Ho Dawurubɔ

Dɛn ne akwan a eye sen biara a yɛbɛfa so de nsɛm a etumi ma nnipa sakra wɔn adwene no akɔ nkurɔfo nkyɛn no mu biako? Advertising: Principles and Practice (Aguade Ho Dawurubɔ: Nnyinasosɛm ne Ne Dwumadi) nhoma no ka sɛ: “Ne papa mu no, ɛsɛ sɛ obiara a ɔyɛ nneɛma tɔn biara ne ɔdetɔfo biara ka n’aguade a ɔretɔn no ho asɛm.” Nokware Kristofo afi wɔn pɛ mu abɔ Onyankopɔn Ahenni ho dawuru a wonnye hwee wɔ saa kwan yi so bɛyɛ mfe 2,000 ni. (Mateo 24:14; Asomafo no Nnwuma 20:20) Dɛn nti na nnwuma pii mfa saa kwan yi so nkɔ nkurɔfo nkyɛn? Nhoma no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Ɛho ka sõ. Ɛka a wɔn a wɔtɔn nneɛma a wɔde kɔ nkurɔfo afie mu bɔ no betumi adu $150 wɔ ofie biara a wɔkɔ mu no ho.” Nanso, Kristofo fi wɔn pɛ mu bɔ Onyankopɔn Ahenni ho “dawuru” a wonnye hwee. Ɛyɛ wɔn som fã.

[Kratafa 16 mfonini ahorow]

Bible nka sɛ “Totɔ nneɛma araa kosi sɛ wobɛbrɛ”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena