Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g98 9/8 kr. 12-15
  • Sɛnea Wɔma Nkurɔfo Gye Biribi Di

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sɛnea Wɔma Nkurɔfo Gye Biribi Di
  • Nyan!—1998
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Atiefo a Wɔde Adwene Si Wɔn So
  • Nsɛm a Wɔka Fa Biribi Ho Ma Nkurɔfo Gye Di
  • Ɛkanyan Nsusuwii ne Nkate
  • Sɛnea Etumi Kye Adwene
  • Aguade Ho Dawurubɔ a Ɛrebunkam Nnipa So
    Nyan!—1998
  • Tumi a Aguade Ho Dawurubɔ Wɔ
    Nyan!—1998
  • Tawa Ne Nhwehwɛmu
    Nyan!—1991
  • “Ɛnyɛ Akansi A Ɛfata”
    Nyan!—1982
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1998
g98 9/8 kr. 12-15

Sɛnea Wɔma Nkurɔfo Gye Biribi Di

AGUADE ho dawurubɔ botae ne dɛn? Nnwuma akuw ka sɛ ɔmanfo nya wɔn aguade ho dawurubɔ so mfaso efisɛ ɛma yehu wɔn nneɛma ho nsɛm. Amanaman Ntam Aguade Ho Dawurubɔ Fekuw no ka sɛ: “Aguade ho dawurubɔ ho hia na ama Adetɔfo anya nneɛma a wɔtɔ ho nimdeɛ yiye. Nneɛma no ho nsɛm a wɔka no ma nkurɔfo nya nea wɔtɔ no ho nimdeɛ. Aguade ho dawurubɔ—a wɔde di dwuma kɔ akyiri—yɛ ɔkwan titiriw a Nneɛma Yɛfo ne Adetɔfo nam so di nkitaho.”

Nokwarem no, yɛn nyinaa nim sɛ aguade ho dawurubɔ a ɛte saa no yɛ pii sen nneɛma ho nimdeɛ kɛkɛ a ɛma nkurɔfo nya—n’adwuma ne sɛ ɛbɛtɔn nneɛma. Ɛnka nokware bere nyinaa, na ɛka nneɛma a wɔpɛ sɛ wɔtɔn no ho asɛmpa nkutoo. Aguade ho dawurubɔ a esi yiye de anifere kye adetɔfo adwene, na ɛhyɛ wɔn nkuran ma wɔtɔ ade a wɔrebɔ ho dawuru no.

Afei nso, aguade ho dawurubɔ tɔn ade sen nneɛma no ankasa; ɛma adwuma bi din hyeta. Sɛ woyɛ aguadeyɛfo a ɔyɛ samina pii a, worensɛe dɔla ɔpepem pii mfa mmɔ aguade ho dawuru nhyɛ nkurɔfo nkuran sɛ wɔntɔ samina biara kɛkɛ. Wopɛ sɛ wɔtɔ wo samina no. Wopɛ aguade ho dawurubɔ a ɛbɛma ɔmanfo agye wo samina no atom asen samina foforo biara.

Atiefo a Wɔde Adwene Si Wɔn So

Nea ɛbɛyɛ na aguade ho dawurubɔ bi adi n’atirimpɔw ho dwuma no, wɔtaa de adwene si atiefo bi so, sɛ́ wɔyɛ mmofra, ɔyerenom, aguadifo, anaa nnipakuw foforo bi no. Wɔma dawurubɔ no mu nsɛm fa nneɛma a ɛho hia atiefo no sen biara no ho, na ama wɔn ani agye ho. Afei wɔbɔ dawuru no wɔ ɔkwan bi so a ɛbɛma adu wɔn nkyɛn na wɔate no yiye.

Ansa na wɔbɛhyehyɛ aguade ho dawurubɔ bi no, wɔyɛ nhwehwɛmu yiye hu nnipakuw a wɔbɛtɔ nneɛma a wɔrebɔ ho dawuru no de adi dwuma no. Ehia sɛ aguade ho adawurubɔfo hu nnipa ko a saa nkurɔfo no yɛ, sɛnea wosusuw nsɛm ho, ne sɛnea wɔyɛ wɔn ade, nea wɔpɛ ne wɔn botae. Aguade ho dawurubɔfo mu ɔbenfo bi kyerɛwee sɛ: “Yɛma ɛyɛ yɛn ahiasɛm sɛ yebehu nkurɔfo pɔtee a yɛrekyerɛw ama wɔn no. Nnipa ko a wɔyɛ, baabi a wɔte, ne nneɛma a wɔtɔ. Ne nea enti a wɔtɔ. Eyi nyinaa a yebehu no ma yenya nsɛm a yɛbɛkyerɛw ma wɔagye adi na wɔatɔ nneɛma no. Nnipa a yɛde yɛn adwene si wɔn so no begye nsɛm a yɛka no adi; wɔrentie ahunahunasɛm, yɛn mfasopɛ, anaa nsɛm a yɛde anotew ka te sɛ agyan a yɛtow kɔ wim ara kwa no.”

Nsɛm a Wɔka Fa Biribi Ho Ma Nkurɔfo Gye Di

Wɔ aguade ho dawurubɔ hyehyɛ mu no, nsɛmfua a wɔde di dwuma ho hia yiye. Wɔtaa kamfo nneɛma no ma ɛtra so. Wɔkyerɛ sɛ awi bi a wɔde yɛ anɔpaduan “korɔn,” na adwuma bi a ɛyɛ kratasin a wɔde kyerɛw nkuranhyɛ nsɛm kɔma nkurɔfo kyerɛ sɛ, wɔn a “wɔpɛ sɛ wɔde nkra bi a edi mũ mena” na wɔtɔ wɔn de no. Ɛwom sɛ ɛnyɛ mmerɛw bere nyinaa sɛ wubehu nsonsonoe a ɛwɔ nneɛma a wɔkamfo ma ɛtra so ne nea wɔhyɛ da ka ho asɛm de daadaa nkurɔfo no ntam de, nanso ɛsɛ sɛ aguade ho adawurubɔfo hwɛ yiye sɛ wɔrenkeka nsɛm bi a nhwehwɛmu bi betumi ama ada adi sɛ ɛnyɛ nokware no. Nniso ahorow wɔ mmara a ɛbara atosɛm a ɛtete saa, na sɛ nnwuma ahorow bi hu sɛ aguade ho dawurubɔ a atosɛm wom no resɛe wɔn nnwuma a, wɔde asɛm no bɛkɔ asɛnnibea ntɛm.

Sɛ ade biako ne afoforo di nsɛ a, nsɛm kakraa bi pɛ na aguade ho dawurubɔfo betumi aka afa wɔn de ho, na sɛ ɛba saa a, nea wɔka no ntaa nkyerɛ hwee. Wɔn mu pii kyerɛkyerɛw nsɛm a ɛkanyan anigye gu wɔn nneɛma ho. Nhwɛso bi ni: “Ɛsɛ sɛ wotɔ” (mpaboa a wɔde tu mmirika), “Nkonimdifo anɔpaduan” (awi a wɔde yɛ anɔpaduan), “Ɛyɛ wo sika, tɔ adepa” (kar bi), ne “Woafa yiye” (adwumakuw bi a etua sika ma wɔn a asiane to wɔn).

Mfonini a woyi kyerɛ, sɛ ɛwɔ nsɛmma nhoma bi mu anaa television so no, de nyansahyɛ ahorow a tumi wom sen nea wɔaka afa aguade no ho ankasa ma. Ɔkwan a wɔfa so ka aguade bi ho asɛm no tumi kanyan adwene ahorow bi te sɛ eyi, ‘Sɛ wotɔ wɔɔkye yi a, nkurɔfo bebu wo’ anaa ‘Atade yi bɛma mmarima anaa mmea ani agye wo ho kɛse’ anaa ‘Kar yi bɛma w’afipamfo ani abere wo.’ Sigaret adwumayɛkuw bi nam anantwikafo so na ɛbɔ wɔn nneɛma ho dawuru wɔ aguade ho dawurubɔ a wonim no yiye na agye din sen biara biako mu. Wɔka anantwikafo no ho asɛm sɛ nnipa a wɔn ho yɛ den, wɔyɛ abran, na wɔhwɛ nneɛma so yiye. Asɛm a wɔrepɛ aka ne sɛ: Nom yɛn sigaret, na wobɛyɛ sɛ saa mmarima mmɔdenbɔfo a wɔkamfo wɔn yi.

Sɛ nsɛm ne mfonini a wɔka ho nsɛm anifere kwan so da nkyɛn a, nnwom nso ho hia wɔ radio ne television so aguade ho dawurubɔ mu. Ɛkanyan nkate, ɛma aguade ho dawurubɔ no tu mpɔn, ɛboa ma wɔkae, na ɛma ɔdetɔfo no ani gye aguade no ho kɛse.

World Watch nsɛmma nhoma no ka sɛ: “Aguade ho dawurubɔ a eye sen biara no yɛ nea wɔyɛ no ahokokwaw mu—a wɔde mfonini a ɛyɛ fɛ a etwam ntɛmntɛm bam, na wɔka nsɛm a emu yɛ hyew fa nneɛma a yesuro ne nea yɛn ani gye ho yiye no ho. Aguade ho dawuru a wɔbɔ wɔ television so anwummere wɔ aman a wɔanya nkɔanim wɔ mfiridwuma mu no de nyansahyɛ pii ma wɔ simma biako mu sen biribi foforo biara a wɔayɛ dedaw.”

Ɛkanyan Nsusuwii ne Nkate

Wɔde ahwɛyiye na ɛhyehyɛ aguade ho dawurubɔ na ama akanyan nnipa a wɔde wɔn adwene asi wɔn so no akɔnnɔ, na ama wɔanya ho anigye. Ebia aguade ho dawurubɔ no bɛkanyan obi ma wahu hia a ehia sɛ ogye n’ani, ɔbɔ ne ho ban, anaasɛ ɔma afoforo gye no tom. Ebia aguade ho dawurubɔ no bɛtwe adwene asi sɛnea ɛsɛ sɛ woma afoforo ani gye wo ho, woma wo ho tew, anaasɛ woyɛ soronko no so. Wɔhyehyɛ aguade ho dawurubɔ bi ma eyi yɛn hu na wɔnam so atɔn wɔn nneɛma. Sɛ nhwɛso no, adwumakuw bi a ɛyɛ nnuru a wɔde hohoro anom bɔɔ asiane a ɛwɔ anom botohuhuw a ɛbɔn mu ho kɔkɔ sɛ: “W’adamfo paa mpo renka nkyerɛ wo,” na “Ɛmma ayeforo adamfo nnya kunu da.”

Ɛtɔ mmere bi a ɛnyɛ den sɛ wobɛhwɛ aguade ho dawurubɔ bi na woahu nea ɛrepɛ akyerɛ. Aguade ho dawurubɔ bi wɔ hɔ a wɔyɛ ma ɛka yɛn nsusuwii titiriw. Ɛka aguade no ho asɛm tẽẽ. Ɛho nhwɛso bi ne nkyerɛwee a ɛka kyerɛ wo sɛ wɔde nsunam no agye bo fã no. Ɔkwan foforo ne sɛ ɛbɛdɛfɛdɛfɛ wo. Aguade ho dawurubɔ a ɛte saa no bɛka sɛ ɛnyɛ ɛka nko na bo fã a wɔde nsunam no regye mma wo mmɔ na mmom ɛbɛma wo dodom ayɛ wo dɛ nso, na ama wo ne w’abusua anya ahoɔden a edi mũ.

Wɔyɛ aguade ho dawurubɔ foforo nso ma ɛkanyan yɛn nkate. Sɛ nhwɛso no, aguade ho dawurubɔ a ɛkanyan nkate nam mfonini a ɛyɛ fɛ a wɔde fam aguade ho no so kanyan anigye. Wɔn a wɔyɛ ahoɔfɛ ntoaso nneɛma, sigaret, ne nsa de saa kwan yi di dwuma kɛse. Aguade ho dawurubɔ foforo nso de ntimu na edi dwuma. Wɔn a wɔtɔn aguade anuɔden so yi wɔ anidaso sɛ sɛ nkurɔfo te asɛm no mpɛn pii a, wobegye adi na wɔatɔ aguade no, sɛ wɔn ani nnye dawurubɔ no ankasa ho mpo a! Eyi nti na yehu sɛ wɔyɛ aguade ho dawurubɔ bi mpɛn pii de kamfo aguade koro no ara kyerɛ no. Nnwumakuw a wɔyɛ nnuru a nnuruyɛfo nkyerɛw mma nkurɔfo taa fa saa kwan yi so.

Aguade ho dawurubɔ a ɛyɛ nhyɛ nso kanyan yɛn nkate ahorow. Saa aguade ho dawurubɔ yi ka kyerɛ yɛn tẽẽ sɛ yɛnyɛ biribi: “Nom eyi!” “Tɔ seesei yi ara!” Wɔkyerɛ sɛ aguade ho dawurubɔ a ɛyɛ nhyɛ no di dwuma yiye wɔ aguade a nkurɔfo nim dedaw na wɔn ani gye ho no ho. Wɔyɛ aguade ho dawurubɔ foforo pii nso wɔ ɔkwan foforo so. Eyinom yɛ aguade ho dawurubɔ a ɛfa nnipa foforo a wɔbɛma yɛasuasua wɔn, anaa biribi ho adanse a wodi ho. Saa aguade ho dawurubɔ yi ka nkurɔfo a wɔagye din anaa wɔn ho yɛ anika a wɔde ade a ɔdawurubɔfo no pɛ sɛ yɛtɔ no redi dwuma anaasɛ wɔrekamfo ho asɛm kyerɛ. Adwene a wɔde yɛ eyi ne sɛ wɔbɛma yɛanya ɔpɛ sɛ yɛbɛyɛ sɛ nkurɔfo a yɛn ani gye wɔn ho no. Aguade ho dawurubɔ yi ho nhwɛso ne nantwikafo a ɔrenom sigaret.

Sɛnea Etumi Kye Adwene

Woahyɛ no nsow sɛ ehua anaa dede bi a wote no daa betumi akokwaw wo araa ma ɛbɛyɛ den sɛ wubetumi ahyɛ no nsow? Saa ara na aguade ho dawurubɔ te.

Sɛnea Business Week nsɛmma nhoma kyerɛ no, Amerikani ankasa hu aguade ho dawurubɔ bɛyɛ 3,000 da biara. Dɛn na nkurɔfo yɛ wɔ ho? Woyi wɔn adwene fi so ankasa. Nnipa dodow no ara de wɔn adwene kɔ aguade ho dawurubɔ so kakraa bi pɛ.

Nea ɛbɛyɛ na wɔadi anibiannaso a wɔn a wɔhwɛ yi yɛ so no, ɛsɛ sɛ aguade ho dawurubɔ tumi kye yɛn adwene. Television so aguade ho dawurubɔ yi mfonini ahorow a ɛyɛ fɛ kyerɛ. Wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛma ayɛ anigye, ayɛ yɛn nwonwa, ayɛ yɛn serew, ama yɛn ho adwiriw yɛn, anaasɛ akanyan yɛn nkate. Woyi nnipa a wɔagye din ne aseresɛm mfonini mu nnipa a nkurɔfo ani gye wɔn ho kyerɛ. Wɔn mu pii de nneɛma a ɛkanyan nkate kye yɛn adwene, te sɛ ebia nnyinamoa, nkraman mma, anaa mmofra a wɔbɛtwe adwene asi wɔn so.

Sɛ aguade ho ɔdawurubɔfo no nya kye yɛn adwene a, ɛsɛ sɛ otumi ma yenya ho anigye bere tenten ma yehu aguade a wɔrebɔ ho dawuru no. Aguade ho dawurubɔ a etumi di n’atirimpɔw ho dwuma no nyɛ nea wɔde gye nkurɔfo ani kɛkɛ; ɛbɔ mmɔden hyɛ yɛn nkuran ma yɛtɔ nneɛma a wɔrebɔ ho dawuru no.

Ne tiaatwa mu no, dwuma a aguade ho dawurubɔ di ni. Afei yɛbɛhwɛ tumi a ɛwɔ no.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 14]

Amerikani ankasa hu aguade ho dawurubɔ bɛyɛ 3,000 da biara

[Kratafa 13 adaka]

Wɔn a Wɔdwom No, Wɔn a Wɔma Etwam Ntɛm So, ne Wɔn a Wɔsesa Dwumadibea No

Television ho adwinnade bi a womiamia so de sesa dwumadibea ahorow no yɛ ade a wɔde ko tia aguade ho dawurubɔ. Nnipa pii dwom aguade ho dawurubɔ bi denam pɔtwom a womia so so. Afoforo kyere dwumadi ahorow gu video kasɛt so na sɛ wɔrehwɛ a, womiamia pɔtwom no so ma aguade ho dawurubɔ a ɛwom no twam ntɛm. Afoforo nso sesa dwumadibea no de kwati aguade ho dawurubɔ. Wɔn a wɔsesa dwumadibea a wɔn ho akokwaw no nim bere tenten ankasa a aguade ho dawurubɔ bi bedi, na wɔsan kɔhwɛ dwumadi a na wɔrehwɛ no bere a wɔawie aguade ho dawurubɔ no.

Aguade ho adawurubɔfo bɔ mmɔden sɛ wɔremma nkurɔfo nnwom wɔn dawurubɔ no denam yɛ a wɔyɛ ma etumi kye adwene no so—nea ɛkye nea ɔhwɛ no adwene ntɛm ara ma n’ani gye ho. Asiane a ɛwɔ aguade ho dawurubɔ a etwam ntɛm ho ne sɛ ebia nkurɔfo bɛkae dawurubɔ no na ɛnyɛ aguade a wɔrebɔ ho dawuru no.

[Kratafa 14 adaka]

Aguade Ho Dawurubɔ a Ɛnka Adwenem

Wɔ 1950 mfe no awiei mu hɔ no, James Vicary kyerɛe sɛ wayɛ nhwehwɛmu wɔ New Jersey, U.S.A., sinidan mu bere a wɔreyi sini na nsɛmfua “Nom Coca-Cola” ne “We Aburow Nkyewee” baa ntama no so no. Nsɛm no baa so anibu biako mu nkyekyem bi pɛ mu, etwaam ntɛm dodo sɛ ebetumi aka nnipa adwenem. Nanso, sɛnea Vicary kyerɛe no, ɛma wɔtɔɔ Coca-Cola ne aburow nkyewee kɛse. Nea ɔkae yi ma wogye dii kɛse sɛ aguade ho adawurubɔfo nam nsɛm a “wonhu” so betumi akanyan nkurɔfo adwene ma wɔatɔ nneɛma. Wɔbɔɔ amanneɛ sɛ bere a Owura Vicary ne Amerika aguade ho adawurubɔfo adwuma a ɛsen biara yɛɛ nhyehyɛe a na sika a ɛwom yɛ dɔla ɔpepem 4.5 wiei no, otu yerae a wɔanhu no bio. Ɔbɔɔ aguade ho adawurubɔfo no apoo.

Nhwehwɛmu a wɔyɛe akyiri yi ada no adi sɛ Vicary asɛm no nyɛ nokware. Aguade ho dawurubɔfo panyin bi kae sɛ: “Aguade ho dawurubɔ a ɛnka adwenem no nni n’atirimpɔw ho dwuma. Sɛ ɛyɛ adwuma a, anka yɛde ayɛ adwuma.”

[Kratafa 15 mfonini]

Wɔhyehyɛ aguade ho dawurubɔ de kye yɛn adwene

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena