Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g81 8/8 kr. 17-19
  • Monhwɛ Yiye, Awɔ Wɔ Hɔ!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Monhwɛ Yiye, Awɔ Wɔ Hɔ!
  • Nyan!—1981
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɔwɔ Nkate Ahorow
  • Ma W’ani Nna Hɔ
  • Yɛ Onyansafo
  • Ɛnyɛ Awɔ Nyinaa na Wonnye
  • Kɔbere Wɔ No
    Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Awɔ Ho Atosɛm Ahorow
    Nyan!—1998
  • Ɔwɔ Wedeɛ
    Nyan!—2014
  • Nhurutoa a Wɔwɔ Sri Lanka Te Nnyigyei
    Nyan!—1993
Nyan!—1981
g81 8/8 kr. 17-19

Monhwɛ Yiye, Awɔ Wɔ Hɔ!

Efi Philippines Nyan! kyerɛwfo hɔ

NNANSA YI, bere a adwumayɛfo retutu tete kurow bi a ɔfasu atwa ho ahyia wɔ Manila no, wohuu prɛmo a prɛmoba wom. Amonom hɔ ara adwumayɛfo no guanee. So ɛyɛ prɛmo no nti anaa? Dabi, na mmom na wɔahu awɔ nkesua pii wɔ hɔ, na ɛtɔ da bi a awɔ a wɔato nkesua no tra wɔn nkesua no ho kosi sɛ ɛbɛbobɔ. Wɔteɛteɛɛm sɛ, “Monhwɛ yiye, awɔ wɔ hɔ!” Adwumayɛfo no suroo awɔ no sen prɛmo a prɛmoba wom no.

Gye sɛ wote Ireland, New Zealand, nsupɔw bi a atew ne ho so anaasɛ nsase a ɛso yɛ nwini kɛse bere nyinaa te sɛ Artic so, sɛ ɛnte sae a, ɛnde awɔ wɔ wo man mu. Nanso, baabi a wɔdɔɔso kɛse no yɛ nsase a ɛso yɛ hyew so, na wɔ Philippines no, wɔdɔɔso yiye. Nanso, ahorow bɛyɛ sɛ 3,000 a wonim wɔn no, nea wonnu 200 na wɔn ho yɛ hu.

Nhwehwɛmu kyerɛ sɛ awɔ yɛ abɔde fã a ɛsom bo, ɛwom mpo sɛ onipa hwɛ yiye wɔ wɔn ho de. Wɔn kɛse ne wɔn tenten gu ahorow, fi nea ne tenten yɛ nsateakwaa nsia a ɔyɛ teatea kosi nea ɔyɛ kɛse a ne tenten yɛ anammɔn 40. Wɔn ho yɛ nwini, a ɛkyerɛ sɛ wɔn honam mu ɔhyew no tumi sakra sɛnea nneɛma a atwa wɔn ho ahyia no te. Wɔn ho nyɛ toro. Na mmom wɔn were hyɛnhyɛn no yɛ wosee na ɛyɛ den.

Sɛ worehwɛ sɛnea obi a onim n’apɔwmu teɛteɛ kyinkyim ne ho na obubu ne mu a, ebia fakaa a ɔdesani nipadua no yɛ no bɛma wo ho adwiriw wo. Nanso bere a ebia yɛn akyi dompe no wɔ nkyekyem nketenkete 33 anna 34 no, ɔwɔ betumi anya nea ɛboro 300. Ná ɔwɔ biako wɔ 565! Enti obetumi akyinkyim ne ho akwan horow a ɛyɛ nwonwa so. Dompe biako biara wɔ mparow atenten abien a aka abom a etumi keka ne ho. Ɔwɔ nam mparow yi ne ne honam no dwumadi so twa ne ho ase. Mpɛn pii no, n’ahoɔhare yɛ bɛyɛ akwansin abien kosi abiɛsa dɔnhwerew biako, nanso awɔ a wɔfrɛ wɔn “ammirikatufo” no de, ebegye nnipa a wonim mmirikatu mmɔden ankasa na wɔatumi adi wɔn anim.

Aduan a awɔ di nyɛ akɔnnɔ: asunson, mmoawa, nsum nam, mpɔtorɔ, nnomaa, awɔ afoforo anaasɛ mmoa ahorow​—titiriw akisi ne nkura. Nanso ɛno na wɔpɛ. Esiane sɛnea wɔde biribi a emu yɛ fann te sɛ amane aka wɔn abogye no abom nti, awɔ betumi amene nneɛma a ɛso sen wɔn anom. Te sɛ yɛn no, wɔpɛ sɛ wodidi da biara da, nanso ɔkwan foforo so no, wobetumi adi nnuan akɛse abiɛsa anaa anan pɛ de atra ase afe biako. Nokwarem no, awɔ binom tumi kyen kɔm afe mũ nyinaa na wɔkɔ so tra ase.

Ɔwɔ Nkate Ahorow

Nneɛma a ɛma yɛn ani gye wiase no gyina nea yehu, asɛm a yɛte, ade a ɛyɛ dɛw nka a yɛte, hua a yɛte ne nkate a yenya bere a yeso ade mu no so. Na awɔ nso ɛ? Wiɛ, otumi hu ade nso, na mmom sɛ dekode no wɔ akyiri a ontumi nhu no yiye. Nanso sɛ biribi ka ne ho mpofirim a, ohu no ntɛm ara. Esiane sɛ onni aso a etuatua hɔ nti, ebinom bisa sɛ ebia otumi te asɛm anaa. Bere a wɔrehwɛ sɛ ɔwɔ tumi te asɛm no, nhwehwɛmufo tumi huu biribi a ɛkyerɛ sɛ wotumi te asɛm. Afei nso ɔte nnyigyei nka wɔ fam.

So ɔwɔ tumi te hua? Yiw. Ɛyɛ nokwasɛm sɛ, awɔ a wɔyɛ anini no nam hua a wɔte so hu abere no. Nea ɛka ho no, ɔwɔ tɛkrɛma a emu apae abien te sɛ adinam no yɛ ade titiriw ma no. Ɔde eyi tasetase nneɛma nketenkete de kɔ n’anom. Eyi ne nea ɔde te ade hua no hyia. Ɛdenam eyi so no, ɔwɔ betumi adi biribi hua a ɛbɛyɛ den sɛ ɔkraman a ɔyɛ nam mpo bɛte nka akyi.

Ahurutoa a ntokuru abien deda n’apampam no wɔ tumi soronko bi nso. “Tokuru” ɛyɛ nwonwa a ɛda n’aniwa no ne ne hwene ntam yi ma ɔte ɔhyew ne mframa a ɛbɔ nka. Ahurutoa no betumi de eyi adi aboa a ne ho yɛ hyew akyi akɔkyere no anadwo mpo. Saa ahurutoa no ho yɛ hu nso, efisɛ ne sẽ no yɛ nea etumi ka gu hɔ. Bere nyinaa no, ne sẽ no gu n’anom, nanso sɛ ɔwɔ no ani bere a, ne sẽ no sɔre gyina hɔ, na sɛ ɔka obi a, ne sẽ no tumi kɔ mu yiye ma sɛ onii hyɛ atade mpo a etumi ka no. Su ahorow abien yi ma ahurutoa no yɛ ɔwɔ a ne ho yɛ hu kɛse wɔ Philippines.

Ma W’ani Nna Hɔ

Nnipa pii a wɔte nsase a ɛso yɛ hyew so no anya awɔ ho osuahu ahorow. Wɔ Philippines no, anɔpa bi, aberantewa bi a wadi mfe 14 sian baa n’agya aguadidan mu na otiaa Luzon ɔprammiri so! Ɔwɔ no maa ne ho so sɛ ɔrebɛtow aka aberantewa no. Ɔwɔ no hokafo fii baabi a ntumpan anaasɛ ntoa bi gu bɛkaa ne ho. Bere a awɔ no di n’akyi no, aberantewa no guan kɔhyɛɛ emo nkotoku bi akyi, na awiei koraa no osii abɔnten. Akyiri yi, nnipa twaa aprammiri no ho hyiae. Bere a wɔde anibere pɛe sɛ wɔbɔ ne ho ban no, biako tee ntasu a bɔre wom guu obi a na ɔrepam wɔn no moma so. Ná ɔhwehwɛ n’ani. Sɛ ɔprammiri bɔre gu w’aniwam a, ɛyɛ yaw yiye na ebetumi asɛe w’ani, gye sɛ wohohoro so amonom hɔ ara. Awiei koraa no, wokum awɔ abien no.

Bere foforo nso, Samar prammiri kɔɔ Yehowa Adansefo nhyiam bi ase. Akyinnye biara nni ho sɛ sare a na woadua wɔ asɛnka agua no ase no mu nwini na ɛtwetwee no. Nhyiam no akyi no, wɔn a wɔkɔɔ nhyiam no bebree kotwaa asɛnka agua no ho hyia twitwaa wɔn ho wɔn ho mfonini. Wɔda so wɔ hɔ no, adwumayɛfo fii ase sɛ wɔretutu asɛnka agua no. Ɛhaw ɔprammiri no na ɔmaa ne ho so anibere so. Wɔn a wɔkɔɔ nhyiam no mu biako, Mansakani bi, tee sɛ ɔreba no, ntɛm ara na ɔfaa duasin bi de kum ɔwɔ no.

Yɛwɔ ɔprammiri foforo a ne ho yɛ nã wɔ Philippines man yi mu a wɔfrɛ no: ɔprammiri hene. W’agye din sɛ ɔne ɔwɔ a ɔsõ na ne ho yɛ hu sen biara wɔ wiase. Ɔprammiri yi nso ani bere ntɛmntɛm.

Ɔkwan foforo so no, ɛwom sɛ suwɔ wɔ bɔre de, nanso, mpɛn pii no ɔyɛ bɔkɔɔ a ne ho nyɛ hu. Da koro bi bere a na wɔretu kwan akɔ Samal supɔw so no, nnipa bi a na worekodi akwamma hui sɛ biako reguare di wɔn akyi. Wɔkyeree no hyɛɛ toa kɛse bi mu de no kyerɛɛ obiara. Afei wogyaa no. Awɔ a wɔyɛ bɔkɔɔ a wɔn ho taa yɛ akokɔsrade ne tuntum yi tra mpoano nsu a emu nnɔ mu.

Yɛ Onyansafo

Mpɛn pii no awɔ nka gye sɛ wɔahaw wɔn ansa. Enti, obi a onim nyansa betumi akwati wɔn. Eye sɛ wɔnnantew mmeae a wunim sɛ awɔ wɔ hɔ bere a wonhyɛ biribi a ɛbɛbɔ wo ho ban. Awɔ ka nnipa pii bere a wɔnantew a wɔnhyɛ mpaboa na wotia awɔ a wɔakohintaw wura mu so anaasɛ bere a wɔde wɔn nsa so ɔwɔ mu kã nwura ho no.

Nanso sɛ ahwɛyiye nyinaa akyi no ɔwɔ ka obi nso ɛ? Wiɛ, nea edi kan koraa no, mma wo koma ntu. Kae sɛ awɔ bebree nni bɔre. Na mpo sɛ ɔwɔ a ɔwɔ bɔre ka obi a na anidaso nyinaa nsae.

Nneɛma titiriw abien na ɛwɔ ɔwɔ bɔre mu. Nea wɔfrɛ no hemolytic no kɔ mogya no mu na ekum nkwa mmoawa a wɔwom no. Foforo a wɔfrɛ no neurotoxic no kɔ ntini no mu, titiriw nea ɛboa ahomegye no. Wɔn a awɔ a wɔwɔ neurotoxic te sɛ​—oprammiri ka wɔn no​—anum mu abiɛsa nnya bɔre titiriw biara, na ɛda adi sɛ abien afoforo no de wobewuwu ɔkwan biara so. Mpo awɔ a hemolytic bɔre a ano yɛ den yiye wɔ wɔn mu no, nnipa anum a wɔka wɔn no mu biako biara rennya bɔre a ano yɛ den.

Sɛ ɔwɔ ka obi a ɛsɛ sɛ wodi ho dwuma den? Wiɛ, nea edi kan no, fa nea ɔwɔ aka no no to fam. Mma no nsã biara, na ma ɔnna hɔ komm sɛnea wubetumi. Sɛ faako a ɔkae no yɛ onii no nan anaa ne nsa a, fa biribi kyekyere faako a ɔkae no akyi anaasɛ soro denneenen. Ɛsɛ sɛ womia hama no mu yiye na asiw mogya a ɛbɛfa ntini ahorow no mu asan akɔ nipadua no mu no kwan, nanso ɛnsɛ sɛ ɛyɛ denneennen dodo na ansiw ntini akɛse a mogya fa mu no kwan. Simma dunnum biara no, san hama no simma biako ne fã.

Afei fa nea ɔwɔ aka no no kɔma oduruyɛfo ntɛm ara, titiriw sɛ wuhu sɛ ɛse bobɔ faako a ɔkae no a. Mpɛn pii no, eyi ma wohu ɔwɔ a ɔkae no bɔre. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, kum ɔwɔ no na fa no ka wo ho kɔ na aboa oduruyɛfo no ma wahu.

Ɛnyɛ Awɔ Nyinaa na Wonnye

Awɔ kakra a wɔwɔ bɔre no ma nnipa bhu wɔn ani gu su pa ahorow a saa mmoa yi wɔ no so. Wɔn mu pii yɛ aduan. Wotumi de wɔn were yɛ nhoma, na ɔwɔ bɔre no ankasa yɛ aduru a wɔde twa mogya na wɔde dwudwo yaw ano. Ɛda adi sɛ mmoa kɛse a wɔde ma ne sɛ wosiw akisi ne nkura ano. Akisi ne nkura​—a wɔsɛe nnuan pii no​—yɛ wɔn aduan titiriw.

Nanso, wɔkɔ so ara tutu fam hwehwɛ tete kurow Intramuros mu nneɛma. Wɔn a wɔretutu fam no ahu tete mpia ne nsuka ahorow. Nanso akyinnye biara nni no sɛ, bere a wɔkɔ so hwehwɛ tete nneɛma no, wɔkae kɔkɔbɔ yi: Monhwɛ yiye, awɔ wɔ hɔ!

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena