Awɔ Ho Atosɛm Ahorow
EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ INDIA HƆ
Ɔprammiri a ne ho torotoro no too sẽẽ kɔɔ abeawa no so, na nhwiren a ɛhyɛ abeawa no tirim no hua na ɛtwetwee no. Aboa no honamdua tenten no kyinkyim sɛ po asorɔkye. Abeawa no huu hann bi wɔ ɔwɔ no moma so te sɛ ɔbohene a ahyerɛn bere a ɔwɔ no hwɛɛ no maa ɛyɛɛ sɛ nea ade atɔ ne so no. Mpofirim ara, ɔwɔ no too ne ho kaa abeawa no nsa.
NOKWASƐM anaa atosɛm? Ade a wɔaka ho asɛm wɔ atifi hɔ no nyinaa yɛ atoro, na egyina nsusuwii hunu a nkurɔfo taa nya so. Susuw saa atosɛm yi bi ho hwɛ.
1. Nhwiren ne nnua hua ne hua foforo twetwe awɔ. ATORO. Ehua no twetwe nkoekoemmoa, nkoekoemmoa no twetwe mpɔtorɔ, na mpɔtorɔ, a ɛka awɔ nnuan ho no twetwe awɔ.
2. Awɔ nantew denam wɔn honamdua a wokyinkyim kɔ soro ba fam no so. ATORO. Obi nya saa adwene yi bere a awɔ nam abo akɛse so. Aprammiri ne asase so awɔ foforo nantew fam tẽẽ. Wɔtwe wɔn honamdua no fã a edi kan no mu, na wɔtwe nea edi akyiri no fa fam anaasɛ sɛ wonya nneɛma a ɛdeda fam fa so a, wokyinkyim wɔn ho kɔ wɔn anim, na wɔyɛ sɛ nkyerɛwde S.
3. Abohene hyehyɛ awɔ bi tirim. ATORO. Ɛne gyidi a ɛne sɛ na aprammiri na ɛbɔ mmarima atitiriw a wɔwɔ tete India ho ban no nyinaa yɛ anansesɛm.
4. Aprammiri ma ade tɔ mmoa a wɔpɛ sɛ wɔkyere wɔn no so. ATORO. Mpɛn pii no sɛ ɔwɔ no suro biribi a, ɔhwɛ dekode no hann, enti adwene a nnipa nya bere a wohu ɔwɔ ne sɛ ɔwɔ no hwɛɛ biribi hann maa ade tɔɔ dekode no so. Nanso, eyi nyɛ ɔkwan a wɔfa so kyere mmoa.
5. Aprammiri tow wɔn ho gu mmoa a wɔpɛ sɛ wɔkyere wɔn no so. ATORO. Ɔprammiri tow ne honamdua no fã a edi kan no kɔ anim de tow hyɛ aboa bi a ɔpɛ sɛ ɔkyere no so, nanso ne honamdua no fã kɛse no ara ka fam ma honamdua a aka no gyina so. Akyere so koraa no, honamdua no mu nkyem abiɛsa mu biako na ɔma so tow hyɛ afoforo so.
6. Awɔ, a aprammiri ka ho, ho yɛ toro, na wɔn ho yɛ nwini bere nyinaa. ATORO. Awɔ honam, a abon wɔ ho no, yɛ wesee, na ɛte sɛ aboa nhoma a ɛyɛ mmerɛw. Awɔ yɛ mmoa a wɔto owia; wim tebea na ɛma wɔn honamdua mu hyew sesa.
7. Aprammiri yɛ asotifo. ATORO. Ɛyɛ nsusuwii hunu a nnipa pii kura. Saafo yi susuw sɛ asase mu nnyigyei nkutoo na ɛfa awɔ honamdua mu ma wɔte. Bible ka wɔ Dwom 58:4, 5 ma ɛfata sɛ aprammiri nyɛ asotifo. Nhwehwɛmu a wɔayɛ nnansa yi ada no adi sɛ aprammiri betumi ate nnyigyei wɔ mframa mu, na wotie nnwom a ɔwɔ kaberɛkyerefo bi bɔ no.—Hwɛ September 8, 1993, Nyan! no kratafa 27 nso.
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 30]
Atifi ɔwɔ: Animals/Jim Harter/Dover Publications, Inc.