Nhurutoa a Wɔwɔ Sri Lanka Te Nnyigyei
“Wɔyɛ asotifo te sɛ ahurutoa a wasiw n’aso, a ontie kaberɛkyerefo nne.” -Dwom 58:4, 5, New World Translation.
Wohuu Dwom 58:4, 5 ho amanneɛbɔ a edi so yi wɔ January 10, 1954 The New York Times mu wɔ asɛmti a ɛne”So Nnwom ‘Nya’ Awɔ so Tumi?’ ase sɛ: “Oduruyɛfo David l. Macht. adufra ho nhwehwɛmufo a ɔwɔ Mount Sinai Hospital wɔ Baltimore [U.SA.] no yɛ ahurutoa bɔre ho animdefo atitiriw a wɔwɔ wiase no mu no mu biako. (Sɛ nhwɛso no. wɔde ahurutoa bɔre yɛ aduru a wogye tom a wɔde sa mogya mu nyarewa.) Oduruyɛfo Macht kae sɛ wɔ nhurutoa ne wɔn bɔre ho adwumayɛ mu no, ohuu Hindufo nnuruyɛfo pii a wɔasua nhoma yiye, a woti india mmeaemmeae. Wɔn nyinaa gye toom sɛ nhurutoa te nnwom bi a wɔde abɛn bɔ. Nnuruyɛfo no bɔ amanneɛ sɛ nnwom no bi kanyan mmoa no sen afoforo. Ɔkae sɛ wɔbɔ lndiafo mmofra a wodi agoru wɔ sum mu wɔ nkuraase kɔkɔ sɛ wɔnnto nnwom anyɛ saa a nnyigyei no bɛtwetwe nhurutoa. Oduruyɛfo Macht kae sɛ Shakespeare a ɔkaa awɔ ho asɛm mpɛn pii sɛ wɔyɛ asotifo no . . . tii asɛm bi a ɛnyɛ nokware mu kae ara kwa. Nea ɛne eyi bo abira no. Oduruyɛfo Macht kae sɛ asɛm a odwontofo no kaa no pefee wɔ Dwom 58 nkyekyem 5 sɛ awɔ tumi te asɛm no yɛ nokware.”
Saa ara na wɔ asɛm bi a wotintimii wɔ Germanfo mmoa yɛmmea ho nsɛmma nhoma Grzimeks Tier, Sielmanns Tierwelt (Grzimek Mmoa, Sielmann Mmoa Wiase) . July 1981, nkratafa 34 ne 35 mu no, ɔkyerɛwfo no ka ahurutoa bi a ɔbɛtraa n’asase so wɔ mfɔte siw bi mu wɔ Sri Lanka no ho asɛm. Ɔka kyerɛɛ kaberɛkyerefo bi sɛ ɔnkyere ɔwɔ a ɔyɛ keka no na ɔmma ɔnsaw. Nhoma no kyerɛwfo no bɔ amanneɛ sɛ: “Bere a memaa me hɔho no nyaa awerɛhyem sɛ ahurutoa bi wɔ siw no mu ankasa no, ɔtraa mfɔte siw no anim na ofii ase bɔɔ n’abɛn no. Bere tenten bi akyi—a afei na migye di sɛ hwee rensi -no. ahurutoa no maa ne ti so fii tokuro no mu puee sɛntimita pii. Ansa na ahurutoa no rebue n’anom no. kaberɛkyerefo no yɛɛ ntɛm kɔɔ ne nkyɛn na ɔsoo ne ti mu de hyɛɛ ne kokorubeti ne ne nsateaa abien ntam.” indiani no nam saa kwan no so maa ɔwɔ no saw ankasa.
Enti, adanse wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ ahurutoa ‘tie kaberɛkyerefo nne.’—New Word Translation of the Holy Scriptures—With References, Nkekaho 7A. kratafa 1583.