Mmofra—So Sɛnea Moyɛ Ade No Ho Hia Ankasa?
NÁ ƐNSƐ SƐ obi ka kyerɛ Joanna a na wadi mfe 15 no sɛ sɛnea obi yɛ ade betumi de adwenemhaw aba. Na onim! Bere a wabɔ aguaman afe biako akyi no, ofi abasamtu kɛse mu kyerɛwee sɛ: “Asetra afono me!” Etuo a ɔno ankasa tow bɔɔ ne ho de n’awerɛhow baa awiei. Awerɛhow wu bɛn ni!
Ebia wonyɛɛ w’adwene pɛn sɛ wubekum wo ho, nanso wunim sɛ obi betumi ama ɔhaw ahyɛ ne so araa, nanso wohwɛ a ɛte sɛ nea biribiara nhaw no. Mmofra binom bɔ mmɔden sɛ wɔnam nnubɔne a wɔde di dwuma, asabow, anaasɛ aguamammɔ so bedwudwo wɔn adwenemhaw ano. Adɔɔso koraa no, nneɛma a efi mu ba no yɛ bere tiaa bi. Nea wɔtaa ka ne sɛ, ‘Sɛ manyɛ saa a!’ Obiara nni hɔ a ɔbɔ ne tirim sɛ ɔbɛma ne werɛ ahow. Nanso sɛ ekowie amanehunu mu a, na ɛyɛ hena mfomso?
So Ɛsɛ Sɛ Mede Asodi no To M’awofo So?
Abeawa bi werɛ howee bere a n’agya sabowfo wui no. Ne maame ne n’agya yere nso pow no. Nanso mfe bi akyi no, ɔkae sɛ: “Yehu amane, nanso yɛmma ɛno nsɛe yɛn.” Mmofra afoforo nso adi tebea horow a atirimɔden wom saa ara so nkonim. Bere a wasusuw nhwɛso ɔhaha pii ho awie akyi no, adwene mu hwehwɛfo Arlene Skolnick kae sɛ: “Nea adwene mu animdefo aka akyerɛ [awofo] mfe pii no mfa ho, wonni nkɔso a mmofra benya so tumi nyinaa.” Yiw, mo mmofra na mubetumi asi gyinae a etwa to wɔ sɛnea moyɛ ade no ho.
Bible gye tom sɛ: “Abofra po, wɔde ne nneyɛe na ehu no, sɛ n’adeyɛ bɛyɛ yiye na atẽɛ.” (Mmeb. 20:11) Ɛnyɛ sɛ ɛnam awofo ko a na ɔwɔ anaasɛ ɛdenam faako a ɔtrae so, na mmom ‘ɛdenam ne nneyɛe so’ no, abofra da nea ɔyɛ adi. Mmofra binom “nneyɛe” nyɛɛ nea ‘eye na ɛteɛ.’ Esiane sɛ nneɛma a efi mu ba taa yɛ awerɛhow nti, ebia wobɛka sɛ: ‘Ɔkwan bɛn na metumi afa so adi me nneyɛe so?’
Kora Wo Koma ne W’adwene So
Bible no tu fo sɛ: “Me ba, . . . Kora wo koma so sen nea wode sie nyinaa, na emu na nkwa adifi fi.” (Mmeb. 4:20, 23) Koma no mu na wo nkate ahorow, nsusuwii ahorow, nea wopɛ ne nea wompɛ fi. Mpɛn pii no, wusi nea woyɛ nyinaa ho gyinae wo hɔ ansa na woayɛ.
Koma no di nea wode hyɛ w’adwene mu no ho dwuma. Fa nneɛma a ɛteɛ hyɛ mu na eyi bɛbɔ wo ho ban afi su ahorow a asɛe mmofra bebree adwene no ho. Bible no bisa sɛ: “Ɛdɛn na aberante de bɛtew ne kwan ho? ɛne sɛ ɔhwɛ ne ho so sɛnea wo nsɛm se.” (Dw. 119:9) Ɛho hia sɛ wokenkan Bible ne nhoma ahorow a ɛkyerɛkyerɛ mu. Kristofo a wɔn ho akokwaw ani begye sɛ wɔbɛboa wo.
Bere a gyinapɛn ahorow yi ka ho no, wubetumi ama ayɛ mmerɛw—anaasɛ dennen—na woama atra hɔ. Abofra bi kae sɛ: “Sini ahorow no ma bɔne yɛ te sɛ biribi a ɛyɛ fɛ. Wɔma ɔbarima ne ɔbea nna yɛ te sɛ ade koro pɛ a ɛho hia wɔ asetra mu ankasa. Akyiri yi no, wote nka sɛ worehwere biribi pa ne sɛ eyi ne nea wuhia na ama w’ani agye.” Abeawa ketewa yi bui sɛnea nkakrankakra no, na biribi renya n’adwene so nkɛntɛnso. Akyiri yi, okwatii sini ahorow, TV so mfonini ahorow ne nhoma ahorow a ɛfa nsɛmmɔnedi ne ɔbarima ne ɔbea nna ho no. Eyi betumi aboa na akora wo koma ne w’adwene so.
Anka Ɔno Nkutoo Renyɛ Saa Da”
Abarimaa bi a wadi mfe 16 a wɔkyeree no sɛ wadi awu no agya yere de osu kae sɛ:’”Nɔ ɔyɛ abofra pa a odwo. Anka ɔno nkutoo renyɛ saa dɔa.” Ná mmarimaa baasa afoforo nso ka ho. Fa no sɛ wone saa abarimaa no. Ɛyaw a ɛte saa—titiriw esiane ne “nnamfo” nti.
Abofra bi a ɔde ne ho hyɛɛ ‘nnubɔne a wɔde di dwuma mu esiane nnamfo nhyɛso nti no kae sɛ: “Mehwɛɛ me nnamfo no na mekãe wɔ m’adwene mu sɛ, ‘Ɛhe na mofra yi ani kyerɛ? Ɛhe na wobedu efi nnɛ kosi mfe anum?’ Susuw a misusuw ho ara kwa no ma mebɔɔ hu na me werɛ howee.” Akyiri yi ɔyɛɛ nsakrae na ofii ase ne ‘anyansafo bɔe.’ (Mmeb. 13:20) Aberante no toaa so sɛ: “Mihui sɛ bere a na me ne nnamfo pa bɔ no, wɔn nso tumi nyaa anigye. Na edi mu ankasa! Minyaa anigye bere a na me ne wɔn bɔ no. Metee nka sɛ: ‘Eyi yɛ papa.’ Na mannya afobu nkate ahorow a minyae kan no.”
Nea ɛsen “anigye” ara kwa no, nnamfo pa a wɔte saa betumi ahyɛ wo tirim a woabɔ sɛ wubedi Bible akyi mo mu den. Enti hwehwɛ nnamfo a wɔn nneyɛe ‘yɛ papa na ɛteɛ.’ Ebenya tumi a ano yɛ den wɔ wo nneyɛe so.
Ɛma Nsonee a Ɛda Mmarima Mpanyimfo Ne Mmerantewa Ntam Da Adi
Akokoaa nni ahosodi, nanso wuhia eyi bere a wurenyin. Bible no se: “Nea ne bo kyɛ fuw no ye sen dɔmmarima, na nea odi ne honhom so no sen nea ɔko fa kurow.”—Mmeb. 16:32.
Abofra bi dii fɛw sɛ: “Ei, woda so yɛ ɔbabun!” Mmuae a aberante a na ɔrebɔ mmɔden sɛ ɔde Bible no bɛtra ase no de mae no yɛ tiaa. “Nea ɛwɔ he na egye ahoɔden pii —sɛ wobɛko atia anaa sɛ wode wo ho bɛhyem?”
Ɛsɛ sɛ “wohyɛ wo ankasa wo ho so.” Ɛyɛ den sɛ ‘wobɛhyɛ wo ho so’ a wommfa w’adwene nsi ɔbarima ne ɔbea nna so daa. Eyi gye ɔko ankasa bere a obi ‘asi so sɛ aberante.’ (1 Kor. 7:36) Fa w’adwene si nnwuma a ɛfata so, sɛ ebia agorudi bi anaasɛ apɔwmu teɛteɛ so. Bebree ahu sɛ eyi boa kɛse. Mma wo werɛ mfi da sɛ sɛ woyere wo ho denneennen sɛ wubedi akɔnnɔ horow yi so—na wukura mu daa a—ɔko no bɛyɛ mmerɛw bere a wutwa saa bere yi a ɔbarima ne ɔbea nna ho akɔnnɔ mu yɛ den kɛse mu no.
Sɛ́ ɔbarima ne ɔbea a wɔnyɛ awarefo bɛbom anantew pii no ma asɛm no mu yɛ den kɛse. Ahosodi a wunya denam ɔbarima ne ɔbea nna a worenso ho biribi nhwɛ ansa na woaware no bɛyɛ mfaso ama wo na ebesiesie wo ama aware a anigye wom. Wɔkyerɛ sɛ ‘ɛyɛ mmerɛw yiye’ sɛ wobenya ahosodi, sɛ obi anni kan amfa ne ho anhyɛ aguamammɔ mu sen sɛ ebegyae akyiri yi a.
Afei nso da ahosodi adi denam w’awofo afotu a wubetie so. Gye wɔn nteɛso tom. (Mmeb. 17:10) Ɛtɔ bere bi a ebia wɔbɛka akyerɛ wo sɛ yɛ biribi a ɛfata a w’ani nnye ho. Nanso nneɛma a wompɛ sɛ woyɛ a wubesuasua yɛ ho hia ma woabɛyɛ nea ne ho akokwaw. Ahosodi de obu a obi nya ma n’ankasa ho ba, efisɛ ɛyɛ su bi a ɛwɔ nnipa mu a ebunkam nipadua mu ahoɔfɛ ne ahoɔden so.
Abusuabɔ a Ɛsom Bo
Akyinnye biara nni ho sɛ w’awofo akyerɛkyerɛ wo biribi a ɛfa Onyankopɔn ho. Nanso, wɔ mmofra bebree (a mpanyimfo ka ho) adwenem no, ɛte sɛ nea Onyakopɔn wɔ akyirikyiri. Nanso ɔkwan bɛn na wobɛpɛ sɛ wofa so nya adamfo a wubetumi ada wo nkate ahorow nyinaa adi akyerɛ no a wunim sɛ ɔbɛte ase? Obi a obedwen wo ho, ɛnyɛ nea wowɔ ho. Obi a sɛ woyɛ mfomso mpo, na wo nu wo ho a, ɔbɛka sɛ, “Ɛnyɛ hwee, meda so ara yɛ wo adamfo.” So anka w’ani rennye adamfo a ɔte saa ho?
Abusuabɔ a ɛte sɛ eyi pɛpɛɛpɛ na wubetumi ne Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn anya. Ɔto nsa frɛ yɛn sɛ ‘yɛnka nea ɛwɔ yɛn koma mu nyinaa’ nkyerɛ mo, efisɛ ‘onim sɛnea ɔbɔɔ yɛn na ɔyɛ mmɔborohunufo.’ ‘Odwen yɛn ho.’ (Dw. 62:8; 103:13, 14; 1 Pet. 5:7) Ɛdenam mpaebɔ ne wo koma mu a wufi pɛ sɛ wosɔ n’ani so no, wubetumi ne Onyankopɔn anya adamfofa a ɛte saa. Obi a wadi mfe 18 kae sɛ: “Nea mewɔ a m’ani ku ho sen biribiara ne me ne Yehowa Nyankopɔn ntam abusuabɔ.” Dɛn nti ne ɛho hia saa? Abeawa ketewa foforo bi kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Sua a misuae sɛ mehu Yehowa sɛ m’Adamfo no ne nea ɛmaa, me ahokokwaw ne nyansa a mede bɛsɔre atia mmofrabere mu nhyɛso ne sɔhwɛ ahorow.”
“Mewɔ Asetra Mu Anidaso”
Wobisaa abeawa bi a wadi mfe 15 sɛ: “Mmfaso bɛn na wowɔ sen wɔn a wɔmmfa Bible mu asɛm ntra ase no?” Ntɛm ara obuae sɛ: “Mewɔ asetra mu anidaso a wonni bi no. Bible no hyɛ daa nkwa wɔ paradise asase so ma wɔn a wotie Onyankopɔn ho bɔ.”
Yiw, Bible no hyɛ bɔ sɛ wɔn a wɔyɛ papa” no befi amumɔyɛfo sɛe no mu aka, na woanya “asomdwoe bebree.” Ɔyare ne owu to betwa daa. Mpo wɔn a wɔadeda wɔ adamoa mu no bɛsɔre. Asase bɛsan ayɛ paradise fɛfɛɛfɛ bio a nnipa a wɔdɔ wɔn ho wɔn ho te so. Wɔbɛma obiara ‘nea ne koma hwehwɛ.’ So anka w’ani rennye akatua a ɛte saa ho?—Dw. 37:3, 4, 10, 11; Yoh. 5:28, 29; Adi. 21:3, 4.
Anidaso yi de ntease a emu yɛ den a ɛsɛ sɛ ɛma obi di Bible mu nsɛm so ma. Sɛnea abeawa ketewa bi ‘a na ne papa awu kyerɛwee no, ose: “Mɛpɛ sɛ mɛtra paradise asase no so na mihu me papa bio. Eyi ne me botae titiriw wɔ asetra mu. Mɛbɔ mmɔden biara na me nsa aka!”
[Kratafa 13 mfoni]
Wo daakye wɔ wo ankasa nsam. So wo nneyɛe bɛkɔ akowie ɔhaw mu anaasɛ anigye mu?