Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g81 11/8 kr. 8-9
  • Bere A Ɛkɔ So No, Dɛn Na Ebetumi Akyerɛ Yɛn?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bere A Ɛkɔ So No, Dɛn Na Ebetumi Akyerɛ Yɛn?
  • Nyan!—1981
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Dua awi aba na wubenya awi. Dua aburow na aburow na ɛbɛba. Dua atoko na wubetwa atoko. Obiara nni hɔ a ɔhwɛ biribi foforo kwan. Nanso sɛ ɛba suban fam a, bebree susuw sɛ wobetumi agu anaasɛ wɔadua bɔne na wɔatwa papa. Ɛnyɛ nokware, sɛnea Galatifo 6:7 kyerɛ no: “Monnnaadaa mo ho, Onyankopɔn mma wonsi no atwetwe. Na nea onipa gu no, ɛno ara na obenya.” Bere a ɛda ogu ne otwa ntam betumi aware de, nanso twa da no bɛba. Ɛyɛ nhwɛso a ɛsɛ sɛ yesua.
  • OSUAHU BETUMI AKYERƐKYERƐ
  • ANISƆ A WƆBƐMA AYƐ KƐSE
  • NYANSA KWAN
  • ƆKWAN A ƐYƐ YAW NO
  • AMANEHUNU DƆƆSO DƐN?
  • ANO ADURU A ƐBORO ONIPA DE SO
  • Dɛn Nti Na Onyankopɔn Ma Nsɛmmɔnedi Ho Kwan?
    Nyan!—1981
  • Gu Trenee, na Twa Onyankopɔn Adɔe
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
  • Adɛn Nti Na Yehu Amane, Yɛbɔ Nkwakoraa Ne Mmerewa, Na Yewuwu?
    Nyan!—2021
  • Nea Enti A Ɔma Ho Kwan, Ɔkwan A Ɔbɛfa So Ama Agyae
    Nyan!—1981
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1981
g81 11/8 kr. 8-9

Bere A Ɛkɔ So No, Dɛn Na Ebetumi Akyerɛ Yɛn?

Dua awi aba na wubenya awi. Dua aburow na aburow na ɛbɛba. Dua atoko na wubetwa atoko. Obiara nni hɔ a ɔhwɛ biribi foforo kwan. Nanso sɛ ɛba suban fam a, bebree susuw sɛ wobetumi agu anaasɛ wɔadua bɔne na wɔatwa papa. Ɛnyɛ nokware, sɛnea Galatifo 6:7 kyerɛ no: “Monnnaadaa mo ho, Onyankopɔn mma wonsi no atwetwe. Na nea onipa gu no, ɛno ara na obenya.” Bere a ɛda ogu ne otwa ntam betumi aware de, nanso twa da no bɛba. Ɛyɛ nhwɛso a ɛsɛ sɛ yesua.

OSUAHU BETUMI AKYERƐKYERƐ

Yehowa maa ne Ba Yesu huu amane wɔ nnipa abɔnefo nsam na wasua biribi afi mu: “Ɔyɛ Ɔba de, nanso osuaa amane a ohui no mu osetie.” Esiesiee no ma ɔbɛyɛɛ ɔsɔfo panyin a otumi hu ‘yɛn mmerɛwyɛ ma yɛn’ nso. (Heb. 4:15; 5:8) Nsɛmmɔnedi a wonya mu boasetɔ hyɛ mudi mu kura ne osetie ma Onyankopɔn mu den, na ɛboa yɛn ma yehu afoforo a wohu amane mmɔbɔ’, sɛnea ɛyɛe wɔ Yesu fam no. Mpɛn pii no, awofo a wɔwɔ hɔ nnɛ ma wɔn mmofra sua nyansa denam tebea bi a emu yɛ den a wɔma wɔfa mu so, wɔma wɔn kwan ma wohu wɔn agyimisɛm bi a wodii ne nea efi mu ba ho amane, na wosusuw sɛ wobesua nneɛma bi a ɛnyɛ ɔkwan foforo bi so. Nsɛmmɔnedi a Yehowa ama ho kwan no betumi akyerɛ yɛn nyansa a mfaso wɔ so.

ANISƆ A WƆBƐMA AYƐ KƐSE

Yebu nhyira horow a yɛwɔ no mu bebree adewa. Yɛte mmerantebere mu ahoɔden ne akwahosan mu dɛw a yensusuw ho, kosi sɛ mfe a ɛkɔ anim anaasɛ onyin yi fi hɔ. Ani a eye, asõ a ɛte asɛm, aduan pa, ntama anaa ntade pa, afi pa​—wɔn a wɔwɔ nhyira horow yi ne afoforo bu ne nyinaa sɛ ɛho nhia. Nanso yɛ onifuraefo anaasɛ ositifo, di awerɛhow anaasɛ di kɔm, ma wontwa wo nan, sɛ wo dɔfo bi wu a​—ɛno na wubenya anisɔ a wunnyaa bi da ama nneɛma a na wowɔ a woahwere no. Fa ade kata w’ani nnawɔtwe, anaasɛ da koro pɛ, na wubehu nea w’ani kyerɛ ma wo. Nsɛmmɔnedi a yehu betumi ayi yɛn nhyira horow no bi afi hɔ, nanso ebetumi akyerɛkyerɛ yɛn ma yɛanya anisɔ ama nea yɛwɔ.

NYANSA KWAN

Mpempem pii a wɔwɔ hɔ nnɛ ani nsɔ akwankyerɛ horow a Onyankopɔn de ama yɛn no. Kyerɛ sɛ, wɔnyɛ saa, kosi bere a wobu wɔn ani agu so na wotwa so aba horow no. Hwɛ oye a eye sɛ anka wotiei mfiase no na wokwatii ɔhaw anaasɛ amanehunu no! Ɛnsɛ sɛ yɛfa tebea a emu yɛ den mu ansa na yɛasua nyansa: “Yehowa mmara yɛ pɛ, ɛma ayemfo hu nyansa.” (Dw. 19:7) Ɛdenam tebea horow a emu yɛ den a afoforo fa mu a wohu so no, wɔn a wonni osuahu anaasɛ ntetekwaa betumi asua nyansa: “Ɔfɛwdifo akasadi mu, atetekwaa hu nyansa.” Ɛho nhia sɛ n’ankasa hu amane no. “Onitefo hu bɔne a ɛbɛba, na ɔde ne ho hintaw.” (Mmeb. 21:11; 22:3) Nneɛma a efi nsɛmmɔnedi mu ba a yebehu betumi akyerɛkyerɛ yɛn ma yɛakwati.

ƆKWAN A ƐYƐ YAW NO

Esiane sɛ Yehowa nkurɔfo a na wɔwɔ tete Israel annye n’akwankyerɛ horow antom nti, wohyiaa nneɛma a emu yɛ den​—denam amane a wohui so: “Ɔde ɔhaw brɛɛ wɔn koma . . . Agyennyentwi no . . . wɔn amumɔyɛ nti wohuu amane.” (Dw. 107:11-17) Yehowa ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Wo bɔne bɛtwe w’aso, na wo nsanakyiri atwiw w’anim, na hu na hwɛ ogyaw a wugyaw Yehowa wo Nyankopɔn, ne me ho hu a wunni no mu bɔne ne awerɛhow.” (Yer. 2:19) Nanso nnipa bebree a wɔn koma apirim pow sɛ wobesua nyansa afi nteɛso mu: “Sɛ wɔde ɔwɔmma siw ogyimfo ɔwaduru mu fra awi mu a, n’agyimisɛm rempa no.”​—Mmeb. 27:22.

AMANEHUNU DƆƆSO DƐN?

Nnɛ, wɔn a wɔn ho nni asɛm rehu amane pii. Eyi haw bebree, nanso ɛsɛ sɛ ɛkyerɛ yɛn sɛ nhyehyɛe bɔne ahorow ma ɔpepem pii hu amane. Nanso, ɛnsɛ sɛ yɛma amanehunu no mu yɛ den kɛse sen sɛnea ɛyɛ ma ankorankoro no. Nkurɔfo ka amane a ɛdɔɔso a nnipa rehu ho asɛm, nanso eyi na ɛsɛ sɛ yɛkae: nnipa apem betumi anya tipae ahorow, nanso onipa biako biara nni hɔ a ɔbɛte yaw a nnipa apem a wɔn ti pae wɔn te nka no nyinaa nka. Obiara nni hɔ a ohu nea ɛboro tipae biako ho amane; obiako biara hu apem no nyinaa mu biako pɛ ho amane. Afei nso, wɔama nsɛmmɔnedi ho kwan mfe 6,000, nanso onipa biako biara nni hɔ a wahu amane mfirihyia 6,000. Obiara hu amane bere a ɔte ase nkutoo. Ɛno ara dɔɔso.

ANO ADURU A ƐBORO ONIPA DE SO

Nea ɛho hia no: sua nyansa a nsɛmmɔnedi a ɛrekɔ so no kyerɛ no. Sɛ yedua nsɛmmɔnedi a yebetwa so aba. Sɛ amanaman di nsɛmmɔne a, nnipa ɔpepem pii hu amane. Wɔ mfirihyia 6,000 mu no, nnipa asɔ nniso horow pii ahwɛ; emu biako mpo mfaa asomdwoe ne anigye mmae. Ada adi bere nyinaa sɛ: “Enni ɔbarima nsam, sɛnea ɔnam a obetutu n’anammɔn.” (Yer. 10:23) Amammuifo, wɔn a wɔma sraadi ho nhyehyɛe kɔ so, sikasɛm ho abenfo, asɔfo​—wɔn nyinaa adi adesamma huammɔ. So mfirihyia mpempem yi a wɔde adi nsɛmmɔne no nkyerɛ yɛn hia a ɛho hia sɛ yedua biribi foforo koraa, na so ɛnka nkyerɛ yɛn sɛ nea ɛsen onipa mmɔdenbɔ ho hia?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena