Ahoɔfɛ—So Ɛyɛ Nipadua Mu Ahoɔfɛ Anaasɛ Suban Pa?
Dɛn na ɛma obi ho yɛ fɛ na afoforo ani gye ne ho? Nnipa pii si nipadua no afã horow a ɛyɛ fɛ ne ahosiesie so dua. Nanso adesua ahorow a wɔayɛ ada no adi sɛ nipasu ne abrabɔ anaasɛ nneyɛe ho hia sen nipadua mu ahoɔfɛ, te sɛ ano, aniwa, ɛhwene, nhwi ne ade. Adesua no hui sɛ mpɛn pii no, nkurɔfo de ahoɔfɛ bata ɔdɔ ne ayamye ho. Sɛ su ahorow a ɛtete saa da adi wɔ wɔn a wonni nipadua mu ahoɔfɛ ho a, ɛma afoforo bu wɔn sɛ wɔn ho yɛ fɛ.
Enti nea eye sen ahosiesie pii ne Bible afotu a ese: “Mommma mo ahyehyɛde nnyɛ honam ani de, mmɛsawɔw ne sikahyɛ anaa ntadehyɛ mu, na mmom momma ɛnyɛ komam nipa a wahintaw no, honhom a edwo na ɛyɛ komm ade a ɛmporɔw mu.” (1 Pet. 3:3, 4; afei nso hwɛ Mmebusɛm 31:30.) Yiw, sɛnea obi nipadua te ho a yebesusuw anaasɛ yɛbɛdan adwene akɔ so no wɔ n’afã. Nanso sɛ́ obi benya honhom mu su horow na wada no adi wɔ ne da biara da asetra mu no ne nea ɛma ne ho yɛ fɛ na afoforo ani gye ne ho kɛse.