So Woasusuw Ho Pɛn Anaa—
So Yehia Onyankopɔn Ankasa?
NNIPA bebree bebua ntɛm ara sɛ, ‘Dabi, Onyankopɔn ho nhia wɔ nnɛyi nyansahu bere yi mu.’ Wɔka nneɛma akɛse a nyansahu de aba wɔ nnansa yi mfe no mu ho asɛm. Enti, bebree aka sɛ nea nyansahu ne nhomasua bebrebe de aba no ne nea ɛho hia, ne sɛ yenhia Onyankopɔn ankasa wɔ yɛn da biara da asetra mu. Nanso, . . .
SO NYANSAHU ADI ASETRA MU ƆHAW AHOROW HO DWUMA?
Ɛda adi sɛ nhomasua bebrebe ne adebɔ ho nyansahu ama yɛanya nneɛma pa pii wɔ yɛn afie. Nanso so saa nkɔanim ahorow yi de mmusua a anigye wom aba?
Ɔkwan foforo so no, so ɛnyɛ nyansahu mu nkɔanim ahorow bi na ɛma adesamma suro sɛ wɔbɛtra ase no? Sɛ nhwɛso no, susuw nuklea akode ahorow a ɛyɛ hu ho akansi no ho hwɛ. Afei nso, susuw efĩ a nyansahu mu nkɔso horow de aba a ɛde awuduru ahyɛ yɛn mframa mu, asase so ne nsu pii mu ma no ho. Enti, nea nyansahu de aba nyinaa akyi no, so adesamma abusua no wɔ ahotɔ wɔ honam mu, adwene mu, honhom mu ne abrabɔ mu?
Ampa, ebia ebinom bɛka sɛ nyansa ho hia na wɔde akyerɛ sɛnea wɔde nneɛma a nyansahu de aba no di dwuma. Nanso ahotoso bɛn na ɛwɔ tumi a onipa wɔ sɛ ɔde nyansa bedi dwuma no mu? Ɔkyerɛwfo bi dan adwene kɔɔ wiase ko ahorow abien no so na ɔkae sɛ eyi bae esiane sɛ “na nyansa ne anibue afono nnipa” nti. Dabi, onipa nyansa ntumi nkyerɛ ɔkwan a ɛteɛ. Ɛte sɛ nea Bible no ka no ara pɛ, sɛ: “Enni ɔbarima nsam sɛ ɔnam a obetutu n’anammɔn.”—Yer. 10:23.
ƆKWAN BƐN SO NA ONYANKOPƆN BETUMI ABOA YƐN?
Nhyehyɛe ne adwinni a ɛwɔ yɛn amansan yi mu kyerɛ sɛ Odwumfo Kɛse bi wɔ hɔ. Ɛda adi pefee nso sɛ wɔammɔ yɛn nipadua no ma atra ase ara kwa na mmom wɔbɔe ma anya asetra mu anigye. Yɛn aniwa tumi hu nneɛma suban a ɛyɛ kɔkɔɔ, bruu, akokɔsrade, ne nea ɛtete saa, a ɛnyɛ tuntum ne fitaa nko. Ɛno nti, yehu sɛnea nhwiren ahorow su te, yehu sɛnea owia a ɛkɔtɔ ne nyankontɔn su te. Yɛn nkate ahorow a yɛde te ade dɛw ne ade hua ma abotɔyam. Enti, ná yɛn Nkwa-Mafo no pɛ sɛ yenya nea eye sen biara wɔ asetra mu. Nanso dɛn na ehia na ama obi anya saa anigye a ɛtra hɔ daa no?
Fa no sɛ obi maa wo afiri a ne bo yɛ den a wɔde twa mfonini a wamma wo sɛnea wɔde di dwuma ho akwankyerɛ biara. Wiɛ, ebetumi atwa mfonini a ɛyɛ fɛ. Nanso, sɛ wubetumi de krataa a mfonini no beyi agu so no ahyem a wunhia akwankyerɛ biara mpo a, ebia wobɛsɛe ne nyinaa esiane sɛ wunnim ɔkwan a wɔfa so de afiri a wɔde twa mfonini no di dwuma nti. Wuhia akwankyerɛ fi nea ɔyɛe no hɔ.
Ɛte saa ara wɔ Onyankopɔn akwankyerɛ a yehia no ho. Ehia sɛ yehu ɔkwan a yɛbɛfa so adi yɛn asetra ho dwuma, ɔkwan a yɛbɛfa so asisi gyinae a nyansa wom na yɛatumi anya abotɔyam afi nkwa a yɛn nsa aka afi Onyankopɔn hɔ no mu. Ayɛ-bi-ahwɛ kwan a wɔnam so di dwuma no kowie nkate mu ɔhaw ahorow mu—na mpɛn pii no, ekowie asetra a wɔsɛe no mu.
Nanso ɛhe na wobehu akwankyerɛ horow a ɛte saa a efi Onyankopɔn hɔ no? Ɛdenam nhwehwɛmu so no, nnipa bebree ba begye tom koraa sɛ saa asɛm no wɔ nhoma a wɔtɔ sen biara wɔ wiase no mu—Bible no. Onyankopɔn honhom so na wɔnam de emu nsɛm mae na ekura n’adwene.—2 Tim. 3:16.
SO ONYANKOPƆN MMOA DI DWUMA ANKASA?
Wiase nyinaa no, nnipa ɔpepem bebree a wɔafi wɔn komam adi Bible akwankyerɛ akyi no bua sɛ, ‘Yiw, edi dwuma!’
Beae koro a akwankyerɛ ne mmoa ho hia titiriw ne abusua asetra mu. Ɔkyerɛwfo bi a wagye din a wɔfrɛ no Goethe kae sɛ: “Sɛ́ ɔyɛ ɔhene anaa akoa no, nea ɔwɔ anigye kɛse ne obi a ɔwɔ asomdwoe wɔ ne fie.” Sɛ obi nni asomdwoe wɔ n’asetra mu a, bere nyinaa ne werɛ how, ɛmfa ho sɛ ahonyade anaasɛ dibea bɛn na ɔwɔ wɔ asetra mu.
Ná eyi te saa wɔ Amerikani ababaa bi a ohuu amane wɔ n’aware a edi kan mu a na ɔrehu amane kɛse wɔ nea ɛto so abien no mu no fam. Bere a Yehowa Adansefo ne no kasae na wɔhyɛɛ no nkuran sɛ ɔmfa Bible nni dwuma no, nea ɔkae ne sɛ: “Minhia Bible. Monkyerɛ me nea enti a ɛsɛ sɛ minya mu ahotoso.”
Adansefo no kyerɛɛ no Bible mu nnyinasosɛm ahorow a ebetumi ama anigye aba aware mu. Wɔhyɛɛ no nkuran sɛ ɔnsɔ nnyinasosɛm ahorow no nhwɛ denam di a obedi akyi no so. Ɔpenee so na ofii ase dii akyi.
Ntɛm ara ne fi asetra fii ase sɛ ɛreyɛ yiye! Eyi hyɛɛ ne gyidi wɔ Bible no mu den. Ankyɛ, ofii ase de Bible afotu a ese ɔnyɛ ɔyere fiehwɛfo a ɔyɛ nsi, na onnni “anihaw aduan” no dii dwuma. (Mmeb. 31:27) Ofii ase sɛ ɔbɛteɛ ne mmofra so na watete wɔn. (Mmeb. 22:6, 15) Abusua no nyinaa benyaa ɔdɔ ne anigye. Ɔbea no gye dii. Mprempren ɔne ne kunu wɔ abusua asetra a ɛyɛ fɛ. Ná Onyankopɔn mmoa ho hia, na edii dwuma.
Nsɛm afoforo bebree a ɛhaw nnipa nkorɛnkorɛ wɔ hɔ a Onyankopɔn wɔ ano aduru. Ɔde mmoa a ehia a ɛbɛma obi agyina ɔhaw biara a ebia obehyia ano no ma. Nanso ɔkwan bɛn so na wubetumi akyerɛ sɛ wubu mmoa a ɛte saa?
ƆKWAN BƐN SO NA WUBETUMI AKYERƐ SƐ WUHIA ONYANKOPƆN?
Nea edi kan no, ɛdenam bere a wobegye de asua n’afotu anaasɛ akwankyerɛ nhoma—Bible no so. Nea ɛto so abien, ɛdenam nea wusua sɛ ɛyɛ Onyankopɔn ahwehwɛde a wode bedi dwuma no so. Yehowa Adansefo bɛboa wo ma woahu Yehowa ne n’Asɛm no a wonnye wo hwee. Bere a wobɔ mmɔden kɛse sɛ wubedi Onyankopɔn akwankyerɛ horow akyi no, obehyira wo mmɔdenbɔ no so na ɔbɛbɔ w’akwan ho ban na woanya w’asetra mu anigye a edi mu.