Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g82 2/8 kr. 3-4
  • Daakye Bɛyɛ Dɛn Ama Wo Mma?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Daakye Bɛyɛ Dɛn Ama Wo Mma?
  • Nyan!—1982
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Anidaso Bɛn?
  • Ɛbɔ Bɛn Na Onyankopɔn Hyɛ Ma Daakye?
  • So Eyi Bɛba Wɔ Wo Ba Bere So Anaa?
  • Gyidi Ne Wo Daakye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Ɛnkyɛ Onyankopɔn Atirimpɔw Bɛbam
    Dɛn Ne Asetra Atirimpɔw? Wobɛyɛ Dɛn Ahu?
  • Wo Anidaso Horow Ma Daakye Yɛ Nokware Ankasa Dɛn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
  • “Hwɛ! Meyɛ Nneɛma Nyinaa Foforo”
    “Hwɛ! Meyɛ Nneɛma Nyinaa Foforo”
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1982
g82 2/8 kr. 3-4

Daakye Bɛyɛ Dɛn Ama Wo Mma?

WOBISAA abofra ketewa bi nea ɔpɛ sɛ ɔyɛ sɛ onyin a. Bere a wasusuw ho kakraa akyi no, abofra no kae sɛ, “Sɛ mɛtra nkwa mu.” Yiw, mmofra bebree wɔ adwene a ɛte saa ara ma daakye sɛnea awofo a wɔwɔ osuahu anaasɛ nimdeɛ wɔ no. Awofo nyinaa a wɔdɔ wɔn mma nokwarem no pɛ sɛ esi wɔn yiye daakye. Nanso daakye te sɛ nea ɛremfa biribi pa bi mma.

Abrabɔ: Nnansa yi adesua bi a wɔyɛe wɔ Amerika daa no adi sɛ: “Ɛkame ayɛ sɛ mmeawa a wɔwɔ ɔman no mu a wɔadi mfe 15 kosi 19 no abɔ aguaman pɛn​—na dodow a wɔyɛ saa no rekɔ anim ara.” Mmofra bebree a wɔwɔ wiase nyinaa ka sɛ: ‘Sɛ ɛyɛ wo dɛw a, yɛ. Obiara reyɛ saa. Ɛyɛ w’ankasa w’asɛm.’ Nanso wɔn ho a wɔde hyɛ aguamammɔ, nnubɔne a wɔde di dwuma ne asabow mu resɛe nnipa pii​—na ebinom mpo kunkum wɔn ho. Ɛte sɛ nea daakye bɛsɛe asen saa mpo.

Adwuma a wonnya nyɛ: Awofo bebree nhu nea enti a wɔsɛee wɔn sika de boaa wɔn mma ma wokosuaa nhoma. Mpɛn pii no, wɔka kyerɛ wɔn mma a wɔawiewie sukuu no sɛ “wɔmfata” anaasɛ adwuma nni hɔ. Mmofra dodow a wonnya adwuma nyɛ no yɛ aniberesɛm. Wɔ Kanada no, mmofra baanum biara a wɔrepɛ adwuma no mu biako nnya bi nyɛ. Wɔ Italy no, ɛyɛ baasa wɔ baanan biara mu.

Nuklea akodi: Abeawa bi kyerɛwee sɛ: “Madi mfe 14, na mabɔ hu, misuro sɛ merenyɛ yiye daakye, sɛ́ yɛbɛsɛe yɛn ho ansa na mawie sukuu.” Ne hu no yɛ paara sɛ obi susuw akode a ɛyɛ hu a wɔaboaboa ano wɔ aman bebree so no ho a. Abeawa yi ara susuw tebea horow a ayɛ den a atrɛw afa asase so baabiara no ho na ɔkãe sɛ: “So obi nnwen nea ɛba wɔn mma so no ho anaa?”

Anidaso Bɛn?

Akyinnye biara nni ho sɛ wudwen nea ɛba wo mma so no ho. Nanso tumi kakraa bi na wowɔ wɔ wɔn daakye so. Wubetumi akyerɛkyerɛ wo ba abrabɔ pa ho gyinapɛn ahorow na eyi betumi aboa no ma wanya daakye a anigye wom. Na nneɛma afoforo a ɛma wo ba daakye hinhim no nyinaa nso ɛ? So obi foforo a odwen wɔn ho, a ɔwɔ tumi kɛse a ɔbɛma nneɛma ayɛ yiye ankasa wɔ hɔ?

Ase a wo ba te ankasa di adanse sɛ obi a ɔwɔ nyansa ne tumi a ɛboro nnipa de so wɔ hɔ ankasa. Dɛn nti na ɛte saa? Susuw nyinsɛn ne awo “anwonwade” no ho hwɛ. Onipa fi nkwammoaa abien pɛ a aniwa nhu wɔn mu ba​—a ɔwɔ were, nnompe, aniwa, honam ne nkwaa ahorow a ɛwɔ nipadua mu. Nhoma Miracle of Birth ka saa ade a enyin no ho asɛm sɛ “ade a ɛyɛ nwonwa yiye a asete yɛ den” a “wɔahyehyɛ ne bere pɛpɛɛpɛ, a ɛde nea edi mu sen biara wɔ nneɛma a wɔayeyɛ nyinaa mu ba: onipa foforo.”

Anwonwa kwan so ade a ɛte saa no da nhyehyɛe bi adi. Nhwehwɛmu a ntease wom ma yehu sɛ ɛnyɛ dɛn ara a Ɔbɔadeɛ bi a ne tumi korɔn sen nipa wɔ hɔ a ɔyɛɛ nhyehyɛe a ɛyɛ nwonwa yi. Anwonwa kwan a wɔfaa so bɔɔ yɛn no da no adi ampa sɛ Onii no dwen yɛn ho na ɔpɛ sɛ yenya asetra mu anigye. Ɔrennyaw nneɛma mu ngu hɔ wɔ asase yi so daa daa a ɔnte n’ani nhwɛ, na ɔremma onipa nsɛe n’ankasa ho. Nanso dɛn na Ɔbɔadeɛ kɛse no bɛyɛ?

Ɛbɔ Bɛn Na Onyankopɔn Hyɛ Ma Daakye?

Mfehaha pii ni no, nnipa abɔ “yɛn Agya a wowɔ soro” no mpae na wɔasrɛ sɛ: “W’ahenni mmra, nea wopɛ nyɛ asase so, sɛnea ɛyɛ ɔsoro.” (Mat. 6:10) Onyankopɔn ahenni yɛ ɔsoro nniso ankasa a ɛbɛhwɛ ma yɛn soro Agya a odwen yɛn ho no apɛde ne n’atirimpɔw ayɛ hɔ. Bible kyerɛ sɛ Onyankopɔn ahenni nniso de daa asomdwoe bɛba asase so, na ebeyi nhyɛso ne nsisi afi hɔ daapem.​—Dw. 72:1, 3-7, 14, 16.

Saa bere no asase so tebea horow bɛyɛ sɛ nea Bible kyerɛwfo Yesaia ka siei no. Ɔreka bere a Onyankopɔn bɛyɛ n’apɛde ama ne nkurɔfo ho asɛm no, Yesaia kyerɛwee sɛ: “Wobesisi adan atra mu, na wɔayeyɛ bobe nturo adi mu aba. Wɔrensisi adan mma obi ntra mu, . . . na me man nna bɛyɛ sɛ dua nna, na wɔn a mapaw wɔn yi bedi wɔn nsa ano adwuma. Wɔrenyɛ adwumayɛhunu, na wɔrenwo mma ɔpatuwu, efisɛ wɔyɛ wɔn a [Yehowa] ahyira wɔn no asefo.” (Yes. 65:21-23) Dwoodwoo asetra bɛn ni! Asomdwoe bɛn ni! Susuw ho hwɛ sɛ obiara benya adwuma a ɛso wɔ mfaso ayɛ, a wunim sɛ wo mma ‘renwu ɔpatuwu.’ Wɔn a wosua na wɔyɛ Onyankopɔn apɛde nyinaa benya saa nhyira horow yi.​—1 Yoh. 2:17.

So Eyi Bɛba Wɔ Wo Ba Bere So Anaa?

Bible kyerɛ sɛ ɛbɛba. Yesu Kristo kaa tebea horow bi a ɛbɛkyerɛ bɛn a wiase nsakrae abɛn ho asɛm siei. Ɔkae sɛ: “Ɔman bɛsɔre ɔman so, ne ahenni ahenni so; na ɔkɔm ne asasewosow bɛba mmeaemmeae. Na eyinom nyinaa ne awoko yaw mfiase. Na sɛ amumɔyɛ bɛdɔɔso nti, wɔn mu dodow no ara dɔ ano bedwo.”​—Mat. 24:7, 8, 12.

Ampa, efi bere a Wiase Ko I pae gui wɔ 1914: mu no, yɛn asase yi ahu tebea horow yi nyinaa. Yesu de kaa ho sɛ: “Nokware mise mo sɛ, awo ntoatoaso yi rentwam, gye sɛ eyinom nyinaa aba mu ansa.” Enti ansa na “awo ntoatoaso” a ehuu “eyinom” a efii ase 1914 no ‘betwam’ anaa wɔn nyinaa bewuwu no, Onyankopɔn de trenee nhyehyɛe foforo a ahotɔ wom bɛba. Esiane sɛ saa “awo ntoatoaso” no akɔ anim wɔ mfe mu nti, nsakrae a wɔka siei no abɛn yiye.​—Mat. 24:34.

Wɔaka “sɛnkyerɛnne” yi afã foforo ho asɛm wɔ Bible mu. Dɛn nti na wonto nsa mfrɛ Yehowa Adansefo mma wɔmmɛboa wo na wunsua eyi ho nsɛm pii?

[Kratafa 4 mfoni]

Fi nkwammoaa abien a aniwa ntumi nhu wɔn mu no, onipa nyin wɔ awotwaa no mu

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena