Ɛyɛ Me Anigye Pii Sɛ Mete Nkwa Mu!
YIW, mprɛnsa na mebɔɔ mmɔden sɛ me kum me ho. Nanso—O! Mprempren ɛyɛ me anigye sɛ mete nkwa mu!
Mifi abusua bi a na emu apaapae mu. Sɛnea mitumi kae no, na m’awofo no nyinaa nni anigye. Bere a awiei koraa no wogyaee aware no, wɔde me kɔɔ sukuu a wɔma mmofra no tra sukuu hɔ. Na sɛ edu akwamma a, ná wɔde me ne me nuabea kɔ abusuafo afoforo hɔ, efisɛ ná m’agya a ɔyɛ guadini a ɔyɛ adwuma po so no ntumi nhwɛ yɛn. Yɛn baanu no nyinyinii a na yɛte nka sɛ obiara anni nnye yɛn ho.
Wɔ me mmofraabere mu no, migyaee Roma Katolek Asɔre, esiane sɛ metee nka sɛ ne nkyerɛkyerɛ bɔ abira nti. Na mintumi nnye hell-gya mu aninyanne, anaasɛ na m’anidaso ne sɛ mɛkɔ soro no nni da. Me fam de, na owu yɛ asomdwoe bere ara kwa. Na ɛdefa asetra a ebia na atirimpɔw wom mprempren no ho no, ɛte sɛ nea na mete ase kwa a minni atirimpɔw biara.
Aware anni me haw ahorow ho dwuma. Nneɛma fii ase hyɛɛ me so. Ɛtɔ da bi a na mifi adi kɔsra me nnamfonom, nanso nea na wɔtaa ka ne sɛ, “O, merefi adi ara nen!” anaasɛ, “Mesrɛ wo wubetumi ayɛ eyi ama me?” Mihui sɛ na midi wɔn akyi ara kwa na na wɔmmfa mmoa a metee nka sɛ mihia no mma me.
Nea na meyɛ kɛse da biara ne sɛ metra ase kenkan nhoma ahorow. Migyaee aduannoa ne paano ne nea ɛkeka ho tõ. Ná me ne nnipa nkasa anaasɛ menyɛ hwee gye sɛ ɛho hia ankasa. Nkurɔfo a na me ne wɔn te anaasɛ wɔbɛn me buu wɔn ani guu me so, anaasɛ misusuwii sɛ wɔyɛɛ saa. Na ne nyinaa yɛ nwonwa yiye. Metee awerɛhow ne ankonamyɛ nka, na na mihia obi a metumi ne no akasa. Nanso na obiara nni hɔ. Ná matwe me ho afi obiara ho wɔ m’asetra mu. Nea eyinom nyinaa kowiee mu ne mmɔden a edi kan a mebɔe sɛ mekum me ho.
Dɛn Nti Na Mepɛe Sɛ Mikum Me Ho?
Sɛ obi bɔ ne tirim sɛ obekum ne ho (na wɔn mu dodow no ara yɛ ho nhyehyɛe yiye) a, nnipa a atwa ne ho ahyia nyinaa ba bɛyɛ akuw abiɛsa. Nea edi kan, wɔn a ɔdɔ wɔn paa no wɔ hɔ, nanso ɔte nka sɛ wadi wɔn huammɔ wɔ ɔkwan bi so. Osusuw sɛ sɛ ɔnka wɔn ho a, saafo a ɔdɔ wɔn yi bedi yiye anaasɛ wɔn ho bɛtɔ wɔn. Kuw a ɛto so abien no mufo yɛ wɔn a ɔpɛ sɛ ɔyɛ biribi ma ɛhye wɔn. Ɔte nka sɛ saafo no ayɛ no bɔne kɛse na ɔkwan a eye sen biara a ɛsɛ sɛ ɔfa so haw wɔn ne sɛ obekum ne ho—ɛno akyi no, wɔn ahonim bɛhaw wɔn papaapa. Wɔ kuw a ɛto so abiɛsa no mu no, nnipa a wɔwom no yɛ wɔn a ogye di sɛ wonnwen ne ho koraa, na sɛ asɛm bi to no mpo a wɔremmua no. Sɛ mehwɛ a, abiɛsa no nyinaa baa me nsusuwii no mu.
Bere bi bae a na mintumi nnyina nneɛma a ɛrekɔ so wɔ me fam no nyinaa ano bio. Ná medɔ me mma yiye, nanso mibenyaa gyidi ankasa sɛ sɛ mammoa wɔn mpo a wobenya asetra pa, esiane sɛ na mintumi nhwɛ wɔn nti. Afei, bere a me ne me kunu nyaa ntɔkwaw no, misusuwii sɛ owu a mewu bɛhye no kɛse. Awiei koraa no, na minni obi a odwen me ho a metumi aka me haw ahorow ho asɛm akyerɛ no.
Metɔɔ me bo ase yɛɛ me wu ho nhyehyɛe. Mibuee gas anaasɛ mframa bɔne bi a etumi kum nipa na medaa fam sɛnea ɛbɛyɛ a mewu. Nea ɛyɛ nwonwa no, saa bere no ara me kunu frɛɛ me telefon so sɛ ɔrebɛpa me kyɛw wɔ akasakasa a ɛbaa yɛn ntam no ho. Bere a onnya mmuae biara no, ofii adwuma mu ntɛm ara baa fie. Esiane sɛ ɔtee gas nka nti, obuu pon no na ogyee me nkwa.
Bere a m’ani so tetew me no, me bo fuwii kɛse. Me huammɔdi kɛse no ma meyɛɛ ntɛm bɔɔ mmɔden a ɛto so abien sɛ mekum me ho. Bio, na me ne me kunu aham, nanso sɛ́ medi nneɛma a ɛhaw me ho dwuma mmom no, nea mitumi yɛe ara ne sɛ meguan afi ho. Sɛ na minim ɔkwan a mɛfa so agyina ano a—nanso na minnim.
Mehyɛɛ me coat (soro atade) a emu yɛ duru sen biara na menantew akwansin ‘dodow bi kɔɔ asubɔnten Thames ho. Misusuwii sɛ, bere a mintumi nguare no, soro atade duruduru no bɛtwe me akɔ nsu no ase ntɛm ara. Na ɛyɛɛ saa pɛpɛɛpɛ! Nanso, ɛbae sɛ, na polisifo hyɛn bi bɛn ɛtwene a mifi so huruwii no nkyɛn baabi. Edii simma anum anaasɛ asia no wɔtwee me fii nsu no mu. Polisifo no ka kyerɛɛ me sɛ sɛ wɔannu hɔ ntɛm a, anka m’atade a afɔw no mu duru bɛtwe me akɔ nsu no ase.
Huruw a mihuruwii no ma mipirae na me kɔdaa ayaresabea asram bebree. Esiane eyi nti, wɔde me mma kɔtraa baabi a wɔhwɛ mmofra so. Abenfo bɔɔ mmɔden sɛ wɔde nyamesom, adwene ne nkate ho adesua bɛsesɛw me. Nanso wɔannu akyiri pii biara.
Woyii me akyi no, na mefa nnuru a ɛkanyan me, afoforo a ɛma me home, pii a ɛbɛma mada—ná ne nyinaa du ahorow ahorow 20 da koro! Mitumi hui sɛ na ɛhaw me mma no kɛse. Ná ofie a wɔmaa me kwan sɛ memfa wɔn mmra pɛnkoro pɛ dapɛn biara no repira wɔn pii. Enti meyɛɛ m’adwene bio sɛ mɛma wɔn ho atɔ wɔn denam kum a mekum me ho so.
Da koro anadwo bi, mekɔɔ kokoam baabi, beae a misusuwii sɛ na atew ne ho koraa, na mememmenee nnuru ahorow a wɔde maa me no—ne nyinaa. Ɛnsɛ sɛ metra nkwa mu na maka ho asɛm akyerɛ. Nanso ɔbarima bi a ɔte bɛn hɔ kraman nyan no anɔpa tutuutu na ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔde no betu mpase. Ohui sɛ meda nwura no mu. Wɔde me kɔɔ ayaresabea ntɛm ara na wɔhohoroo me yafunum.
Bere a minyanee no, misui. Na mayɛ basaa, na me werɛ ahow yiye. Metee nka te sɛ nea mewɔ ɔdan bi ‘a emu yɛ sum kabii mu. Ná ankonam a mayɛ no mu yɛ den dodo. Ná obiara nni hɔ a metumi adan akɔ ne nkyɛn. Na wɔagye me nkwa, nanso na wɔagye me nkwa ama dɛn? Ná mepɛ sɛ miwu ankasa.
Nea Ɛbɔɔ Me Nkwa Ho Ban—Mpaebɔ
Me kunu fi ayamye mu siesiee ofi foforo maa me ne mmofra no, na mepenee so sɛ mɛhwɛ wɔn kosi sɛ wobenyinyin a wɔn ankasa bɛhwɛ wɔn ho. Ɛno akyi na mehu nea mɛyɛ me ho. Ná meda so ara wɔ adwene no sɛ minni anidaso.
Da koro bi, me kunu ne Yehowa Adansefo mu biako bɔɔ nkɔmmɔ. Ɛdenam nsa a me kunu to frɛɛ Ɔdansefo no na ɔsan bae so no, me ne no kasae. Ná mewɔ obu ma Bible bere nyinaa na emu nimdeɛ a ɔbarima yi wɔ maa me ho dwiriw me. Efisɛ asɛm biara a mibisaa no no, ɔmaa me mmuae—Bible mu mmuae a ɛdi mu!
Sɛnea wubetumi ahu no, na mewɔ awerɛhow tebea mu ankasa saa bere no. Ɛwom sɛ na mete nka sɛ Otumfoɔ Kɛse bi wɔ hɔ, nanso na minnim ɔkwan a mɛfa so abɛn no. Ná ɔbarima yi tumi bɔ mpae—na ɔkyerɛɛ me ɔkwan a wɔfa so bɔ mpae! Mekae sɛ mibisae sɛ: “Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae wɔ Yesu din mu? Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛbɔ Onyankopɔn mpae? Dɛn nti na yɛmmmɔ Yesu Kristo anaasɛ Maria mpae?” Mmuae a edi mũ fi Kyerɛwnsɛm mu bae. Ná ɛte sɛ nea gyama obi abue ɔpon bi ama me ɛhɔ ara, na hwɛ anigye ara a mede hyɛn mu!—Mat. 6:9; Yoh. 16:23, 24,
Adapɛn kakraa bi akyi no, mifii ase bɔɔ mpae wɔ ɔkwan bi so a memmɔɔ bi da. Mihui sɛ ɛho nhia sɛ mebɔ mmɔden sɛ m’ankasa mɛyɛ nea mepɛ. Ná ɛho nhia sɛ m’ankasa meyɛ biribiara. (Fil. 4:6, 7) Saa bere no na anka menom sigaret mfuamfua 60 anaasɛ 70 da koro. Nanso efi adapɛn abiɛsa kosi anan mu no, migyaee nom. Na minhia saa ade no bio.
Ankyɛ koraa na minyaa anigye ne komatɔyam kɛse fii awerɛkyekye a na “asɛmpa” no de abrɛ me a meka kyerɛɛ me nnamfonom no mu. Wɔn a na me ne wɔn bɔ wɔ nhyiam ase wɔ Yehowa Adansefo Ahenni Asa so no hyɛɛ me den pii. Eduu asram asia, wɔ May 1975 mu no, mihyiraa me nkwa so maa Yehowa Nyankopɔn.
Me ho a na mepɛ sɛ mikum yi ho adwene nyinaa fii ase bɛboro mfe 10 a atwam ni. Ɛtɔ da bi na sɛ nneɛma hyɛ me so a, me werɛ how, sɛnea misusuw sɛ obiara yɛ no. Nanso mprempren yi, mewɔ ‘tumi a ɛboro so.’ (2 Kor. 4:7, 8) Mewɔ Yehowa mmoa. Awerɛhow a ebia ɛbɛka me nyinaa akyi no, Ɔba bɛbɔ me pon bere nyinaa—ɛnyɛ anikan so, sɛnea wunim no, nanso akwan ahorow so no, Ɔba te Sɛ nea gyama ɔrebɛka sɛ: ‘Ɛnyɛ wo nkutoo na wowɔ hɔ!’
Me mpaebɔ kwan abue bere nyinaa. Ɛyɛ me anigye ankasa. Mewɔ nkwa, abusua a anigye wom ne atirimpɔw wɔ asetra mu. Ɛdɛn bio na obi betumi abisa?—“Nyan!” kenkanfo bi a ɔwɔ England na ɔkyerɛw mae.