Ɛbɛyɛ Dɛn Na Matumi Ada?
‘. . .397 . . . 398 . . . 399. . . . Dɛn nti na mintumi nna? So woanya osuahu bi a ɛte saa pɛn?
Nnipa bebree hyia eyi anadwo biara. Sɛnea German nnuruyɛ nsɛmma nhoma bi kyerɛ no, nnipa baanu biara mu biako kɔda a ɔnna—ɛte saa kɛse wɔ mmea fam sen mmarima, ɛte saa pii wɔ mpanyimfo mu sen mmofra mu, ɛte saa kɛse wɔ wɔn a wɔtete nkurow akɛse mu sen wɔn a wɔtete nkuraase. Ɛyɛ den ma ebinom sɛ wɔbɛda anikum, afoforo nyan ntɛm dodo, na afoforo kɔ so nyan mpɛn pii anadwo. Dɛn na wubetumi ayɛ wɔ ho, sɛ wowɔ ɔhaw ahorow a ɛtete saa a? Nea edi kan no, eye sɛ yebehu biribi afa nna ho.
Amemene Dwumadi
Dwumadi a ahoɔden wom a ɛwɔ amemene no mu fa nna ho. Nnuruyɛ ho mfiri tumi da eyi adi. Sɛ woda komm a biribiara nhaw wo anadwo mũ nyinaa a, wofa tebea ahorow ahorow a ɛwɔ nna mu mu.
Nea edi kan no, woyɛ nkakrankakra da nnahɔɔ ankasa. Eyi yɛ nna hatee a emu no, biribiara ano brɛ ase. W’adwene, wo koma ne wo were ho dwo. Wo nipadua no yi fĩ a ɛwɔ mu no ma esiesie biribiara a atõto wɔ mu, sɛnea nkwa mmoawa a ɛde onyin ba a wɔma ɛba mogya no mu pii saa bere no di ho adanse no.
Ɛno akyi no wode nkakrankakra ba nna bi a emu nyɛ duru pii mu. Mpɛn pii no saa bere yi na wosõ dae. Nhwehwɛmufo ahu sɛ amemene no di dwuma pii saa bere yi te sɛ nea edi dwuma bere a obi nnae koraa no. Wonnyaa saa bere yi ho ntease nwiei, nanso nyansahufo kyerɛkyerɛ sɛ eyi yɛ bere a na amemene no kaakae nneɛma a esisii adekyee no mu no na ɛde sie.
Wubetumi afa tebea horow a ɛte saa anan kosi asia mu anadwo no, na emu biara gye bɛyɛ dɔnhwerew ne fã
Saa ade a ɛkɔ so wɔ nna mu yi ho hia ma onipa yiyedi. Nsã ne nnuru a ɛma obi da hatee a esiw nna fã-ne-fã a ɛho hia kwan no betumi ahaw eyi. Nnuru a ɛmma obi ntumi nnidi ne ɔwaw aduru nso betumi asɛe eyi.
Gyae Adwennwene na Fi Ase Da
Sɛ wuntumi nna a, ade a edi kan a ɛsɛ sɛ woyɛ ne sɛ wugyae ɛho adwennwene. Adwennwene haw wo nna ara kwa. Mpɛn pii no, sɛ́ ɛtɔ da bi a wuntumi nna no nyɛ ade a ɛyɛ hu. Swiss adwenem yaresafo PaulDebois de nna toto abuburu ho. Sɛ wotrɛw wo nsam bɔkɔɔ a, ɔba besi so bɔkɔɔ. Nanso sɛ wobɔ mmɔden sɛ wobɛkyere no a, otu kɔ.
Mfa wo nna ntoto afoforo de ho. Ɛsono nna dodow a nnipa ahorow ahorow a wɔadi mfe ahorow hia. Nkokoaa hia nna. nnɔnhwerew 18. Mmofra hia nnɔnhwerew ason kosi awotwe. Nnipa binom a wɔanyinyin hia nnɔnhwerew anan kosi ason pɛ. Nna a wontumi nnu ho adwennwene no pii ho hia, efisɛ nna a obi hia no sakrae bere a obi renyin no. Ɛnyɛ nea ɛho hia ne nnɔnhwerew dodow a wunya de da no, na mmom sɛnea wote nka. Nokwarem no, wɔn a wɔkyerɛ sɛ wontumi nna ho nhwehwɛmu da no adi sɛ wotaa da pii sen sɛnea wosusuw sɛ wɔyɛ.
Hu Nea Ɛde Ba
Ɛho hia sɛ wuhu dekode ankasa a ɛrehaw wo a ɛmma wonna, sɛ ampa sɛ wuntumi nna a. Nna a wontumi nna betumi ayɛ ɔyare bi ho sɛnkyerɛnne sɛ́ ebia mogya-boroso anaasɛ yafunyare. Nanso mpem pii no, nea ɛde ba no wɔ w’adwene mu sen wo honam mu. So wuredi biribi ho yaw? Bɔ mmɔden sɛ wubesusuw ho wɔ ɔkwan a ɛfata so. Mpae a wofi gyidi mu bɔ betumi ama obi adwenem atɔ no. Obi a onim nyansa na ne ho akokwaw a wobɛka wo haw akyerɛ no no nso betumi ayɛ nea ɛso wɔ mfaso.
Ebia asɛm no mfi wo na mmom efi nneɛma a atwa wo ho ahyia. Ebia na mframa a ɛba ɔdan a woda mu no mu no sua, anaasɛ ebia na ɛhɔ yɛ hyew dodo. Bɔ mmɔden ma ɔdan no mu nyɛ nwini kakra.
‘So wo mpa no ye ma wo? Ɛsɛ sɛ wutumi da so a wommrɛ. Esiane sɛ wo mpa so ne baabi a wudi w’asetra nna mu nkyem abiɛsa mu biako nti, nya nea eye sen biara a wubetumi. Hu sɛ esi yiye wɔ ɔdan no mu. Nnipa pii pɛ sɛ wɔda a wɔn ti kɔ mfɛnsere ho. Nea ɛda wo mpa so mpo ne mpasotam no betumi aka wo nna.
Kanea a ɛwɔ ɔdan a woda mu no mu no betumi ahaw wo. Ebinom hia sum ankasa, bere a afoforo pɛ kanea a ɛnhyerɛn pii. Ebia na nnyigyei bi a ɛhaw adwene wɔ hɔ. Wubetumi de biribi ahyehyɛ w’asõ mu—ɛwom, egye bere na akokwaw obi, na enye mma wɔn a wɔwɔ asõyare.
Nea Woyɛ Anadwo ne Awia Biara a Wobɛhyehyɛ no Foforo
Mmɔ mmɔden sɛ wobɛhyɛ wo ho ada. Nnipa binom ntumi nna araa kosi ahemanakye. Nnuruyɛfo ahu sɛ ɛyɛ mmerɛw koraa sɛ wɔbɛyɛ bere a wɔde ahyɛ wɔn ho a wɔde da ho nsakrae denam twe a wɔtwe kɔ akyiri sen sɛ wɔbɛtwe aba anim no so. Nnipa binom a na wɔn nna ho yɛ den bere nyinaa no nyaa ano aduru denam bere a wɔde da a wɔde kɔɔ akyiri nnɔnhwerew kakraa da biara kosii sɛ eduu baabi a wɔkɔda a wotumi da no so.
Nnipa binom a wɔka sɛ wontumi nna anadwo no haw wɔn ho ankasa denam da a wɔda awia no so. Enti sɛ ɛyɛ den ma wo sɛ wobɛda anadwo a, bɔ mmɔden sɛ wubekwati awia nna. Ebinom bɛka sɛ, ‘nanso ɛyɛ a, na m’ani kom dodo!’ Wiɛ, wɔ mmere a ɛtete saa mu no, dɛn nti na wonyɛ biribi foforo a ebia ɛbɛma wo ahoɔden, te sɛ mpase a wubetu? Bu wo nna te sɛ wo sika a ɛda sikakorabea. Sɛ wosɛe no wɔ nna nketenkete mu a, wurennya no anadwo bere a wuhia ankasa no.
Nneɛma a Ɛsɛ Sɛ Woyɛ ne Nea Ɛnsɛ Sɛ Woyɛ
Apɔw-mu-teɛteɛ a ahoɔden wom yɛ aduru a eye ma nna a wontumi nna. Sɛ wufi adwuma mu rekɔ fie a, so woasusuw ho sɛ, wubefi bɔs a wote mu no mu asi fam bere a aka kakra ma woadu no na woanantew ntɛmntɛm atwa kwan a aka no? Ebetumi aboa wo ma woada yiye. Ɔkwan foforo so no, sɛ́ wobɛteɛteɛ w’apɔw mu pii dodo ansa na woakɔda no nye. Saa nso na aduan a emu yɛ duru a wubedi ansa na woada no nye. Saa nneɛma abien no a wobɛyɛ no bɛkanyan wo nipadua no nyinaa na ebetumi ama wo nna atew akɔ nnɔnhwerew dodow bi. Aduan a emu nyɛ duru mpo a wubedi ansa na woakɔda no remma wonna, sɛ asikre wom a.
So wunim sɛ bere nyinaa wɔn a wɔnom sigaret no nna ho wɔ asɛm pii sen wɔn a wɔnnom sigaret? Sɛnea nhwehwɛmufo a wɔwɔ Pennsylvania Ɔman Sukuu Kunini mu kyerɛ no, sigaretnomfo a wogyae nom mpofirim no bɛyɛ wɔn a wotumi da ma ɛyɛ nwonwa. Nokwarem no, wɔba amanneɛ sɛ, wɔn a wɔnom sigaret pii a wogyaee mpofirim no tumi dae pii sen kan no, bere a wogyaee no akyi nnansa a edi kan no.
Twe wo ho fi nneɛma a ɛkanyan nipadua a wɔnom ansa na woakɔda no ho. Kaffeine wɔ kafe, tii ne koka kola a wɔnom a mpɛn pii no, bere a wɔanom awie no, tumi a ɛwom a ɛkanyan no yɛ adwuma efi nnɔnhwerew abien kosi anan mu no. Kookoo mpo tumi kanyan nipadua no. Nnipa binom ntumi nnom biribi te sɛ kafe anaa tii a etumi kanyan nipadua no bere a awia nnɔnnan abɔ apa ho, sɛ wɔpɛ sɛ wɔda yiye a. Ade foforo a etumi siw nna kwan betumi ayɛ TV a wobɛhwɛ ma ade asã yiye ɛne akenkan a ɛkanyan.
Nufusu, kyiis, nkate ne berɛbo tumi boa ma obi da. Nea afi nhwehwɛmu a wɔayɛ mu aba kyerɛ sɛ wɔn a wɔfa nnuru a nea nufusu, kyiis, nkate ne berɛbo de ma nipadua no bi wɔ mu ansa na wɔakɔda no da ntɛm na wɔda kyɛ.
Nsuɔhyew a wubeguare, anaasɛ wode bɛhohoro wo nan ase ansa na woakɔda tumi dwudwo nipadua no.
Ɛtɔ mmere bi a nnuruyɛfo tumi de nnuru a ɛma woda ma obi kosi bere bi, nanso sɛnea Family Health ka no, nna ho abenfo “kasa tia aduru biara a ɛma wɔda a, wɔbɛnom no bere tenten bi.”
Sɛ wuntumi nna a, dɛn nti na wonsɔ nyansahyɛ ahorow ntiantia a wɔada no adi wɔ asɛm yi mu no nhwɛ? Sɛ entumi nni dwuma a, kohu dɔkta. Ebetumi aba sɛ nna a wuntumi nna no fi ɔyare bi a ɛrehaw wo a wunnim. Bere a ebetumi ayɛ nokware sɛ nna a wontumi nna nkum obiara da no, ɛyɛ ampa nso sɛ, sɛnea obi a na ontumi nna koraa kae no: “Ebetumi ama woate nka sɛ wo yam a anka woawu!”
[Box on page 23]
SO WOPƐ SƐ WODA YIYE?
● Kwati nnuru a wɔfa a ɛma wɔda.
● Da bere ano bere ano.
● Teɛteɛ wo mpɔw mu, na kwati awia-nna.
● Gyae sigaretnom.
● Nnom kafe, tii, koka kola, kokoo, na kwati TV hwɛ ne akenkan bi a ɛkanyan, ansa na woakɔda.
● Ma mframa nnya kwan mmra wo dan mu.
● Mfa nneɛma a ɛhaw wo nka wo ho nkɔda. Sɛ woantumi anni ho dwuma nnɛ a, fa twɛn ɔkyena.
[Box on page 23]
“Nhyira ne onipa a ohu nyansa, ne onipa a onya ntease. Me ba, mma ɛnnnan mmfi w’ani so, fa nyansahu ne adwempa sie, na ayɛ nkwa ama wo kra, ne anuonyam ama wo kɔn. Ɛno na wobɛnantew wo kwan so dwoodwoo, na wo nan anhintiw. Sɛ wokɔda a, woremmɔ piriw, na woda a wo nna bɛyɛ dɛ. Nsuro mpofirim huyi ne abɔnefo sɛe a ɛbɛba. Na [Yehowa] bɛyɛ w’ahodasode, na ɔbɛkora wo nan afi ɔkyere mu.”