Sɛnea Wubetumi Anya Nna Pa
NNA HO HAW AHOROW nyɛ ade foforo. Wɔ afeha a ɛto so anum A.Y.B. mu mfiase pɛɛ no, ɔsomfo bi a ɔwɔ Persia hene Ahasweros abangua mu yɛɛ kyerɛwtohɔ sɛ anadwo bi “ɔhene aniwa saree dwe.”—Ester 6:1.
Ɛnnɛ, nnipa ɔpepem pii ntumi nna yiye. Sɛnea Brazil nna ho ɔbenfo Rubens Reimão ka no, wobu akontaa sɛ wiase nnipa dodow mu ɔha mu nkyem 35 na wɔyare nnakorokoro.a Oduruyɛfo David Rapoport a ɔwɔ New York Sukuupɔn no Asoɛe a Ɛhwɛ Nna Ho Haw Ho Nsɛm So ka nnakorokoro ho asɛm sɛ “ɔyaredɔm a ɛyɛ hu sen biara wɔ afeha no mu biako.”
Nea ɛsɛe asɛm no koraa ne sɛ, wɔn a nnakorokoro wɔ wɔn so no pii nnim nea enti a ɛte saa wɔ wɔn fam. Sɛnea nhwehwɛmufo a wɔwɔ Aban Sukuupɔn a ɛwɔ São Paulo, Brazil, ka no, wɔn a nnakorokoro wɔ wɔn so no ɔha mu 3 pɛ na wotumi hu wɔn haw no. Nnipa pii fa nna pa a wonnya no sɛ ɛyɛ asetra fã, na ɛma wɔte abufuw ne anikum nka bere a wɔsɔre anɔpa no.
Bere a Wontumi Nna Anadwo
Tebea a ɛnyɛ anigye koraa ne sɛ worepere wɔ nnɔnhwerew pii mu, a w’aniwa abien nyinaa gu so na obiara ada hatee no. Nanso, nnakorokoro a ɛtoto nna mu abu so, a mpɛn pii no nea ɛde ba ne adwennwen ne asetra mu nsɛmnsɛm. Nanso, sɛ nnakorokoro tra hɔ kyɛ a, ɛnde ebia na efi nkate fam haw anaa yare bi, na ɛho hia sɛ wohwehwɛ ho ayaresa.—Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa a edi hɔ atifi no.
So nna mu yare rehaw wo? Sɛ wubua nsɛmmisa a ɛwɔ kratafa 16 no wie, na wuhu sɛ wowɔ nna ho haw a, ɛho nhia sɛ woma w’abam bu. Hu a wubehu sɛ wuhia mmoa no kyerɛ sɛ woayɛ nea ehia titiriw a wode benya ho ayaresa. Sɛnea amemene ntini ho ɔbenfo, Geraldo Rizzo, a ɔyɛ Brazilni ka no, wobetumi asa wɔn a wɔwɔ nnakorokoro ho haw ɔha mu 90 yare ma akɔ koraa.
Nanso, sɛ wobetumi de nnakorokoro ho ayaresa a ɛfata ama a, ɛho hia sɛ wohu dekode pɔtee a ɛde ba. Aduruyɛ mu nhwehwɛmu bi a wɔfrɛ no polysomnogram aboa ma wɔahu nneɛma a ɛde nna ho ɔhaw pii ba ne ɔkwan a wɔbɛfa so asa.—Hwɛ adaka a ɛwɔ ase hɔ no.
Nea ɛtaa de nnakorokoro ba kɛse wɔ mpanyimfo fam no yɛ nkorɔm. Sɛ woada abɛn obi a ohua nkorɔm pɛn a, ɛnde na wunim sɛ eyi betumi ayɛ ahoyeraw ankasa. Nkorɔm betumi ayɛ ɔhome a esiw wɔ nna mu ho nsɛnkyerɛnne (OSAS), a nea ɛte ne sɛ menewa no ka tom bere tiaa bi, na ɛno mma nea wada no ntumi ntwe mframa nkɔ ne hurututu mu. Anammɔn a edi kan a wɔde sa OSAS ne kɛseyɛ a wɔtew so, mmosa a wɔtwe wɔn ho fi ho, ne nnuru a edwudwo ntini a wɔkwati. Ebia nnuruyɛfo bɛma wo nnuru pɔtee bi anaa ɛsé ho nnade anaa adwinnade a ɛma mframa fa hwenem ne anom nkakrankakra na ama mene mu kwan a ɔhome fa mu no abue ma wode adi dwuma.b
Wɔ tebea a emu yɛ den paa mu no, oprehyɛn a wɔde teɛ menewa, abogye, tɛkrɛma anaa ɛhwene ho behia na ama ayɛ mmerɛw sɛ mframa betumi ahyɛn mu na apue bere a ɔrehome no.
Mmofra nso betumi anya nnakorokoro. Sɛnkyerɛnne no betumi ada adi wɔ sukuu mu—mmɔden a wɔmmɔ wɔ sukuu dwumadi mu, abufuw, adwene a wontumi mfa nsi adekyerɛ so—ma ebia wɔadi mfomso wɔ ne nhwehwɛmu mu aka sɛ ɛyɛ anisoɔhyeɛ.
Mmofra binom ko tia nna, na wɔpɛ sɛ wɔto nnwom, wɔkasa, anaa wotie obi a ɔto anansesɛm—sɛ wɔbɛyɛ biribiara sen sɛ anka wɔbɛkɔ wɔn nnae so. Eyi yɛ anifere kwan a wɔfa so de twe wɔn awofo adwene ba wɔn so. Nanso, wɔ nsɛm bi mu no, abofra bi besuro sɛ ɔbɛda esiane ahude a ɔhwɛe wɔ sini mu dwumadi a anuɔdensɛm wom, anaa ntɔkwaw a ɛkɔ so wɔ fie a egyinagyina wɔn ani so no nti. Denam asomdwoe ne ɔdɔ a wɔbɛma aba fie hɔ so no, awofo betumi akwati saa haw ahorow yi. Ɛda adi sɛ, ɛsɛ sɛ wɔhwehwɛ aduruyɛ bere a ɔhaw no da so kɔ so no. Akyinnye biara nni ho sɛ, nna pa a wobenya anadwo ho hia ma mmofra sɛnea ehia ma mpanyimfo no ara pɛ.
Sɛnea Wubenya Nna Pa Anadwo
Wonim mfehaha pii ni sɛ, anadwo nna pa mma ara kwa. Nna pa gyina nneɛma ahorow pii a ɛnyɛ adwennwene a wobedi so ara kɛkɛ. Wɔka eyinom nyinaa bom frɛ no nna ho ahotew.
Nna pa a wubenya no anadwo yɛ asetra kwan. Nea ɛka ho ne sɛ wobɛteɛteɛ w’apɔw mu bere a ɛfata mu wɔ da no mu. Apɔw-mu-teɛteɛ a woyɛ no anɔpa anaa awia no bɛma w’ani akum bere a wokɔ wo nnae so no. Nanso apɔw-mu-teɛteɛ a wobɛyɛ bere a aka kakra ma woakɔda no betumi asɛe wo nna.
Sini a ɛyɛ anigye anaa nhoma a ne kenkan gye w’adwene nyinaa no betumi anya wo so nkɛntɛnso. Ansa na wobɛkɔ wo nnae so no, ebia ɛbɛyɛ papa sɛ wokenkan biribi a ebedwudwo wo, atie nnwom a ɛyɛ abotɔyam, anaa wuguare nsuɔhyew.
Animdefo ka sɛ mpa so a woda bere a w’ani kum ankasa no bɛma woatumi akyerɛ w’amemene no ma ahu sɛ mpa a woada so no kyerɛ sɛ wopɛ sɛ woda ankasa. Ɛbɛyɛ den yiye ama nkurɔfo a wodidi, wosua ade, wɔyɛ adwuma, wɔhwɛ TV, anaa wodi video so agoru wɔ mpa so no sɛ wobetumi ada.
Wo nipadua no a wubesiesie no ama nna pa no nso hia sɛ wohwɛ w’adidi ne ɔnom yiye. Nokwarem no, mmosa ma obi ani kum de, nanso ebetumi asɛe obi nna. Ɛsɛ sɛ wɔkwati kɔfe, tii, kookoo, ne anonne a wɔde bese ayɛ anadwo efisɛ enya nipadua no so nkɛntɛnso. Nea ɛne eyi bɔ abira no, mango kakra, aborɔdwomaa, kwadu, persimmon, kabege, ɛmo, adua a afifi wɔ nsu mu, anaa nkate, kanyan nipadua no ma ekyĩ serotonin na ɛno betumi afrɛfrɛ nna. Kɔkɔbɔ bi ni: Di a wubedi aduan a emu yɛ duru anadwo betumi asɛe nna te sɛ nea wode yafumpan bɛkɔ nnae so ara pɛ.
Sɛnea ntotoe a yɛyɛ ansa na yɛakɔda ho hia no, saa ara nso na beae a yɛda no ho hia. Ɔdan a mframa anaa ɔhyew a ɛsɛ wom, ɔdan a emu yɛ sum na dede biara nni mu, ne pikyi ne sumii a ɛso da yɛ dɛ no nyinaa ma obi nya nna pa anadwo. Nokwarem no, wɔ ahotɔ pii mu no, ɛbɛyɛ den ama wo sɛ wobɛsɔre anɔpa mpo afi mpa mu. Nanso, kae sɛ mpa mu a wobɛda aboro sɛnea ɛsɛ, wɔ nnawɔtwe awiei mpo no, betumi asɛe wo nna na ama ayɛ den ama wo sɛ wobɛda anadwo a edi hɔ no.
Akyinnye biara nni ho sɛ, worenhyɛ da mpira wo nipadua akwaa no mu biara. Saa ara nso na nna ho hia, ɛyɛ asetra mu ade a ɛnsɛ sɛ wɔtoto no ase anaa wobu no adewa. Anyɛ yiye koraa no, yɛde yɛn asetra mu nkyem abiɛsa da. So wubetumi anya nna pa? Dɛn nti na wumfi ase anadwo yi!
[Ase hɔ nsɛm]
a Nnakorokoro yɛ nna a wonnya no sɛnea ɛsɛ.
b Ɔyarefo no de ade ketewa bi a enya mframa fi afiri a eyi mframa fa durubɛn mu kata n’anim da. Mframa a efi mu yi ma beae a ɔhome fa no bue na ɛma ɔyarefo no home sɛnea ɛfata.
[Kratafa 15 adaka/mfonini]
NNEƐMA TITIRIW A ƐDE NNAKOROKORO BA
◼ ADURUYƐ MU HAW: Alzheimer yare (yare a ɛma wɔyɛ bɔmm); ɔhome a ɛso tew, menewa atifi kwan a ɔhome fa mu a ɛka siw wɔ nna mu; anan a entumi nna hɔ dinn; Parkinson yare (yare a ɛma wɔwosow); nipadua no afa bi a ɛkeka ne ho bere ne bere mu, ahokeka a sɔre a wɔsɔre fi nna mu ka ho; ntehyewa; koma ne yafunu mu akwaa a ɛyam aduan mu nyarewa
◼ ADWENEM NYAREWA: adwenemhaw, dadwen, akomatu, adwene ne nneyɛe a ɛka obi hɔ ho haw, amanehunu akyi adwennwen
◼ NNEƐMA A ATWA YƐN HO AHYIA: hann, dede, ɔhyew, awɔw, pikyi a ɛso da nyɛ dɛ, ɔhokafo a ɔpere
◼ NNEƐMA AFOFORO A ƐDE BA: mmosa ne nnubɔnenom, ɔhaw a ɛbata nnuru bi a wɔfa ho
[Kratafa 15 adaka]
NNA HO HAW AHOROW A WƆHWEHWƐ MU
Polysomnogram yɛ nhwehwɛmu dodow bi ho kyerɛwtohɔ a wɔyɛ bere a ɔyarefo no ada wɔ tebea a eye kyɛn biara mu no. Nea edi hɔ yi yɛ nneɛma titiriw a ehia ma ɛho akontaabu.
◼ Electroencephalogram (Adwinnade a wɔde susuw anyinam ahoɔden a ɛfa amemene no mu)—Ɛhwehwɛ anyinam ahoɔden dwumadi a ɛkɔ so wɔ amemene no mu, na wɔde di dwuma de hu nna afa no biara ne afa no dodow.
◼ Electrooculogram (Adwinnade a wɔde susuw anyinam ahoɔden a ɛfa aniwa no mu)—Ɛyɛ sɛnea aniwa no keka ne ho wɔ REM nna mu no ho kyerɛwtohɔ.
◼ Electromyogram (Adwinnade a wɔde susuw anyinam ahoɔden a ɛwɔ abogye ne nan ho ntini no mu)—Wɔde hwɛ abogye ne nan ho ntini adwuma a ɛnyɛ no yiye wɔ REM nna mu no.
◼ Electrocardiogram (Adwinnade a wɔde susuw anyinam ahoɔden a ɛfa koma no mu)—Wɔde hwɛ sɛnea koma no bɔ wɔ anadwo mu nyinaa.
◼ Sɛnea mframa yɛ adwuma na ɛkeka ne ho wɔ ɔhome mu—Wosusuw ɛno denam mframa a ɛfa ɛhwenem ne anom ne sɛnea yafunu ne koko no nso keka ne ho ho kyerɛwtohɔ so.
◼ Mframa pa a mogya no tumi nya—Mframa pa dodow a ɛwɔ mogya ntini no mu a wɔde adwinnade a wɔfrɛ no oximeter tare ɔyarefo no nsateaa so de susuw.
[Kratafa 16 adaka]
ANIKUM HO NHWEHWƐMU
Tebea a wɔabobɔ din wɔ ase hɔ no mu ahe na ebia wobɛtɔ nko wɔ mu? Fa nɔma a edidi hɔ no twa wo mmuae no ho hankare, na ka nea wunyae nyinaa bom.
0 Worentɔ nko da
1 Hokwan ketewaa bi a wode bɛtɔ nko
2 Hokwan a ɛnnɔɔso pii a wode bɛtɔ nko
3 Hokwan kɛse a wode bɛtɔ nko
a Wotra ase kenkan ade 0 1 2 3
b Worehwɛ TV 0 1 2 3
c Wote hɔ a wonyɛ hwee wɔ baguam 0 1 2 3
te sɛ agoruhwɛbea anaa nhyiam ase
d Wote kar mu dɔnhwerew biako a ennyina 0 1 2 3
e Wote hɔ dinn bere a woadidi awie 0 1 2 3
wɔ awiabere a wonnom nsa
f Woda hɔ home wɔ awia bere 0 1 2 3
g Wote hɔ rekasa akyerɛ obi 0 1 2 3
h Wowɔ kar mu, bere a agyina wɔ 0 1 2 3
kar nkyereso mu
Nea wunyae ․․․․․․․․․․․
Dodow a Wutwae
1-6: Ɛnsɛ sɛ eyi haw wo
7-8: Dodow no fata
Ɛboro 9: Hwehwɛ oduruyɛfo hɔ mmoa
[Asɛm Fibea]
Egyina Epworth Nna Ho Nsusuwii a wɔyɛe wɔ Stanford Sukuupɔn mu, California, U.S.A. no so.
[Kratafa 14 mfonini]
Nna a wunnya betumi ayɛ asiane
[Kratafa 17 mfonini ahorow]
Apɔw-mu-teɛteɛ, akenkan, ne anonne kakra bi betumi ama woanya nna pa