Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g03 4/8 kr. 11-13
  • Nna—Ɛyɛ Akɔnnɔde Anaa Ahiade?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nna—Ɛyɛ Akɔnnɔde Anaa Ahiade?
  • Nyan!—2003
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Kwan a Yɛfa So Da Ho Ahintasɛm
  • ‘Adebɔ Mu Siesiefo Kɛse’
  • Ehia Ma Akwahosan
  • Da a Wobɛda Ma Aso Wo
    Nyan!—2004
  • Mɛyɛ Dɛn Anya Bere De Ada?
    Mmabun Bisa Sɛ
  • Sɛnea Wubetumi Anya Nna Pa
    Nyan!—2003
  • Ɛbɛyɛ Dɛn Na Matumi Ada?
    Nyan!—1982
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2003
g03 4/8 kr. 11-13

Nna—Ɛyɛ Akɔnnɔde Anaa Ahiade?

WƆ EBINOM FAM NO, nna yɛ beresɛe. Wɔpɛ sɛ wɔyɛ adwuma daa a wonnye wɔn ahome koraa na wɔbɔ amanni de gye wɔn ani kosi sɛ wɔbɛbrɛ aboro so ansa na wɔada. Nea ɛne eyi bɔ abira no, afoforo a wontumi nna na wɔpere wɔ mpa so kosi anɔpa no, nso bɛyɛ biribiara de anya nna pa anadwo.

Dɛn nti na ɛyɛ den ma ebinom sɛ wobetumi ada, na afoforo nso bɔ mmɔden sɛ wobesi pɛ? So ɛsɛ sɛ yebu nna sɛ ɛyɛ akɔnnɔde anaa ahiade? Sɛnea ɛbɛyɛ na yɛatumi abua saa nsɛmmisa yi no, ɛsɛ sɛ yɛte nea ɛkɔ so bere a yɛada no ase.

Kwan a Yɛfa So Da Ho Ahintasɛm

Dekode ankasa a ɛma onipa ani fi ne ho so na nna fa no no da so ara yɛ ahintasɛm. Nanso, nhwehwɛmufo agye atom sɛ nna yɛ ade a ɛkyere adwene a amemene no na ɛde ba, na ɛsɛ sɛ edi sɛnea nipadua no yɛ n’ade no akyi nnɔnhwerew 24 no nyinaa.

Bere a yɛn mfe kɔ anim no, yɛn nna su sakra. Wɔ da koro mu no, akokoaa da ntiantia toatoa so ma edu nnɔnhwerew 18. Sɛnea nna ho abenfo kyerɛ no, ɛwom sɛ ɛte sɛ nea sɛ mpanyimfo bi de nnɔnhwerew abiɛsa pɛ da da biara a, eye ma wɔn, nanso afoforo hia bɛyɛ nnɔnhwerew du.

Nnansa yi nhwehwɛmu bi ada no adi sɛ nipadua no dwumadi a ɛsakrasakra no nso kyerɛ nea enti a mmofra a wɔadu mpanyin afe so no pere ansa na wɔatumi asɔre afi wɔn nnae so no. Ɛkame ayɛ sɛ nipadua no dwumadi twentwɛn ase bere a mmofra nkumaa wura mpanyin mu no, na ɛno nti wɔmpɛ sɛ wɔda ntɛm na wɔmpɛ sɛ wɔsɔre ntɛm nso. Saa nna a wɔtwentwɛn so yi taa ba na ɛtaa yera bere a saa mmofra no adu wɔn mpanyin mfe no mfinimfini ne bere a wɔrekɔ saa mfe no awiei no.

Nnuru na edi nipadua no dwumadi so, na wɔahu emu pii dedaw. Emu biako ne melatonin, nkwammoaa mu aduru a wosusuw sɛ ɛde nna ba. Amemene no mu na melatonin fi, na nyansahufo bi gye di sɛ ɛno na ɛma nipadua no dwudwo bere a obi ani kum no. Sɛ akwaa no kyĩ melatonin a, nipadua no mu hyew ne mogya a ɛkɔ amemene no mu no so tew, na yɛn ntini mu ahoɔden brɛ ase nkakrankakra na emu gow. Dɛn na esi bio wɔ bere a nipa no sian kɔ nna a ɛyɛ ahintasɛm mu no?

‘Adebɔ Mu Siesiefo Kɛse’

Bɛyɛ nnɔnhwerew abien wɔ yɛn nna akyi no, yɛn aniwa fi ase wosow kɔ n’anim ne n’akyi ntɛmso. Saa ade yi a wɔhyɛɛ no nsow no maa nyansahufo kyɛɛ nna mu yɛɛ no afã titiriw abien: REM (aniwa a ebu ntɛmso) nna ne nea ɛnyɛ REM nna. Wobetumi asan akyekyɛ nea ɛnyɛ REM nna no mu ayɛ no afã anan a ɛde nkakrankakra ma obi da nnahɔɔ. Bere a obi ada yiye anadwo no, REM si mpɛn pii, na ɛne nea ɛnyɛ REM no di nsesa.

Adaeso pii ba wɔ REM nna mu. Nipadua no nyinaa nso dwudwo ne ho ankasa, na ɛma nea wada no nyan a n’apɔw asisi ne ho so ankasa. Bio nso, nhwehwɛmufo bi gye di sɛ nsɛm foforo a obi nya no ka adwene no mu bere tenten bere a obi ada saa nna yi no.

Wɔ nnahɔɔ (nea ɛnyɛ REM nna afã 3 ne 4) mu no, sɛnea yɛn mogya ne yɛn koma bɔ no kɔ fam, na eyi ma nkwaadɔm no nyinaa gye wɔn ahome na ɛboa ma yɛkwati komayare. Sɛ ɛno da nkyɛn a, nkwammoaa mu aduru a ɛma onyin no yɛ pii wɔ REM nna mu, na sɛ mmofra a wɔadu mpanyin afe so da anadwo a, wonya saa nkwammoaa yi mmɔho 50 sen bere a wɔda awia no.

Ɛkame ayɛ sɛ nna nso nya yɛn akɔnnɔ a yɛwɔ ma aduan so nkɛntɛnso. Sɛ yɛbɛfa Shakespeare nsɛm aka a, nyansahufo ahu sɛ nna ankasa yɛ “biribi titiriw a esiesie nnipa ma wotumi didi.” Sɛ yɛantumi anna a, yɛn amemene no fa no sɛ ɔkɔm na ɛde yɛn. Bere a yɛada no, yɛn nipadua no kyĩ leptin, nkwammoaa mu aduru a ɛtaa ma yɛn nipadua no hu sɛ yɛadidi amee no. Sɛ yɛanna ntɛm sɛnea anka ɛsɛ sɛ yɛyɛ a, yɛn nipadua no kyĩ leptin ketewa bi, na yɛn kɔn dɔ setaakye nnuan pii. Enti, da a yentumi nna betumi ama yɛadi setaakye nnuan pii, na ɛno nso de kɛseyɛ mmoroso na ɛbɛba.—Hwɛ adaka, “Awia Nna,” a ɛwɔ kratafa 13 no.

Ehia Ma Akwahosan

Nanso ɛnyɛ ne nyinaa nen. Nna ma ɛyɛ mmerɛw ma yɛn nipadua no sɛ ɛbɛyɛ nneɛma a ɛnenam mu no ho adwuma—abɔde mu nneɛma nketenkete a wɔka ho asɛm sɛ enya nkwammoaa a ɛma onyin so nkɛntɛnso na ɛde kokoram mpo ba no. Wɔ nhwehwɛmu bi a wɔyɛe nnansa yi ara wɔ Chicago Sukuupɔn mu no, wɔmaa mmerante 11 a wɔte apɔw kwan ma wɔdaa nnɔnhwerew anan pɛ da biara wɔ nnansia mu. Wɔ nna yi akyi no, na wɔn nipadua mu nkwammoaa yɛ adwuma te sɛ nea ɛyɛ wɔ wɔn a wɔadi mfe 60 de mu no, na wɔn mogya mu asikre dodow te sɛ obi a ɔwɔ asikreyare! Nna a wonnya nya mogya mu nkwammoaa fitaa dodow ne mogya mu nsu a esiesie nipadua no mpo so nkɛntɛnso, na ɛma obi nya nkwaadɔm mu nyarewa ahorow ntɛmntɛm.

Akyinnye biara nni ho sɛ, nna ho hia na ama yɛanya nipadua ne adwene mu akwahosan pa. Sɛnea nhwehwɛmufo William Dement, a ɔtew nna ho adesuabea a edi kan wɔ Stanford Sukuupɔn mu wɔ U.S.A. kyerɛ no, “ɛkame ayɛ sɛ nna ne ade titiriw a ɛkyerɛ mfe dodow a obi de bɛtra ase.” Deborah Suchecki, nhwehwɛmufo bi a ɔwɔ nna ho adesuabea a ɛwɔ São Paulo, Brazil, no ka sɛ: “Sɛ nkurɔfo nim nea ɛrekɔ so wɔ nipadua a ennya nna mu a, anka wɔbɛsan asusuw nna a wɔka sɛ ɛyɛ beresɛe anaa ɛyɛ anihawfo adeyɛ no ho bio.”—Hwɛ adaka a ɛwɔ atifi hɔ no.

Nanso so nna nyinaa na ɛboa ma yɛsan nya ahoɔden bio? Dɛn nti na nnipa binom da anadwo mũ nyinaa nanso wɔn ho mmae wɔn? Asɛm a edi hɔ no bɛboa wo ma woahu nna mu haw atitiriw bi na akyerɛ wo sɛnea wubetumi anya nna pa.

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 13]

NEA NNA A WONTUMI NNA DE BA

NEA ƐDE BA A ƐNKYƐ

◼ Nkotɔ

◼ Su a ɛsakra prɛko pɛ

◼ Awerɛfiri

◼ Tumi a wɔde yɛ ade, yɛ nhyehyɛe, na wɔde di nneɛma ho dwuma a wɔhwere

◼ Adwene a wontumi mfa nsi nneɛma so

NEA ƐDE BA A ƐKYƐ

◼ Kɛseyɛ mmoroso

◼ Panyin a wɔpatuw yɛ

◼ Ɔbrɛ

◼ Nsanyare, asikreyare, komayare, ne nsono mu yare ho asiane a ɛyɛ kɛse

◼ Awerɛfiri a ɛka hɔ

[Adaka wɔ kratafa 13]

AWIA NNA

So w’ani akum awia, bere a woadidi awie a wuntumi nyɛ wo ho hwee no pɛn? Eyi nhyɛ da nyɛ sɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ sɛ wonna sɛnea ɛsɛ. Asɛm biara nni ho sɛ w’ani bekum awia esiane yɛn nipadua no ankasa mu hyew anaa awɔw a ɛso tew no nti. Bio nso, nnansa yi ara nyansahufo ahu ahoɔdennuru bi a wɔfrɛ no hypocretin, anaa orexin, a amemene no de ba a ɛmma yɛnna. Abusuabɔ bɛn na ɛwɔ hypocretin ne aduan ntam?

Sɛ yedidi a, nipadua no yi ade bi a wɔfrɛ no leptin adi ma yɛte nka sɛ yɛamee. Nanso, leptin siw hypocretin kwan. Wɔ kwan foforo so no, dodow a leptin a ɛwɔ amemene no mu yɛ pii no, dodow no ara na hypocretin a ɛwɔ amemene mu no so tew, na ɛma yɛte anikum nka kɛse. Ebia ɛno nti na wɔ aman bi mu no, nkurɔfo yi wɔn ani so awia no—nhyehyɛe a wɔyɛ wɔ adwumam de ma nkurɔfo gye wɔn ahome, na ama wɔatumi ada kakra wɔ bere a wɔadi awiabere aduan awie no.

[Nsɛm a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 12]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

NNA AFÃ HOROW

Akontaabu pon a wɔatwa no tia

Nna Afã Horow

Nyan

REM

Nea ɛnyɛ REM

Nna Kakra 1

2

3

Nnahɔɔ 4

1 2 3 4 5 6 7 8

Nnɔnhwerew a Wɔde Da

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena